Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awofo, Mommɔ Mo Agyapade A Ɛsom Bo Ho Ban

Awofo, Mommɔ Mo Agyapade A Ɛsom Bo Ho Ban

Awofo, Mommɔ Mo Agyapade A Ɛsom Bo Ho Ban

“Nyansa [yɛ akoban, Fante Bible] . . . nyansa gye ne wura nkwa.”—Ɔsɛnkafo 7:12.

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo bu wɔn mma sɛ akyɛde?

AWOFO de ɔteasefo a ɔwɔ nipadua ne nipasu a ɛte sɛ wɔn ankasa de ba nkwa mu. Bible frɛ nkokoaa a wɔte saa no ‘Yehowa agyapade.’ (Dwom 127:3) Esiane sɛ Yehowa ne Nkwa Mafo ankasa nti, ɔde biribi a ɛyɛ ɔno ankasa de koraa na ahyɛ awofo nsa. (Dwom 36:9) Awofo, mubu akyɛde a ɛsom bo saa a Onyankopɔn de ma mo no dɛn?

2. Bere a Manoa tee sɛ ɔrebɛyɛ agya no, dɛn na ɔyɛe?

2 Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛde ahobrɛase ne anisɔ gye akyɛde a ɛte saa. Bɛboro mfirihyia 3,000 a atwam no, bere a ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Israelni Manoa yere sɛ ɔrebɛwo ba no, Manoa gyee asɛm no wɔ saa kwan yi so. Bere a Manoa tee asɛmpa no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “O [Yehowa, NW], ma Onyankopɔn nipa a wosomaa no no mmra yɛn nkyɛn bio, na ɔmmɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ abofra a wɔrebɛwo no no.” (Atemmufo 13:8) Awofo, dɛn na mubetumi asua afi Manoa nhwɛso yi mu?

Nea Enti a Onyankopɔn Mmoa Ho Hia Nnɛ

3. Dɛn nti na Onyankopɔn mmoa a wɔde tete mmofra ho hia titiriw nnɛ?

3 Ɛnnɛ ne bere a awofo hia Yehowa mmoa wɔ wɔn mma ntetee mu sen bere biara. Dɛn ntia? Efisɛ wɔatow Satan Ɔbonsam ne n’abɔfo afi soro agu asase so. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:7-9, 12) Bible ka sɛ Satan “nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.” (1 Petro 5:8) Mmoa a wɔn ho nyɛ den koraa no, titiriw wɔn mma nkumaa no, na agyata taa kyere wɔn. Ɛnde, nyansa wom sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo bɛhwehwɛ akwankyerɛ afi Yehowa hɔ de abɔ wɔn mma ho ban. Mmɔden bɛn na worebɔ de ayɛ saa?

4. (a) Sɛ awofo bi nim sɛ gyata bi nenam wɔn mpɔtam a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? (b) Dɛn na mmofra hia de abɔ wɔn ho ban?

4 Sɛ wunim sɛ gyata bi nenam wo mpɔtam a, akyinnye biara nni ho sɛ wo mma ho ban a wobɛbɔ bɛyɛ w’ahiade titiriw. Satan yɛ owudifo. Ɔpɛ sɛ ɔsɛe Onyankopɔn nkurɔfo, na ɔma wɔbɛyɛ nkurɔfo a Onyankopɔn ani nsɔ wɔn. (Hiob 2:1-7; 1 Yohane 5:19) Otumi nya mmofra ntɛm ara. Ɛsɛ sɛ mmofra hu Yehowa na wɔyɛ osetie ma no na amma wɔantɔ Ɔbonsam mfiri mu. Ɛho hia sɛ wonya Bible mu nimdeɛ. Yesu kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Afei nso, ɛsɛ sɛ mmofra hu nyansa, ɛsɛ sɛ wotumi te nea wosua no ase na wɔde di dwuma. Esiane sɛ “nyansa gye ne wura nkwa” nti, ɛsɛ sɛ mo awofo mo de nokware no dua mo mma koma mu. (Ɔsɛnkafo 7:12) Ɔkwan bɛn so na mobɛfa ayɛ eyi?

5. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama obi ahu nyansa? (b) Ɔkwan bɛn so na Mmebusɛm kyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ nyansa so mu?

