Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Samuel Nhoma a Edi Kan no Mu Nsɛntitiriw

Samuel Nhoma a Edi Kan no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Samuel Nhoma a Edi Kan no Mu Nsɛntitiriw

NA AFE no yɛ 1117 A.Y.B. mu. Na bɛyɛ mfe ahasa atwam fi bere a Yosua wiee ne nkonimdi wɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Mpanyimfo a wɔwɔ Israel no de abisade soronko bi too Yehowa diyifo no anim. Odiyifo no bɔɔ asɛm no ho mpae, na Yehowa dii wɔn abisade no ho dwuma. Eyi na ɛde Atemmufo no mmere baa awiei na nnipa fii ase dii hene wɔ Israel. Bible mu nhoma a ɛne Samuel Nhoma a Edi Kan no ka nsɛm a esisii a ɛyɛ anigye a ɛfa nsakrae titiriw a ɛkɔɔ so wɔ Israel man no abakɔsɛm mu ho asɛm.

Samuel Nhoma a Edi Kan a Samuel, Natan ne Gad kyerɛwee no ka nsɛm a esisii wɔ mfe 102 mu—fi 1180 A.Y.B. mu kosi 1078 A.Y.B. mu. (1 Beresosɛm 29:29) Nsɛm no fa Israel akannifo baanan bi ho. Baanu somee sɛ atemmufo, baanu nso somee sɛ ahemfo; baanu yɛɛ osetie maa Yehowa, ɛna baanu nso yɛɛ asoɔden tiaa no. Yehuu mmea baanu bi a wɔyɛɛ nhwɛso pa ne ɔkofo kokodurufo bi a na odwo nso ho asɛm wom. Nhwɛso ahorow a ɛte saa no ma yenya asuade a ɛsom bo wɔ su ne nneyɛe a ɛsɛ sɛ yesua ne nea ɛsɛ sɛ yɛkwati ho. Enti Samuel Nhoma a Edi Kan mu nsɛm no betumi anya yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe so tumi.—Hebrifo 4:12.

SAMUEL DII ELI ADE SƐ ƆTEMMUFO

(1 Samuel 1:1–7:17)

Na Anoboa Afahyɛ adu, na na Hana a ɔte Rama no ani agye mmoroso. * Na Yehowa atie ne mpaebɔ ma wawo babanin. Nea ɛbɛyɛ na Hana adi ne bɔhyɛ so no, ɔde ne ba Samuel kɔɔ ‘Yehowa fi’ ma ɔkɔ somee. Ɛhɔ na abofra no ‘som Yehowa, ɔsɔfo Eli anim.’ (1 Samuel 1:24; 2:11) Bere a Samuel da so ara yɛ abofra no, Yehowa kaa atemmu a ɔde bɛba Eli fie so ho asɛm kyerɛɛ no. Bere a Samuel renyin no, nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa gye toom sɛ ɔyɛ Yehowa diyifo.

Bere bi akyi no, Filistifo ne Israel koe. Wɔfaa Apam Adaka no kɔe na wokum Eli mmabarima baanu no. Bere a Eli a na wabɔ akwakoraa “na wabu Israel atɛn mfe aduanan” tee asɛm no, owui. (1 Samuel 4:18) Apam Adaka no a ekodii Filistifo hɔ no ma wohyiaa ɔhaw, enti wɔsan de kɔmaa Israelfo no. Afei Samuel buu Israel atɛn na asomdwoe baa asase no so.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:10—Dɛn nti na Hana bɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ “ɔmfa ahoɔden mma ne hene” wɔ bere ko a na onipa biara nni Israelfo so hene no? Wɔka siei wɔ Mose Mmara no mu sɛ ɔhene bedi Israel so. (Deuteronomium 17:14-18) Bere a Yakob da ne wupa so no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Ahempoma [a ɛkyerɛ tumi a ɔwɔ sɛ ɔhene] remfi Yuda nsa.” (Genesis 49:10) Bio nso, ɛdefa Sara—Israelfo nanabea ho no, Yehowa kae sɛ: “Aman ahene befi ne mu.” (Genesis 17:16) Enti na Hana rebɔ ɔhene a ɔbɛba daakye ho mpae.

3:3—So Samuel daa Kronkron Mu Kronkronbea hɔ ankasa? Dabi, wanna hɔ. Na Samuel yɛ Lewini a ofi Kehat abusua a wɔnyɛ asɔfo mu. (1 Beresosɛm 6:33-38) Ne saa nti, na onni hokwan sɛ ‘ɔhyɛn mu de n’ani kɔbɔ akronkronne no so.’ (Numeri 4:17-20) Na ntamadan no adiwo hɔ nkutoo na Samuel wɔ hokwan sɛ ɔkɔ. Ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ na ɔdae. Ɛda adi sɛ adiwo hɔ baabi na Eli nso dae. Ɛda adi sɛ asɛm “nea Onyankopɔn adaka no si hɔ” kyerɛ beae a na ntamadan no si no.

