Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛn Mma—Agyapade A Ɛsom bo

Yɛn Mma—Agyapade A Ɛsom bo

Yɛn Mma—Agyapade A Ɛsom bo

“Hwɛ, [Yehowa, NW] agyapade ne mmabanin, na yafunu mu aba yɛ akatua.”—DWOM 127:3.

1. Ɛyɛɛ dɛn na wɔwoo akokoaa a odi kan no?

SUSUW anwonwade a Yehowa Nyankopɔn nam ɔkwan a ɔfaa so bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no so ma esisii no ho hwɛ. Agya ne ɛna no nyinaa, Adam ne Hawa, de wɔn ho biribi mae maa enyinii wɔ Hawa awotwaa mu ma ɛbɛyɛɛ onipa foforo koraa—akokoaa a wodii kan woo no no. (Genesis 4:1) Ɛde besi nnɛ, nnipa pii bu abofra nyinsɛn ne n’awo sɛ anwonwade ankasa.

2. Dɛn nti na wobɛka sɛ nea ɛkɔ so wɔ ɔpemfo awotwaa mu no yɛ anwonwade?

2 Wɔ nnafua bɛyɛ 270 mu no, nkwaboaa a wɔde no to ɛna no yam bere a ɛna no ne agya no hyiam no nyin bɛyɛ akokoaa a ɔwɔ nkwammoaa ɔpepepepem pii. Akwankyerɛ wɔ nkwaboaa a odi kan no mu a ɛma otumi yɛ nkwammoaa a wogu ahorow bɛboro 200. Ɛdenam saa akwankyerɛ a ɛyɛ nwonwa a nnipa ntumi nte ase no akyi a nkwammoaa no di so no, nkwammoaa a wɔn ho yɛ nwonwa yi tumi yɛ wɔn adwuma pɛpɛɛpɛ ma wɔyɛ ɔteasefo foforo!

3. Dɛn nti na nnipa pii a wosusuw nneɛma ho kɔ akyiri gye tom sɛ ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔwo onipa?

3 Ɛnde, hena na wobɛka sɛ ɔyɛ akokoaa no ankasa? Ɛnyɛ obiara sɛ nkwa Bɔfo no. Bible mu dwontofo no too dwom sɛ: “Munhu sɛ [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn” na ɛnyɛ yɛn ankasa. (Dwom 100:3) Awofo, munim yiye sɛ ɛnyɛ mo nyansa a mowɔ nti na mutumi woo abofra a ɔsom bo saa no. Onyankopɔn bi a ne nyansa nni ano nkutoo na obetumi ama onipa foforo koraa anyin wɔ ne na yam anwonwakwan so saa. Mfirihyia mpempem pii na nnipa a wosusuw nneɛma ho kɔ akyiri de abofra a onyin wɔ ne na awotwaa mu ho nkamfo ama Ɔbɔadeɛ Kɛse no. So wo nso woyɛ saa?—Dwom 139:13-16.

4. Nnipa sintɔ bɛn na yentumi nka da sɛ ebi wɔ Yehowa ho?

4 Nanso, so Yehowa yɛ Ɔbɔadeɛ a ne tirim yɛ den a ɔyɛɛ nhyehyɛe a ɔbarima ne ɔbea nam so bɛwo ara kwa? Nnipa binom tirim yɛ den de, nanso Yehowa nte saa koraa. (Dwom 78:38-40) Bible ka wɔ Dwom 127:3 sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, NW] agyapade ne mmabanin [ne mmabea]; na yafunu mu aba yɛ akatua.” Afei ma yensusuw ade a wɔfrɛ no agyapade ne nea ɛkyerɛ ho nhwɛ.

