Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anidaso Ɛmfa Ho Abasamtu Nhyiam Bi a Wɔyɛe Wɔ Aguanfo Atrae

Anidaso Ɛmfa Ho Abasamtu Nhyiam Bi a Wɔyɛe Wɔ Aguanfo Atrae

Anidaso Ɛmfa Ho Abasamtu Nhyiam Bi a Wɔyɛe Wɔ Aguanfo Atrae

KAKUMA aguanfo atrae no wɔ Kenya atifi fam baabi a ɛbɛn Sudan hye no. Nnipa bɛboro 86,000 na wɔte hɔ. Ɛhɔ asase no yɛ kesee, na sɛ edu awiabere a, wim hyew yɛ digrii Celsius 50. Basabasayɛ kɛse kɔ so wɔ aguanfo no mu. Aguanfo no mu pii te nka sɛ anidaso biara nni atrae hɔ. Nanso, wɔn mu binom wɔ anidaso.

Yehowa Adansefo pii wɔ aguanfo no mu a wɔde nsi reka Ahenni ho asɛmpa no. Wofi Lodwar asafo ketewaa a efi hɔ kɔ atrae no anafo fam yɛ kilomita 120 no mu. Sɛ wode kar fi faako a Lodwar asafo no wɔ kɔ asafo a ɛbɛn hɔ no mu a egye nnɔnhwerew awotwe.

Esiane sɛ aguanfo no ntumi mfi atrae hɔ nti, wɔn mu pii ntumi nkɔ nhyiam nketewa ne akɛse a Yehowa Adansefo yɛ no bi. Ɛno nti, wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ da koro nhyiam titiriw wɔ atrae hɔ.

Wotu Kwan Kɔ Atifi Fam

Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboa ma nhyiam no akɔ so no, Adansefo 15 a wɔwɔ Eldoret a efi hɔ kɔ atrae no anafo fam yɛ kilomita 480 no tuu wɔn ho mae tuu kwan a ɛyɛ den kɔɔ Lodwar asase kesee no so, na wɔn Bible suani bi de ne bɔs ketewaa bi faa wɔn kɔe. Na wofi komam pɛ sɛ wɔde denhyɛ ne nkuranhyɛ kɔma wɔn nuanom no.

Wofii akwantu no ase anɔpa bi a wim ayɛ nwini fi Kenya atɔe fam mmepɔw nsase no so. Wɔnam mmonkyimmɔnka mu foro faa mfuw ne kwae mu ansa na wɔresian aba anhweatam so faako a ɛhɔ yɛ hyew no. Na mmirekyi ne yoma didi wɔ asase a ɛnsow aba biara no so. Na ɛhɔfo no hyehyɛ wɔn hɔnom ntade kurakura nkontimmaa, agyan, ne bɛmma de nenam hɔ. Bere a Adansefo no atwa kwan bɛyɛ nnɔnhwerew 11 no, woduu Lodwar kurow a ɔhyew ne mfuturu wom a emu nnipa bɛyɛ 20,000 no mu. Bere a Adansefo a wɔkɔsoɛɛ wɔn no fi ɔdɔ mu gyee wɔn fɛw so hwɛɛ wɔn wiei no, wɔkɔda homee sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiesie wɔn ho ama dapɛn awiei dwumadi no.

Adekyee no, akwantufo no kokyinkyin hwɛɛ kurow no mmeae a ɛyɛ fɛ. Beae a na wɔpɛ ahwɛ paa ne Kenyafo ɔtare kɛse a wɔfrɛ no Turkana no. Ɔtare a anhweatam so nwura yuu atwa ho ahyia a ɛno ne ɔtare a adɛnkyɛm wom sen atare a ɛwɔ wiase nyinaa no. Na nnipa kakraa bi a wɔtete ɔtare no ano no yi su a ɛyɛ yerɛwyerɛw no mu nnam de hwɛ wɔn ho. Akwantufo no ani gyei anwummere no bere a wɔkɔɔ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam wɔ hɔnom asafo no mu no. Na wɔn nso anya Ahenni Asa fɛfɛ a Adansefo no adansi adwuma nhyehyɛe sisi ma aman a wɔn ho nso no bi wɔ 2003 mu.