7:7-9, 17Esiane sɛ na ɛsɛ sɛ wɔbɔ afɔre daa wɔ beae a Yehowa apaw nkutoo nti, ɛyɛɛ dɛn na Samuel bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ Mispa na osii afɔremuka wɔ Rama? (Deuteronomium 12:4-7, 13, 14; Yosua 22:19) Bere a woyii Adaka kronkron no fii ntamadan no mu wɔ Silo akyi no, na Yehowa nni hɔ bio wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Enti sɛ́ Onyankopɔn nanmusifo no, Samuel bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ Mispa na osii afɔremuka wɔ Rama nso. Ɛda adi sɛ Yehowa ani sɔɔ nea ɔyɛe no.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

1:11, 12, 21-23; 2:19. Mpaebɔ su a na Hana wɔ, n’ahobrɛase, anisɔ a ɔkyerɛe wɔ Yehowa ayamye ho, ne ɔdɔ a ɔdaa no adi sɛ ɛna bere tenten no yɛ nhwɛso ma mmea a wosuro Onyankopɔn nyinaa.

1:8. Nhwɛso a Elkana yɛe wɔ sɛnea wɔde nsɛm hyɛ afoforo den bɛn ara ni! (Hiob 16:5) Odii kan bisaa Hana a na wabotow no asɛm a ɛnkyerɛ sɛ ɔrebɔ no sobo yi sɛ: “Ɛdɛn na wo bo nnwo?” Eyi hyɛɛ no nkuran ma ɔkaa nea na ɛhaw no. Afei Elkana maa no awerɛhyem sɛ ɔdɔ no, na ɔkae sɛ: “So minye memma wo mensen mmabarima du?”

2:26; 3:5-8, 15, 19. Sɛ yɛde nsi yɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa, de honhom fam ntetee a wɔde ma no di dwuma, na sɛ yebu ade a, yɛbɛyɛ nnipa a ‘woye paa’ wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.

4:3, 4, 10. Apam adaka no a na ɛyɛ ade kronkron ankasa mpo antumi amfa anwonwa kwan so ahobammɔ amma. Ɛsɛ sɛ ‘yeyi yɛn ho fi abosonsom ho.’—1 Yohane 5:21.

ISRAEL HENE A ODI KAN—ESII NO YIYE ANAA ANSI NO YIYE?

(1 Samuel 8:1–15:35)

Samuel dii Yehowa nokware ne nkwa nna nyinaa, nanso ne mma mmarima annantew Onyankopɔn akwan so. Bere a Israel mpanyimfo bisae sɛ wɔmma wɔn ɔhene no, Yehowa penee so. Samuel dii Yehowa akwankyerɛ akyi na ɔsraa Saul, Benyaminni hoɔfɛfo no, sɛ ɔhene. Saul hyɛɛ ne dibea no mu den denam Amonfo a odii wɔn so nkonim no so.

Saul babarima Yonatan kokodurufo no dii Filistifo abansifo bi so nkonim. Filistifo de asraafodɔm pii baa Israel so. Ehu kaa Saul na ɔyɛɛ asoɔden denam ɔhyew afɔre a n’ankasa bɔe no so. Yonatan faa n’akodekurafo no nkutoo kaa ne ho, na ɔde akokoduru tuu Filistifo abansifo foforo so sa. Nanso, ntam a Saul de ahopere kae no amma wanni nkonim koraa. Saul ne n’atamfo nyinaa “kɔko hyiae.” (1 Samuel 14:47) Nanso, bere a odii Amalekfo so no, ɔyɛɛ Yehowa so asoɔden denam gyaw a ogyaw ‘ahyirade a wɔahyira so sɛ wonkum no’ no. (Leviticus 27:28, 29) Ne saa nti, Yehowa poo Saul sɛ ɔhene.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

9:9Dɛn titiriw na asɛm “nea nnɛ wɔfrɛ no odiyifo no, kan no wɔfrɛ no ɔdehufo” kyerɛ? Ebia nea saa nsɛm no kyerɛ ne sɛ bere a adiyifo no begyee din yiye wɔ Samuel nna no mu ne Israel ahemfo no mmere mu no, wɔde asɛmfua “odiyifo” sii asɛm “ɔdehufo” ananmu. Wobuu Samuel sɛ ɔno ne adiyifo no mu nea odi kan.—Asomafo no Nnwuma 3:24.

