Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkɛntɛnso Bɛn na Yesu Kristo Anya Wɔ Wo So?

Nkɛntɛnso Bɛn na Yesu Kristo Anya Wɔ Wo So?

Nkɛntɛnso Bɛn na Yesu Kristo Anya Wɔ Wo So?

ƐDEFA nea yɛasusuw ho wɔ asɛm a edi kan no mu ho no, so yebetumi agye Yesu nkyerɛkyerɛ a anya nnipa so nkɛntɛnso wɔ wiase nyinaa no ho akyinnye? Asɛm a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho ne sɛ, “Nkɛntɛnso bɛn na Yesu nkyerɛkyerɛ no anya wɔ m’ankasa so?”

Na Yesu nkyerɛkyerɛ no kura nsɛmti ahorow pii. Asuade a mfaso wɔ so a ɛda no adi no betumi aka w’asetra nyinaa. Momma yensusuw nea Yesu kyerɛ faa nea ɛsɛ sɛ yɛde di kan wɔ asetram, adamfofa a yɛne Onyankopɔn benya, abusuabɔ pa a yɛne afoforo benya, nsɛnnennen ho dwuma a yebedi, ne basabasayɛ a yɛbɛtwe yɛn ho afi ho no ho nhwɛ.

Fa Botae a Ɛho Hia Sisi W’ani So

Ɛnnɛ wiase a adagyew nni mu koraa yi gye yɛn bere ne yɛn ahoɔden ara ma yennya bere mma honhom fam nneɛma. Susuw ɔbarima bi a wadi boro mfe 20 a wɔfrɛ no Jerry asɛm ho hwɛ. Jerry nya kwan tie kyerɛw nsɛm mu nkɔmmɔbɔ, na osusuw nea osua fi mu no ho, ɔka sɛ: “Mentaa nnya kwan ntie no ntoatoaso. Meyɛ adwuma nnansia wɔ dapɛn no mu. Kwasida nkutoo na menyɛ adwuma. Na bere a mewie nea ɛsɛ sɛ meyɛ nyinaa no, na mabrɛ dodo.” Sɛ wowɔ tebea a ɛte saa ara mu a, wubetumi anya mfaso afi nea Yesu kyerɛe wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu.

Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm a na wɔretie no no sɛ: “Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. Ɔkra nsen aduan, na nipadua nsen ntama anaa? Monhwɛ wim nnomaa sɛ wongu na wontwa, na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro agya yɛn wɔn; na monsom bo nsen wɔn anaa? . . . Enti munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di. Na mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:25-33) Dɛn na yesua fi eyi mu?

Na Yesu nkyerɛ sɛ yemmu yɛn ani ngu yɛn ankasa ne yɛn mmusua honam fam nneɛma so. Bible ka sɛ: “Sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” (1 Timoteo 5:8) Nanso Yesu hyɛɛ bɔ sɛ, sɛ yɛde nea ɛho hia kan di kan na yɛde honhom fam nneɛma sisi yɛn anim a, Onyankopɔn bɛhwɛ sɛ yɛn nsa bɛka nneɛma afoforo a yehia. Nea yesua fi eyi mu no fa botae ahorow a ɛho hia a yɛde besisi yɛn anim ho. Sɛ yɛde saa afotu yi di dwuma a, ɛbɛma yɛanya anigye efisɛ ‘anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn.’—Mateo 5:3.

Fa Onyankopɔn Adamfo

Wɔn a wɔn honhom fam nneɛma ho hia wɔn no hu hia a ehia sɛ wɔne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa. Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa ne obi anya abusuabɔ pa? So yɛremmɔ mmɔden sɛ yebehu onii no yiye? Ɛsɛ sɛ yegye bere hu ne nsusuwii, ne nneyɛe, nneɛma a otumi yɛ, nea wɔatumi ayɛ, nea ɔpɛ, ne nea ɔmpɛ. Saa ara na ɛte wɔ abusuabɔ pa a yɛpɛ sɛ yɛne Onyankopɔn nya no mu. Ɛhwehwɛ sɛ yenya ne ho nokware nimdeɛ. Bere a Yesu rebɔ mpae ama n’asuafo no, ɔkae sɛ: ‘Eyi ne daa nkwa sɛ, wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo ho nimdeɛ.’ (Yohane 17:3) Yiw, abusuabɔ pa a emu yɛ den a yɛne Onyankopɔn benya no hwehwɛ sɛ yehu no. Nea ebetumi aboa yɛn ma yɛanya saa nimdeɛ no ne Onyankopɔn Asɛm, Bible no. (2 Timoteo 3:16) Ɛsɛ sɛ yeyi bere si hɔ de sua Kyerɛwnsɛm no.