5 Wubetumi akenkan Onyankopɔn Asɛm akyerɛ wo mma, na ɛsɛ sɛ woyɛ saa. Nanso, sɛ́ wobɛboa wɔn ma wɔadɔ Yehowa na wɔayɛ osetie ama no no hwehwɛ pii sen saa, ɛhwehwɛ sɛ wɔn ankasa nya ntease. Mfatoho bi ni: Wobetumi aka akyerɛ abofra bi sɛ sɛ ɔrebetwa karkwan mu a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ benkum ne nifa ansa na watwam. Nanso, mmofra binom nyɛ saa. Dɛn ntia? Ebia wɔntaa nkyerɛkyerɛ bɔ a kar betumi abɔ abofra no mu yiye nkyerɛ no. Anaasɛ wɔnkyerɛkyerɛ mu wɔ ɔkwan a ɛbɛma wate asiane a ebetumi ato no wɔ ahwɛyiye a ɔrenyɛ ho no ase, sɛnea ɛbɛyɛ a obedi “agyimisɛm” a ebetumi ama asiane bi ato no no so. Egye bere ne boasetɔ pii na wɔde akyerɛkyerɛ obi ama wahu nyansa. Nanso, hwɛ mfaso ara a ɛwɔ nyansa so! Bible ka sɛ: “N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, na n’asa nyinaa yɛ asomdwoe. Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso no mu, na nhyira ne nea okura mu.”—Mmebusɛm 3:13-18; 22:15.

Nkyerɛkyerɛ a Ɛma Nyansa

6. (a) Dɛn nti na mmofra ntaa nyɛ wɔn ade nyansam? (b) Ɔko bɛn na ɛrekɔ so?

6 Mpɛn pii na mmofra di mfomso a ɛnyɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛɛ wɔn nea ɛteɛ, na mmom nea ɛkyerɛ ne sɛ nkyerɛkyerɛ no nkaa wɔn koma, anaasɛ ennuu wɔn koma mu. Ɔbonsam ayere ne ho denneennen sɛ obenya mmofra koma so tumi. Ɔbonsam abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ wiase no anya mmofra so nkɛntɛnso bɔne. Ɔbɔ mmɔden nso sɛ ɔbɛma wɔn koma a ɛtɔ kɔ bɔne so no akanyan wɔn ma wɔakɔyɛ bɔne. (Genesis 8:21; Dwom 51:5) Ɛsɛ sɛ awofo hu sɛ wɔn mma koma so a wobedi ho akodi bi rekɔ so ankasa.

7. Dɛn nti na nea ɛteɛ anaa nea ɛnteɛ ho asɛm a wɔbɛka akyerɛ abofra nko ara nnɔɔso?

7 Awofo taa ka nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho asɛm kyerɛ wɔn ba, a wogye di sɛ wɔnam saa a wɔyɛ no so kyerɛkyerɛ no abrabɔ pa. Ebia wɔbɛka akyerɛ abofra no sɛ atorodi ne awi nye, anaasɛ ɛyɛ bɔne sɛ wo ne ɔbarima anaa ɔbea a ɔnyɛ wo kunu anaa wo yere bɛda. Nanso, abofra no hia biribi a emu yɛ den a ɛbɛboa no ma wadi saa ahyɛde yi so sen sɛ n’awofo bɛka akyerɛ no kɛkɛ. Eyinom yɛ Yehowa mmara. Ɛsɛ sɛ abofra no hu sɛ nyansa wom sɛ obedi Onyankopɔn ahyɛde ahorow so.—Mmebusɛm 6:16-19; Hebrifo 13:4.

8. Nkyerɛkyerɛ bɛn na ebetumi aboa mmofra ma wɔayɛ wɔn ade nyansam?

8 Amansan yi mu nneɛma bebrebe, gu a abɔde a nkwa wom gu ahorow, ewim nsakrae—nneɛma a ɛtete saa nyinaa betumi aboa abofra bi ma wahu sɛ Ɔbɔadeɛ a ɔyɛ nyansa nyinaa wura bi wɔ hɔ. (Romafo 1:20; Hebrifo 3:4) Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ abofra no ma ohu sɛ Onyankopɔn dɔ no, na ɔnam Ne Ba no afɔrebɔ so ayɛ nsiesiei sɛ ɔbɛma no daa nkwa, na sɛ otie Onyankopɔn asɛm a obetumi ama Onyankopɔn ani agye. Sɛ ɛba saa a, ɛmfa ho mmɔden a Ɔbonsam bɔ sɛ obesiw abofra no kwan no, obesi gyinae asom Yehowa.—Mmebusɛm 22:6; 27:11; Yohane 3:16.

