Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Onyankopɔn Asɛm Nyɛ Wo Kwan So Hann

Ma Onyankopɔn Asɛm Nyɛ Wo Kwan So Hann

Ma Onyankopɔn Asɛm Nyɛ Wo Kwan So Hann

“W’asɛm yɛ . . . me kwan so hann.”—DWOM 119:105.

1, 2. Ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa asɛm ahyerɛn wɔ yɛn kwan so?

 SƐ YƐMA hokwan a, Yehowa asɛm bɛhyerɛn wɔ yɛn kwan so. Sɛ yebenya saa honhom fam hann no so mfaso a, ɛsɛ sɛ yɛde nsi sua Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no na yɛde emu afotu no di dwuma. Saa a yɛbɛyɛ nkutoo na ɛbɛma yɛate nka te sɛ odwontofo no: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.”—Dwom 119:105.

2 Afei momma yensusuw Dwom 119:89-176 ho. Hwɛ sɛnea nsɛm a mfaso wɔ so pii wɔ saa nkyekyɛm ahorow a wɔahyehyɛ no afa 11 yi mu! Ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so anantew ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so.—Mateo 7:13, 14.

Dɛn Nti Na Ɛsɛ sɛ Yɛdɔ Onyankopɔn Asɛm

3. Ɔkwan bɛn so na Dwom 119:89, 90 kyerɛ sɛ yebetumi de yɛn ho ato Onyankopɔn asɛm so?

3 Yehowa asɛm a yɛbɛdɔ no bɛma yɛagyina pintinn wɔ honhom fam. (Dwom 119:89-96) Odwontofo no too dwom sɛ: “[Yehowa, NW], w’asɛm wɔ hɔ daa, etim ɔsoro. . . . Woasiesie asase, na egyina hɔ [pintinn, NW].” (Dwom 119:89, 90) Ɛdenam Onyankopɔn asɛm so no, ne “soro nhyehyɛe”—ɔsoro abɔde no fa wɔn kwan so pɛpɛɛpɛ na asase atim hɔ pintinn daa. (Hiob 38:31-33; Dwom 104:5) Yebetumi de yɛn ho ato asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so; nea Onyankopɔn ka no ‘bɛyɛ hɔ’ na ama n’atirimpɔw abam.—Yesaia 55:8-11.

4. Dɛn na Onyankopɔn asɛm a n’asomfo dɔ no yɛ ma wɔn bere a wohu amane no?

4 Sɛ odwontofo no ‘annɔ Onyankopɔn mmara a, anka ɔsɛee wɔ n’amane mu.’ (Dwom 119:92) Ɛnyɛ ahɔho na wɔma ohuu amane; ɛyɛ Israelfo mmaratofo na wɔtan no. (Leviticus 19:17) Nanso eyi ammu n’abam efisɛ ɔdɔɔ Onyankopɔn mmara a ɛwowaw no no. Bere a ɔsomafo Paulo wɔ Korinto no, ɔtɔɔ “anuanom atorofo mu asiane mu” a na ebetumi aba sɛ “asomafo atitiriw” a na wɔrehwehwɛ sobo abɔ no no ka ho. (2 Korintofo 11:5, 12-14, 26) Nanso, Paulo kɔɔ so wɔ Onyankopɔn som mu efisɛ na ɔdɔ Onyankopɔn asɛm. Esiane sɛ yɛdɔ Yehowa Asɛm a wɔakyerɛw na yɛde nea ɛka no di dwuma nti, yɛdɔ yɛn nuanom. (1 Yohane 3:15) Sɛ wiase no tan yɛn mpo a, yɛkɔ so di Onyankopɔn akwankyerɛ nyinaa so. Bere a yɛhwɛ kwan sɛ yɛde anigye bɛsom Yehowa daa no, yɛne yɛn nuanom kɔ so de ɔdɔ ne biakoyɛ yɛ n’apɛde.—Dwom 119:93.

5. Ɔkwan bɛn so na Ɔhene Asa hwehwɛɛ Yehowa?

