Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Simson Dii Nkonim Denam Yehowa Ahoɔden So!

Simson Dii Nkonim Denam Yehowa Ahoɔden So!

Simson Dii Nkonim Denam Yehowa Ahoɔden So!

AWERƐTƆFO a wɔfaa no nnommum no tutuu n’aniwa, na wɔde no kɔtoo afiase ma ɔyɛɛ adwumaden. Afei wɔkɔfaa no fii afiase baa abosonnan mu sɛ ommegoru nkyerɛ nkurɔfokuw no. Wɔhyɛɛ no ma ɔbɔɔ nsra faa bɛhwɛadefo mpempem anim na wodii ne ho agoru. Ná ɔdeduani no nyɛ ɔsɛmmɔnedifo anaa atamfo dɔm bi so sahene. Na ɔyɛ Yehowa somfo a ɔde mfe 20 asom sɛ ɔtemmufo wɔ Israel.

Ɛyɛɛ dɛn na Simson—onipa a ɔwɔ ahoɔden sen biara a watra ase pɛn no—baa tebea a ɛyɛ animguase saa mu? So na n’ahoɔden a ɛsen biara yi betumi agye no? Ɛhe ankasa na Simson nyaa n’ahoɔden no fii? So biribi wɔ hɔ a yebetumi asua afi n’asetra mu nsɛm no mu?

“Ɔno Na Obefi Ase Agye Israel”

Ná Israelfo atwe wɔn ho afi nokware som ho mpɛn pii. Enti, bere a ‘wɔkɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ Yehowa ani so bɔne no, . . . Yehowa de wɔn hyɛɛ Filistifo nsa mfirihyia aduanan.’—Atemmufo 13:1.

Simson ho nsɛm fii ase bere a Yehowa bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ Israelni bi a wɔfrɛ no Manoa yere a ɔyɛ obonin ka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛwo ɔbabanin no. Ɔbɔfo no hyɛɛ no sɛ: “Oyiwan renka ne ti, na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum, na ɔno na obefi ase agye Israel afi Filistifo nsam.” (Atemmufo 13:2-5) Ansa na wɔrenyinsɛn Simson no, na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔde adwuma pɔtee bi bɛhyɛ ne nsa. Sɛ wonya wo no ara pɛ a, ɔbɛyɛ Ɔhotuafo—obi a wɔapaw no ama ɔsom kronn titiriw bi.

Saa Ɔbea no “Na Ɔsɔ M’ani”

Bere a Simson renyin no, “[Yehowa, NW] hyiraa no.” (Atemmufo 13:24) Dakoro bi Simson baa n’agya ne ne na nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Makohu ɔbea bi wɔ Timna, Filistifo mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware.” (Atemmufo 14:2) Hwɛ sɛnea wɔn ho bedwiriw wɔn afa. Sɛ́ anka wɔn ba no begye Israel afi wɔn nhyɛsofo nsam no, ɔpɛ sɛ ɔne wɔn di ayeware mmom. Sɛ obi bɛware afi abosonsomfo mu no tia Onyankopɔn Mmara. (Exodus 34:11-16) Eyi nti, n’awofo kasa tiaa no sɛ: “So wo nuanom mmabea ne me man nyinaa mu nni ɔbea bi, na worekɔ akɔware ɔbea Filistifo momonotofo no mu?” Nanso, Simson hyɛe sɛ: “Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani.”—Atemmufo 14:3.

Ɔkwan bɛn so na saa Filistini bea yi ‘sɔ’ Simson ‘ani.’ McClintock and Strong’s Cyclopedia ka sɛ, na ɛnyɛ sɛ ɔyɛ ɔbea a ne ho yɛ “fɛ boro so, na n’anim wɔ nyam,” na mmom ntease a ɛwɔ saa asɛm no mu ne sɛ “ɛyɛ kwan a ɛsɔ n’ani a ɔbɛfa so adi n’atirimpɔw bi ho dwuma.” Atirimpɔw bɛn na ebedi ho dwuma? Atemmufo 14:4 kyerɛkyerɛ mu sɛ na Simson ‘repɛ Filistifo ho kwan.’ Saa atirimpɔw yi nti na na ɔbea no sɔ n’ani no. Bere a Simson nyini duu mpanyin afe so no, “[Yehowa, NW] honhom fii ase kekãa no wɔ ne mu,” anaasɛ ɛkanyan no ma odii dwuma. (Atemmufo 13:25) Enti ɛyɛ Yehowa honhom na ɛkanyan Simson ma ɔsrɛɛ ɔyere fi beae a wɔnhwɛ kwan, na ɔyɛɛ n’adwuma nyinaa sɛ Israel temmufo no. So Simson nyaa hokwan a na ɔhwehwɛ no? Nea edi kan no, momma yensusuw ɔkwan a Yehowa faa so maa no awerɛhyem sɛ ogyina n’akyi no ho.