Agyapade ne Akatua

5. Dɛn nti na mma yɛ agyapade?

5 Agyapade te sɛ akyɛde. Mpɛn pii no, awofo de bere tenten yɛ adwumaden na ama wɔatumi agyaw wɔn mma agyapade. Ebetumi ayɛ sika, adan ne nsase, anaa ebia ahode bi a ɛsom bo paa. Sɛnea ɛte biara no, ɛda ɔdɔ a ɔwofo no wɔ adi. Bible ka sɛ Onyankopɔn de mmofra ama awofo sɛ wɔn agyapade. Wɔyɛ akyɛde a Yehowa fi ɔdɔ mu de ama wɔn. Sɛ woyɛ ɔwofo a, so wubetumi aka sɛ wo nneyɛe kyerɛ sɛ wubu wo mma sɛ akyɛde a amansan Bɔfo no de ahyɛ wo nsa ampa?

6. Dɛn nti na Onyankopɔn maa nnipa tumi ma wɔde wo mma?

6 Nea enti a Yehowa de akyɛde yi mae ne sɛ wɔde Adam ne Hawa asefo bɛhyɛ asase so ma. (Genesis 1:27, 28; Yesaia 45:18) Yehowa ammɔ nnipa mmiako mmiako sɛnea ɔyɛe wɔ abɔfo ɔpepem pii ho no. (Dwom 104:4; Adiyisɛm 4:11) Mmom no, Onyankopɔn bɔɔ nnipa, na ɔmaa wɔn tumi a wɔde bɛwo mma a wɔbɛsɛ wɔn awofo wɔ akwan pii so. Hwɛ hokwan kɛse ne anigye a ɛyɛ sɛ ɛna ne agya bɛwo onipa foforo a ɔte saa na wɔahwɛ no! Sɛ́ awofo no, so moda Yehowa ase sɛ wama atumi ayɛ yiye ama mo nsa aka agyapade a ɛsom bo yi?

Suasua Yesu Nhwɛso No

7. Nea ɛne nea awofo binom yɛ bɔ abira no, ɔkwan bɛn so na Yesu daa anigye ne ayamhyehye adi wɔ “nnipa mma” ho?

7 Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ awofo nyinaa na wobu wɔn mma sɛ akatua. Awofo pii nni wɔn mma ho ayamhyehye. Awofo a wɔte saa no nna su a Yehowa anaa ne Ba no wɔ no bi adi. (Dwom 27:10; Yesaia 49:15) Nea ɛne saa awofo yi su bɔ abira no, susuw sɛnea Yesu kyerɛɛ mmofra ho anigye no ho hwɛ. Ansa na Yesu reba asase so sɛ onipa no, bere a na ɔyɛ honhom mu onipa tumfoɔ mpo no, Bible kaa ne ho asɛm sɛ ‘n’ani ka nnipa mma mu.’ (Mmebusɛm 8:31) Ná ɔdɔ a ɔwɔ ma nnipa no mu yɛ den araa ma ofi ne pɛ mu de ne nkwa mae sɛ agyede sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya daa nkwa.—Mateo 20:28; Yohane 10:18.

8. Nhwɛso pa bɛn na Yesu yɛ maa awofo?

8 Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ nhwɛso pa titiriw bi maa awofo. Susuw nea ɔyɛe no ho hwɛ. Bere a na onni adagyew koraa na nsɛm hyɛ no so mpo no, onyaa bere maa mmofra. Ɔhwɛɛ wɔn bere a na wɔredi agoru wɔ gua so, na ɔde su a mmofra da no adi no bi dii dwuma wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. (Mateo 11:16, 17) Wɔ Yesu akwantu a etwa to a ɔde kɔɔ Yerusalem no, na onim sɛ obehu amane na wɔakum no. Enti bere a nkurɔfo de mmofra baa Yesu nkyɛn no, n’asuafo a ebia na wɔpɛ sɛ wɔma Yesu gye n’ahome no bɔɔ mmɔden sɛ anka wɔbɛpam mmofra no. Nanso Yesu kaa n’asuafo no anim. Bere a Yesu reda no adi sɛ ‘n’ani ka’ mmofra ho no, ɔkae sɛ: “Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan.”—Marko 10:13, 14.

9. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛn nneyɛe ho hia pii sen nea yɛka?

9 Yebetumi asuasua Yesu nhwɛso no. Sɛ mmofra ba yɛn nkyɛn bere a yenni adagyew mpo a, yɛyɛ yɛn ade dɛn? So yɛyɛ no sɛnea Yesu yɛe no? Nea mmofra hia fi wɔn awofo hɔ titiriw ne nea na Yesu wɔ ɔpɛ sɛ ɔde bɛma wɔn no, bere a onya maa wɔn ne n’ani a ɔma ekuu wɔn ho. Ɛyɛ nokware sɛ nsɛm te sɛ “Medɔ wo” a yɛbɛka ho hia de, nanso nneyɛe kɔ akyiri pii sen ɔkasa. Ɛnyɛ nea woka nko na ɛda ɔdɔ a wowɔ adi, na mmom wo nneyɛe nso ka ho bi paa. Ɔkwan a wofa so hwɛ wo mma, wɔn ho adagyew a wunya, ne w’ani a woma eku wɔn ho yɛ ɔkwan a wofa so da no adi. Nanso, ebetumi aba sɛ eyinom nyinaa a wobɛyɛ no rensow aba a wubetumi ahu, ebia ɛrensow aba ntɛm sɛnea wohwɛ kwan no. Boasetɔ ho hia. Sɛ yesua sɛnea Yesu ne n’asuafo dii nsɛm no a, yebetumi anya boasetɔ.

Yesu Boasetɔ ne Ne Dɔ

10. Ɔkwan bɛn na Yesu faa so kyerɛɛ n’asuafo no ahobrɛase ho ade, na aba bɛn na ɛsowee mfiase no?

10 Ná Yesu nim tumidi ho akansi a na ɛrekɔ so wɔ n’asuafo no mu no. Da bi, bere a Yesu ne n’asuafo no kɔɔ Kapernaum no, obisaa wɔn sɛ: “Dɛn na modwennwenee ho ɔkwan mu no? Na womuaa wɔn ano; efisɛ ɔkwan mu no wɔdwennwenee ho sɛ hena na ɔbɛyɛ wɔn mu ɔkɛse.” Sɛ́ anka Yesu de abufuw bɛka wɔn anim no, ofii boasetɔ mu yɛɛ nhwɛsode bi maa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyerɛ wɔn ahobrɛase. (Marko 9:33-37) So biribi pa bi fii mu bae? Biribi pa biara amfi mu amma amonom hɔ ara. Bɛyɛ asram asia akyi no, Yakobo ne Yohane maa wɔn maame kɔɔ Yesu nkyɛn kɔsrɛɛ dibea ahorow bi wɔ Ahenni no mu maa wɔn. Eyi ho nso, Yesu fi boasetɔ mu teɛteɛɛ wɔn nsusuwii no.—Mateo 20:20-28.

11. (a) Bere a Yesu ne n’asomafo no kɔɔ abansoro dan bi mu no, adwuma a ɛyɛ amanne bɛn na Yesu asomafo no anyɛ? (b) Dɛn na Yesu yɛe, na so ne mmɔdenbɔ no sow aba saa bere no?

11 Ankyɛ na afe 33 Y.B. mu Twam afahyɛ no dui, na Yesu ne n’asomafo no hyiaam wɔ kokoam dii afahyɛ no. Bere a woduu abansoro dan no mu no, asomafo 12 no mu biara anyɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ amanne a ɛne sɛ ɔbɛhohoro afoforo anan ho—adwuma a ɛba fam a na akoa anaa ɔbea a ɔwɔ ofie bi mu na ɔyɛ no. (1 Samuel 25:41; 1 Timoteo 5:10) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ Yesu awerɛhow sɛ ohui sɛ n’asuafo no da so ara repere tumidi ne dibea no! Enti Yesu hohoroo wɔn mu biara nan ho, na afei ofii komam ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonni ne nhwɛso no akyi nsom afoforo. (Yohane 13:4-17) So wodii akyi? Bible ka sɛ saa da no anwummere no “akasakasa bi nso baa wɔn mu sɛ wɔn mu hena na wobebu no kɛse.”—Luka 22:24.

12. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi asuasua Yesu wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛtete wɔn mma no ho?

12 Awofo, sɛ mo mma amfa mo afotu anyɛ adwuma a, so ɛma muhu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesu tee nka no? Monkae sɛ, ɛwom sɛ asomafo no ansiesie wɔn mmerɛwyɛ ahorow no ntɛm ara de, nanso Yesu ampa abaw. Awiei koraa no, ne boasetɔ no sow aba. (1 Yohane 3:14, 18) Awofo, ɛsɛ sɛ musuasua Yesu dɔ ne ne boasetɔ no, na mommpa abaw da wɔ mmɔden a mobɔ sɛ mobɛtete mo mma no ho.

13. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɔwofo bi de nteɛteɛm twa abofra bi asɛm a ɔrebisa so?

13 Ɛsɛ sɛ mmofra hu sɛ wɔn awofo dɔ wɔn, na wɔn ho hia wɔn. Ná Yesu pɛ sɛ ohu nea n’asuafo no redwennwen ho, enti sɛ na wobisa nsɛm bi a, na otie. Obisaa wɔn adwene wɔ nneɛma bi ho. (Mateo 17:25-27) Yiw, aso a wɔyɛ tie asɛm ne obi ho nokware anigye a wɔkyerɛ ka nkyerɛkyerɛ pa ho. Ɛsɛ sɛ ɔwofo bɔ mmɔden biara sɛ ɔremfa nteɛteɛm ntwa abofra bi asɛm a ɔpɛ sɛ obisa so sɛ: “Fi hɔ kɔ! Wunhu sɛ mereyɛ ade?” Sɛ ɔwofo bi nni adagyew ampa ara a, ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ abofra no sɛ wobesusuw asɛm no ho akyiri yi. Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ awofo no hwɛ hu sɛ wɔasusuw asɛm no ho. Saa kwan yi so no, abofra no behu sɛ ne ho hia ɔwofo no ampa, na ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ ɔbɛka ne tirim asɛm akyerɛ no.

14. Ɛdefa ɔdɔ a awofo bɛda no adi akyerɛ wɔn mma ho no, dɛn na wobetumi asua afi Yesu hɔ?

14 So ɛyɛ papa sɛ awofo de wɔn nsa bɛto wɔn mma kɔn mu na wɔayɛ wɔn atuu? Eyi yɛ ade foforo a awofo betumi asua afi Yesu hɔ. Bible ka sɛ ‘ɔyɛɛ mmofra no atuu de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.’ (Marko 10:16) Wususuw sɛ mmofra no yɛɛ wɔn ade dɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn ani gyei, na wɔbɛn Yesu! Mo awofo, sɛ mopɛ mo mma asɛm na modɔ wɔn ankasa a, ɛrenyɛ den sɛ wobegye mo nteɛso ne mo nkyerɛkyerɛ atom.

Bere Dodow a Ɛsɛ sɛ Awofo Nya Ma Wɔn Mma

15, 16. Mmofra ntetee ho adwenkyerɛ bɛn na agye din, na ɛda adi sɛ dɛn na ɛma wɔkɔfa bae?

15 Ebinom ada adwenem naayɛ bi adi sɛ ebia ehia ankasa sɛ awofo nya bere pii de da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn mma anaa. Wɔn a wɔwɔ mmofra ntetee ho nimdeɛ bi nam anifere kwan so ahyɛ adwenkyerɛ bi a wɔfrɛ no bere a ɛfata ho nkuran. Wɔn a wogyina saa adwenkyerɛ no akyi kyerɛ sɛ, mmofra nhia wɔn awofo bere pii, na mmom sɛ awofo di kan yɛ bere kakra a wobenya ama wɔn mma no ho nhyehyɛe pa na wosiesie wɔn ho yiye a, mmofra no nya so mfaso. So bere a ɛfata ho adwenkyerɛ no yɛ papa, na so mmofra yiyedi so na wogyina yɛɛ nhyehyɛe no?