5 Bere a yɛreda yɛn ahofama ma Onyankopɔn adi no, yebetumi abɔ mpae sɛ: “Meyɛ wo dea, gye me nkwa, na midi wo nsiesiei akyi.” (Dwom 119:94) Ɔhene Asa hwehwɛɛ Onyankopɔn na otuu ɔwae ase fii Yuda. Wɔ nhyiam kɛse bi a wɔyɛe wɔ ɔhene Asa ahenni afe a ɛto so 15 (963 A.Y.B.) mu no, Yudafo no ‘kɔɔ apam bi mu sɛ wɔbɛhwehwɛ Yehowa.’ Onyankopɔn ‘ma wohuu no’ na ‘ɔmaa wɔn ɔhome afa nyinaa hyiae.’ (2 Beresosɛm 15:10-15) Ɛsɛ sɛ saa nhwɛso yi hyɛ obiara a wɔatwe ne ho afi Kristofo asafo no ho no nkuran ma ɔsan hwehwɛ Onyankopɔn. Obehyira wɔn a wofi ase ne ne nkurɔfo bɔ bio no na wabɔ wɔn ho ban.

6. Dɛn na sɛ yɛyɛ a ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi honhom fam asiane ho?

6 Yehowa asɛm ma yenya nyansa a ebetumi abɔ yɛn ho ban afi honhom fam asiane ho. (Dwom 119:97-104) Onyankopɔn mmara nsɛm ma yɛyɛ anyansafo sen yɛn atamfo. N’adansesɛm a yebetie no ma yenya nhumu, na ne ‘nsiesie a yebedi so no ma yenya ntease sen mpanyimfo.’ (Dwom 119:98-100) Sɛ Yehowa nsɛm ‘yɛ yɛn dodom dɛ sen sɛ ɛwo yɛ wɔ yɛn anom a’ yɛbɛpo “nkontompo kwan nyinaa” na yɛakyi. (Dwom 119:103, 104) Eyi bɛbɔ yɛn ho ban afi honhom fam asiane ho bere a yɛne nnipa a wɔyɛ ahantanfo, basabasayɛfo ne amumɔyɛfo di nsɛm wɔ nna a edi akyiri yi mu no.—2 Timoteo 3:1-5.

Yɛn Nan Ase Kanea

7, 8. Sɛ yebedi asɛm a ɛwɔ Dwom 119:105 so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

7 Onyankopɔn asɛm ma yenya honhom fam hann a enni huammɔ. (Dwom 119:105-112) Sɛ yɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn anaasɛ wɔn ahokafo “nguan foforo” no, yɛka sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” (Yohane 10:16; Dwom 119:105) Onyankopɔn asɛm te sɛ kanea a ɛhyerɛn yɛn kwan so, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenhintiw na yɛnhwe ase honhom fam. (Mmebusɛm 6:23) Nanso, yɛn ankasa na ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa asɛm yɛ yɛn nan ase kanea.

8 Ɛsɛ sɛ yegyina pintinn te sɛ nea ɔhyehyɛɛ Dwom 119 no. Na wasi ne bo sɛ ɔremman mfi Onyankopɔn ahyɛde ho. Ɔkae sɛ: “Maka ntam, na mɛma agyina, sɛ medi wo [Yehowa] trenee atemmude so.” (Dwom 119:106) Mommma yemmu mfaso a ɛwɔ Bible a yebesua no daa de yɛn ho ahyɛ Kristofo nhyiam horow mu no adewa da.

9, 10. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ankorankoro a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa no betumi ‘aman afi n’ahyɛde ho,’ nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati sɛ yɛbɛyɛ saa?

9 Odwontofo no ‘amfom Onyankopɔn nsiesie kwan ho,’ nanso obi a wɔahyira ne ho so ama Yehowa betumi afom ne nsiesie ho. (Dwom 119:110) Ɛwom, na Ɔhene Salomo yɛ ɔman a na wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa no muni, na na wadi kan ayɛ ade ma ɛne nyansa a efi Onyankopɔn no ahyia, nanso ɔfomee. “Ɔno mpo mmea ananafo na wɔma ɔyɛɛ bɔne” denam nnaadaa a wɔdaadaa no ma ɔsom atoro anyame so.—Nehemia 13:26; 1 Ahene 11:1-6.

