Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Wo Ho To Yehowa Asɛm So

Fa Wo Ho To Yehowa Asɛm So

Fa Wo Ho To Yehowa Asɛm So

“Mede me ho meto w’asɛm so.”—Dwom 119:42.

1. Dɛn na wubetumi aka afa onii a ɔhyehyɛɛ Dwom 119 no ne ne suban ho?

 NA NEA ɔhyehyɛɛ Dwom 119 no wɔ Yehowa asɛm ho anisɔ. Ɛbɛyɛ sɛ Yuda Hene ba Hesekia na ɔhyehyɛe. Nkate a wɔada no adi wɔ dwom a efi honhom mu yi mu no ne Hesekia a ‘ɔbataa Yehowa ho’ bere a na ɔresom sɛ Yuda hene no suban hyia. (2 Ahene 18:3-7) Nanso ade biako bi da adi pefee sɛ: Na nea ɔhyehyɛɛ dwom no nim ne honhom mu ahiade.—Mateo 5:3.

2. Dɛn ne Dwom 119 asɛmti, na wɔahyehyɛ no ɔkwan bɛn so?

2 Asɛntitiriw a ɛwɔ Dwom 119 mu no ne mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm anaa ne nkrasɛm so. a Ɛda adi sɛ nea ɔkyerɛw saa dwom no hyehyɛɛ no nnidiso nnidiso na ama wɔakae emu nsɛm no. Wɔakyekyɛ Dwom 119 mu afã 22, na ɔfã biara kura nkyekyɛm 8. Wɔde Hebri nkyerɛwde baako na efi ɔfã biara ase; edu ɔfã foforo a, na wɔde nkyerɛwde foforo aba. Hebri nkyerɛwde no nso, ne nyinaa yɛ 22. Enti afã ahorow 22 a emu biara kura nkyekyɛm 8 no, sɛ woka bom a, esi nkyekyɛm mmaako mmaako 176. Saa dwom yi twe adwene si Onyankopɔn asɛm, ne mmara, ne nkaesɛm, n’akwan, n’ahyɛde, n’atemmusɛm ne ne nsɛm so. Wɔ asɛm yi ne nea edi hɔ no mu no, yebegyina Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a wɔakyerɛ ase pɛpɛɛpɛ no so asusuw Dwom 119 ho. Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo a wɔtraa ase tete ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho nsɛm a yebesusuw ho no ma anisɔ a yɛwɔ ma dwom a wɔnam honhom so hyehyɛe yi ne Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw, Bible no, yɛ kɛse.

Tie Onyankopɔn Asɛm na Nya Anigye

3. Kyerɛkyerɛ nea teɛ a obi teɛ no kyerɛ mu na ma ho nhwɛso.

3 Anigye ankasa a yebenya no gyina Onyankopɔn mmara a yebetie na yɛde adi dwuma so. (Dwom 119:1-8) Sɛ yɛyɛ eyi a, Yehowa bebu yɛn sɛ ‘yɛn akwan teɛ.’ (Dwom 119:1) Teɛ a yɛteɛ no nkyerɛ sɛ yɛyɛ pɛ, mmom no ɛkyerɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ Yehowa Nyankopɔn apɛde. Ná Noa “yɛ onipa trenee a [“ɔteɛ,” NW] wɔ ne bere so nnipa mu” sɛ onipa a ɔne “Onyankopɔn na ɛnantewee.” Esiane sɛ saa tete agya nokwafo no de nea Yehowa aka bɔɔ ne bra nti, ɔne n’abusua nyaa wɔn ti didii mu wɔ Nsuyiri no mu. (Genesis 6:9; 1 Petro 3:20) Saa ara nso na nkwa a yebenya wɔ wiase yi awiei no gyina ‘Onyankopɔn nsiesie a yebedi so koraa’ na yɛayɛ n’apɛde no so.—Dwom 119:4.