16 Nhoma kyerɛwfo bi a na ɔne mmofra pii akasa kae sɛ, nea mmofra “hia fi wɔn awofo hɔ paa ne sɛ wobenya wɔn ho bere” na “wɔama wɔn ani aku wɔn ho yiye.” Ne titiriw no, ɔbenfo bi a ɔwɔ kɔlege bi mu kae sɛ: “Nim a awofo nim sɛ wontumi nyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ nti na asɛm a ɛne [bere a ɛfata] no abenya nnyinaso no. Nkurɔfo nam saa asɛm yi so reyi wɔn ho ano wɔ bere kakraa bi pɛ a wonya ma wɔn mma no ho.” Bere dodow ahe na ɛsɛ sɛ awofo nya ma wɔn mma?

17. Dɛn na mmofra hia fi wɔn awofo hɔ?

17 Bible nka bere dodow no. Nanso, wɔka kyerɛɛ Israelfo a wɔyɛ awofo sɛ wɔne wɔn mma nkasa bere a wɔwɔ fie, bere a wɔnam kwan so, bere a wɔreda, ne wɔn sɔre mu. (Deuteronomium 6:7) Eyi kyerɛ pefee sɛ ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma bɔ nkɔmmɔ da biara na wɔkyerɛkyerɛ wɔn bere nyinaa.

18. Ɔkwan bɛn so na Yesu de hokwan ahorow biara a onyae tetee n’asuafo, na dɛn na awofo betumi asua afi eyi mu?

18 Yesu tumi de ntetee maa n’asuafo no bere a na ɔne wɔn redidi, bere a na ɔne wɔn retu kwan, ne bere a na ɔne wɔn regye wɔn ahome mpo. Enti, ɔde hokwan biara a onyae kyerɛkyerɛɛ wɔn. (Marko 6:31, 32; Luka 8:1; 22:14) Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo ma wɔn ani da hɔ na wɔde hokwan biara a wobenya ne wɔn mma bɔ nkɔmmɔ a ɛfata, na wɔhwɛ ma nkitahodi pa ba wɔne wɔn mma ntam, na wɔtete wɔn wɔ Yehowa akwan so.

Ade a Ɛsɛ sɛ Wokyerɛ ne Ɔkwan a Wobɛfa so Akyerɛ

19. (a) Bere a yebenya ama mmofra akyi no, dɛn bio na ɛho hia? (b) Dɛn titiriw na ɛsɛ sɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma?

19 Ɛnyɛ bere a wubenya ama wo mma ne kyerɛ a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn nko ne nea ehia na ama woatumi atete wɔn yiye. Ade a ɛho hia nso ne dekode a wobɛkyerɛ no. Hwɛ sɛnea Bible si nneɛma a ɛsɛ sɛ wokyerɛ no so dua. Ɛka sɛ: “Nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi . . . ; fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye.” Dɛn ne “nsɛm yi” a ehia sɛ wɔde kyerɛkyerɛ mmofra no? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛne nsɛm a na wɔadi kan aka dedaw yi: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn.” (Deuteronomium 6:5-7) Yesu kae sɛ eyi ne Onyankopɔn mmara nsɛm no mu nea ɛho hia sen biara. (Marko 12:28-30) Ɛsɛ sɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma Yehowa ho ade titiriw, na wɔkyerɛkyerɛ wɔn nea enti a Yehowa nkutoo na ɔfata sɛ yefi yɛn kra nyinaa mu dɔ no na yɛsom no.