Nanso nimdeɛ nkutoo nnɔɔso. Yesu kae wɔ saa mpaebɔ koro no ara mu sɛ: ‘Asuafo no adi w’asɛm so.’ (Yohane 17:6) Ɛnyɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ nkutoo na ɛsɛ sɛ yenya na mmom ɛsɛ sɛ yɛde saa nimdeɛ no di dwuma. Ɔkwan bɛn bio na yebetumi afa so ayɛ Onyankopɔn adamfo? Sɛ yɛne obi fa adamfo na sɛ yɛhyɛ da yɛ nneɛma bi a ɛne ne nsusuwii ne ne nnyinasosɛm nhyia a, so adamfofa no bɛkɔ so? Enti ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nsusuwii ne ne nnyinasosɛm kyerɛ yɛn kwan wɔ asetra mu. Susuw sɛnea ne nnyinasosɛm abien bi fa yɛne nnipa afoforo ntam abusuabɔ no ho hwɛ.

Wo ne Afoforo Nnya Abusuabɔ Pa

Bere bi, Yesu kaa asɛntiaa bi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyerɛ asuade a ɛsom bo wɔ nnipa ntam abusuabɔ ho. Ɔkaa ɔhene bi a ɔpɛe sɛ ɔne ne nkoa bu akontaa ho asɛm. Na nkoa no mu biako de no ka kɛse a onni kwan biara a ɔbɛfa so atua. Ɔhene no hyɛe sɛ wɔntɔn akoa no ne ne yere ne ne mma na wɔmfa mmetua ka no. Nea ɔde ka no kotow paa no kyɛw sɛ: “Tɔ wo bo ase ma me, na metua wo ne nyinaa.” Na akoa no wura no yam hyehyee no, na ɔde ka no kyɛɛ no. Nanso saa akoa no ara fii adi no, okohuu ne nwurakwaa no mu biako a ɔde no ka a ɛnnɔɔso pii na ɔka kyerɛɛ no sɛ ontua ne ka. Ɛwom sɛ n’awurakwaa no srɛɛ no sɛ onhu no mmɔbɔ de, nanso akoa a odi kan no ma wɔde no kɔtoo afiase kosii sɛ otuaa ka a ɔde no nyinaa. Bere a ɔhene no tee eyi no, ne bo fuwii. Na obisaa no sɛ: “Ɛnsɛ . . . sɛ wuhu w’awurakwaa mmɔbɔ sɛnea mihuu wo mmɔbɔ no anaa?” Na ɔma wɔde akoa a wamfa amfiri no kɔtoo afiase kosi sɛ obetua no nea ɔde no nyinaa. Yesu rekyerɛ asuade a ɛwɔ mu no, ɔkae sɛ: “Saa ara na sɛ mo mu biara amfi ne komam amfa ne nua mfomso amfiri no a, me soro agya nso bɛyɛ no.”—Mateo 18:23-35.

Sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, yedi mfomso pii. Yɛrentumi ntua ka kɛse a yɛde Onyankopɔn no esiane bɔne pii a yɛyɛ tia no no nti. Nea yebetumi ayɛ ara ne sɛ yɛbɛhwehwɛ ne hɔ bɔne fafiri. Na sɛ yɛde mfomso a yɛn nuanom yɛ tia yɛn no firi wɔn a, Yehowa Nyankopɔn nso ayɛ krado sɛ ɔde yɛn mfomso nyinaa bɛkyɛ yɛn. Asuade a tumi wom bɛn ara ni! Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛde firi wɔn a wɔde yɛn aka” no.—Mateo 6:12.

Tu Nea Ɛde Ɔhaw Ba no Ase

Na Yesu wɔ ntease wɔ nnipa su ho yiye sen obiara. Afotu a ɔde ma wɔ yɛne afoforo ntam nsɛm ho no tu ɔhaw no ase fi hɔ. Susuw nhwɛso abien yi ho hwɛ.