10 “Ofirisumfo,” Satan, sunsum mfiri pii. (Dwom 91:3) Sɛ nhwɛso no, ebia obi a kan no na yɛne no som bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa yɛn ma yɛaman afi ɔkwan a honhom fam hann wɔ so no so akɔ awaefo sum mu. Ná “ɔbea Isebel,” ebia mmea kuw bi a na wɔrekyerɛkyerɛ afoforo sɛ wɔnsɛe aware na wɔmmɔ aguaman wɔ Kristofo a wɔwɔ Tiatra no mu. Yesu ampene nnipa bɔne a wɔtete saa no so, na saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛpene wɔn so. (Adiyisɛm 2:18-22; Yuda 3, 4) Enti momma yɛmmɔ mpae nhwehwɛ Yehowa hɔ mmoa na amma yɛamman amfi n’ahyɛde ho, mmom no yɛakɔ so atra hann a efi Onyankopɔn Asɛm mu no mu.—Dwom 119:111, 112.

Onyankopɔn Asɛm Wowaw Yɛn

11. Sɛnea Dwom 119:119 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bu abɔnefo?

11 Sɛ yɛkɔ so di Onyankopɔn ahyɛde ahorow so a, ɔbɛwowaw yɛn. (Dwom 119:113-120) Yɛmpene wɔn a wɔyɛ “adwene ntantafo” so sɛnea Yesu mpo mpene wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo nnɛ a wɔyɛ boturobodwo so no. (Dwom 119:113; Adiyisɛm 3:16) Esiane sɛ yefi koma nyinaa mu som Yehowa nti, ɔyɛ ‘yɛn guankɔbea’ na ɔbɛwowaw yɛn. Obebu wɔn a ‘wɔfom n’ahyɛde so nyinaa animtiaa’ bere a wotwa nkontompo na wosisi afoforo no. (Dwom 119:114, 117, 118; Mmebusɛm 3:32) Obu abɔnefo a wɔte saa no sɛ “dadebin”—efĩ a wɔhohoro fi agude a ɛsom bo te sɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ho no. (Dwom 119:119; Mmebusɛm 17:3) Ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so adɔ Onyankopɔn adansesɛm bere nyinaa, efisɛ yɛrempɛ da sɛ wɔde yɛn bɛka abɔnefo a wɔaboaboa wɔn ano sɛ dadebin a wɔrebɛsɛe wɔn no ho!

12. Dɛn nti na Yehowa ho suro ho hia?

12 Odwontofo no kae sɛ: “Wo [Yehowa] ho hu ma me honam popo.” (Dwom 119:120) Sɛ Onyankopɔn bɛwowaw yɛn sɛ n’asomfo a, ehia sɛ yenya osuro pa ma no denam twe a yɛbɛtwe yɛn ho afi nea n’ani nye ho ho so. Ɛyɛ osuro pa a Hiob nya maa Yehowa no na ɛma ɔbɔɔ bra a ɛteɛ no. (Hiob 1:1; 23:15) Onyankopɔn ho suro betumi ama yɛakɔ so abɔ bra a ɛsɔ Onyankopɔn ani ɛmfa ho ɔhaw biara a ɛsɛ sɛ yegyina ano no. Nanso, boasetɔ hwehwɛ sɛ yɛde gyidi bɔ mpae anibere so.—Yakobo 5:15.

Fa Gyidi Bɔ Mpae

13-15. (a) Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ wobebua yɛn mpaebɔ? (b) Sɛ yenhu nea yɛnka wɔ mpaebɔ mu a, dɛn na ebetumi asi? (d) Kyerɛkyerɛ sɛnea Dwom 119:121-128 betumi afa yɛn ‘apini a empue’ wɔ mpaebɔ mu no ho mu.

13 Yebetumi de gyidi abɔ mpae sɛ Onyankopɔn bedi ama yɛn. (Dwom 119:121-128) Te sɛ odwontofo no, yɛwɔ ahotoso sɛ wobetie yɛn mpaebɔ. Dɛn ntia? Efisɛ yɛdɔ Onyankopɔn mmara nsɛm “sen sika.” Bio nso, ‘yebu Onyankopɔn nsiesie nyinaa sɛ ɛteɛ ade nyinaa mu.’—Dwom 119:127, 128.