20. Dɛn na Onyankopɔn ka kyerɛɛ awofo a wɔtraa ase tete no sɛ wɔmfa nkyerɛkyerɛ wɔn mma?

20 Nanso, saa “nsɛm yi” a wɔhyɛ awofo nkuran sɛ wɔmfa nkyerɛkyerɛ wɔn mma no kɔ akyiri sen obi kra nyinaa a ɔde bɛdɔ Onyankopɔn ara kwa. Wubehu sɛ Mose tĩĩ mmara a Onyankopɔn kyerɛw guu abopon so—Mmara Nsɛm Du—no mu wɔ Deuteronomium ti 5. Mmara yi bi ne sɛ ɛnsɛ sɛ wodi atoro, wowia ade, wodi awu, na wɔsɛe aware. (Deuteronomium 5:11-22) Enti wɔmaa awofo a wɔtraa ase tete no huu hia a ehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma abrabɔ pa. Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo nnɛ kyerɛkyerɛ wɔn mma nneɛma a ɛtete saa ara na atumi aboa wɔn ma wɔanya daakye a ahobammɔ ne anigye wom.

21. Akwankyerɛ a ɛne sɛ wɔmfa Onyankopɔn asɛm ‘nkyerɛkyerɛ’ mmofra ‘yiye’ no kyerɛ dɛn?

21 Hyɛ no nsow sɛ wɔkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ awofo de saa “nsɛm yi,” anaa ahyɛde yi kyerɛkyerɛ wɔn mma: “Fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye.” Asɛm a ɛne ‘kyerɛkyerɛ yiye’ no kyerɛ sɛ “wubetĩ asɛm bi mu mpɛn pii: anaa wode asɛm bedua obi adwenem.” Enti ɔkwan bi so no, Onyankopɔn reka akyerɛ awofo sɛ wɔnyɛ Bible nkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe a atirimpɔw a ɛwɔ akyi ne sɛ wɔde Onyankopɔn som ho nimdeɛ bedua wɔn mma adwenem.

22. Dɛn na wɔka kyerɛɛ Israelfo a wɔyɛ awofo sɛ wɔnyɛ mfa nkyerɛkyerɛ wɔn mma, na ɛno kyerɛ dɛn?

22 Egye mmɔdenbɔ na awofo atumi ayɛ adwuma a ɛte saa. Bible ka sɛ: “Fa [“nsɛm yi,” anaa Onyankopɔn mmara] yɛ sɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabama; na kyerɛw gu wo fi apongua ho ne w’aponkɛse so.” (Deuteronomium 6:8, 9) Eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ awofo kyerɛw Onyankopɔn mmara gu wɔn apongua ho ne wɔn aponkɛse ho ankasa, na saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde bi kyekyere wɔn mma nsa na wɔde bɔ wɔn aniwa ntam. Mmom no, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛsɛ sɛ awofo kae wɔn mma Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma daa wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma ayɛ sɛ nea Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ si mmofra no ani so daa.

23. Dɛn na yebesusuw ho wɔ dapɛn a edi hɔ adesua no mu?

23 Dɛn ne nneɛma atitiriw bi a ɛsɛ sɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma? Dɛn nti na ɛho hia nnɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra na wɔtete wɔn ma wohu sɛnea wɔbɛbɔ wɔn ho ban? Mmoa bɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ a ɛbɛboa awofo ma wɔatumi akyerɛkyerɛ wɔn mma yiye? Yebesusuw eyinom ne nsɛmmisa afoforo a ɛhaw awofo pii ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo bu wɔn mma sɛ wɔsom bo?

• Dɛn na awofo ne afoforo betumi asua afi Yesu nkyɛn?

• Bere dodow ahe na ɛsɛ sɛ awofo nya ma wɔn mma?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra, na ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so kyerɛkyerɛ wɔn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Dɛn na awofo betumi asua afi ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no mu?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 11]

Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na na ɛsɛ sɛ Israelfo a wɔyɛ awofo no kyerɛkyerɛ wɔn mma?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12]

Ɛsɛ sɛ awofo de Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ si wɔn mma ani so