Yesu kae sɛ: “Moate sɛ wosee tetefo no sɛ: Nni awu; na obiara a obedi awu no bedi atemmu mu fɔ. Na me de, mise mo sɛ obiara a ne bo fuw ne nua no bedi atemmu mu fɔ.” (Mateo 5:21, 22) Wɔ ha no na Yesu rekyerɛ sɛ nea ɛde awudi ba no kɔ akyiri sen basabasayɛ no ankasa. Ɛyɛ su bi a ɛregye ntini wɔ owudifo no koma mu. Na sɛ nnipa amma kwan amma menasepɔw anaa abufuw anyɛ kɛse a, bɔne a wɔnhyɛ da na wɔyɛ nso remma. Sɛ wɔde saa nkyerɛkyerɛ yi di dwuma a, hwɛ mogyahwiegu kɛse a anka yɛbɛkwati!

Hyɛ ɔkwan a Yesu faa so tuu ɔhaw foforo a ɛde yawdi ba ase no nsow. Ɔka kyerɛɛ nnipakuw no sɛ: “Moate sɛ wɔkae sɛ: Nsɛe aware! Na me de, mise mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw. Na sɛ w’aniwa nifa to wo hintidua a, tu, na tow fi wo ho kyene!” (Mateo 5:27-29) Yesu kyerɛe sɛ ɔhaw no kɔ akyiri sen ɔbrasɛe no ankasa. Ɔhaw no na ɛde ɔbrasɛe no ba. Sɛ onipa no amfa nsusuwii bɔne anhyɛ ne mu na ‘otwa fi’ n’adwenem a, ɛnde ɔbɛkwati ɔbrasɛe ho haw a ebetumi afi mu aba no.

“Fa Wo Nkrante San Hyɛ Nea Ɛhyɛ”

Anadwo a woyii Yesu mae na wɔkyeree no no, n’asuafo no mu biako twee ne nkrante sɛ ɔde rebɔ Yesu ho ban. Yesu hyɛɛ no sɛ: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Mateo 26:52) Ade kyee no Yesu ka kyerɛɛ Pontio Pilato sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.” (Yohane 18:36) So nyansa nni nkyerɛkyerɛ yi mu anaa?

Tete Kristofo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ nkyerɛkyerɛ a Yesu de ma faa basabasa a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ no ho? The Early Christian Attitude to War nhoma no ka sɛ: “Sɛnea Yesu nkyerɛkyerɛ no kasa tiaa basabasayɛ ne afoforo a wobepira wɔn no kyerɛ pefee sɛ na ɛmfata sɛ wɔbɛkɔ ako . . . Enti tete Kristofo no tiee nea Yesu kae no, na wɔtee ne nkyerɛkyerɛ no ase sɛ wɔnyɛ sɛ nnipa a wodwo na wɔnkwati basabasayɛ ankasa. Na wɔwɔ asomdwoe wɔ wɔn som mu; wɔkasa tiaa akodi denneennen esiane mogyahwiegu a ɛde ba no nti.” Sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no nyinaa de saa nkyerɛkyerɛ yi di dwuma ankasa a, hwɛ sɛnea anka nsɛm a esisi wɔ abakɔsɛm mu no bɛyɛ soronko!

Wubetumi Anya Mfaso Afi Yesu Nkyerɛkyerɛ no Nyinaa Mu

Yesu nkyerɛkyerɛ a yɛasusuw ho no ye, ɛyɛ tiawa, na tumi wom. Adesamma betumi anya mfaso afi hu a wobehu ne nkyerɛkyerɛ no yiye na wɔde adi adwuma no mu. *

Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woahu ɔkwan a wubetumi afa so anya nkyerɛkyerɛ a nyansa wom a onipa biara nkyerɛkyerɛɛ bi da no mu. Yɛto nsa frɛ wo sɛ hwehwɛ wɔn anaasɛ fa address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 2 no kyerɛw wɔn.

[Ase hɔ asɛm]

^ Sɛ wopɛ sɛ wususuw Yesu nkyerɛkyerɛ no ho nkakrankakra a, hwɛ Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma a Yehowa Adansefo na wotintimii no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

“Mo soro agya yɛn wɔn”

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yesu nkyerɛkyerɛ no betumi anya nkɛntɛnso pa wɔ w’asetra so