Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Atirimpɔw bɛn nti na wɔpaw December 25 sɛ da a wɔde di Yesu awoda?

Onyankopɔn Asɛm no nhyɛɛ da biara ntoo hɔ sɛ Yesu awoda. Enciclopedia Hispánica ka sɛ: “Ɛnyɛ Yesu awo ho mmerebu no pɛpɛɛpɛ na ɛma wonyaa December 25 a wɔde di Buronya no, na mmom ɛyɛ bere a na wɔde di owia afahyɛ a wogye toom wɔ Kristosom mu no na ɛma wonyae.” Tete Romafo no dii owiapue ho afahyɛ wɔ awɔwbere mu, na wɔtow pon, gye wɔn ani yɛ dede, na wɔmema wɔn ho wɔn ho akyɛde nso.—12/15, kratafa 4-5.

• So Asomafo Nnwuma 7:59 kyerɛ sɛ Stefano bɔɔ Yesu mpae?

Dabi. Bible no kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔbɔ no mpae. Bere a Stefano huu Yesu wɔ anisoadehu mu no, ɛda adi sɛ ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔde n’adesrɛ to n’anim tee, na ɔkae sɛ: “Awurade Yesu, gye me honhom!” Na Stefano nim sɛ wɔama Yesu tumi a wɔde nyan nnipa fi owu mu. (Yohane 5:27-29) Enti Stefano srɛɛ Yesu sɛ ɔnkora ne nkwa so nkosi da a awufo sɔre no bɛba.—1/1, kratafa 31.

• Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔnhyɛɛ obiara nkrabea ntoo hɔ?

Onyankopɔn ama yɛn tumi a yɛde paw nea yɛpɛ, na ɛno bɔ nkrabea ho adwene no gu. Sɛ Yehowa hyɛ yɛn nkrabea to hɔ na ɔtwe yɛn aso wɔ nea yɛyɛ ho a, ɛrenkyerɛ ɔdɔ ne trenee wɔ n’afam. (Deuteronomium 32:4; 1 Yohane 4:8)—1/15, kratafa 4-5.

• Dɛn nti na ka a yɛbɛka sɛ anwonwade nni hɔ no bɛkyerɛ sɛ yenni nimdeɛ?

Esiane sɛ nyansahufo bi ahu sɛ wonni Onyankopɔn abɔde a ɛyɛ nwonwa ho nimdeɛ pii nti, wogye tom sɛ wontumi nka no pen sɛ hwee nni hɔ a entumi nsi. Nea wobetumi aka ara ne sɛ ebia biribi ntumi nsi.—2/15, kratafa 5-6.

• Dɛn nti na Ɔtemmufo Simson ka kyerɛɛ n’awofo sɛ ɔpɛ sɛ ɔware Filistini bea? (Atemmufo 14:2)

Na Onyankopɔn mmara tia sɛ obi bɛware ɔbosonsonni. (Exodus 34:11-16) Nanso na Filistini bea no na ‘ɔsɔ’ Simson ani. Na Simson ‘repɛ Filistifo ho kwan,’ na na ɔbea no so na ɔnam bedi saa atirimpɔw no ho dwuma. Onyankopɔn de Ne honhom boaa Simson. (Atemmufo 13:25; 14:3, 4, 6)—3/15, kratafa 26.

• So ɛsɛ sɛ Kristoni ma aban dwumayɛni bi sika anaa ɔkyɛ no ade wɔ n’adwuma a ɔyɛ ho?

Ɛyɛ mfomso sɛ wobɛma aban dwumayɛni bi adanmude, sɛ wode akyɛde bi a ɛsom bo bɛma no sɛ ɔnyɛ biribi a ɛto mmara anaa ɔnnan mmara ani anaasɛ sɛnea ɛbɛma wayɛ wo yiye asen afoforo. Nanso sɛ wokyɛ aban dwumayɛni bi ade anaa woma no sika wɔ n’adwuma a ɔyɛ ho anaa ɔyɛ biribi a mmara ma ho kwan ma wo anaa ɔyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkwati animtiabu bi a ɛnkyerɛ adanmudegye.—4/1, kratafa 29.