Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛnte Ase Mma Yɛn Ho Bio

Yɛnte Ase Mma Yɛn Ho Bio

Yɛnte Ase Mma Yɛn Ho Bio

“[Kristo] wu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte ase no antra ase amma wɔn ho bio.”—2 KORINTOFO 5:15.

1, 2. Kyerɛwsɛm mu ahyɛde bɛn na ɛkanyan Yesu akyidifo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu ma wodii pɛsɛminkominya so?

 NA ƐYƐ anadwo a etwa to wɔ Yesu asetra mu wɔ asase so. Na aka bere tiaa bi ma ɔde ne nkwa ato hɔ ama wɔn a wobegye no adi nyinaa. Saa anadwo no, Yesu kaa nsɛm a ɛho hia pii kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no. Emu biako ne ahyɛde a ɛfa su bi a ɛbɛma wɔahu wɔn a wɔyɛ n’akyidifo ho no. Ɔkae sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:34, 35.

2 Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo fi ɔdɔ mu de wɔn ho bɔ afɔre ma wɔn ho wɔn ho, na wɔma wɔn mfɛfo gyidifo yiyedi hia wɔn sen wɔn ankasa de. Ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase koraa mpo sɛ ‘wɔde wɔn kra bɛto hɔ ama wɔn nnamfo.’ (Yohane 15:13) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wodi kan no fa dii ahyɛde foforo yi so? Afeha a ɛto so abien kyerɛwfo Tertullian faa nkurɔfo nsɛm a na wɔka fa Kristofo ho kae wɔ ne nhoma Apology mu sɛ: ‘Hwɛ ɔdɔ ara a wɔdodɔ wɔn ho; sɛnea wɔayɛ krado sɛ wobewu ama wɔn ho mpo.’

3, 4. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛko tia pɛsɛminkominya? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Ɛsɛ yɛn nso sɛ ‘yegyigye yɛn ho ade a ɛyɛ yɛn duru soa, na saa na yɛde bewie Kristo mmara so di.’ (Galatifo 6:2) Nanso, nneɛma titiriw a esiw yɛn kwan sɛ yebedi Kristo mmara so, na ‘yɛadɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛn koma, yɛn kra, ne yɛn adwene nyinaa mu, na yɛadɔ yɛn yɔnkonom sɛ yɛn ho’ no mu biako ne pɛsɛminkominya. (Mateo 22:37-39) Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti ɛyɛ a na yɛpɛ sɛ yɛda pɛsɛminkominya adi. Nea ɛka eyi ho no, da biara da asetra mu nhyɛso, akansi a ɛkɔ so wɔ sukuu mu anaa adwuma mu, ne mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛn nsa bɛka yɛn asetrade no ma pɛsɛminkominya su a yɛwɔ no mu yɛ den. Nea ɛma yɛda pɛsɛminkominya su adi no renya nkɔso. Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nna a edi akyiri mu no . . . nnipa bɛyɛ a wɔn wodwen wɔn nkutoo ho.”—2 Timoteo 3:1, 2, Phillips.

4 Aka kakraa ma Yesu de n’asase so som adwuma aba awiei no, ɔmaa n’asuafo no akwan abiɛsa bi a ɛbɛboa wɔn ma wɔadi pɛsɛminkominya so. Na ɛyɛ akwan bɛn, na yɛbɛyɛ dɛn atumi anya n’akwankyerɛ no so mfaso?

Ano Aduru Ankasa!

5. Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ Galilea atifi fam no, dɛn na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no, na dɛn nti na ɛmaa wɔn ho dwiriw wɔn?

5 Na Yesu reka asɛm no wɔ beae bi a ɛbɛn Kaesarea Filipi wɔ Galilea atifi fam. Na beae a ɛhɔ dwo na ɛyɛ fɛ yi bɛfata ama anigyede asen sɛ obi bɛkame ne ho biribi. Nanso bere a Yesu ne n’asuafo no wɔ hɔ no, ofii ase ka kyerɛɛ wɔn sɛ “ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kohu amane pii mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nsam, na wɔakum no, na da ɛto so abiɛsa no wanyan.” (Mateo 16:21) Hwɛ sɛnea asɛm yi bɛma Yesu asuafo no ho adwiriw wɔn afa, efisɛ na wɔrehwɛ kwan sɛ wɔn Kannifo no de N’ahenni no besi hɔ wɔ asase so!—Luka 19:11; Asomafo no Nnwuma 1:6.

