Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Wɔtɔɔ Mo Aboɔden”

“Wɔtɔɔ Mo Aboɔden”

“Wɔtɔɔ Mo Aboɔden”

“Wɔtɔɔ mo aboɔden; enti monhyɛ Onyankopɔn anuonyam!”—1 Korintofo 6:20.

1, 2. (a) Sɛnea na ɛte wɔ Mose Mmara mu no, na wɔne Israelfo nkoa di nsɛm wɔ ɔkwan bɛn so? (b) Na dɛn na akoa a ɔdɔ ne wura no betumi apaw?

 SƐNEA Holman Illustrated Bible Dictionary ka no, na “nkoasom abu so wɔ tete mmere mu, na na wogye tom.” Ɛde ka ho sɛ: “Na Misraim, Hela, ne Roma aman no sikasɛm gyina nkoa adwumayɛ so. Wɔ afeha a edi kan wɔ Kristofo mmere mu no, sɛ wuyi Italiafo baasa biara a, na wɔn mu baako yɛ akoa, na na aman a aka no mu nnipa baanum biara mu baako nso yɛ akoa.”

2 Ɛwom sɛ nkoasom kɔɔ so wɔ tete Israel nso de, nanso Mose Mmara no hwɛe sɛ wɔbɛbɔ Hebrifo nkoa ho ban. Sɛ nhwɛso no, na Mmara hwehwɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Israelni bi yɛ akoa boro mfe asia. Wɔ afe a ɛto so ason no mu no, na ɛsɛ sɛ ‘ɔfa ne ho kodi kwa.’ Nanso na ahyɛde a ɛfa sɛnea ɛsɛ sɛ wɔne nkoa di nsɛm ho no yɛ nea ɛteɛ na mmɔborohunu wom ara ma enti na nhyehyɛe yi wɔ Mose Mmara no mu sɛ: “Na sɛ akoa no ka sɛ: Medɔ me wura ne me yere ne me mma, mempɛ sɛ mefa me ho mikodi a, ɛnde ne wura no mfa no mmra Onyankopɔn anim, na ɔmfa no mmra ɔpon ho anaa apongua ho, na ne wura no mfa fitii mfiti n’asom, na ɔnsom no daa.”—Exodus 21:2-6; Leviticus 25:42, 43; Deuteronomium 15:12-18.

3. (a) Nkoayɛ bɛn na afeha a edi kan Kristofo no gye toom? (b) Dɛn na ɛka yɛn ma yɛsom Onyankopɔn?

3 Nhyehyɛe a na ɛma obi tumi fi ne pɛ mu yɛ akoa no ma yehu nkoasom ko a nokware Kristofo wom no ho biribi. Sɛ nhwɛso no, Paulo, Yakobo, Petro, ne Yuda a wɔkyerɛw Bible no bi no frɛɛ wɔn ho sɛ Onyankopɔn ne Kristo nkoa. (Tito 1:1; Yakobo 1:1; 2 Petro 1:1; Yuda 1) Paulo kaee Tesalonika Kristofo no sɛ ‘moadan afi ahoni ho aba Onyankopɔn nkyɛn, sɛ mobɛyɛ Onyankopɔn teasefo nokwafo no nkoa.’ (1 Tesalonikafo 1:9) Dɛn na ɛkaa saa Kristofo no ma wofi wɔn pɛ mu bɛyɛɛ Onyankopɔn nkoa? Wiɛ, na dɛn na ɛkanyan Israelni akoa ma ɔpo ahofadi a ɔwɔ no? So na ɛnyɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma ne wura? Kristofo nkoayɛ gyina ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no so. Sɛ yebehu Onyankopɔn teasefo no na yɛdɔ no a, ɛka yɛn ma yɛsom no “yɛn koma nyinaa ne yɛn kra nyinaa mu.” (Deuteronomium 10:12, 13) Nanso, dɛn na Onyankopɔn ne Kristo nkoa a yɛbɛyɛ no hwehwɛ? Na ɔkwan bɛn so na eyi ka yɛn da biara da asetra?