4. Sɛ yɛn ani begye na asi yɛn yiye a, egyina dɛn so?

4 Sɛ yɛde ‘koma a ɛteɛ kamfo’ Yehowa ‘na yɛkɔ so di n’ahyɛde so’ a, ɔrennyaw yɛn da. (Dwom 119:7, 8) Onyankopɔn annyaw Israel kannifo Yosua a odii afotu a ɛne sɛ ‘ɔnkenkan mmara nhoma no awia ne anadwo na ɔnhwɛ nyɛ sɛ nea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te’ so no. Ɛno ma esii no yiye na ɔyɛɛ n’ade nyansam. (Yosua 1:8) Aka kakra ma Yosua awu no, na ɔda so ara kamfo Onyankopɔn, ma otumi kaee Israelfo no sɛ: “Munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.” (Yosua 23:14) Te sɛ Yosua ne nea ɔkyerɛw Dwom 119 no, yebetumi anya anigye na asi yɛn yiye denam Yehowa a yɛbɛkamfo no na yɛde yɛn ho ato n’asɛm so no so.

Yehowa Asɛm Ma Yɛn Ho Tew

5. (a) Kyerɛkyerɛ nea enti a ebetumi ayɛ yiye sɛ yɛn ho bɛtew wɔ Onyankopɔn ani so no mu. (b) Mmoa bɛn na ɛwɔ hɔ ma obi a onnyinii a wayɛ bɔne a anibere wom?

5 Sɛ yɛhwɛ yɛn ho so sɛnea Onyankopɔn asɛm se a, yɛn ho betumi atew wɔ Onyankopɔn ani so. (Dwom 119:9-16) Eyi te saa sɛ yɛn awofo anyɛ nhwɛso pa mpo a. Ɛwom sɛ na Hesekia papa yɛ ɔbosonsonni, nanso Hesekia ‘tew ne kwan ho,’ na ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛɛ saa wɔ abosonsomfo nkɛntɛnso ahorow ho. Fa no sɛ obi a onnyinii a ɔresom Onyankopɔn nnɛ ayɛ bɔne a anibere wom. Ahonu, mpaebɔ, n’awofo mmoa ne mmoa a ɔdɔ wom a Kristofo mpanyimfo de bɛma no no betumi ama wayɛ sɛ Hesekia na ‘watew ne kwan ho na wahwɛ ne ho so.’—Yakobo 5:13-15.

6. Mmea bɛn na ‘wɔtew wɔn kwan ho na wɔhwɛɛ wɔn ho so sɛnea Onyankopɔn asɛm se’?

6 Ɛwom sɛ Rahab ne Rut traa ase bere tenten ansa na wɔrehyehyɛ Dwom 119 no de, nanso ‘wɔtew wɔn kwan ho.’ Na Rahab yɛ Kanaanni aguaman, nanso ɔbɛyɛɛ obi a na ɔwɔ gyidi sɛ Yehowa somfo. (Hebrifo 11:30, 31) Moabni Rut gyaw n’anyame hɔ bɛsom Yehowa na odii Mmara a ɔde maa Israelfo no so. (Rut 1:14-17; 4:9-13) Saa mmea baanu a na wɔnyɛ Israelfo yi ‘hwɛɛ wɔn ho so sɛnea Onyankopɔn asɛm se’ na wonyaa hokwan kɛse bɛyɛɛ Yesu Kristo nanabeanom.—Mateo 1:1, 4-6.

7. Ɔkwan bɛn so na Daniel ne Hebrifo mmabun baasa no yɛɛ nhwɛso wɔ honhom fam ahotew a wokura mu ho?

7 Ɛwom sɛ “onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase” de, nanso mmabun betumi afa ɔkwan a ɛho tew so wɔ wiase a aporɔw a Satan di so tumi yi mu mpo. (Genesis 8:21; 1 Yohane 5:19) Bere a na Daniel ne Hebrifo mmabun baasa no wɔ nnommum mu wɔ Babilon no, ‘wɔhwɛɛ wɔn ho so sɛnea Onyankopɔn asɛm se.’ Sɛ nhwɛso no, wɔamfa ‘ɔhene nnuan angu wɔn ho fĩ.’ (Daniel 1:6-10) Na Babilonfo di mmoa a wɔn ho ntew a na Mose Mmara no abara no. (Leviticus 11:1-31; 20:24-26) Na wɔntaa nhwie mmoa a wokum wɔn no mogya ngu, na na mmoa a wɔanhwie wɔn mogya angu a wodi no to Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho no. (Genesis 9:3, 4) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ na Hebrifo baanan no renni ɔhene nnuan no! Saa mmabun a wosuro Onyankopɔn no maa wɔn ho kɔɔ so tewee honhom fam na wɔnam so yɛɛ nhwɛso pa.