Na Simson nam kwan so rekɔ ɔbea a ɔbɛware no daakye no kurow, Timna, mu. Kyerɛwnsɛm mu kyerɛwtohɔ ka sɛ: “Na woduu Timna bobe nturo ho, na hwɛ, gyataforo bi boboom hyiaa no. Na [Yehowa, NW] honhom sii no so, na ɔtetew no mu.” Saa ahoɔdenne soronko yi sii bere a Simson nkutoo wɔ hɔ. Na adansefo biara nni hɔ. So na eyi yɛ kwan a Yehowa nam so rema Simson awerɛhyem sɛ obetumi ayɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa sɛ Ɔhotuafo no? Bible no nka saa de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ Simson hui sɛ tumi a ɛboro so yi nyɛ n’ankasa ahoɔden. Na ebefi Onyankopɔn hɔ. Na obetumi de ne ho ato Yehowa so wɔ adwuma a na ɛda n’anim no mu. Bere a nea esii wɔ Simson ne gyata no ntam ahyɛ no den no, “osiim kɔe ne ɔbea no kɔkasae, na ɔsɔɔ Simson ani.”—Atemmufo 14:5-7.

Akyiri yi, bere a Simson san kɔe sɛ ɔrekɔfa ɔbea no aba ne fie no, “ɔmãn kɔhwɛɛ gyata funu no, na hwɛ, nnowatwaw ne ɛwo adɔ gyata no yam.” Simson huu eyi no, ɔde aborɔme bi too Filistifo nnamfonom 30 a wɔwɔ n’ayeforohyia no ase no anim sɛ: “Odidifo mu na aduan fi bae, na ɔhoɔdenfo mu na adɔkɔdɔkɔde fi bae.” Sɛ wotumi kyerɛ aborɔme no ase a, na Simson bɛma wɔn nkamisaa 30 ne ntade nsakraho 30. Sɛ wɔantumi ankyerɛ ase a, na ɛsɛ sɛ wɔde dodow saa ara nso ma no. Filistifo no ante nea aborɔme no kyerɛ ase ara nnansa. Ne nnanan so no, wofii ase hunahunaa ɔbea no. Wɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Daadaa wo kunu na ɔnkyerɛ yɛn aborɔme no ase, na yɛamfa ogya anhyew wo ne w’agya fi!” Atirimmɔdensɛm bɛn ni! Sɛ Filistifo no ne wɔn ankasa nkurɔfo di nsɛm wɔ kwan a ɛte sɛɛ so a, ɛnde susuw sɛnea Israelfo a wɔwɔ wɔn hyɛ ase no tebea bɛyɛ ho!—Atemmufo 14:8-15.

Ɔbea a ehu aka no yi hyɛɛ Simson ma ɔkyerɛɛ no ase. Ntɛm ara ɔkɔbɔɔ ne nkurɔfo no amanneɛ a wanna ɔdɔ ne nokwaredi adi ankyerɛ Simson. Wɔkyerɛɛ aborɔme no ase, na na Simson nim ɔkwan a wɔfaa so hui. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moamfa me nantwi amfɛtɛw a, anka moanhu m’aborɔme no ase.” Eyi maa nea na Simson rehwehwɛ no hokwan buee maa no. “[Yehowa, NW] honhom sii no so, na osiim kɔɔ Askelon kokunkum wɔn mu mmarima aduasa, na ɔfaa wɔn ahode, na ɔde ntade nsakraho no momaa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no ase no.”—Atemmufo 14:18, 19.

So pɛ a na Simson pɛ sɛ ɔtɔ Askelon so were nti na ɔyɛɛ ade a ɛte saa? Dabi. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔnam ogyefo a wapaw no no so yɛɛ ade a ɛte saa. Yehowa nam Simson so ne atirimɔdenfo a wɔhyɛ ne nkurɔfo so no dii ako. Na ɛho hia sɛ saa akodi yi kɔ so. Simson nyaa hokwan foforo bio bere a ɔba bɛsraa ne yere no.