6. Dɛn nti na Yesu kaa Petro anim denneennen?

6 Ntɛm ara, Petro “de no [Yesu] kɔɔ nkyɛn, na ofii ase kaa n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade! Eyi remma wo so.” Dɛn na Yesu yɛe? “Ɔdan ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ: Fi me so, Satan! Woyɛ me hintidua, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de na wudwen yi.” Hwɛ sɛnea ɛsono nnipa baanu no mu biara adwene! Yesu fi ne pɛ mu gyee adwuma a egye ahofama a Onyankopɔn de maa no no toom—adeyɛ a na ɛbɛma wɔakum no wɔ asɛndua so wɔ asram kakraa bi ntam. Petro kamfoo asetra a ahotɔ wom kyerɛe. Ɔkae sɛ, “Ɛmpare wo.” Akyinnye biara nni ho sɛ na Petro kura adwempa. Nanso, Yesu kaa n’anim efisɛ na Petro ama Satan anya n’adwene so tumi saa bere no. Na Petro ‘nnwene Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.’—Mateo 16:22, 23.

7. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mateo 16:24 no, akwan bɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmfa so?

7 Ɛnnɛ nso yebetumi ate nsɛm a Petro ka kyerɛɛ Yesu no bi. Wiase no taa hyɛ obi nkuran sɛ ‘ɔmmfa nneɛma pa nkame ne ho’ anaasɛ ‘ɔnyɛ nea ne ho bɛtɔ no.’ Nanso, adwene a Yesu kamfo kyerɛe no yɛ soronko koraa. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛndua so, na onni m’akyi [“daa,”NW].” (Mateo 16:24) The New Interpreter’s Bible no ka sɛ: “Saa nsɛm yi nyɛ nea wɔde reto nsa afrɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɛyɛ asuafo, mmom no ɛma wɔn a wɔabɛyɛ Kristo akyidifo dedaw no susuw nea osuani a obi bɛyɛ no kyerɛ ho.” Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ gyidifo no fa akwan abiɛsa a Yesu kyerɛe a wɔakyerɛw wɔ kyerɛwsɛm mu no so. Momma yensusuw akwan no mu biara ho.

8. Kyerɛkyerɛ nea wo ho akyi a wobɛpa kyerɛ no mu.

8 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛpa yɛn ho akyi. Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “pa wo ho akyi” no kyerɛ ɔpɛ mu a obi befi apo pɛsɛminkominya akɔnnɔ anaa biribi a ɛbɛma ne ho atɔ no. Yɛn ho akyi a yɛbɛpa nkyerɛ sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi anigyede ahorow bi ho bere ne bere mu kɛkɛ; na saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ yɛde nneɛma bɛkame yɛn ho anaasɛ yebedi yɛn ho aborɔ. ‘Yɛnne yɛn’ ho bio efisɛ yefi yɛn pɛ mu de yɛn asetra nyinaa ne nea yɛwɔ nyinaa ama Yehowa. (1 Korintofo 6:19, 20) Sɛ anka yɛbɛyɛ pɛsɛmenkominya no, yɛma Onyankopɔn som bɛyɛ ade a ɛho hia yɛn wɔ asetra mu mmom. Nea yɛn ho akyi a yɛbɛpa san kyerɛ ne sɛ yebesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde, sɛ ɛne nea yɛpɛ nhyia mpo a. Sɛ yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn na wɔbɔ yɛn asu a, ɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn ho ama no koraa. Afei, yɛbɔ mmɔden tra ase ma ɛne yɛn ahosohyira no hyia wɔ yɛn nkwa nna a aka nyinaa mu.

9. (a) Bere a na Yesu wɔ asase so no, na asɛndua gyina hɔ ma dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛfa yɛn asɛndua?

9 Nea ɛto so abien ne sɛ yɛbɛma yɛn asɛndua so. Wɔ afeha a edi kan no mu no, na asɛndua gyina hɔ ma amanehunu, animguase, ne owu. Mpɛn pii no, na nsɛmmɔnedifo nkutoo na wokum wɔn wɔ asɛndua so anaasɛ wɔde wɔn amu sɛn dua so. Enti Yesu de asɛm no kyerɛe sɛ esiane sɛ Kristoni nyɛ wiase yi fã nti, ɛsɛ sɛ osiesie ne ho sɛ obehyia ɔtaa, animguase, anaa owu mpo. (Yohane 15:18-20) Ɔkwan a yɛfa so bɔ yɛn bra sɛ Kristofo no ma yɛda nsow, ma enti wiase no ‘ka yɛn ho nsɛmmɔne.’ (1 Petro 4:4) Eyi betumi ato yɛn wɔ sukuu mu, adwuma mu, anaa wɔ abusua no mu mpo. (Luka 9:23) Nanso, yɛasi yɛn bo sɛ yebegyina wiase no animguase a wɔde ba yɛn so no ano efisɛ yɛnte ase mma yɛn ho bio. Yesu kae sɛ: “Nhyira ne mo sɛ wɔyaw mo na wɔtaa mo, na me din nti wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛw mo, na mo akatua sõ ɔsoro.” (Mateo 5:11, 12) Nokwarem no, Onyankopɔn anim dom a yebenya no ne ade a ɛho hia kɛse.