Onyankopɔn Asɛm Boa Ma Yedi Nokware

8. Sɛ yɛbɛte Onyankopɔn mmara ase na yɛde adi dwuma a, su ne nimdeɛ bɛn na yehia?

8 Onyankopɔn asɛm ho akɔnnɔ a yebenya yɛ ade titiriw a ɛma yedi Yehowa nokware. (Dwom 119:17-24) Sɛ yɛte sɛ odwontofo a honhom kaa no no a, yebenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛte Onyankopɔn mmara mu “anwonwade” ase. Yɛn ani ‘begye Yehowa atemmu ho’ daa na ‘yɛadɔ n’adansesɛm.’ (Dwom 119:18, 20, 24) Sɛ yehyiraa yɛn ho so maa Yehowa nkyɛe mpo a, so ‘yɛanya akɔnnɔ ama asɛm no mu nufusu a wɔmfraa mu’ no? (1 Petro 2:1, 2) Ɛsɛ sɛ yɛte Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ ahorow no ase na ama yɛatumi ate Onyankopɔn mmara ase na yɛde adi dwuma.

9. Sɛ nea nnipa hwehwɛ sɛ yɛyɛ no tia Onyankopɔn mmara a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

9 Yɛn ani betumi agye Onyankopɔn adansesɛm ho, nanso sɛ biribi nti “aman mpanyin” keka yɛn ho nsɛm nso ɛ? (Dwom 119:23, 24) Ɛnnɛ, nnipa a wɔwɔ tumi no taa bɔ mmɔden hyɛ yɛn sɛ yentie nnipa mmara nsen Onyankopɔn de. Sɛ nnipa hyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ biribi a ɛne Onyankopɔn apɛde nhyia a, dɛn na yɛbɛyɛ? Onyankopɔn asɛm ho akɔnnɔ a yɛwɔ no bɛboa yɛn ma yɛadi Yehowa nokware. Te sɛ Yesu Kristo asomafo a wɔtaa wɔn no, yɛbɛka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo Nnwuma 5:29.

10, 11. Kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi akɔ so adi Yehowa nokware wɔ tebea ahorow a emu yɛ den paa mu.

10 Yebetumi adi nokware ama Yehowa wɔ tebea ahorow a emu yɛn den paa mu. (Dwom 119:25-32) Sɛ yɛbɛkɔ so adi Onyankopɔn nokware a, ɛsɛ sɛ yɛma kwan ma ɔkyerɛkyerɛ yɛn na yɛbɔ mpae denneennen hwehwɛ n’akwankyerɛ. Ɛsɛ sɛ yɛpaw nso sɛ yɛbɛfa “nokwaredi kwan” so.—Dwom 119:26, 30.

11 Hesekia, a ɛbɛyɛ sɛ ɔno na ɔkyerɛw Dwom 119 no faa “nokwaredi kwan” so. Ɔyɛɛ saa ɛmfa ho mpo sɛ na ɔte atoro asomfo mu na ebia ahemfie hɔfo dii ne ho fɛw no. Ɛda adi paa sɛ esiane tebea ahorow a ɛtete saa nti ‘awerɛhow amma ne kra anna.’ (Dwom 119:28) Nanso Hesekia de ne ho too Onyankopɔn so, yɛɛ ɔhempa, na “ɔyɛɛ nea ɛteɛ [Yehowa, NW] ani so.” (2 Ahene 18:1-5) Sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so a, yɛn nso yebetumi agyina sɔhwɛ ahorow ano sɛ anokwafo.—Yakobo 1:5-8.

Yehowa Asɛm Ma Yenya Akokoduru

12. Ɔkwan bɛn so na yɛn ankasa bɛfa de Dwom 119:36, 37 adi dwuma?