Ɔno Nkutoo Dii Ako

Bere a Simson san kɔɔ Timna no, okohui sɛ ne yere papa a na n’adwene yɛ no sɛ Simson tan ne ba no de ɔbea no ama ɔbarima foforo aware. Ɛmaa Simson bo fuwii. Na ɔkɔ kɔkyeree sakraman 300, na ɔde agyatɛn hyehyɛɛ abien biara duá ntam. Bere a ogyaa wɔn no, wɔkɔɔ Filistifo no awifuw mu ma ɛhyew awi akuwakuw ne awi a esisi hɔ ne ngodua nturo no, sɛe wɔn afe mũ nnuan atitiriw abiɛsa no. Filistifo a wɔn bo afuw yi dii atirimɔdensɛm. Wɔde ho asodi too Simson yere ne n’agya so na wɔde ogya hyew wɔn. Atirimɔden kwan a wɔfaa so dii were yi buee hokwan ma Simson de dii ne botae ho dwuma. Ɔno nso, de okunkɛse kunkum wɔn.—Atemmufo 15:1-8.

So Israelfo no nyaa ntease sɛ Yehowa Nyankopɔn rehyira Simson ma enti wɔne no yɛɛ biako ko tiaa Filistifo no de wɔn nhyɛso no baa awiei? Dabida. Yuda mmarima somaa mmarima 3,000 sɛ wɔnkɔkyere Onyankopɔn kannifo a wapaw no no na wɔmfa no nhyɛ n’atamfo nsa, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔhaw biara mma wɔn so. Nanso, nokware a Israelfo anni yi maa Simson hokwan foforo ma ɔsan sɛee n’atamfo no. Bere a wɔde no rekɔma Filistifo no “[Yehowa, NW] honhom sii no so, na ntampehama a ɛwɔ ne basa ho no yeyɛɛ sɛ asaawa a wɔde ogya aka, na ne hama no sansãn fii ne nsa.” Afei ɔteɛɛ ne nsa faa afurum abogye bi de kunkum atamfo apem.—Atemmufo 15:10-15.

Simson srɛɛ Yehowa kae sɛ: “Wo na wode ogye kɛse yi ahyɛ w’akoa nsa, na afei osukɔm rekum me, na mahwe momonotofo nsam.” Yehowa tee Simson mpaebɔ no na obuaa no. “Na Onyankopɔn paee tokuru . . . mu, na nsu fi hɔ bae, na ɔnomee. Na ne honhom san bae na onyaa nkwa.”—Atemmufo 15:18, 19.

Simson de n’ani sii ne botae a ɛne ako a obedi atia Filistifo no so. Simson botae a ɛne sɛ ɔbɛko atia Onyankopɔn atamfo no ma ɔkɔɔ aguaman bi fie wɔ Gasa. Na Simson hia baabi a ɔbɛsoɛ anadwo no wɔ n’atamfo kurow bi mu, na na beae a obenya asoɛ ne aguaman no fie. Na Simson nkura ɔbrasɛe ho adwene biara. Ɔdasu mu na ofii ɔbea no fie hɔ, na osoo kurow no apon ne apongua abien no mu, na otuu ɛne akyiri adaban no nyinaa, na ɔde bɔɔ akɔnkɔn soa de kɔɔ bepɔw a ɛbɛn Hebron no atifi, a emu twe bɛyɛ kilomita 60. Onyankopɔn penee saa adeyɛ yi so na ɔmaa no ahoɔden de dii eyi ho dwuma.—Atemmufo 16:1-3.

Ɔkwan a honhom kronkron no yɛɛ adwuma wɔ Simson so no yɛ soronko koraa esiane akwan a ebi mmae da so a ɔfa yɛɛ ade no nti. Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi de wɔn ho ato honhom koro no ara so na ama wɔn ahoɔden. Yesu maa n’akyidifo awerɛhyem sɛ Yehowa de ‘Honhom Kronkron bɛma wɔn a wobisa no no.’—Luka 11:13.

Dɛn Nti na Yehowa ‘Fii Simson Ho’?

Na Simson dɔɔ ɔbea bi a ne din de Delila. Na Filistifo asafohene baanum no ho pere wɔn sɛ wobedi Simson so nkonim ara ma wɔkɔhwehwɛɛ ɔbea no nkyɛn mmoa. Wɔkɔɔ Delila nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Daadaa no na hwɛ dekode a n’ahoɔden kɛse no wɔ mu, ne dekode a yɛde betumi no na yɛakyere no abrɛ no ase.” Na asafohene baanum no mu biara kae sɛ wɔbɛma no adanmude a ɛyɛ “nnwetɛbona apem ne ɔha.”—Atemmufo 16:4, 5.