9. (a) Dɛn na nkyerɛkyerɛ a egye nkwa hwehwɛ? (b) Dɛn na wɔaka akyerɛ agyanom no sɛ wɔnyɛ, na eyi hwehwɛ sɛ wɔyɛ dɛn?

9 Nkyerɛkyerɛ a ɛbɔ abofra ho ban na ɛkanyan no ma ɔyɛ nea ɛteɛ no gye bere, ani a wɔma ekũ abofra no ho, ne nhyehyɛe pa. Ɛhwehwɛ sɛ awofo gye akwankyerɛ fi Onyankopɔn hɔ. Bible ka sɛ: ‘Agyanom monyɛn mo mma Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.’ (Efesofo 6:4) Ɛno kyerɛ dɛn? Wɔ mfitiase Hela kasa mu no, nea “nyansakyerɛ” kyerɛ ne sɛ “wɔde adwene hyɛ obi mu.” Enti wɔreka akyerɛ agyanom sɛ wɔmfa Yehowa adwene nhyɛ wɔn mma mu. Hwɛ ahobammɔ a ɛno bɛma mmofra no anya! Sɛ mmofra nya Onyankopɔn adwene, sɛ wɔde ne nsusuwii hyɛ wɔn adwenem a, ɛbɔ wɔn ho ban, na ɛmma wɔnnyɛ bɔne.

Ɔpɛ a Efi Ɔdɔ Mu

10. Sɛ wubetumi akyerɛkyerɛ wo ba yiye a, dɛn na ɛho hia sɛ wuhu?

10 Sɛ wubetumi atete wo ba yiye sɛnea wopɛ no no a, ɛsɛ sɛ wo mmɔdenbɔ no fi ɔdɔ mu. Ade a ɛho hia ne nkitahodi pa. Hu nea ɛrekɔ so wɔ wo ba no asetram, ɛne adwene a okura. Bere a moregye mo ahome a mo ani agye no, fa anifere kwan so ne no mmɔ nkɔmmɔ. Ɛtɔ mmere bi a, nea ɔbɛka no bɛma wo ho adwiriw wo. Nanso hwɛ yiye paa na woanyɛ ade antra so. Mmom no, ma onhu sɛ asɛm a ɔreka no ho hia wo.

11. Ɔwofo bi bɛyɛ dɛn de Onyankopɔn adwene ahyɛ abofra bi mu?

11 Ɛwom, ebia woakenkan Onyankopɔn mmara a ɛfa nna mu ɔbrasɛe ho afi Bible mu akyerɛ wo ba pɛn, ebia woayɛ saa mpɛn pii mpo. (1 Korintofo 6:18; Efesofo 5:5) Ebia eyi ama wo mma no ahu nea ɛsɔ Yehowa ani ne nea ɛnsɔ n’ani. Nanso, Yehowa adwene a wode bɛhyɛ abofra mu no hwehwɛ pii. Mmofra hia mmoa na wɔde asusuw Yehowa mmara ho ahu so mfaso. Ehia sɛ wɔte ase sɛ Yehowa mmara teɛ na ɛyɛ papa, na ɛsodi yɛ nea ɛfata na ɛkyerɛ ɔdɔ. Sɛ wo ne wo mma susuw Kyerɛwnsɛm no ho ma wogye Onyankopɔn nsusuwii tom nkutoo a, ɛnna yebetumi aka sɛ wode n’adwene ahyɛ wɔn mu.

12. Ɔwofo bi bɛyɛ dɛn atumi aboa ne ba ma wanya nna ho adwene a ɛfata?

