Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So kyerɛ abodoo a Dawid ne ne mmarima no dii no kyerɛ sɛ obi betumi ato Onyankopɔn mmara wɔ tebea a ɛyɛ den mu a wɔrentwe n’aso?—1 Samuel 21:1-6.

Sɛnea Leviticus 24:5-9 kyerɛ no, na wɔde kyerɛ abodoo a woyi de foforo si ananmu Homeda biara no ma asɔfo no. Nea enti a na ɛfata sɛ wodi ne sɛ na abodoo no yɛ kronkron na na ɛsɛ sɛ ɛyɛ mmarima a wɔyɛ Onyankopɔn adwuma no aduan—asɔfo no. Na odwumayɛni biara kɛkɛ a wɔde bɛma no adi anaa di a obi bedi de agyigye n’ani kɛkɛ no yɛ mfomso koraa. Enti, ɔsɔfo Ahimelek anni mfomso biara bere a ɔde abodoo no maa Dawid ne ne mmarima no ma wodii no.

Ɛbɛyɛ sɛ na Dawid reyɛ adwuma titiriw bi a Ɔhene Saul de ahyɛ ne nsa. Na na ɔkɔm de Dawid ne ne mmarima no. Ahimelek hwɛ hui sɛ wɔn ho nguu fi. Ɛwom sɛ na mmara mma ho kwan koraa sɛ wobedi kyerɛ abodoo no de, nanso ɛne sɛnea wɔkyerɛe sɛ wɔmfa kyerɛ abodoo no nni dwuma no hyia. Eyi nti na Ahimelek maa kwan ma wodii no. Yesu Kristo ankasa mpo de asɛm a esii yi kyerɛkyerɛɛ sɛnea ɛmfata sɛ wɔde Homeda ho mmara bedi dwuma wɔ ɔkwan a ɛyɛ katee so sɛnea Farisifo no nkyerɛkyerɛ hwehwɛe sɛ wɔyɛ no.—Mateo 12:1-8.

Nanso, nea yɛadi kan aka no nkyerɛ sɛ sɛ tebea a emu yɛ den sɔre a, wobetumi ato Onyankopɔn mmara. Sɛ nhwɛso no, tebea a emu yɛ den paa sɔree bere a na Israel akofo ne Filistifo redi ako no. Na Ɔhene Saul aka sɛ: “Nnome nka obiara a obedidi ansa na onwini adwo, na minni m’atamfo so were.” Bible no ka sɛ: “Na wokum Filistifo no da no.” Ná ɔko no ama asraafo no abrɛ na na ɔkɔm de wɔn, na ‘dɔm no fii ase kunkum mmoa ɛfam na wodii no mogya mu.’ (1 Samuel 14:24, 31-33) Wɔfom Yehowa denam ne mmara a ɛfa mogya ho a wɔtoe no so. Wɔanyɛ ade ma ɛne dwuma koro pɛ a Onyankopɔn aka sɛ wɔmfa mogya nni a ɛne sɛ “wɔmfa mpata mma” bɔne no anhyia. (Leviticus 17:10-12; Genesis 9:3, 4) Yehowa fi mmɔborohunu mu gyee afɔre a wɔbɔ maa wɔn a na wɔayɛ bɔne no toom.—1 Samuel 14:34, 35.

Yiw, Yehowa hwɛ kwan sɛ yebedi ne mmara so wɔ tebea ahorow nyinaa mu. Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.”—1 Yohane 5:3.

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Wɔde kyerɛ abodoo foforo si ananmu wɔ Ntamadan no mu Homeda biara