‘Monyɛ Ade Nyinaa Mfa Nhyɛ Onyankopɔn Anuonyam’

4. Ɔkwan bɛn so na yɛbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo nkoa?

4 Wɔakyerɛ akoa ase sɛ “obi a mmara kwan so no ɔyɛ obi anaa afoforo agyapade, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ osetie ade nyinaa mu.” Sɛ yehyira yɛn ho so ma Yehowa na wɔbɔ yɛn asu a, yɛbɛyɛ n’agyapade wɔ mmara kwan so. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Monne mo ho . . . wɔtɔɔ mo aboɔden.” (1 Korintofo 6:19, 20) Nokwarem no, bo a wɔde tɔɔ yɛn no ne Yesu Kristo ogye afɔre no, efisɛ ɛno so na Onyankopɔn nam agye yɛn atom sɛ n’asomfo, sɛ́ yɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn anaa wɔn mfɛfo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so no. (Efesofo 1:7; 2:13; Adiyisɛm 5:9) Enti fi bere a wɔbɔɔ yɛn asu no, ‘yɛyɛ Yehowa dea.’ (Romafo 14:8) Esiane sɛ wɔde Yesu Kristo mogya a ne bo yɛ den no na atɔ yɛn nti, yɛabɛyɛ ɔno nso nkoa na ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yedi ne mmara nsɛm so.—1 Petro 1:18, 19.

5. Sɛ́ Yehowa nkoa no, asɛyɛde titiriw bɛn na yɛwɔ, na yɛbɛyɛ dɛn adi ho dwuma?

5 Ɛsɛ sɛ nkoa tie wɔn wura. Nkoa a yɛyɛ no fi ɔpɛ mu na egyina ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn Wura no so. Yohane nhoma a edi kan 5:3 ka sɛ: “Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.” Ɛnde, wɔ yɛn fam no, osetie a yɛyɛ no da no adi sɛ yɛwɔ ɔdɔ na yɛbrɛ yɛn ho ase nso. Na ɛda adi wɔ biribiara a yɛyɛ mu. Paulo kae sɛ: “Enti sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam!” (1 Korintofo 10:31) Yɛpɛ sɛ yɛma ɛda adi wɔ biribiara a yɛyɛ, a nneɛma nketewa mpo ka ho, mu sɛ ‘yɛsom Yehowa.’—Romafo 12:11.

6. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkoa a yɛyɛ no ka gyinae ahorow a yesisi wɔ asetram no? Ma ho nhwɛso.

6 Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛresisi gyinae ahorow a, ɛsɛ sɛ yesusuw nea yɛn soro Agya Yehowa pɛ ho yiye. (Malaki 1:6) Bere a yɛresi gyinae a ɛyɛ den no ebetumi asɔ osetie a yɛyɛ ma Onyankopɔn no ahwɛ. Wɔ saa bere no mu no, so yebetie Onyankopɔn afotu mmom sen sɛ yebedi yɛn koma “okontomponi” a ‘enye’ no akyi? (Yeremia 17:9) Bere a wɔbɔɔ Melisa, Kristoni ababaa bi a ɔnwaree no asu bere tiaa bi akyi no, aberante bi kyerɛɛ ne ho anigye. Na ɔyɛ obi a ne ho yɛ fɛ, na na wafi ase ne Yehowa Adansefo resua Bible no dedaw. Nanso, asafo mu ɔpanyin bi maa Melisa huu nyansa a ɛwom sɛ obedi Yehowa ahyɛde a ɛse yɛnware wɔ “Awurade mu nko” no akyi. (1 Korintofo 7:39; 2 Korintofo 6:14) Melisa ka sɛ: “Na ɛnyɛ mmerɛw mma me koraa sɛ megye saa afotu no atom. Nanso misii gyinae sɛ, esiane sɛ mahyira me ho so sɛ mɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ nti, metie n’akwankyerɛ a emu da hɔ no.” Sɛ ɔkaakae nea ɛkɔɔ so no a, ɔka sɛ: “Ɛyɛ me dɛ sɛ mitiee afotu no. Ankyɛ koraa na ɔbarima no gyaee Bible a na ɔresua no. Sɛ anka metoaa saa ayɔnkofa no so a, anka saa bere yi maware obi a onni asafo no mu.”

