Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkɛntɛnso a Yesu Anya Wɔ Wiase Nyinaa So

Nkɛntɛnso a Yesu Anya Wɔ Wiase Nyinaa So

Nkɛntɛnso a Yesu Anya Wɔ Wiase Nyinaa So

BIBLE asekyerɛfo Edgar Goodspeed kyerɛwee sɛ: “Nea nsɛmpa no ka sɛ Yesu kae wɔ kokoam ne baguam nyinaa no, anka obetumi de nnɔnhwerew abien pɛ aka ne nyinaa. Nanso saa nkyerɛkyerɛ kakraa bi no ka koma yiye ma yebetumi aka sɛ obiara nni hɔ a wanya nnipa so nkɛntɛnso wɔ wiase nyinaa saa da.”

Bere a Yesu Kristo wiee n’asase so adwuma wɔ afe 33 Y.B. mu no, na n’akyidifo no dodow bɛyɛ mmarima ne mmea 120. (Asomafo no Nnwuma 1:15) Ɛnnɛ, nnipa bɛboro ɔpepepem abien na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo. Nnipa ɔpehaha pii na wogye tom sɛ Yesu yɛ odiyifo. Nokwarem no ne nkyerɛkyerɛ no anya nkɛntɛnso soronko bi wɔ adesamma so.

Akannifo a wɔnyɛ Kristofo mpo ahu nkɛntɛnso a Yesu anya wɔ nnipa so wɔ wiase nyinaa no. Sɛ nhwɛso no, Yudani rabi Hyman Enelow kyerɛwee sɛ: “Yesu ne obi a wagye din sen obiara, obi a wɔasua ne ho ade sen biara, obi a ɔwɔ nkɛntɛnso sen biara wɔ adesamma nyamesom abakɔsɛm mu.” Enelow kae bio sɛ: “Hena na obetumi akyerɛ nneɛma dodow a Yesu ayi no adi akyerɛ adesamma? Ɔdɔ a ɔma wɔdaa no adi kyerɛe, awerɛkyekye a ɔde mae, nneɛma pa a ɔma wɔyɛe, anidaso ne anigye a ɔma wonyae—nneɛma nyinaa a eye wɔ adesamma abakɔsɛm mu. Nnipa pa ne nnipa atitiriw a wɔatra ase pɛn mu biara mpo mmɛn Yesu wɔ nkɛntɛnso a wɔanya wɔ wiase nyinaa so no mu. Wabɛyɛ obi a wɔanya ne ho anigye sen biara wɔ abakɔsɛm mu.” Hindu kannifo Mohandas K. Gandhi nso kae sɛ: “Minnim obiara a wayɛ nneɛma pii ama adesamma sen Yesu. Nokwarem no, mfomso biara nni Kristosom ho.” Nanso, ɔde kaa ho sɛ: “Mo a moyɛ Kristofo no na asɛm wɔ mo ho. Mommfa nea mo ankasa ka no nni dwuma koraa wɔ mo asetram.”

Bere tenten ni a Kristoman ntumi mfaa Yesu nkyerɛkyerɛ nnii dwuma wɔ wɔn asetram. Kristosom ho abakɔsɛm kyerɛwfo Cecil John Cadoux, kae sɛ, “efi . . . 140 Y.B. mu tɔnn na Kristofo akannifo hui sɛ abrabɔ pa sɛe ara na ɛresɛe wɔ asɔre ahorow no mu.” Ɔkae sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ abrabɔ pa a na emu yɛ den a wokura mu a ɛrekɔ fam no bɛma wɔakɔ so ayɛ wɔn ade sɛ wiase no.”

Saa ɔporɔw yi nyaa nkɔso wɔ afeha a ɛto so anan no mu, bere a Roma Hempɔn Constantine gyee Kristosom toom no. Cadoux kyerɛwee sɛ: “Abakɔsɛm akyerɛwfo hyɛɛ no nsow na wɔn mu binom dii yaw wɔ biako a Asɔre no ne Constantinus yɛe na wogyaa wɔn ho mu koraa maa wɔn no ho.” Mfehaha pii a atwam fi saa bere no, ebinom a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo ayɛ animguasede pii de agu Kristo din ho fi.

Ɛnde na nsɛmmisa a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ne sɛ: Dɛn na Yesu kyerɛkyerɛe ankasa? Na nkɛntɛnso bɛn na ɛsɛ sɛ ne nkyerɛkyerɛ no nya wɔ yɛn so?

[Mfonini wɔ kratafa 3]

“Minnim obiara a wayɛ nneɛma pii ama adesamma sen Yesu.”—Mohandas K. Gandhi

[Mfonini wɔ kratafa 3]

“Obiara nni hɔ a wanya wiase so nkɛntɛnso saa da.”Edgar Goodspeed

[Asɛm Fibea]

Culver Pictures