12 Sɛ woreka nna ho asɛm a, wubetumi abisa no sɛ, “So wususuw sɛ Yehowa mmara a ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ obi nya nna mu kyɛfa kosi sɛ ɔbɛware no so a obedi no bɛma wahwere anigye?” Hyɛ wo ba no nkuran ma ɔnkyerɛkyerɛ mmuae a ɔde bɛma no mu. Bere a woakyerɛkyerɛ Onyankopɔn nsiesiei a ɛyɛ nwonwa a wɔnam so wo abofra mu awie no, wubetumi abisa no sɛ, “Wususuw sɛ yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ dɔ no bɛyɛ mmara bi de asɛe yɛn anigye wɔ asetra mu? Anaasɛ wususuw sɛ ne mmara no wɔ hɔ ma yɛn anigye ne ahobammɔ?” (Dwom 119:1, 2; Yesaia 48:17) Hu wo ba no adwene wɔ asɛm yi ho. Afei wubetumi atwe adwene asi nhwɛso ahorow a ɛfa sɛnea nna mu ɔbrasɛe ama ebinom adi awerɛhow na ɛde wɔn akɔ ɔhaw mu so. (2 Samuel 13:1-33) Sɛ wo ne wo ba susuw nsɛm ho ma ɔte ase na ogye Onyankopɔn nsusuwii tom a, na woabɔ mmɔden pii wɔ Onyankopɔn adwene a wode bɛhyɛ no mu no ho. Nanso, biribi foforo wɔ hɔ a wubetumi ayɛ.

13. Dɛn na sɛ abofra bi te ase a ebetumi akanyan no yiye ma wayɛ osetie ama Yehowa?

13 Ɛyɛ papa sɛ worenkyerɛ wo ba no asiane ahorow a ebefi Yehowa mmara so a obebu mu aba nko, na mmom wobɛkyerɛkyerɛ sɛnea yɛn abrabɔ ka Yehowa ankasa nso mu akyerɛ no. Fa Bible no kyerɛ wo ba no ma onhu sɛ sɛ yɛanyɛ Yehowa apɛde a, yebetumi ama Yehowa adi yaw. (Dwom 78:41) Wubetumi abisa no sɛ, “Dɛn nti na wompɛ sɛ woma Yehowa di yaw?” na kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Onyankopɔn tamfo Satan kyerɛ sɛ pɛsɛmenkominya nti na yɛsom Yehowa, na ɛnyɛ ɔdɔ a yɛdɔ no nti.” Afei ka sɛnea bere a Hiob kuraa ne mudi mu no ɔmaa Yehowa koma ani gyei, na ɔnam so maa Satan yɛɛ ɔtorofo wɔ sobo a ɔbɔe no ho ho asɛm kyerɛ no. (Hiob 1:9-11; 27:5) Ɛsɛ sɛ wo ba no te ase sɛ ɔnam n’abrabɔ so betumi ama Yehowa ani agye anaasɛ wama ne werɛ ahow. (Mmebusɛm 27:11) Wubetumi de Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No * nhoma no akyerɛkyerɛ mmofra eyi ne asuade afoforo a ɛho hia pii.

Anigyesɛm a Afi Mu Aba

14, 15. (a) Ɔkyerɛkyerɛfo nhoma no mu asuade ahorow bɛn na ahyɛ mmofra nkuran? (b) Nneɛma pa bɛn na afi Ɔkyerɛkyerɛfo nhoma no a wode adi dwuma no mu aba? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 18-19 no nso.)

14 Nanabarima bi a ɔwɔ Croatia a ɔkenkan Ɔkyerɛkyerɛfo nhoma no kyerɛ ne banana a wadi mfirihyia ason kyerɛwee sɛ, abarimaa no kaa asɛm a edi so yi kyerɛɛ no: “Maame ka kyerɛɛ me sɛ menkɔyɛ biribi, nanso na mempɛ sɛ meyɛ. Afei mekaee ti a ɛka sɛ ‘Osetie Bɔ Wo Ho Ban’ no, enti mesan kɔka kyerɛɛ no sɛ mɛyɛ nea ɔkae no.” Awarefo bi a wɔwɔ Florida, U.S.A., kaa ti a n’asɛmti ne “Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Yedi Atoro” no ho asɛm sɛ: “Nsɛmmisa wom a ɛma mmofra no ka wɔn komam nsɛm, na wogye wɔn mfomso ahorow tom a sɛ ɛnyɛ nhoma no a wɔasua no a anka wɔrenyɛ saa.”