Da Koro Nhyiam Titiriw No

Wɔpaw Kwasida maa da koro nhyiam titiriw no. Wɔmaa Lodwar Asafo no ne anuanom a wɔatu kwan aba hɔ no hokwan sɛ wobetumi aba atrae hɔ anɔpa 8:00, enti na Adansefo no pɛ sɛ wosim ntɛm. Wɔnam kwan a akontɔnkontɔn wɔ asase a hwee nni so no so faa Sudan hye no so. Mmepɔw atenten a ano yɛ hwirenhwiren wowɔ kwan no ho. Sɛ wonam hɔ a wutumi hu Kakuma akuraa no ase. Na osu retɔtɔ, na na nsu ataataa mmeae pii wɔ mfutukwan a ɛkɔ atrae hɔ no so. Adan a ɛwɔ hɔ no pii yɛ afadan a wɔde nkankyee anaa trapoo abɔ so. Ethiopiafo, Somalifo, Sudanfo, ne afoforo tete wɔn ankasa mpɔtam. Aguanfo no de anigye maa akwantufo no akwaaba.

Wɔyɛɛ nhyiam no wɔ nteteebea dan bi mu. Mfonini ahorow a wɔayeyɛ wɔ afasu no ho no kyerɛ aguanfo asetra a ɛyɛ hu, nanso tebea a na ɛwɔ dan no mu saa da no yɛ nea na anidaso wom. Wɔmaa ɔkasa biara wɔ Engiresi ne Swahili kasa mu. Akasafo no bi tumi ka kasa abien no nyinaa yiye enti obiara ankyerɛ wɔn kasa no ase. Onua bi a ofi Sudan a ɔno nso ka aguanfo no ho na ɔmaa ɔkasa a edi kan a n’asɛmti ne, “Yɛn Sɛnkyerɛnne Kwan So Koma no a Yɛbɛhwehwɛ Mu” no. Mpanyimfo a wɔabɛsra hɔ no na wɔmaa ɔkasa a aka no.

Dwumadi titiriw a ɛwɔ nhyiam biara ase ne asubɔ no. Bere a wɔmaa asubɔ kasa no wiei no, onua Gilbert a ɔno nkutoo na ɔrebegye asubɔ no sɔree, na na obiara rehwɛ no. Na ɔne ne papa aguan afi wɔn kurom bere a okunkɛse no bae wɔ afe 1994 mu no. Bere a edi kan no na wonim sɛ wobenya ahobammɔ wɔ Burundi, nanso ankyɛ na wobehui sɛ wɔda so ara wɔ faako a asiane wɔ. Gilbert guan kɔɔ Zaire, na afei ɔkɔɔ Tanzania—ɛtɔ mmere bi a na ɔtetɛ wɔ kwae mu—na awiei koraa no ɔbaa Kenya. Bere a ɔkasafo no maa no akwaaba sɛ onua wɔ asafo no mu no, anuanom pii ani taataa nusu. Bere a Gilbert gyina nhyiamfo a wɔn dodow si 95 anim na ɔkasafo no bisaa no nsɛm abien no, ɔde Swahili kasa gyee so sɛ “Ndiyo!” ase ne “Yiw!” Na ɔne anuanom afoforo bi atu abura ketewaa bi de trapoo a ɛkata ne dan so wɔ atrae hɔ no asɛw mu. Nea ɔde kyerɛe sɛ wasi ne bo sɛ ɔbɛbɔ asu no, saa da no anɔpa no, na ɔno nkutoo de bokiti asesaw nsu ahyɛ abura no ma!

Awia dwumadi no mu nsɛntitiriw no bi ne osuahu ahorow a ɛfa tebea soronko a Adansefo aguanfo no wom ho. Onua biako kaa ɔkwan bi a ɔfaa so ne ɔbarima bi a ɔregye n’ahome wɔ dua bi ase kasae.

“So wubetumi abɛtra dua yi ase bere nyinaa a ɔhaw biara rento wo?”

Ɔbarima no buae sɛ: “Yiw, nanso worentumi mmɛtra ha anadwo.”

Onua no kenkanee Mika 4:3, 4 kyerɛɛ no sɛ: “Na wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Enti wahu, wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, wubetumi atra baabiara bere nyinaa a wonsuro.” Ɔbarima no gyee nhoma a wɔde sua Bible no bi.