7, 8. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhaw yɛn ho pii sɛ yɛbɛsɔ nnipa ani? (b) Kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi adi nnipa ho suro so no mu.

7 Sɛ Onyankopɔn nkoa no, ɛnsɛ sɛ yɛma nnipa de yɛn yɛ nkoa. (1 Korintofo 7:23) Ɛwom, yɛn mu biara nni hɔ a ɔmpɛ sɛ nnipa bɛpɛ n’asɛm, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Kristofo gyinapɛn ahorow da nsow wɔ wiase no de ho. Paulo bisae sɛ: “Nnipa na merehwehwɛ sɛ mede wɔn meba me fam” anaa mɛsɔ wɔn ani? Owiee n’asɛm no sɛ: “Sɛ meda so mesɔ nnipa ani a, anka menyɛ Kristo akoa.” (Galatifo 1:10) Ɛmpare yɛn koraa sɛ yebegyaa yɛn ho mu ama atipɛnfo nhyɛso de asɔ nnipa ani. Ɛnde sɛ ɛba sɛ yehyia nhyɛso a ɛbɛma yɛakodi wiase no akyi a, dɛn na yɛbɛyɛ?

8 Susuw Elena, Kristoni abeawa bi a ɔwɔ Spain no nhwɛso no ho. Na ne sukuufo no mu pii taa twe wɔn mogya ma afoforo. Na wonim Elena sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo a ɔrentwe ne mogya mma na ɔrennye mogya nso. Bere a hokwan bae sɛ Elena nkyerɛkyerɛ adwene a okura no mu nkyerɛ sukuufo no nyinaa no, ɔpenee so sɛ ɔbɛkasa. Elena kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nokwarem no, me ho popoe. Nanso misiesiee me ho yiye, na nea efii mu bae no yɛ nwonwa. Me mfɛfo sukuufo no mu pii benyaa obu maa me, na ɔkyerɛkyerɛfo no ka kyerɛɛ me sɛ n’ani gye adwuma a mereyɛ no ho. Nea ɛsen saa no, me koma tɔɔ me yam sɛ magyina Yehowa din akyi na matumi akyerɛkyerɛ me gyidi a egyina Kyerɛwnsɛm so no mu fann.” (Genesis 9:3, 4; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Yiw, sɛ Onyankopɔn ne Kristo nkoa no, yɛda nsow. Nanso, sɛ yɛayɛ krado sɛ yefi obu mu bɛkyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu a, yebetumi anya obu afi nkurɔfo hɔ.—1 Petro 3:15.

9. Dɛn na yesua fi ɔbɔfo a oyii ne ho adi kyerɛɛ ɔsomafo Yohane no hɔ?

9 Kae a yɛbɛkae sɛ yɛyɛ Onyankopɔn nkoa no nso betumi aboa yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase. Da bi, ɔsomafo Yohane ho dwiriw no wɔ anisoadehu nwonwaso bi a ɛfa ɔsoro Yerusalem ho a ohui no ho araa ma ɔhwee ɔbɔfo a ogyinaa Onyankopɔn ananmu kasae no nan ase sɛ ɔrekotow no. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ wo ne wo nuanom adiyifo ne wɔn a wokura nhoma yi mu nsɛm mu no awurakwaa. Kotow Nyankopɔn!” (Adiyisɛm 22:8, 9) Hwɛ nhwɛso fɛfɛ ara a ɔbɔfo no yɛ maa Onyankopɔn nkoa nyinaa! Wɔ asafo no mu no, ebetumi aba sɛ Kristofo binom benya asɛyɛde soronko bi. Nanso Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa.” (Mateo 20:26, 27) Sɛ Yesu akyidifo no, yɛn nyinaa yɛ nkoa.