15 Mfonini ahorow bɛyɛ 230 na ɛwɔ Ɔkyerɛkyerɛfo nhoma no mu, na wɔakyerɛw asɛm bi afa mfonini biara anaa mfonini ahorow bi ho, anaasɛ wɔde ho nkyerɛkyerɛmu bi ama. Ɛna bi a wakyerɛ anisɔ ka sɛ: “Ɛtɔ bere bi a me babarima no hwɛ mfonini bi dinn a ɔmpɛ sɛ obue baabi foforo. Ɛnyɛ sɛ mfonini no yɛ fɛ kɛkɛ na mmom asuade wom ankasa, anyɛ yiye koraa no ɛma mmofra bisa nsɛm. Wɔ mfonini bi a abofra bi rehwɛ television wɔ ɔdan bi a esum wom mu ho no, me babarima no de nne a ɛkyerɛ sɛ ohu sɛ biribi a ɛnyɛ papa rekɔ so bisae sɛ, ‘Maame, dɛn na abarimaa no reyɛ no?’” Asɛm a wɔakyerɛw afa mfonini no ho kenkan sɛ: “Hena na obetumi ahu biribiara a yɛyɛ?”

Nkyerɛkyerɛ a Ɛho Hia Nnɛ

16. Dɛn na ɛho hia sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra nnɛ, na dɛn ntia?

16 Ɛsɛ sɛ mmofra hu nneɛma a ɛfata sɛ wɔde wɔn awode yɛ ne nea ɛmfata sɛ wɔde yɛ. Nanso, eyi ho asɛm a wɔbɛka no nyɛ mmerɛw bere nyinaa. Obi a ɔkyerɛw nsɛm kɔ atesɛm krataa bi mu kae sɛ onyinii wɔ bere bi mu a na wobu awode din a wɔbɛbɔ de aka asɛm sɛ ɛyɛ ade a ɛmfata. Ɔkyerɛw faa ne mma a na ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn no ho sɛ: “Ɛsɛ sɛ midi me fɛre no so.” Nokwarem no, sɛ fɛre nti awofo ankyerɛkyerɛ wɔn ba ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛm a, wɔrennya ahobammɔ. Wɔn a wɔto mmofra mmonnaa no gyina nim a abofra no nnim ho hwee no so na ɛyɛ wɔn basabasa. Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma no ka eyi ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛho tew na nidi wom so. Ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛm a yɛbɛka akyerɛ mmofra no remma wɔnsɛe, na mmom ebetumi abɔ wɔn ho ban.

17. Ɔkwan bɛn so na Ɔkyerɛkyerɛfo nhoma no boa awofo ma wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma nna ho nsɛm?

17 Bere a nhoma no reka abɔfo bɔne a wɔbaa asase so bɛwoo mma ho asɛm wɔ ti 10 no, ebisa abofra no sɛ: “Dɛn na wunim fa nna mu nkitahodi ho?” Nhoma no de ho mmuae a emu da hɔ na nidi wom ma. Akyiri yi, ti 32 kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi abɔ mmofra ho ban afi wɔn a wɔto mmofra mmonnaa ho mu. Nkrataa pii na wɔakyerɛw de akyerɛ sɛ nkyerɛkyerɛ a ɛte saa ho hia. Biako kae sɛ: “Dapɛn a etwaam no, me babarima Javan kohuu ne duruyɛfo, na oduruyɛfo no bisae sɛ yɛne yɛn ba no asusuw nneɛma a ɛfata sɛ ɔde n’awode yɛ ho anaa. N’ani gyei yiye sɛ na yɛde yɛn nhoma foforo yi ayɛ saa.”

18. Ɔkyerɛkyerɛfo nhoma no kyerɛkyerɛ ɔsom a wɔde ma ɔman agyiraehyɛde ahorow no mu dɛn?