12 Akwankyerɛ a Onyankopɔn asɛm de ma a yebedi akyi no ma yenya akokoduru a yehia na yɛagyina asetra mu nsɛnnennen ahorow ano. (Dwom 119:33-40) Yefi ahobrɛase mu hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de yɛn “koma nyinaa” adi ne mmara so. (Dwom 119:33, 34) Te sɛ odwontofo no, yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ: “Kom me koma kɔ w’adansesɛm so, na ɛnyɛ sikanibere so.” (Dwom 119:36) Te sɛ Paulo no, “yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.” (Hebrifo 13:18) Sɛ adwumawura bi pɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛnkyerɛ nokwaredi a, yefi akokoduru mu bata Onyankopɔn akwankyerɛ ho—na Yehowa hyira ade a ɛte saa a yɛyɛ no so bere nyinaa. Nokwarem no, ɔboa yɛn ma yedi nsusuwii a ɛnteɛ nyinaa so. Enti momma yɛmmɔ mpae sɛ: “Ma m’ani ntwa adehunu hwɛ ho.” (Dwom 119:37) Yɛrempɛ da sɛ yebebu adehunu biara a Onyankopɔn kyi sɛ ɛyɛ ade a ɛfata. (Dwom 97:10) Nneɛma a eyi bɛka yɛn ma yɛakwati no bi ne nguamansɛm ne ahonhonsɛmdi.—1 Korintofo 6:9, 10; Adiyisɛm 21:8.

13. Ɔkwan bɛn na Yesu asuafo a wohyiaa ɔtaa no faa so nyaa ahoɔden a wohia de dii adanse akokoduru so?

13 Onyankopɔn asɛm mu nokware nimdeɛ ma yenya ahotoso de di adanse akokoduru so. (Dwom 119:41-48) Na yehia akokoduru de ‘abua nea ɔbɔ yɛn ahohora’ no. (Dwom 119:42) Ɛtɔ mmere bi a, yebetumi ayɛ sɛ Yesu asuafo a wohyiaa ɔtaa a wɔbɔɔ mpae sɛ: “Yehowa, ma wo nkoa nkɔ so mfa akokoduru nyinaa nka w’asɛm” no. Dɛn na efii mu bae? “Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa mãmã, na wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm.” Saa Amansan Hene koro no ara ma yɛn ahoɔden ma yɛde ka n’asɛm no akokoduru so.—Asomafo Nnwuma 4:24-31.

14. Dɛn na ɛboa yɛn ma yedi adanse akokoduru so sɛnea Paulo yɛe no?

14 Sɛ yɛma yɛn ani gye “nokwasɛm” ho na ‘yedi Onyankopɔn mmara so daa’ a, yebenya akokoduru a ehia de adi adanse a yensuro sɛ wɔbɛhyɛ yɛn aniwu biara. (Dwom 119:43, 44) Nsi a yɛde sua Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no siesie yɛn ma ‘yɛka n’adanse ho asɛm wɔ ahene anim.’ (Dwom 119:46) Mpaebɔ ne Yehowa honhom nso bɛboa yɛn ma yɛaka nsɛm a ɛfata wɔ ɔkwampa so. (Mateo 10:16-20; Kolosefo 4:6) Paulo kaa Onyankopɔn adansesɛm ho asɛm akokoduru so kyerɛɛ afeha a edi kan mu atumfo no. Sɛ nhwɛso no, Paulo dii Roma Amrado Felike, a ‘otiee Kristo Yesu mu gyidi no ho asɛm’ no adanse. (Asomafo Nnwuma 24:24, 25) Paulo dii Amrado Festo ne Ɔhene Agripa nso adanse. (Asomafo Nnwuma 25:22–26:32) Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yɛn nso yebetumi adi adanse akokoduru so a ‘yɛn ani nwu asɛmpa no ho’ da.—Romafo 1:16.

Onyankopɔn Asɛm Ma Yɛn Awerɛkyekye

15. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm betumi akyekye yɛn werɛ bere a nkurɔfo di yɛn ho fɛw no?

15 Yehowa Asɛm ma yenya awerɛkyekye a enni huammɔ. (Dwom 119:49-56) Mmere ahorow bi wɔ hɔ a yehia paa sɛ wɔkyekye yɛn werɛ. Ɛwom sɛ yɛkasa akokoduru so sɛ Yehowa Adansefo de, nanso ɛtɔ mmere bi a “ahantanfo”—wɔn a wɔbɔ Onyankopɔn so dwae no ‘di yɛn ho fɛw pii.’ (Dwom 119:51) Nanso sɛ yɛrebɔ mpae a, yebetumi akae nkuranhyɛsɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu, na ɛno bɛma ‘yɛakyekye yɛn werɛ.’ (Dwom 119:52) Wɔ yɛn adesrɛ mu no, yebetumi akae Kyerɛwnsɛm mu mmara anaa nnyinasosɛm bi a ɛma yɛn awerɛkyekye ne akokoduru a yɛde begyina tebea a emu yɛ den ano no.