“Yɛayɛ Nea Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ”

10. Ma Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso fa kyerɛ sɛ ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ Onyankopɔn nokware asomfo bɛyɛ nea ɔpɛ.

10 Ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ bɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ. Bere a Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Mose sɛ ɔnkɔ nkoyi Israelfo mfi Misraim nkoasom mu no, ɔtwentwɛnee ne nan ase. (Exodus 3:10, 11; 4:1, 10) Bere a Yona nsa kaa dwumadi bi sɛ ɔnkɔka atemmusɛm nkyerɛ Niniwefo no, ‘Yona sɔree sɛ ɔreguan akɔ Tarsis afi Yehowa anim.’ (Yona 1:2, 3) Yeremia kyerɛwfo Baruk nso nwiinwii sɛ wabrɛ. (Yeremia 45:2, 3) Sɛ ɛkɔba sɛ nea yɛpɛ ne nea Onyankopɔn pɛ nhyia a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn? Mfatoho bi a Yesu yɛe no ma asɛm yi ho mmuae.

11, 12. (a) Ka Yesu mfatoho a ɛwɔ Luka 17:7-10 no ho asɛm tiawa. (b) Asuade bɛn na yenya fi Yesu mfatoho no mu?

11 Yesu kaa akoa bi a ɔde da mũ nyinaa hwɛɛ ne wura nguan wɔ wuram ho asɛm. Bere a na akoa no de nnɔnhwerew 12 ayɛ adwumaden na wabrɛ na obeduu fie no, ne wura no amfrɛ no sɛ ɔmmɛtra ase na onnidi. Mmom, nea owura no kae ne sɛ: “Siesie nea medi, na bɔ wo ho so bɛsom me, na minnidi na mennom ansa, na akyiri no, wo nso woakodidi na woanom.” Sɛ akoa no betumi akɔyɛ nea ehia no a, na gye sɛ wasom ne wura no awie ansa. Yesu rewie ne mfatoho no, ɔkae sɛ: “Saa ara na mo nso sɛ moayɛ nea wɔahyɛ mo nyinaa a, monka sɛ: Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn ho; yɛayɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”—Luka 17:7-10.

12 Yesu amfa mfatoho yi amma ankyerɛ sɛ Yehowa ani nsɔ nea yɛyɛ wɔ ne som mu no. Bible no ma emu da hɔ sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.” (Hebrifo 6:10) Na mmom, nea na Yesu nam mfatoho yi so rekyerɛ ara ne sɛ akoa ntumi nsɔ ne ho ani anaasɛ ɔnyɛ nea ɔpɛ. Bere a yehyiraa yɛn ho so maa Onyankopɔn na yɛbɛyɛɛ ne nkoa no, yegye toom sɛ yɛde nea ɔno pɛ bedi kan wɔ yɛn asetram. Ɛsɛ sɛ yɛde nea Onyankopɔn pɛ di nea yɛpɛ anim.

13, 14. (a) Tebea ahorow bɛn mu na ɛho behia sɛ yebu yɛn ani gu nea yɛn ani gye ho so? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn apɛde yɛ ade titiriw?

13 Ebegye mmɔdenbɔ pii na yɛatumi asua Onyankopɔn Asɛm ne nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no atintim no. (Mateo 24:45) Eyi te saa titiriw bere a ɛnyɛ mmerɛw mma yɛn bere nyinaa sɛ yɛbɛkenkan ade anaa bere a nhoma no reka “Onyankopɔn ade a emu dɔ” ho asɛm no. (1 Korintofo 2:10) Nanso, so ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe de yɛ kokoam adesua? Ebia ebehia sɛ yɛteɛ yɛn ho so tra ase na yenya nea yɛresua no ho bere. Nanso, sɛ yɛanyɛ saa a yɛbɛyɛ dɛn anya akɔnnɔ ama ‘aduan a ɛyɛ den na ɛfata wɔn a wɔanyin honhom fam’ no?—Hebrifo 5:14.