18 Eti foforo ka Bible mu asɛm bi a ɛfa Hebrifo mmerante baasa, Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego a wɔankotow ohoni a na egyina hɔ ma Babilon Man no ho asɛm. (Daniel 3:1-30) Ebia ebinom renhu abusuabɔ a ahonisom ne frankaakyia wɔ sɛnea Ɔkyerɛkyerɛfo nhoma no kyerɛ no. Nanso, hyɛ nea nhoma kyerɛwfo Edward Gaffney kae wɔ nsɛm bi a U.S. Catholic (nsɛmma nhoma no) bisabisaa no no mu nsow. Gaffney kae sɛ bere a ne babea ka kyerɛɛ no sɛ wasua “mpaebɔ foforo wɔ sukuu mu” wɔ ne sukuu da a edi kan no, ɔkae sɛ ne babea no ntĩ mpaebɔ no mu nkyerɛ no. Gaffney kae sɛ: “Ɔde ne nsa too ne koko de anigye fii ase sɛ, ‘Mehyɛ bɔ sɛ medi nokware ama me man frankaa . . . ’” Gaffney toaa so sɛ: “Ntɛm ara na mekaee biribi. Nea Yehowa Adansefo ka no yɛ nokware. Wɔrekyerɛkyerɛ yɛn mma nkumaa koraa no ɔman som wɔ yɛn sukuu ahorow mu—nokware a ɛso bi nni a wobedi ama ɔman no.”

Mmɔdenbɔ no Fata Paa

19. Akatua bɛn na ɛwɔ mmofra ntetee so?

19 Nokwarem no, mfaso paa wɔ wo mma a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn no so. Bere a ɛna bi nyaa krataa fii ne babarima a ɔwɔ Kansas, U.S.A. nkyɛn no, osui. Ne babarima no kyerɛwee sɛ: “Mete nka sɛ minyaa no yiye paa sɛ minyaa ntetee a aboa ma misi pi wɔ nkate fam na mekari pɛ sɛnea ɛfata. Wo ne Paapa fata nkamfo paa.” (Mmebusɛm 31:28) Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No betumi aboa awofo afoforo pii ma wɔakyerɛkyerɛ wɔn mma, na wɔnam saayɛ so abɔ wɔn agyapade a ɛsom bo yi ho ban.

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo kae bere nyinaa, na nkɛntɛnso bɛn na ɛsɛ sɛ ɛno nya wɔ wɔn so?

20 Ɛfata sɛ yenya bere pii ma yɛn mma, yɛma yɛn ani kũ wɔn ho, na yɛbɔ mmɔden biara a yebetumi boa wɔn. Ɛnkyɛ na wɔanyinyin. Fa hokwan biara a wubenya ne wɔn atra no di dwuma yiye na boa wɔn. Worennu wo ho sɛ wobɔɔ mmɔden boaa wɔn da. Ɛbɛma wɔadɔ wo. Na kae bere nyinaa sɛ wo mma yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama wo. Hwɛ sɛnea wɔyɛ agyapade a wɔsom bo! (Dwom 127:3-5) Enti hwɛ wɔn so sɛ ade a ɛsom bo na hu sɛ wubebu wɔn ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔkwan a wofa so tete wɔn no ho, efisɛ ɛyɛ w’asɛyɛde.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 13 Yehowa Adansefo na atintim. Hwɛ ti 40, “Sɛnea Wobɛma Onyankopɔn Ani Agye.”

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo titiriw bɔ wɔn mma ho ban nnɛ?

• Nkyerɛkyerɛ bɛn na ɛma nyansa?

• Dɛn ne nneɛma a ɛho hia sɛ wo ne wo mma susuw ho nnɛ?

• Ɔkwan bɛn so na Ɔkyerɛkyerɛfo nhoma no aboa awofo ma wɔakyerɛkyerɛ wɔn mma?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 18, 19]

Nhoma a Eye Ma Obiara

Wɔyɛɛ Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No na aboa awofo anaa mpanyin foforo ma wɔne mmofra akenkan nea Yesu Kristo kyerɛkyerɛe no asusuw ho. Nanso, mpanyimfo a wɔn ankasa akenkan nhoma no akyerɛ anisɔ kɛse wɔ nea wɔasua afi mu no ho.

Ɔbarima bi a ɔwɔ Texas, U.S.A., kae sɛ: “Wɔakyerɛkyerɛ Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma no mu ma emu ada hɔ fann ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛte ase, na ɛmfa ho mfe dodow a obi adi no, ɛkanyan yɛn mu biara—akanyan me mpo a madi mfe 76 no. Meda mo ase pii, efi obi a wasom Yehowa fi ne mmeranteberem hɔ.”