Ná onuawa bi a ofi Kakuma baa hɔ no abusuafo baasa bi a wɔbɛn no pɛɛ wui nkyɛe. Bere a ɔreka anuanom a wɔwɔ atrae hɔ ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ɛha tra yɛ den; nanso, wɔda so ara kura wɔn gyidi mu pintinn. Wɔte beae a anigye biara nni, nanso wɔde anigye resom Yehowa. Wɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ a asomdwoe wom. Wɔahyɛ me nkuran sɛ metumi anya asomdwoe na masom Yehowa. Biribiara nni hɔ a ɛbɛhaw me!”

Ankyɛ biara na nhyiam no baa awiei. Ɔkasafo a ɔmaa ɔkasa a etwa to no kyerɛe sɛ ananmusifo fi aman horow awotwe so na ɛbaa hɔ. Adansefo aguanfo no mu biako hui sɛ nhyiam yi da biakoyɛ ne ɔdɔ a ɛwɔ Yehowa Adansefo mu no adi wɔ wiase a emu apaapae yi mu. Wɔwɔ Kristofo onuadɔ ankasa.—Yohane 13:35.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 25]

SUDAN MMARIMAA A WƆYERAE

Efi bere a wofii amanko ase wɔ Sudan wɔ afe 1983 mu no, nnipa ɔpepem anum na wonni baabi te. Wɔn mu bi ne mmofra 26,000 a wɔne wɔn mmusua ntam tetewee no. Wɔn mu mpempem pii guan kɔɔ aguanfo atrae wɔ Ethiopia, faako a wɔtrae bɛyɛ mfe abiɛsa no. Esiane sɛ wɔhyɛɛ wɔn sɛ womfi hɔ nkɔ nti, wɔnantewee bɛyɛ afe biako san twaa kwan faa Sudan kɔɔ Kenya atifi fam, huu amane wɔ asraafo, akwanmukafo, nyarewa ahorow ne nkekaboa nsam. Na mmofra yi mu fã pɛ na wonyaa wɔn ti didii mu wɔ akwantu a ɛyɛ den yi mu, na awiei koraa no wɔn na wɔkyekyee Kakuma atrae no. Mmoakuw no too wɔn din sɛ Sudan mmarimaa a wɔyerae.

Mprempren Kakuma aguanfo atrae no abɛyɛ beae a aguanfo a wofi aman pii mu te sɛ Sudan, Somalia, Ethiopia, ne aman afoforo so te. Sɛ wodu atrae hɔ a, wɔma wɔn nneɛma bi a wɔde si dan ne nea wɔde bekuruw so. Mpɛn abien wɔ ɔsram biara mu no, wɔma aguanfo no mu biara esiam kilogram 6, asɛdua kilogram 1, anwa ne nkyene. Aguanfo no bi tɔn wɔn nnuan no bi de tɔ nneɛma ahorow bi a wohia.

Mmarimaa a wɔyerae yi mu binom asan ne wɔn mmusua akɔtra na ebinom nso kɔ aman foforo so. Nanso sɛnea Dwumadibea a Ɛhwɛ Aguanfo Atrae So kyerɛ no, “wɔn mu pii da so ara te Kakuma aguanfo atrae hɔ, beae a mfuturu ne nwansena pii wɔ, na wɔbrɛ wɔ aduan ho yɛ adwumaden de tua wɔn sukuu ho aka no.”

[Asɛm Fibea]

Courtesy Refugees International

[Asase mfonini wɔ kratafa 23]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

KENYA

Kakuma atrae

Lodwar

Eldoret

Nairobi

Ɔtare Turkana

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Atrae hɔ asetra yɛ den

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Nsu ho yɛ na wɔ Kakuma atrae hɔ

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Kenya Adansefo no tu kwan a ɛyɛ hu kɔ atifi fam kɔhyɛ wɔn nuanom nkuran

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔrekyerɛ kasa ase ama hɔnom ɔkwampaefo titiriw bi

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Abura a wɔbɔ asu wom

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 23]

Nsu kyekyɛ ne Kakuma Atrae: Courtesy Refugees International