14 Na bere a yɛyɛ adwuma bere tenten wɔ da no mu a yɛbɛba fie na yɛabrɛ no nso ɛ? Ebehia sɛ yemia yɛn ani na ama yɛakɔ Kristofo nhyiam. Anaasɛ ebia yɛn ani rennye ho sɛ yɛbɛka asɛm akyerɛ nnipa a yennim wɔn. Paulo ankasa hyɛɛ no nsow sɛ ɛtɔ mmere bi a ‘ɛnyɛ anigye so’ na yɛka asɛmpa no. (1 Korintofo 9:17) Nanso, yɛyɛ nneɛma a ɛte saa, efisɛ Yehowa—yɛn Wura a ɔwɔ soro, a yɛdɔ no no—ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa. Sɛ yɛbɔ mmɔden sua ade, kɔ asafo nhyiam, kɔ asɛnka a, so yɛnte nka bere nyinaa sɛ yɛanya abotɔyam ne anigye?—Dwom 1:1, 2; 122:1; 145:10-13.

Nhwɛ “Nneɛma a Ɛwɔ W’akyi”

15. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ sɛnea yɛbrɛ yɛn ho ase ma Onyankopɔn no ho nhwɛso?

15 Ɔkwan a Yesu Kristo faa so brɛɛ ne ho ase maa ne soro Agya no yɛ nea ɛkyɛn so. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Misian mifi soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.” (Yohane 6:38) Bere a na ne ho yeraw no wɔ Getsemane turom no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “M’agya, sɛ ebetumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ.”—Mateo 26:39.

16, 17. (a) Ɛsɛ sɛ yebu nneɛma a yɛagyaw wɔ akyi no dɛn? (b) Kyerɛ nea Paulo yɛe ankasa de kyerɛe sɛ na obu hokwan ahorow a ɔwɔ wɔ wiase no mu sɛ “sumina so ade.”

16 Yesu Kristo pɛ sɛ yedi nokware wɔ gyinae a yɛasi sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn nkoa no mu. Ɔkae sɛ: “Obi a ɔde ne nsa koso fɛtɛw ade mu na ɔhwɛ [“nneɛma a ɛwɔ,” NW] n’akyi no mfata Onyankopɔn Ahenni mu.” (Luka 9:62) Ɛmfata sɛ yɛbɛkɔ so adwennwen nneɛma a yɛagyaw wɔ akyi no ho bere a yɛresom sɛ Onyankopɔn nkoa no. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛnam Onyankopɔn nkoa a yɛapaw sɛ yɛbɛyɛ no so anya no. Paulo kyerɛw kɔmaa Filipifo no sɛ: “Nanso ampa ara meda so mibu nneɛma nyinaa adehwere, m’Awurade Kristo Yesu hu a ɛkyɛn so no nti. Ɔno nti na mehweree nneɛma no nyinaa na mibu no sɛ sumina so ade, na Kristo ayɛ me mfaso.”—Filipifo 3:8.

17 Susuw nneɛma a Paulo buu no sɛ sumina so ade na ɔpo de hwehwɛɛ Onyankopɔn som mu akatua sɛ Onyankopɔn akoa no ho. Ɛnyɛ ahotɔ a ɛwɔ wiase yi mu nko na ogyaw wɔ akyi na mmom hokwan a na ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ Yudasom kannifo daakye nso. Sɛ anka Paulo kɔɔ so de ne ho hyɛɛ Yudasom mu a, anka ebia obetumi akɔ n’anim abɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo Gamaliel ba Simeon. (Asomafo no Nnwuma 22:3; Galatifo 1:14) Simeon bɛyɛɛ Farisifo kannifo a odii dwuma titiriw—ɛmfa ho sɛ na nneɛma bi mu nna hɔ no—wɔ afe 66-70 Y.B. mu atua a Yudafo tewee wɔ Roma so no mu. Owui wɔ saa ɔko no mu, ebia wɔ Yudafo anuɔdenfo anaasɛ Roma asraafo nsam.

18. Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛnea nea yetumi yɛ wɔ Onyankopɔn som mu no so wɔ mfaso.