Sɛ na dwetɛ no yɛ nnwetɛbona a, ɛnde na nnwetɛbona 5,500 a wɔkae sɛ wɔde bɛma no no yɛ adanmude kɛse paa ara. Abraham tuaa nnwetɛbona 400 de tɔɔ asase siee ne yere, na na wɔtɔn akoa nso de gye nnwetɛbona 30 pɛ. (Genesis 23:14-20; Exodus 21:32) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ asafohene a wɔn ne Filistifo nkurow anum so atumfoɔ no kae sɛ wɔbɛma Delila adanmude, na wɔanka sɛ omfi nokwaredi mu nyɛ ade mma ne man no kyerɛ sɛ ebia na ɔyɛ Israelni bea. Sɛnea ɛte biara no, Delila gyee sika no.

Simson daadaa Delila mprɛnsa wɔ nea obisaa no no ho, na wɔ mprɛnsa no nyinaa mu no, Delila nso kɔkaa nea Simson ka kyerɛɛ no no de bɔɔ mmɔden sɛ obeyi no ahyɛ n’atamfo no nsa. Nanso “ɔde ne nsɛm guan ne ho daa nyinaa yeraw ne ho na ne kra home tew no kɔɔ owu mu.” Awiei koraa no, Simson kaa nea ɛma ne ho yɛ den no—wonyii ne ti nhwi da. Sɛ woyi ne ti nhwi a, obegurow na ɔne nnipa nyinaa ayɛ pɛ.—Atemmufo 16: 6-17.

Simson awiei ara nen. Delila daadaa no de no baa tebea bi a wobetumi ayi ne ti nhwi mu. Ɛwom, na Simson ahoɔden no nni ne ti nhwi ankasa mu. Na ne nti nhwi no gyina hɔ ma abusuabɔ titiriw bi a ɛwɔ ɔne Onyankopɔn ntam sɛ Ohotuafo no kɛkɛ. Bere a Simson maa hokwan ma wɔde no baa tebea a ɛkaa N’ahotua no esiane ne ti nhwi a ɔma woyii no nti, ‘Yehowa fii ne ho.’ Afei Filistifo no tumi kyeree Simson, furaa n’aniwa, na wɔde no too afiase.—Atemmufo 16:18-21.

Asuade a tumi wom bɛn ara ni! So ɛnsɛ sɛ yebu yɛne Yehowa ntam abusuabɔ no sɛ biribi a ɛsom bo kɛse yiye ankasa? Sɛ yɛanni nokware wɔ yɛn Kristofo ahosohyira no mu wɔ ade nyinaa mu a, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛkɔ so ahyira yɛn?

“Me Kra Ne Filistifo No Nwuwu”

Filistifo a wɔn ani agye no daa wɔn nyame Dagon ase sɛ wama wɔadi Simson so nkonim. Na wɔrehyɛ wɔn nkonimdi yi ho fã no, wɔde Simson baa Dagon abosonnan mu. Nanso na Simson nim nea ɛde n’asehwe no bae ankasa. Na onim nea enti a Yehowa agyaw no, na Simson nuu ne ho wɔ mfomso a odii no ho. Bere a Simson wɔ afiase hɔ no, ne ti nhwi fii ase fuwii kuhaa. Saa bere yi a ogyina Filistifo mpempem anim no, na dɛn na ɔbɛyɛ?

Simson bɔɔ Yehowa mpae sɛ: ‘Amansan Hene Yehowa, afei kae me, na hyɛ me den prɛko pɛ yi nko, Onyankopɔn, na minni m’aniwa abien yi so were prɛko Filistifo so.’ Afei osusoo ɔdan no mfinimfini adum abien no mu, na “ɔde n’ahoɔden nyinaa kuntunii.” Dɛn na esii? “Ofi no buruw guu asafohene no ne ɔman a wɔwɔ mu nyinaa so. Na awufo a wɔmaa wowui ne wu mu dɔɔso sen wɔn a wɔmaa wowui ne nkwa bere mu.”—Atemmufo 16:22-30.

Ná Simson wɔ honam fam ahoɔden sen ɔbarima biara. Nokwarem no, ahoɔdenne a ɔyɛe no da nsow. Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa Asɛm bu Simson sɛ ɔyɛ wɔn a wɔwɔ gyidi a emu yɛ den no mu biako.—Hebrifo 11:32-34.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ɛhe ankasa na Simson nyaa n’ahoɔden no fii?