16. Ɛmfa ho sɛ Onyankopɔn asomfo hyia ɔtaa no, dɛn na wɔnyɛe?

16 Na ahantanfo a wodii odwontofo no ho fɛw no yɛ Israelfo—ɔman a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no mufo. Animguasesɛm bɛn ara ni! Nanso, momma yensi yɛn bo sɛ yɛremman mfi Onyankopɔn mmara ho te sɛ wɔn. (Dwom 119:51) Wɔ mfe a abɛsen kɔ nyinaa mu no, Onyankopɔn asomfo mpempem pii a wohyiaa Nasifo taa ne ɔhaw afoforo a ɛtete saa no amman amfi mmara ne nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho. (Yohane 15:18-21) Na ɛnyɛ den sɛ yebetie Yehowa, efisɛ n’ahyɛde te sɛ nnwom a ɛma yɛn awerɛkyekye.—Dwom 119:54; 1 Yohane 5:3.

Nya Yehowa Asɛm Ho Anisɔ

17. Anisɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn asɛm ka yɛn ma yɛyɛ dɛn?

17 Yɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Onyankopɔn asɛm bere a yɛde bɔ yɛ bra no. (Dwom 119:57-64) Odwontofo no ‘kae sɛ obedi Yehowa asɛm so,’ na mpo wɔ ‘ɔdasum no ɔda Onyankopɔn ase wɔ Ne trenee atemmu ho.’ Sɛ yenyan anadwo a, hwɛ hokwan ara a ɛkyɛn so a yɛwɔ sɛ yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ mpaebɔ mu! (Dwom 119:57, 62) Anisɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn asɛm no ka yɛn ma yɛhwehwɛ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ na ɛma yɛbɛyɛ ‘wɔn a wosuro Yehowa nyinaa nnamfo’ a wɔwɔ anigye—nnipa a wofi obu mu suro Onyankopɔn. (Dwom 119:63, 64) So nnamfo pa bi wɔ asase so a wɔsen eyinom?

18. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bua yɛn mpaebɔ bere a ‘abɔnefo nhama bobare yɛn ho’ no?

18 Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu bɔ Yehowa mpae na yefi ahobrɛase mu ka kyerɛ no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ yɛn a, na ‘yɛresrɛ no’ a yɛn adwene ne sɛ yebenya n’anim dom. Ehia paa sɛ yɛbɔ mpae bere a ‘abɔnefo nhama abobare yɛn ho’ no. (Dwom 119:58, 61) Yehowa betumi atwitwa abɔnefo nhama a ayɛ akwanside no mu na ama yɛatumi atoa so ayɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Wada eyi adi mpɛn pii wɔ aman a wɔabra yɛn adwuma no wɔ so no mu.

Nya Onyankopɔn Asɛm mu Gyidi

19, 20. Ɛbɛyɛ dɛn na amanehunu ayɛ ade a eye?

19 Onyankopɔn ne n’asɛm mu gyidi boa yɛn ma yegyina amanehunu ano na yɛyɛ n’apɛde. (Dwom 119:65-72) Ɛwom sɛ ahantanfo ‘toatoaa atoro too’ odwontofo ‘no so’ de, nanso ɔtoo dwom sɛ: “Eye ma me sɛ [wɔma mihuu amane, NW].” (Dwom 119:66, 69, 71) Ɔkwan bɛn so na eye ma Yehowa asomfo mu biara sɛ obegyina amanehunu ano?

20 Sɛ yehyia amanehunu a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɔ Yehowa mpae denneennen, na ɛno twe yɛn bɛn no. Ebia yɛde bere pii besua Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no na yɛabɔ mmɔden kɛse de adi dwuma. Eyi ma yenya asetra a anigye wom. Nanso sɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ amanehunu ho no da su a ɛmfata te sɛ ahopere ne ahantan adi nso ɛ? Yɛnam mpaebɔ a emu yɛ den ne Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom no mmoa so betumi adi saa mmerɛwyɛ no so na ‘yɛahyɛ nipasu foforo’ no koraa. (Kolosefo 3:9-14) Bio nso sɛ yegyina amanehunu ano a, yɛn gyidi yɛ den. (1 Petro 1:6, 7) Paulo nyaa ahohia a ɛbaa no so no so mfaso efisɛ ɛma ɔde ne ho too Yehowa so kɛse. (2 Korintofo 1:8-10) So yɛma amanehunu dan mfasode ma yɛn?