18 Yehowa Adansefo pii adi Paulo nhwɛso no akyi. Jean ka sɛ: “Miwiee sukuu akyi bere tiaa bi no, London mmaranimfo bi a wagye din faa me sɛ ne kyerɛwfo panyin. Na mepɛ adwuma no, na na m’akatua nso ye, nanso me komam de, na minim yiye sɛ metumi ayɛ pii de asom Yehowa. Enti mekyerɛw krataa gyaee adwuma no, na mifii akwampae adwuma ase. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ misii gyinae a ɛte saa wɔ bɛyɛ mfe 20 a abɛsen kɔ yi mu! Bere nyinaa som adwuma a meyɛ no ama m’asetra adi mũ asen nea anka ɔkyerɛwfo adwuma biara betumi ama manya. Biribiara nni hɔ a ɛma akomatɔyam sen sɛ yebehu sɛnea Yehowa Asɛm tumi sesa obi asetra. Kyɛfa a wubenya wɔ adwuma a ɛte saa mu no yɛ anigye. Nea yɛde ma Yehowa no sua koraa sen nea yenya fi ne hɔ.”

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae, na dɛn ntia?

19 Bere rekɔ so no, yɛn tebea betumi asakra. Nanso, yɛn ho so a yɛahyira ama Onyankopɔn no nsakra. Yɛda so ara yɛ Yehowa nkoa, na wagyaw ama yɛn sɛ yɛmpaw ɔkwan pa a yɛbɛfa so de yɛn bere, yɛn ahoɔden, yɛn dom akyɛde, ne yɛn ahode adi dwuma. Enti, gyinae a ɛte saa a yesi no betumi akyerɛ sɛnea yɛdɔ Onyankopɔn fa. Na ɛkyerɛ faako a yɛpɛ sɛ yɛde yɛn ho bɔ afɔre ma Onyankopɔn kodu nso. (Mateo 6:33) Ɛmfa ho sɛnea yɛn tebea te biara no, so ɛnsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara ama Yehowa? Paulo kyerɛwee sɛ: “Na sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni.”—2 Korintofo 8:12.

“Mowɔ Aba”

20, 21. (a) Aba bɛn na Onyankopɔn nkoa sow? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyira wɔn a wɔyɛ nea wobetumi nyinaa wɔ ne som mu no?

20 Onyankopɔn nkoa a yɛbɛyɛ no nyɛ nhyɛso. Mmom no, ɛma yɛde yɛn ho fi nkoasom a ɛyɛ nhyɛso a ɛmma yɛn ani nnye no ho. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na afei moade mo ho afi bɔne ho na mosom Onyankopɔn yi, mowɔ aba a ɛde kɔ ahotew mu na n’awiei ne daa nkwa.” (Romafo 6:22) Yenya Onyankopɔn nkoa a yɛyɛ no so mfaso wɔ ahotew mu efisɛ yetwa so aba a ɛyɛ kronkron, anaa ɛho tew wɔ abrabɔ ne nneyɛe mu. Bio nso, ɛkowie daa nkwa mu daakye.

21 Yehowa yam ye ma ne nkoa. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ ne som mu a, obue “ɔsoro mfɛnsere” na ohwie “nhyira ma yɛn ma ɛboro so.” (Malaki 3:10) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛsom sɛ Yehowa nkoa daa!

So Wokae?

• Dɛn nti na yɛbɛyɛ Onyankopɔn nkoa?

• Yɛyɛ dɛn da no adi sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Onyankopɔn apɛde?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛde Yehowa apɛde bedi yɛn de anim?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ‘yɛhwɛ nneɛma a ɛwɔ yɛn akyi’?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Na nhyehyɛe a wɔyɛ ma obi fi ne pɛ mu som sɛ akoa wɔ Israel no yɛ Kristofo nkoasom ho mfonini

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Yɛbɛyɛɛ Onyankopɔn nkoa bere a wɔbɔɔ yɛn asu no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

Kristofo de Onyankopɔn apɛde di kan

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Mose twentwɛnee ne nan ase wɔ dwumadi a wɔde maa no no ho