Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nimdeɛ a Yebenya Nnɛ Ne Daa

Nimdeɛ a Yebenya Nnɛ Ne Daa

Nimdeɛ a Yebenya Nnɛ Ne Daa

GERMANNI oduruyɛfo bi a wɔfrɛ no Ulrich Strunz kyerɛw nhoma ahorow bi a ɔtoo din Forever Young. Ɔkae wom sɛ apɔw-mu-teɛteɛ, nnuan a ɛma ahoɔden, ne abrabɔ pa betumi ama obi anya akwahosan a edi mu na wanyin akyɛ. Nanso wanka ankyerɛ n’akenkanfo sɛ sɛ wɔde n’afotu no di dwuma a ebetumi ama wɔatra ase daa.

Nanso nimdeɛ bi wɔ hɔ a ɛma daa nkwa. Ɔkwan foforo so no, sɛ wotra ase daa a, wubetumi anya nimdeɛ a mfaso wɔ so daa. Yesu ka kyerɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3) Ma yenni kan nkyerɛ asɛm “daa nkwa” no ase, na afei yɛnhwɛ nea saa nimdeɛ yi kyerɛ ne sɛnea ɛbɛyɛ a wo nsa betumi aka.

Bible kyerɛ sɛ, ɛrenkyɛ Ɔbɔadeɛ no bɛma asase adan paradise ankasa, na ɛno de onyinkyɛ bɛba. Sɛ saa Paradise no bɛba a ɛsɛ sɛ biribi a ɛyɛ hu si, biribi a ɛte sɛ Noa bere so Nsuyiri no. Mateo ti 24 nkyekyɛm 37 ne 39 ma ɛda adi sɛ Yesu de yɛn bere yi totoo “Noa nna” no ho, emu na nkurɔfo ‘anhu’ tebea a ɛyɛ hu a na wɔwom no. Wobuu wɔn ani guu asɛm a Noa kae no nso so. Na ɛbae sɛ “da a Noa hyɛn adaka no mu” no, Nsuyiri no sɛee wɔn a wɔpoo saa nimdeɛ no nyinaa. Noa ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ adaka no mu no nyaa nkwa.

Yesu daa no adi sɛ “da” bi a ɛte saa reba wɔ yɛn bere yi so. Wɔn a wɔn ani ku ho sɛ wobenya nea ɛreba yi ho nimdeɛ no benya wɔn ti adidi mu, na wɔanya anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa. Bio nso, awufo a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu nyinaa bɛsɔre aba nkwa mu a wɔhwɛ kwan sɛ wɔrenwu bio. (Yohane 5:28, 29) Hyɛ sɛnea Yesu daa nsusuwii abien yi adi no nsow. Ɔreka owusɔre ho asɛm akyerɛ Marta no, ɔkae sɛ: “Obiara a onya me mu gyidi no, sɛ owu mpo a, ɔbɛba nkwa mu; na obiara a ɔte ase a onya me mu gyidi no renwu da.” Nneɛma nyinaa di adanse sɛ saa “da” no abɛn yiye, na ɛkyerɛ sɛ ebia ‘wunwu da.’—Yohane 11:25-27.

Afei Yesu bisaa Marta sɛ: “Wugye eyi di?” Obuae sɛ: “Yiw, Awurade.” Sɛ anka Yesu rebisa wo asɛm koro no ara nnɛ a, mmuae bɛn na wobɛma? Ebia anka ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubegye adi sɛ wubetumi atra ase daa a wunwu da. Nanso sɛ wote nka saa mpo a, akyinnye biara nni ho sɛ wobɛpɛ sɛ wugye di. Wode susuw ho, sɛ ɛkɔba sɛ ‘wunwu da’ a, hwɛ nneɛma a wubetumi asua! Wode susuw ho hwɛ sɛ seesei wutumi yɛ biribiara a wopɛe sɛ wusua na woyɛ a woanya bere anyɛ no. Na wo de hwɛ sɛ wo ne w’adɔfo a wɔawuwu asan abehyiam bio! Nimdeɛ bɛn ara na ebetumi ama biribi a ɛte saa abam, na wobɛyɛ dɛn atumi anya nimdeɛ a ɛte saa?