14 Yehowa tie yɛn adesrɛ efisɛ yɛde gyidi bɔ mpae na yedi n’ahyɛde so nso. (Dwom 65:2) Nanso sɛ ɛtɔ bere bi na ɔhaw ma yɛn adwene tu fra na yenhu nea yɛnka wɔ yɛn mpaebɔ mu nso ɛ? Ɛnde “honhom no ara de apini a empue srɛ ma yɛn.” (Romafo 8:26, 27) Wɔ mmere a ɛte saa mu no, Onyankopɔn fa nsɛm a ɛwɔ N’asɛm mu no sɛ yɛn ahiade ho mpaebɔ.

15 Mpae ne nsɛm pii a ɛfa yɛn “apini a empue” ho ahyɛ Kyerɛwnsɛm no mu ma. Sɛ nhwɛso no, susuw Dwom 119:121-128 ho. Ɔkwan a wɔafa so aka nsɛm wɔ ha no betumi afa yɛn tebea ahorow ho. Sɛ yesuro sɛ wobesisi yɛn a, yebetumi asrɛ Onyankopɔn mmoa wɔ ɔkwan a odwontofo no faa so yɛɛ saa no so. (Nkyekyɛm 121-123) Fa no sɛ ɛsɛ sɛ yesi gyinae bi a emu yɛ den. Ɛnde yebetumi abɔ mpae sɛ Yehowa honhom mmoa yɛn ma yɛnkae n’adansesɛm na yɛmfa nni dwuma. (Nkyekyɛm 124,125) Ɛwom sɛ ‘yɛtan nkotompofo kwan nyinaa’ de, nanso ebia ɛho behia sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn ma ɔboa yɛn na amma yɛannyae yɛn ho mu wɔ sɔhwɛ bi mu anto ne mmara. (Nkyekyɛm 126-128) Sɛ yɛkenkan Bible no daa a, nsɛm a ɛtete saa a mfaso wɔ so betumi aba yɛn adwenem bere a yɛde yɛn adesrɛ to Yehowa anim no.

Yehowa Nkaesɛm Boa Yɛn

16, 17. (a) Dɛn nti na yehia Onyankopɔn nkaesɛm, na ɛsɛ sɛ yebu no dɛn? (b) Afoforo bebu yɛn dɛn, nanso dɛn na ehia ankasa?

16 Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ na yenya n’anim dom a, ɛsɛ sɛ yedi n’adansesɛm anaa ne nkaesɛm so. (Dwom 119:129-136) Esiane sɛ yɛyɛ nnipa a yɛn werɛ tumi fi ade nti, yehia Yehowa nkaesɛm a ɛyɛ nwonwa a ɛma yɛkae n’akwankyerɛ ne ne mmara nsɛm no. Nokwarem no, yɛn ani sɔ ntease foforo biara a honhom fam hann ma yenya wɔ Onyankopɔn asɛm mu no. (Dwom 119:129, 130) Yɛn ani sɔ nso sɛ Yehowa ma ‘n’anim haran yɛn so’ ma yenya ne mpeneso, ɛwom sɛ ‘asuten sen yɛn aniwa mu gu’ esiane afoforo a wonni ne mmara so nti.—Dwom 119:135, 136; Numeri 6:25.

17 Yɛwɔ awerɛhyem sɛ sɛ yedi Onyankopɔn trenee nkaesɛm so a, yɛbɛkɔ so anya n’anim dom. (Dwom 119:137-144) Sɛ Yehowa asomfo no, yegye tom sɛ ɛfata sɛ Yehowa ma yehu ne nkaesɛm a ɛteɛ no na ɔde ma yɛn sɛ mmara nsɛm a ɛsɛ sɛ yedi so. (Dwom 119:138) Esiane sɛ na odwontofo no di Onyankopɔn mmara nsɛm so nti, ɛyɛɛ dɛn na ɔkae sɛ: “Misua na memfra” no? (Dwom 119:141) Ɛda adi sɛ na ɔde reka sɛnea n’atamfo bu no no ho asɛm. Sɛ yɛkɔ so yɛ nea ɛteɛ a, afoforo bebu yɛn animtiaa. Nanso nea ehia ne sɛ, esiane sɛ yɛde Yehowa trenee nkaesɛm bɔ yɛn bra nti, yɛwɔ n’anim dom.

Yenya Ahobammɔ ne Asomdwoe

18, 19. Sɛ yɛde Onyankopɔn nkaesɛm di dwuma a, dɛn na efi mu ba?