Ɔkenkanfo bi a ɔwɔ London, England, bɔ amanneɛ sɛ: “Emu mfonini a ɛyɛ fɛ no bɛkanyan mpanyin ne mmofra nyinaa koma ɔkwan biara so. Nsɛmmisa no ne sɛnea wɔayɛ nhoma no da nsow, na wɔakyerɛkyerɛ nsɛm a ne ka yɛ kana mu yiye paa, te sɛ nea ɛwɔ ti 32 no, a ɛka sɛ, ‘Sɛnea Wɔbɔɔ Yesu Ho Ban’ no.” Ɔde baa awiei sɛ: “Ɛwom sɛ wɔyɛɛ saa nhoma yi maa Yehowa Adansefo mma titiriw de, nanso misusuw sɛ akyerɛkyerɛfo ne afoforo nso ani begye ho paa sɛ wobenya bi. Mehwɛ kwan sɛ mede bedi dwuma nnɛ ne daakye.”

Ɔbea bi a ɔwɔ Massachusetts, U.S.A., kaa emu “mfonini ahorow a wɔayɛ no yiye” no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mehyɛɛ no nsow sɛ ɛmfa ho mpo sɛ wɔayɛ nhoma no ama mmofra no, nsɛmti a wɔasusuw ho no betumi aboa yɛn mpanyimfo nso ma yɛasusuw yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ho.”

Ɔbea bi a ɔwɔ Maine, U.S.A., teɛɛm sɛ, “Hwɛ! Nhoma a emu yɛ anigye bɛn sɛɛ ni! Ɛnyɛ mmofra nko na wɔyɛɛ maa wɔn, na yɛn a yɛyɛ Onyankopɔn mma no nyinaa nso. Akɔ me mu yiye ankasa, na akanyan me nkate ama manya abotɔyam ne asomdwoe. Mete nka sɛ mabɛn Yehowa yiye sɛ M’agya. Wayi ɛyaw ne adwennwene a ahyɛ me so mfe pii ni no afi me so, na wama mahu n’atirimpɔw yiye.” Ɔde baa awiei sɛ: “Mesrɛ mo, ‘Obiara nkenkan.’”

Ɔbea bi a ɔwɔ Kyoto, Japan, bɔɔ amanneɛ sɛ bere a na ɔrekenkan akyerɛ ne mmanananom no, wobisaa nsɛm bi te sɛ: “‘Dɛn na abarimaa no reyɛ? Adɛn nti na wɔreka abeawa kumaa yi anim? Dɛn na ɛna yi reyɛ? Na gyata yi nso ɛ?’ Ɛkyerɛkyerɛ nneɛma a yɛn ani gye ho, enti m’ani gye ho sen nhoma foforo biara a metumi ahu wɔ nhomakorabea.”

Agya bi a ɔwɔ Calgary, Canada, ka sɛ, ne nsa kaa nhoma no ara pɛ na ofii ase kenkan kyerɛɛ ne babea a wadi mfe asia ne ne babarima a wadi mfe akron. Ɔbɔ amanneɛ sɛ, “Sɛnea me mma no yɛɛ wɔn ade wɔ ho amonom hɔ ara no yɛɛ anigye. Wɔwɛn wɔn aso dii akyi fii wɔn komam maa nsɛmmisa no ho mmuae. Wɔtee nka sɛ wɔanya adesua no mu kyɛfa, na ɛmaa wonyaa hokwan kyerɛɛ wɔn adwene. Wɔn ani agye ho paa, na me babea no ka sɛ anadwo biara ɔpɛ sɛ osua nhoma foforo yi.”

Da bi a wosuaa ade wiei no, agya no kae sɛ: “Me ne me ba no kaa Yehowa ne n’atirimpɔw ho asɛm kyɛe. Ná ɔwɔ nsɛmmisa pii a efi nhoma no mu. M’ani taataa nusu bere a ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔrekɔda na obisaa me sɛ: ‘Paapa, yebetumi asan ayɛ eyi bio no? Mewɔ nsɛmmisa pii na mepɛ sɛ mihu Yehowa ho biribiara.’”

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Awofo, dɛn na mubetumi asua afi Manoa nhwɛso no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Mmofra, dɛn na mubetumi asua afi Hebrifo baasa no nhwɛso no mu?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

“Ɔkyerɛkyerɛfo” nhoma no mu mfonini ne nsɛm a wɔakyerɛw afa ho no yɛ nnwinnade a tumi wom a wɔde kyerɛkyerɛ

Atoro bɛn na Anania redi akyerɛ Petro no?

Hena na obetumi ahu biribiara a yɛyɛ?