10. Dɛn na Yesu akyi a yebedi daa no hwehwɛ?

10 Nea ɛto so abiɛsa no, Yesu Kristo kae sɛ ɛsɛ sɛ yedi n’akyi daa. Sɛnea An Expository Dictionary of New Testament Words, a W. E. Vine kyerɛwee kyerɛ no, sɛ obi bedi obi akyi no kyerɛ sɛ, ɔde ne ho bɛbɔ onii no—“obi a ɔne no nam ɔkwan biako so.” Yohane nhoma a edi kan 2:6 ka sɛ: “Nea ɔka sɛ ɔte [Onyankopɔn] mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnantew sɛnea ɔno [Kristo] nso nantewee.” Ɔkwan bɛn so na Yesu nantewee? Na pɛsɛminkominya biara nni ɔdɔ a Yesu wɔ ma ne soro Agya ne n’asuafo no mu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Kristo nso ansɔ ne ho ani.” (Romafo 15:3) Bere a na Yesu abrɛ anaa ɔkɔm de no mpo no, na ɔyɛ nkurɔfo ahiade ma wɔn ansa na wayɛ ne de. (Marko 6:31-34) Yesu yeree ne ho denneennen wɔ Ahenni asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu nso. So ɛnsɛ sɛ yesuasua Yesu bere a yɛde nnamyɛ di ahyɛde a ɛse “monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so” so no? (Mateo 28:19, 20) Kristo gyaw yɛn nhwɛso wɔ biribiara mu, na ɛsɛ sɛ yedi “n’anammɔn akyi.”—1 Petro 2:21.

11. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛpa yɛn ho akyi, fa yɛn asɛndua na yedi Yesu Kristo akyi daa?

11 Ɛho hia sɛ yɛpa yɛn ho akyi, fa yɛn asɛndua na yedi yɛn Nhwɛsofo no akyi daa. Saa a yɛbɛyɛ no ma yɛko tia pɛsɛminkominya—ade a ɛmma yemfi ɔdɔ mu mfa yɛn ho mmɔ afɔre no. Bio nso Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa, na obiara a me nti ne kra bɛyera no de, ne nsa bɛka. Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Anaasɛ dɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?”—Mateo 16:25, 26.

Yɛrentumi Nsom Awuranom Baanu

12, 13. (a) Dɛn na na ɛho hia aberante sodifo bi a ɔkɔhwehwɛɛ afotu wɔ Yesu hɔ no? (b) Afotu bɛn na Yesu de maa aberante no, na dɛn ntia?

12 Asram bi akyi wɔ bere a Yesu sii so dua sɛ ehia sɛ n’asuafo no pa wɔn ho akyi no, ɔdefo aberante sodifo bi baa ne nkyɛn bebisae sɛ: “Kyerɛkyerɛfo adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ ‘onni mmara nsɛm no so daa’ na afei, ɔbobɔɔ emu bi so. Aberante no kae sɛ: “Madi eyinom nyinaa so.” Ɛda adi sɛ na nea ɔbarima no reka no yɛ nokware na na wabɔ mmɔden adi Mmara nsɛm no so. Enti obisae sɛ: “Ɛdɛn na ɛka me bio?” Bere a Yesu rebua asɛm no, ɔde nsato soronko bi maa aberante no sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wodi [“mũ” New American Standard Bible] a, kɔ na kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo, na woanya ademude ɔsoro, na bra bedi m’akyi!”—Mateo 19:16-21.