Nimdeɛ a Ɛma Nkwa—Yebetumi Anya

So Onyankopɔn ne Kristo ho nimdeɛ a yebenya no boro yɛn ahoɔden so? Dabida. Ɛwom sɛ Ɔbɔadeɛ no nnwuma ho nimdeɛ nni ano. Nanso, bere a Yesu reka abusuabɔ a ɛda “nimdeɛ” ne “daa nkwa” ntam no, na ɛnyɛ nsoromma anaa nyansahu fã foforo bi ho asɛm na ɔreka. Mmebusɛm ti 2, nkyekyɛm 1 ne 5 da no adi sɛ “nsɛm” ne “mmara nsɛm” a ɛwɔ Bible mu na ɛma obi nya “Onyankopɔn ho nimdeɛ.” Ɛdefa Yesu ho no, Yohane 20:30, 31 ka sɛ nea wɔakyerɛw ato hɔ no ara dɔɔso sɛ ɛbɛma ‘yɛanya nkwa.’

Enti Yehowa ne Yesu Kristo ho nimdeɛ a ɛwɔ Bible mu no ara dɔɔso sɛ ɛbɛma woahu nea wobɛyɛ a wubenya daa nkwa. Bible no yɛ nhoma a ɛda nsow. Ɔbɔadeɛ no fi ayamye mu de honhom kaa nnipa ma wɔkyerɛw Bible no wɔ ɔkwan bi so sɛnea ɛbɛma wɔn a wonsuaa nhoma da a ɛyɛ den sɛ wobesua ade ahu no nso betumi anya nimdeɛ a ɛsɛ a ɛbɛma wɔanya daa nkwa. Saa ara nso na obi a n’adwene kyere ade ntɛm a ɔwɔ bere pii ne nneɛma a ɛbɛboa no no betumi asua biribi foforo afi Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no mu bere nyinaa. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wutumi kenkan nsɛm yi no di adanse sɛ wowɔ tumi a wɔde sua ade, nanso wode saa tumi no bedi dwuma wɔ ɔkwan bɛn so?

Wɔ wiase nyinaa no, osuahu ada no adi sɛ ɔkwan pa a wubetumi afa so anya saa nimdeɛ yi ne sɛ wobɛma obi a ɔte Bible ase dedaw aboa wo ma woasua Bible no. Sɛnea Noa bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ne bere sofo anya nimdeɛ no, saa ara na Yehowa Adansefo nso wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛba wo fie ne wo abesusuw Bible no ho. Ebia wɔde Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no anaa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no na ebedi dwuma. a Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobegye adi sɛ anokwafo “renwu da” wɔ Paradise asase so mpo a, Bible mu nkɔmmɔbɔ yi bɛboa wo ma woatumi de wo ho ato bɔhyɛ yi so. Enti sɛ wopɛ sɛ wotra ase daa anaa wopɛ sɛ wuhu nea enti a ntease wom sɛ wugye di sɛ wubetumi atra ase daa a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Gye hokwan yi fa sua Bible no.

Bible adesua no begye bere tenten ahe? Wɔatintim nhomawa a ekura nkratafa 32 a yɛkaa ho asɛm seesei ara no wɔ kasa ɔhaha pii mu, na adesua ntiantia 16 pɛ na ɛwom. Ɔkwan foforo so no, sɛ wutumi nya dɔnhwerew biako dapɛn biara a, wode Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no besua Bible mu nsɛm a mfaso wɔ so wɔ asram kakraa bi ntam. Saa nhoma ahorow yi aboa nnipa pii ma wɔanya nimdeɛ na wɔanya ɔdɔ a emu dɔ ama Onyankopɔn. Ɔbɔadeɛ no behyira wɔn a wɔdɔ no ampa no, na wama wɔanya daa nkwa.

Nokwarem no, yebetumi anya nimdeɛ a ɛma daa nkwa, na saa nimdeɛ no wɔ hɔ ankasa. Wɔakyerɛ Bible mũ no anaa ne fã bi ase akɔ kasa bɛboro 2,000 mu. Yehowa Adansefo a wɔwɔ nsase 235 so no bɛpɛ sɛ wɔboa wo ma wunya Bible ho nhoma ahorow na ama woatumi anya nimdeɛ pii aka nea wowɔ dedaw no ho.

Kokoam Adesua

Abusuabɔ a wo ne Onyankopɔn benya no yɛ wo ne wo Bɔfo no ntam asɛm. Wo nkutoo na wubetumi akura abusuabɔ no mu ahyɛ mu den, na ɔno nkutoo na obetumi ama wo daa nkwa. Enti kɔ so sua n’Asɛm a wɔakyerɛw no. Sɛ woma obi ba wo nkyɛn ntoatoaso a, wubehu sɛ ɛnyɛ den sɛ wubenya bere de asua ade.

