Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Pim” Bi Di Bible Mu Abakɔsɛm Ho Adanse

“Pim” Bi Di Bible Mu Abakɔsɛm Ho Adanse

“Pim” Bi Di Bible Mu Abakɔsɛm Ho Adanse

ASƐMFUA “pim” pue pɛnkoro pɛ wɔ Bible no mu. Wɔ Ɔhene Saul bere so no, na ɛsɛ sɛ Israelfo de wɔn nnade ahorow kɔma Filistifo atomfo ma wɔsew ano ma wɔn. Bible ka sɛ: ‘Na wogye fɛtɛw nnade ne nsosɔw no biara ho “pim” biako, na wɔsew nkuma anaa wosiesie nnade a wɔde ka mmoa nso.’—1 Samuel 13:21.

Na dɛn ne pim? Wɔannya saa asɛm no ho mmuae ara de kosii bere a wotutuu fam wɔ beae a na tete Gezer kurow no wɔ no ansa na wohuu pim nsenia a edi kan wɔ 1907 Y.B. mu. Na ɛyɛ den ma tete Bible nkyerɛasefo sɛ wɔbɛkyerɛ asɛmfua “pim” ase. Sɛ nhwɛso no, King James Version kyerɛɛ 1 Samuel 13:21 ase sɛ: “Na wɔwɔ nea wɔde sew nnade, ne nsɔw, ne fatu nnade, ne nkuma, na wosiesie nnade a wɔde ka mmoa.”

Ɛnnɛ yi nhomanimfo nim sɛ na pim mu duru bɛyɛ gram 7.82, anaa dwetɛbona abupɛn abiɛsa mu abien wɔ sɛnea Hebrifo kari ade mu. Na sɛ Filistifo sew Israelfo nnade ano ma wɔn a, wogye dwetɛ nketenkete a ano si pim. Bere a Yuda ahenni ne n’ahenkurow, Yerusalem, hwee ase wɔ 607 A.Y.B. mu no, wɔamfa dwetɛbona anni dwuma bio. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na pim di abakɔsɛm mu nokwasɛm a ɛwɔ Hebri kyerɛwsɛm mu no ho adanse?

Nhomanimfo bi ka sɛ Hebri Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a Samuel Nhoma a Edi kan ka ho no fi Hela-Romafo mmere so, na efi afeha a ɛto so abien so kosi nea edi kan A.Y.B. reba mpo mu tɔnn. Enti, wɔka sɛ “nkyerɛwee a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no . . . ’nyɛ abakɔsɛm,’ na mfaso biara nni so a wobetumi de aka ‘Bible mu Israel’ anaa ‘tete Israel’ ho asɛm, wɔka ne nyinaa ho asɛm wɔ nnɛyi Yudafo ne Kristofo nhoma ahorow mu.”

Nanso, William G. Dever, fam a wotutu hwehwɛ tetefo nneɛma mu ne nnipa asetra ho nimdeɛ ho ɔbenfo a ɔwɔ Near Eastern no, reka pim a ɛwɔ 1 Samuel 13:21 no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ɛrentumi mma sɛ akyerɛwfo a wɔtraa ase wɔ Hela-Romafo mmere so mfehaha pii a saa bere no na saa nsenia yi nni hɔ bio na adwene afi so no na ‘wɔbɔɔ wɔn tirim kyerɛw ho ade.’ Nokwarem no, na wɔrente saa Bible nkyerɛwee ketewa yi ase kosi afeha a ɛto so 20 Y.B. mu mfiase, bere a wotutuu fam huu nkyerɛwee no ho nhwɛso a edi kan ankasa, a Hebri asɛmfua pîm pue wom no.” Ɔbenfo no toa so sɛ: “Sɛ Bible mu nsɛm nyinaa yɛ Hela-Romafo mmere so ‘nhoma ahorow mu nsɛm’ a, ɛnde ɛyɛɛ dɛn na saa asɛm pɔtee yi bepuee Hebri Bible no mu? Ɛwom, ebia obi bɛka sɛ pîm ho asɛm no yɛ ‘asɛm ketewa bi.’ Ɛno yɛ nokware; nanso sɛnea yenim no yiye no, ‘abakɔsɛm yɛ nsɛm nketenkete a wɔakeka abom.’”

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Na pim mu duru bɛyɛ dwetɛbona abupɛn abiɛsa mu abien