13 Yesu hui sɛ, sɛ aberante no betumi de ne koma nyinaa asom Yehowa a, ɛsɛ sɛ oyi n’ahode a na agye n’adwene nyinaa no fi n’asetram. Kristo suani pa biara ntumi nsom awuranom baanu. ‘Ontumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.’ (Mateo 6:24) Ohia ‘aniwa a eye’ a wɔde si honhom fam nneɛma so. (Mateo 6:22) Obi ahode a obeyi de ama ahiafo no yɛ biribi a ɛkyerɛ afɔrebɔ. Yesu maa aberante sodifo no nyaa hokwan nwonwaso bi a na ebetumi ama ɔde nneɛma abɔ afɔre honam mu na ɔnam so aboaboa ademude ano wɔ soro—ademude a ɛbɛma wanya daa nkwa, na awiei koraa no wanya hokwan ne Kristo adi ade wɔ soro. Na aberante no nsiesiee ne ho sɛ ɔbɛpa ne ho akyi. “Ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ na ɔwɔ ahonyade bebree.” (Mateo 19:22) Nanso Yesu akyidifo afoforo anyɛ saa.

14. Apofofo baanan a Yesu too nsa frɛɛ wɔn sɛ wommedi n’akyi no yɛɛ wɔn ade dɛn?

14 Na bɛyɛ mfe abien a na atwam no, na Yesu de nsato a ɛte saa ara ama apofofo baanan bi a wɔn din de Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane. Na wɔn mu baanu reyi nam saa bere no, na na baanu a wɔaka no ani abere retuatua wɔn asawu mu. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo.” Awiei koraa no wɔn baanan no nyinaa gyaw mpataayi adwuma no hɔ de wɔn nkwa nna a aka nyinaa bedii Yesu akyi.—Mateo 4:18-22.

15. Ɔkwan bɛn na nnɛyi Yehowa Dansefo bi faa so de nneɛma bɔɔ afɔre bedii Yesu akyi?

15 Sɛ anka Kristofo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no besuasua saa ɔdefo aberante sodifo no, wɔasuasua apofofo baanan no mmom. Wɔde wɔn ahode ne hokwan biara a wɔwɔ wɔ wiase yi mu no abɔ afɔre na ama wɔatumi asom Yehowa. Debora ka sɛ “Bere a midii mfe 22 no, na ɛsɛ sɛ misi gyinae bi a emu yɛ duru.” Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na mede asram asia asua Bible no, na na mepɛ sɛ mihyira me ho so ma Yehowa, nanso m’abusuafo sɔre tiaa me denneennen. Na wɔanya wɔn ho ara ma wɔmfa sika nyɛ hwee, enti wɔbɛtee nka sɛ Ɔdansefo a mɛyɛ no begu wɔn anim ase. Wɔmaa me dakoro sɛ memfa nnwen ho mpaw nea mepɛ—asetra pa anaasɛ nokware no. Sɛ mantwe me ho amfi Adansefo no ho koraa a, m’abusuafo bɛpo me. Yehowa boaa me ma misii gyinae pa na ɔmaa me ahoɔden de dii ho dwuma. Mfe 42 ni a mayɛ bere nyinaa som adwuma no, na minnuu me ho kakraa mpo. Asetra a pɛsɛminkominya ne anigyede ayɛ no mã a mepoe no ama m’ade me ho afi asetra a atirimpɔw nnim ne awerɛhosɛm a mihu sɛ ɛrekɔ so wɔ m’abusuafo mu no ho. Me ne me kunu aboa nnipa bɛboro ɔha ma wɔasua Bible no. Saa mma a manya wɔn wɔ Onyankopɔn som mu no som bo ma me sen honam fam ahode biara.” Yehowa Adansefo ɔpepem pii na wokura adwene a ɛte saa. Wonso ɛ?

16. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛnte ase mma yɛn ho bio?

16 Yehowa Adansefo mpempem pii na ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔrentra ase mma wɔn ho bio no kanyan wɔn ma wɔde wɔn ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu, anaasɛ wɔde wɔn bere nyinaa bɔɔ Ahenni no ho dawuru. Wɔn nso a wɔn bere mma wɔn kwan mma wɔmfa wɔn ho nhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu no da akwampae honhom adi na wɔyɛ Ahenni asɛnka adwuma no sɛnea wɔn ahoɔden betumi. Sɛ awofo de wɔn bere pii ne wɔn ankasa anigyede bɔ afɔre sɛnea ɛbɛma wɔde Bible no atete wɔn mma a, na wɔreda honhom koro no ara bi adi. Yɛn nyinaa betumi afa ɔkwan bi so ada no adi sɛ yɛde Ahenni nneɛma di kan wɔ yɛn asetram.—Mateo 6:33.

Hena Dɔ na Ɛhyɛ Yɛn?