Esiane sɛ “Onyankopɔn ho nimdeɛ” na ɛwɔ Bible ne Bible ho nhoma ahorow no mu nti, ɛfata koraa sɛ wohwɛ so yiye. (Mmebusɛm 2:5) Ɛno bɛma akyɛ ama wo. Sɛ wote ɔman a afei na ɛrenya nkɔso mu a, ebia woasua nhoma pii wɔ sukuu mu, na ebia wonam nsɛm a wutie ne nea wuhu so titiriw na esuaa ade. Sɛ nhwɛso no, wɔka kasa bɛboro 50 wɔ Benin. Ɛnyɛ den koraa sɛ wubehu sɛ nkurɔfo tumi ka kasa bɛboro anan anaa anum a wɔte no yiye, ɛwom sɛ wɔn ankasa nni saa kasa yi ho nhoma biara de. Sɛnea wutumi tie asɛm, hwɛ ade, de w’adwene si nsɛm so sua biribi fi mu no yɛ nhyira kɛse. Nanso, wubehu sɛ nhoma betumi aboa wo kɛse wɔ w’adesua mu.

Sɛ ɔdan a wote mu no mu kyere mpo a, bɔ mmɔden pɛ baabi a ɛfata fa wo Bible ne Bible ho nhoma ahorow no hyɛ. Fa hyɛ baabi a sɛ wohwehwɛ a wubehu no ntɛm na ɛnsɛe.

Abusua Adesua

Sɛ woyɛ ɔwofo a, ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ sɛ wobɛboa wo mma ma wɔanya nimdeɛ a worenya no bi. Wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no, mpɛn pii na awofo taa kyerɛ wɔn mma asetra mu nnwuma pii. Ebi ne aduannoa, nnyina kɔ, nsukɔ, afuwyɛ, mpataayi, ne aguadi. Eyinom yɛ ntetee a yɛde bɔ bra ankasa. Nanso, awofo pii mfa nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu nka saa ntetee yi ho.

Sɛnea wo tebea te biara no, wubetumi ate nka sɛ wunni bere pii a wode bɛyɛ nneɛma afoforo. Ɔbɔadeɛ no nso hu no saa. Ɛdefa sɛnea wɔde Onyankopɔn akwan bɛkyerɛkyerɛ mmofra ho no, hyɛ nea waka bere tenten ni no nsow: “Fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 6:7) Sɛnea nsɛm yi kyerɛ no, dɛn nti na woankasa wonnyɛ nhyehyɛe a wode bɛkyerɛkyerɛ te sɛ nea edi so yi:

1. “W’afitra mu”: Bɔ mmɔden sɛ wo ne wo mma besua ade wɔ fie daa, ebia dapɛn biara, sɛnea obi ne wo yɛe no. Yehowa Adansefo wɔ Bible ho nhoma ahorow a wɔde kyerɛkyerɛ mmofra a ɛsonosono wɔn mfe.

2. “Wo kwan so nantew mu”: Ka Yehowa ho asɛm kyerɛ wo mma sɛnea wokyerɛkyerɛ wɔn asetra mu ahiade anaa woma wɔn akwankyerɛ no ara pɛ.

3. “Wo nna mu”: Wo ne wo mma mmom mmɔ mpae anwummere biara.

4. “Wo sɔre mu”: Mmusua pii anya mfaso afi Bible mu nsɛm a wosusuw ho anɔpa biara no so. Yehowa Adansefo de Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa b nhomawa no na ɛyɛ eyi.

Wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no, awofo pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn ba bi anya nhomasua papa. Ɛno bɛma abofra no atumi ahwɛ n’awofo bere a wɔabɔ aberewa ne akwakora no. Nanso, sɛ wusua Bible no na woboa wo mma ma wɔn nso sua bi a, wubenya nimdeɛ a ɛbɛma wo ne w’abusua nyinaa atra ase daa.

So da bi bɛba a yebehu nneɛma nyinaa? Dabida. Bere dodow a yɛn asase yi kɔ so kyin fa amansan a enni awiei no ho hyia no, yɛbɛkɔ so anya nimdeɛ. Nokwarem no, Ɔsɛnkafo 3:11 ka sɛ: ‘Wayɛ ade nyinaa fɛfɛ ne bere mu, nso ɔde bere a enni awiei ahyɛ wɔn komam, anyɛ saa de a, anka onipa renhu adwuma a Onyankopɔn yɛ fi mfiase kosi awiei no.’ Nimdeɛ a yebenya no yɛ biribi a ɛyɛ anigye a ɛto ntwa da.

[Ase hɔ nsɛm]

a Yehowa Adansefo na wotintim n’abien nyinaa.

b Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

“Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya . . . nimdeɛ”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Boa w’abusua ma wonnya nimdeɛ nnɛ ne daa