18 Onyankopɔn adansesɛm a yɛde di dwuma no ma yɛbɛn no. (Dwom 119:145-152) Esiane sɛ yetie Yehowa adansesɛm nti, yefi koma nyinaa mu hwehwɛ ne mmoa a yensuro, na yebetumi ahwɛ kwan sɛ obetie yɛn. Yebetumi anyan ‘anɔpahema’ na yɛasu afrɛ no. Bere a ɛfata a yebetumi de abɔ mpae bɛn ara ni! (Dwom 119:145-147) Onyankopɔn bɛn yɛn nso efisɛ yɛtwe yɛn ho fi ahohwibra ho na yebu n’asɛm sɛ ɛyɛ nokware sɛnea Yesu nso yɛe no. (Dwom 119:150, 151, NW; Yohane 17:17) Abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no wowaw yɛn wɔ amanehunu wiase yi mu na ɛbɛwowaw yɛn de yɛn atwa ne ko kɛse Harmagedon no.—Adiyisɛm 7:9, 14; 16:13-16.

19 Esiane obu kɛse a yɛwɔ ma Onyankopɔn asɛm nti, yenya ahobammɔ a edi mũ. (Dwom 119:153-160) ‘Yentwiw mfii Yehowa adansesɛm ho’ te sɛ abɔnefo no. Yɛdɔ Onyankopɔn ahyɛde ma enti yenya ahobammɔ wɔ n’adɔe mu. (Dwom 119:157-159) Yehowa nkaesɛm kanyan yɛn adwene sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkae nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ wɔ tebea ahorow pɔtee bi mu. Wɔ ɔkwan foforo so no, Onyankopɔn ahyɛde yɛ akwankyerɛ na yegye tom ntɛm ara sɛ yɛn Bɔfo no wɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ yɛn kwan. Esiane sɛ yenim sɛ ‘Onyankopɔn asɛm ntoano yɛ nokware’ na yɛn ankasa ntumi nkyerɛ yɛn ho kwan nti, yɛde anigye gye Onyankopɔn akwankyerɛ tom.—Dwom 119:160; Yeremia 10:23.

20. Dɛn nti na yɛwɔ “asomdwoe pii”?

20 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa mmara no ma yenya asomdwoe pii. (Dwom 119:161-168) Ɔtaa nsɛe “Nyankopɔn asomdwoe” a ɛso bi nni a yɛwɔ no. (Filipifo 4:6, 7) Yɛn ani sɔ Yehowa atemmusɛm kɛse araa ma enti yeyi no ayɛ wɔ ho mpɛn pii—‘mpɛn ason dakoro.’ (Dwom 119:161-164) Odwontofo no too dwom sɛ: “Asomdwoe pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara, na biribi [nto wɔn hintidua, NW].” (Dwom 119:165) Sɛ́ ankorankoro no, sɛ yɛdɔ Yehowa mmara na yedi so a, yɛremma nea obi bɛyɛ anaa biribi foforo biara nto yɛn hintidua.

21. Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ sɛ nsɛnnennen bi sɔre wɔ asafo no mu a, ɛnsɛ sɛ yɛma no to yɛn hintidua?

21 Nnipa pii a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no amma biribiara anto wɔn hintidua afebɔɔ. Sɛ nhwɛso no, Kristoni barima Gaio amma Diotrefe subammɔne no anto ne hintidua, mmom no, ‘ɔkɔɔ so nantew nokware no mu.’ (3 Yohane 1-3, 9, 10) Paulo tuu Kristofo mmea, Euodia ne Sintike a ɛda adi sɛ na nsɛnnennen asɔre wɔn ntam no fo sɛ “wonnwen ade koro Awurade mu.” Ɛda adi sɛ, wɔboaa wɔn ma wosiesiee nsɛnnennen no na wɔtoaa so som Yehowa nokware mu. (Filipifo 4:2, 3) Enti sɛ nsɛnnennen bi sɔre wɔ asafo no mu a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛto yɛn hintidua. Momma yɛmfa yɛn adwene nsi Yehowa ahyɛde a yebedi so so na yɛnkae sɛ ‘yɛn akwan nyinaa wɔ n’anim.’ (Dwom 119:168; Mmebusɛm 15:3) Afei biribiara nni hɔ a ɛbɛsɛe “asomdwoe pii” a yɛwɔ no koraa.