17. Dɛn na ɛkanyan yɛn ma yɛde nneɛma bɔ afɔre?

17 Ɔdɔ mu a yebefi de yɛn ho abɔ afɔre no nyɛ ade a ɛda fam. Nanso, wode susuw nea ɛhyɛ yɛn no ho hwɛ. Paulo kyerɛwee sɛ: “Kristo dɔ no hyɛ yɛn; efisɛ yebu atɛn sɛ, obiako wu maa wɔn nyinaa . . . Na owu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte ase no antra ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatra ase ama nea owui na ɔsɔre maa wɔn no.” (2 Korintofo 5:14, 15) Ɛyɛ Kristo dɔ no na ɛhyɛ yɛn sɛ yɛnntra ase mma yɛn ho bio. Tumi a ɛkanyan yɛn bɛn ara ni! Esiane sɛ Kristo wu maa yɛn nti, so ntease nnim sɛ wɔhyɛ yɛn sɛ yɛntra ase mma no? Anyɛ hwee koraa no, ɛyɛ ɔdɔ a emu dɔ a Onyankopɔn ne Kristo ada no adi akyerɛ yɛn no na ɛhyɛɛ yɛn sɛ yenhyira yɛn ho so mma Nyankopɔn na yɛnyɛ Kristo asuafo.—Yohane 3:16; 1 Yohane 4:10, 11.

18. Dɛn nti na yɛn ho a yɛde bɔ afɔre no yɛ nea mfaso wɔ so?

18 So ase a yɛntra mma yɛn ho bio no so wɔ mfaso? Bere a ɔdefo aberante sodifo no poo Kristo nsato na ɔkɔe no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa abedi w’akyi. Dɛn ara na yebenya?” (Mateo 19:27) Na Petro ne asomafo a wɔaka no apa wɔn ho akyi ankasa. Dɛn na na wobenya afi mu? Yesu dii kan kaa hokwan a na wobenya ne no adi ade wɔ soro no ho asɛm. (Mateo 19:28) Na saa bere no ara mu no, Yesu twee adwene sii nhyira a obiara a odi n’akyi benya so. Ɔkae sɛ: ‘Obi nni hɔ a wagyaw ofi, anaa nuabeanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa asase, me ne asɛmpa no nti, na ɔrennya afi ne nuabarimanom ne nuabeanom ne ɛnanom ne mma ne nsase mmɔho ɔha, a ɔtaa ka ho, seesei wɔ bere yi mu, . . . ne wiase a ɛreba no mu.’ (Marko 10:29, 30) Yɛn nsa ka pii sen nea yɛde abɔ afɔre no. So honhom fam agyanom, ɛnanom, nuabarimanom, nuabeanom, ne mma a yɛwɔ no nsom bo nkyɛn biribiara a Ahenni no nti yɛapo no? Petro ne ɔdefo aberante sodifo no mu hena na onyaa asetra a mfaso wɔ so kɛse?

19. (a) Dɛn na ɛma yenya anigye ankasa? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

19 Yesu nam ne nsɛm ne ne nneyɛe so ma ɛdaa adi sɛ yenya anigye wɔ ɔma ne ɔsom mu, na ɛnyɛ pɛsɛminkominya mu. (Mateo 20:28; Asomafo no Nnwuma 20:35, NW) Sɛ yedi Kristo akyi daa na yɛantra ase amma yɛn ho bio a, yenya asetra mu akomatɔyam mprempren na yɛwɔ anidaso sɛ daakye yɛbɛtra ase daa. Nokwarem no, sɛ yɛpa yɛn ho akyi a, yɛbɛyɛ Yehowa De. Ɛma yɛbɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Dɛn nti na mfaso wɔ saa nkoayɛ yi so? Ɔkwan bɛn so na ɛka gyinae ahorow a yesisi wɔ asetra mu no? Asɛm a edi hɔ no bebua nsɛmmisa yi.

So Wokae?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛko tia pɛsɛminkominya adwene a yɛwɔ no?

• Yɛn ho akyi a yɛbɛpa, afa yɛn asɛndua, na yɛadi Yesu akyi daa no kyerɛ dɛn?

• Dɛn na ɛkanyan yɛn ma yɛntra ase mma yɛn ho bio?

• Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛde yɛn ho bɛbɔ afɔre wɔ asetra mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 11]

“Ɛmpare wo, Awurade”

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Dɛn na amma aberante sodifo no antumi anni Yesu akyi?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yehowa Adansefo mpempem pii na wofi ɔdɔ mude nsi bɔɔ Ahenni no ho dawuru