Fa Wo Ho To Yehowa So Daa

21. Sɛ Onyankopɔn hyɛ ahantanfo aniwu a, dɛn na ɛba?

21 Onyankopɔn asɛm ma yenya biribi pa a yebetumi agyina so de yɛn ho ato Yehowa so. (Dwom 119:73-80) Sɛ yɛwɔ yɛn Bɔfo no mu ahotoso ankasa a, biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛte aniwu nka. Nanso esiane nea afoforo yɛ nti, yehia awerɛkyekye na ebia yɛbɛte nka sɛ yɛbɛbɔ mpae sɛ: “Ma ahantanfo ani nwu.” (Dwom 119:76-78) Sɛ Yehowa hyɛ saafo no aniwu a, eyi ma wɔn akwammɔne no da adi na ɛtew ne din kronkron no ho. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ wɔn a wɔsɔretia Onyankopɔn nkurɔfo no rennya hwee mfi mu. Sɛ nhwɛso no, wontumi ntɔree Yehowa Adansefo a wofi wɔn koma nyinaa mu de wɔn ho to Onyankopɔn so no ase ɛ, na wɔrentumi ntɔre wɔn ase nso da.—Mmebusɛm 3:5, 6.

22. Ɔkwan bɛn so na na odwontofo no te “sɛ toa a ɛwɔ wusiw mu”?

22 Sɛ wɔtaa yɛn a, Onyankopɔn asɛm ma yɛhyɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu no mu den. (Dwom 119:81-88) Esiane sɛ na ahantanfo retaa odwontofo no nti, ɔtee nka “sɛ toa a ɛwɔ wusiw mu.” (Dwom 119:83, 86) Wɔ Bible mmere mu no, na wɔde nsu, nsa, ne nneɛma afoforo a ɛyɛ nsunsu gu ntoa a wɔde aboa nhoma ayɛ mu. Sɛ wɔde saa ntoa yi sɛn beae a ɛbɛn ogya wɔ ɔdan bi a wusiw wom mu na wɔmfa nni dwuma a, na ebetumi atwintwam. So ahokyere anaa ɔtaa ma wote nka sɛ “toa a ɛwɔ wusiw mu”? Sɛ saa a, fa wo ho to Yehowa so, na bɔ mpae sɛ: “W’adɔe nti ma minnya nkwa, na madi w’anom adanse so.”—Dwom 119:88.

23. Dɛn na Dwom 119:1-88 a yɛasusuw ho no ama yɛasua, na bere a yɛhwɛ kwan sɛ yebesua Dwom 119:89-176 no, dɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

23 Nea yɛasusuw ho wɔ Dwom 119 fã a edi kan mu no kyerɛ sɛ Yehowa da adɔe adi kyerɛ n’asomfo efisɛ wɔde wɔn ho to n’asɛm so na wɔn ani gye n’ahyɛde, n’adansesɛm, ne ne mmara ho. (Dwom 119:16, 47, 64, 70, 77, 88) N’ani gye sɛ wɔn a wɔsom no no hwɛ wɔn ho so sɛnea n’asɛm se. (Dwom 119:9, 17, 41, 42) Bere a yɛhwɛ kwan sɛ yebesua dwom a ɛhyɛ nkuran yi fã a aka no, wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘So mema Yehowa asɛm yɛ me nan ase kanea ankasa?’

[Ase hɔ asɛm]

a Nea wɔka ho asɛm wɔ ha no fa Yehowa nkrasɛm ho, na ɛnyɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu nsɛm nyinaa.

Wubebua Dɛn?

• Anigye ankasa a yebenya no gyina dɛn so?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa asɛm ma yɛn ho tew wɔ honhom fam?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asɛm ma yenya akokoduru ne awerɛkyekye?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya Yehowa ne n’asɛm mu gyidi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 11]

Rut, Rahab, ne Hebrifo mmabun a na wɔwɔ Babilon dommum mu no ‘hwɛɛ wɔn ho so sɛnea Onyankopɔn asɛm se’

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Paulo de akokoduru ‘kaa Onyankopɔn adanse ho asɛm ahene anim’