Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So ɛsɛ sɛ Kristoni ma aban adwumayɛni bi sika anaa ɔkyɛ no ade wɔ n’adwuma a ɔyɛ ho, anaasɛ wobebu no sɛ ɛyɛ kɛtɛasehyɛ?

Baabiara a Kristofo te no, sɛ wɔredi tebea bi ho dwuma wɔ wɔn man mu a, wɔpɛ sɛ wɔde nhumu yɛ adwuma. Wonim sɛ ɛsono nea ɔman biara mmara ma ho kwan. Ebetumi aba sɛ nea mmara ma ho kwan wɔ ɔman bi mu no, etia mmara koraa wɔ ɔman foforo mu. (Mmebusɛm 2:6-9) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Kristoni ma ɛtra n’adwene mu bere nyinaa sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ‘ɔsoɛ Yehowa ntamadan mu tra mu’ no kwati kɛtɛasehyɛ anaa adanmudegye.—Dwom 15:1, 5; Mmebusɛm 17:23.

Dɛn ne kɛtɛasehyɛ? The World Book Encyclopedia ka sɛ, “kɛtɛasehyɛ kyerɛ sɛ, obi de biribi a ɛsom bo rema . . . obi a ɔwɔ dibea bi anaa aban adwuma bi mu panyin ma wabu mmara so ayɛ biribi a ɛso bɛba nea ɔde akyɛde no rema no so mfaso.” Enti, ɛmfa ho baabiara a obi te no, sɛ ɔde sika anaa akyɛde ma ɔtemmufo anaa polisini bi sɛ ɔnnan mmara ani anaasɛ ɔpanyin bi a ɔhwehwɛ nsɛm mu sɛ ommu n’ani ngu mfomso bi so a, ɛyɛ kɛtɛasehyɛ. Sɛ wode akyɛde ma sɛnea ɛbɛma wɔayɛ wo yiye asen afoforo te sɛ wɔbɛbɔ atra nkurɔfo ma wo nsa aka nea wuhia anaasɛ wobɛbɔ atra akodi nkurɔfo anim bere a wɔato santen a, ɛno nso yɛ kɛtɛasehyɛ. Ade a ɛte saa a wobɛyɛ no nso bɛkyerɛ sɛ wunni dɔ.—Mateo 7:12; 22:39.

Nanso, fa no sɛ wokyɛ aban dwumayɛni bi ade anaa woma no sika na wayɛ biribi a mmara ma ho kwan ama wo, anaa woyɛ saa na wammu ani angu wo so a, ɛno nso yɛ kɛtɛasehyɛ anaa? Sɛ nhwɛso no, wɔ aman bi mu no, sɛ obi repɛ sukuu mu kwan ama ne mma, sɛ ɛsɛ sɛ wogye obi to ayaresabea, anaa wopɛ tumi nkrataa atu kwan na sɛ woamma aban mpanyimfo no sika a, wɔmpɛ sɛ wɔyɛ ma wo. Anaasɛ ebia wɔbɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ tumi nkrataa a awu foforo ama wo.

Ɛsono sɛnea ɔman biara mu nnipa yɛ wɔn ade wɔ akyɛde anaa sika a wɔde ma ho. Baabi a sikatua a ɛte saa abɛyɛ ade a wɔpene so anaasɛ wɔhwɛ kwan no, ebia Kristofo binom bɛte nka sɛ mpɛn dodow a entia mmara sɛ wɔbɛma aban panyin bi sika wɔ n’adwuma a ɔyɛ ho no de, wɔntoo Bible mmara. Wɔ aman bi mpo mu no, ebia ebinom bebu sikatua a ɛte saa sɛ akyɛde a wɔde reboa saa aban dwumayɛni no ma n’akatua a esua aso no di. Ma ɛntra w’adwenem sɛ nsonsonoe wɔ akyɛde a wode rema ma wɔayɛ biribi a mmara ma ho kwan ama wo ne sɛ wutua sika ma wɔabu mmara so ayɛ biribi a ɛso bɛba wo mfaso mu.

Nanso, wɔ Yehowa Adansefo binom a wohia biribi a mmara ma ho kwan fam no, ɛmfa ho sɛ sikatua a ɛte saa abɛyɛ ade a wɔpene so no, wɔmma polisifo mpanyimfo, aban mpanyimfo anaa afoforo sika biara. Esiane sɛ wonim Adansefo no wɔ baabi a wɔte sɛ wofi ahonim pa mu yɛ eyi na wodi nokware nti, ɛtɔ da bi a wonya nea nnipa dodow no ara betua sika ansa na wɔayɛ ama wɔn no a wontua hwee.—Mmebusɛm 10:9; Mateo 5:16.

Sɛ yɛbɔ no mua a, ɛsɛ sɛ Yehowa somfo biara ankasa si gyinae sɛ obetua sika anaa ontua ansa na wɔayɛ biribi a mmara ma ho kwan ama no anaasɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wommu ani ngu no so. Ade a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ ne sɛ ɔbɛyɛ ade a ɛbɛma no anya ahonim pa, a engu Yehowa din ho fĩ, na ɛnto afoforo hintidua.—Mateo 6:9; 1 Korintofo 10:31-33; 2 Korintofo 6:3; 1 Timoteo 1:5.