22. (a) Sɛ yetie Onyankopɔn a, hokwan bɛn na yebetumi anya? (b) Ɛsɛ sɛ yebu wɔn a wɔafi Kristofo asafo no mu no dɛn?

22 Sɛ yɛyɛ setie ma Yehowa bere nyinaa a, yebenya hokwan akɔ so ayi no ayɛ. (Dwom 119:169-176) Sɛ yedi Onyankopɔn ahyɛde ahorow so a, ɛnyɛ honhom fam ahobammɔ nko na yebenya, mmom no, yɛn ‘ano bɛkɔ so aworo Yehowa ayeyi.’ (Dwom 119:169-171, 174) Eyi yɛ hokwan a ɛsen biara a yebetumi anya wɔ nna a edi akyiri yi mu. Na odwontofo no pɛ sɛ ɔkɔ so tra ase na oyi Yehowa ayɛ, nanso wɔ tebea bi a wɔankyerɛ mu mu no ‘ɔfom kwan te sɛ oguan a wayera.’ (Dwom 119:175, 176) Ebia wɔn a wɔafi Kristofo asafo no mu binom da so ara dɔ Onyankopɔn na wɔbɛpɛ sɛ woyi no ayɛ. Enti momma yɛn nyinaa nyɛ nea yebetumi nyinaa mfa mmoa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsan anya honhom fam ahobammɔ na wɔanya anigye a Yehowa nkurɔfo a wɔne wɔn bom yi no ayɛ de ba no bi.—Hebrifo 13:15; 1 Petro 5:6, 7.

Yɛn Kwan so Hann a Ɛhyerɛn Daa

23, 24. Mfaso bɛn na woanya wɔ Dwom 119 so?

23 Dwom 119 betumi aboa yɛn wɔ akwan pii so. Sɛ nhwɛso no, ebetumi ama yɛde yɛn ho ato Onyankopɔn so kɛse, efisɛ ɛma ɛda adi sɛ nea ɛde anigye ankasa ba no fi ‘Yehowa mmara a yɛnantew so’ mu. (Dwom 119:1) Odwontofo no kae yɛn sɛ ‘Onyankopɔn asɛm ntoano yɛ nokware.’ (Dwom 119:160) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ eyi ma anisɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no nyinaa yɛ kɛse. Sɛ yesusuw Dwom 119 ho a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛde nsi sua Kyerɛwnsɛm no. Odwontofo no kɔɔ so srɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.” (Dwom 119:12, 68, 135) Ɔsan nso srɛe sɛ: “Kyerɛkyerɛ me nhumu pa ne nimdeɛ, na magye wo mmara nsɛm madi.” (Dwom 119:66) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so.

24 Yehowa nkyerɛkyerɛ ma yetumi ne no nya abusuabɔ. Odwontofo no kɔɔ so frɛɛ ne ho Onyankopɔn somfo. Nokwarem no, ɔde nsɛm a ɛka koma yi na ɛka Yehowa ho asɛm: “Meyɛ wo dea.” (Dwom 119:17, 65, 94, 122, 125; Romafo 14:8) Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ yɛsom Yehowa na yeyi no ayɛ sɛ n’Adansefo no mu biako! (Dwom 119:7) So wode anigye resom Onyankopɔn sɛ Ahenni dawurubɔfo? Sɛ saa a, nya awerɛhyem sɛ sɛ wode wo ho to Yehowa asɛm so na woma ɛyɛ wo kwan so hann bere nyinaa a, ɔbɛkɔ so awowaw wo na wahyira wo wɔ adwuma a nidi wom yi mu.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn asɛm?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asɛm wowaw yɛn?

• Akwan bɛn so na Yehowa nkaesɛm boa yɛn?

• Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo wɔ ahobammɔ ne asomdwoe?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Onyankopɔn asɛm ma yenya honhom mu hann

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Sɛ yɛdɔ Yehowa adansesɛm a, ɔremmu yɛn sɛ “dadebin”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Sɛ yɛkenkan Bible no daa a, nsɛm a mfaso wɔ so bɛba yɛn adwenem bere a yɛbɔ mpae no