14:24-32, 44, 45—So ɛwo a Yonatan dii de buu Saul ntanka no so no ma ɔhweree Onyankopɔn anim dom? Ɛte sɛ nea ade a Yonatan yɛe no amma wanhwere Onyankopɔn anim dom. Nea edi kan no, na Yonatan nnim ne papa ntanka no ho hwee. Bio nso, ɛyɛ nnamyɛ a ɛmfata anaa ahenni ho adwene a ɛnteɛ na ɛkaa no ma ɔkaa ntam a ɛde ɔhaw brɛɛ nkurɔfo no. Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn apene ntanka a ɛte saa so? Ɛwom sɛ na Yonatan wɔ ɔpɛ sɛ obegye asotwe a ebefi n’adeyɛ no mu aba no atom de, nanso wankum no.

15:6Dɛn nti na Saul daa ayamye soronko adi kyerɛɛ Kenifo? Na Kenifo no yɛ Mose asebarima mma. Wɔboaa Israelfo no bere a wotu fii Bepɔw Sinai ho no. (Numeri 10:29-32) Kenifo no traa Yudafo mu nso wɔ Kanaan asase so kakra. (Atemmufo 1:16) Ɛwom sɛ akyiri yi Kenifo no traa Amalekfo ne nkurɔfo afoforo mu de, nanso wɔkɔɔ so ne Israel yɛɛ nnamfo. Enti ntease pa bi nti na Saul ankum Kenifo no.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

9:21; 10:22, 27. Odwo ne ahobrɛase a Saul daa no adi bere a ɔbɛyɛɛ ɔhene mfiase no bɔɔ ne ho ban ma wannyɛ ade a nyansa nnim bere a “mmahuhufo” bi anye n’ahenni antom no. Hwɛ sɛnea su a ɛte saa bɔ yɛn ho ban wɔ wɔn a wɔnyɛ ade nyansam no ho!

12:20, 21. Mma kwan mma “ade hunu” te sɛ nnipa so a wɔde ho to, ahotoso a wonya wɔ aman a wɔn asraafo yɛ den mu, anaa abosonsom mma wunyae ɔsom a wode ma Yehowa no da.

12:24. Ade titiriw a ɛbɛboa yɛn ma yɛakura osuro pa a yɛwɔ ma Yehowa mu na yɛafi yɛn koma nyinaa mu asom no no ne sɛ ‘yɛbɛhwɛ ade kɛse a wayɛ’ ama ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no.

13:10-14; 15:22-25, 30. Hwɛ yiye wɔ ahantan ho—sɛ́ ɛyɛ nea asoɔden a wɔyɛ na ɛde ba anaasɛ efi ahomaso su mu no.—Mmebusɛm 11:2.

WƆPAW OGUANHWƐFO ABARIMAA BI DE AHENNI NO MAA NO

(1 Samuel 16:1–31:13)

Samuel sraa Dawid a ofi Yuda abusua mu no sɛ ɔbɛyɛ ɔhene daakye. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Dawid de ɔbo kum Filistini bran Goliat. Dawid ne Yonatan nyaa adamfofa a emu yɛ den. Saul de Dawid sii n’akofo so panyin. Bere a Israel mmea redi nkonim pii a Dawid dii ho ahurusi no, wɔtoo dwom sɛ: “Saul akum n’apem, na Dawid akum ne pedu.” (1 Samuel 18:7) Saul a na anibere ahyɛ no ma no hwehwɛe sɛ okum Dawid. Wɔ ntua abiɛsa a Saul de baa Dawid so akyi no, Dawid guanee na ɔbɔɔ asesa.

Wɔ mfe a Dawid de bɔɔ asesa mu no, ɔkwatii sɛ obekum Saul ne mprenu so. Bere bi akyi no, ohyiaa ɔhoɔfɛfo Abigail na ɔwaree no. Bere a Filistifo baa Israel so no, Saul bisaa Yehowa ɔko no ho asɛm. Nanso na Yehowa agyaw no. Na Samuel awu. Saul a na ne ho yeraw no no kɔɔ samanfrɛfo bi hɔ, nea ɔka kyerɛɛ no ara ne sɛ obewu wɔ wɔne Filistifo akodi no mu. Wɔ saa ɔko no mu no, Saul pirae kɛse na wokunkum ne mma no. Wɔde Saul nkogudi ne ne wu ho asɛm na ewiee kyerɛwtohɔ no. Saa bere no nyinaa na Dawid abɔ asesa.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

16:14Honhommɔne bɛn na ohunahunaa Saul no? Honhommɔne a wamma Saul ho antɔ no ne n’adwene ne ne koma a ɛtɔ kɔ bɔne so—atenka a na onya sɛ ɔnyɛ nea ɛnteɛ no. Bere a Yehowa yii ne honhom kronkron fii Saul so no, ɔhweree ahobammɔ a ɔwɔ no na ne nsusuwii bɔne no hyɛɛ no so. Esiane sɛ Onyankopɔn maa kwan ma saa honhom no besii Ne honhom kronkron ananmu nti, wɔka saa honhommɔne no ho asɛm sɛ ‘honhommɔne a efi Yehowa hɔ.’

17:55Esiane asɛm a ɛwɔ 1 Samuel 16:17-23 no nti, dɛn nti na Saul bisae sɛ hena ba ne Dawid? Ɛnyɛ Dawid papa din kɛkɛ na na Saul pɛ sɛ ohu. Ɛda adi yiye sɛ na ɔpɛ sɛ ohu onipa ko a ɔwoo abarimaa a na ɛnkyɛe koraa wakum ɔbran no wɔ anwonwakwan so no.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

16:6, 7. Sɛ anka yɛbɛma sɛnea afoforo honam ani hwɛbea te anya yɛn so nkɛntɛnso anaa yɛde ahopere abu wɔn ntɛn no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hu wɔn sɛnea Yehowa hu wɔn no.

17:47-50. Yebetumi de akokoduru agyina ɔsɔretia anaa ɔtaa a efi atamfo a wɔte sɛ Goliat hɔ ba no ano efisɛ ‘ɔko no yɛ Yehowa dea.’

18:1, 3; 20:41, 42. Yebetumi anya nnamfo pa wɔ wɔn a wɔdɔ Yehowa no mu.

21:12, 13. Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛde yɛn adwene ne yɛn nyansa bedi asetra mu nsɛnnennen ho dwuma. Ɔde n’Asɛm a efi honhom mu a ɛma yenya nyansa, nimdeɛ, ne adwempa no ama yɛn. (Mmebusɛm 1:4) Yɛwɔ Kristofo a wapaw wɔn sɛ mpanyimfo no nso mmoa.

24:6; 26:11. Hwɛ sɛnea Dawid yɛɛ nhwɛso pa wɔ obu kɛse a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔ nea Yehowa asra no no ho!

25:23-33. Abigail nyansa no yɛ nea ɛsɛ sɛ wosua.

28:8-19. Ahonhommɔne betumi ayɛ wɔn ho sɛ nnipa pɔtee bi a wɔawuwu de abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nkurɔfo afom kwan anaa wɔapira wɔn no. Ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ahonhonsɛmdi biara ho.—Deuteronomium 18:10-12.

30:23, 24. Gyinae a wɔnam Numeri 31:27 so sii no kyerɛ sɛ wɔn a wɔyɛ nnwuma de boa wɔn a wodi asafo no anim no som bo ma Yehowa. Enti, biribiara a yɛyɛ no, ‘yemfi ɔkra nyinaa mu nyɛ no sɛ yɛyɛ ma Yehowa na yɛnyɛ mma nnipa.’—Kolosefo 3:23.

Dɛn na ‘Eye Sen Afɔre’?

Nokwasɛm titiriw bɛn na wɔasi so dua wɔ Eli, Samuel, Saul ne Dawid suahu ahorow no mu? Ɛne eyi: “Osetie ye sen afɔre, na asoyɛ kyɛn adwennini srade. Na atuatew te sɛ atoro nkɔmhyɛ, na asoɔden te sɛ amumɔyɛ ne ahonisom!”—1 Samuel 15:22, 23.

Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛrenya wiase nyinaa Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa! Bere a yɛde ‘yɛn ano yɛ anantwinini’ bɔ afɔre ma Yehowa no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa gye akwankyerɛ a ɔnam n’Asɛm a wakyerɛw ne n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no so de ma no tom.—Hosea 14:2; Hebrifo 13:15.

[Ase hɔ asɛm]

^ Sɛ wopɛ sɛ wuhu mmeae a wɔabobɔ din wɔ Samuel Nhoma a Edi Kan no mu a, wobehu wɔ ‘Hwɛ Asase Pa No’ nhomawa a Yehowa Adansefo na wotintimii no kratafa 18-19.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Israel hene a odi kan sesa fii ahobrɛase ne odwo su a na ɔda no adi no ho bɛyɛɛ ɔhene a ɔyɛ ahantan ne ahomaso

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Sɛ yehyia ɔsɔretia fi atamfo a wɔte sɛ Goliat hɔ a, ahotoso bɛn na yebetumi anya?