Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awerɛhosɛm Bi a Esii Mpofirim

Awerɛhosɛm Bi a Esii Mpofirim

Awerɛhosɛm Bi a Esii Mpofirim

NÁ Owen, abarimaa bi a wadi mfirihyia abien ne fã, redi agoru wɔ ne fie aguaree. Owen tumi foro duu adaka bi a esi aguaree hɔ a wɔde nnuru gu mu a na n’awofo susuw sɛ ɔrentumi mforo nnu ho no ho. Ohuu toa bi wɔ adaka no mu nneɛma mu na ɛtwetwee n’adwene. Obuee toa no so, na ɔnom nea ɛwom no. Awerɛhosɛm bi sii mpofirim.

Awuduru bi na na ɛwɔ toa no mu, na awerɛhosɛm ne sɛ, abofra Owen wui. N’awofo werɛ howee yiye. N’agya Percy kɔhwehwɛɛ awerɛkyekye wɔ n’asɔre mu. Obisae sɛ: “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ abofra yi wu?” Ɔsɔfo no buae sɛ, “Ná Onyankopɔn hia ɔbɔfo kumaa foforo wɔ soro.” Bere a na awerɛhow abunkam agya a ne ba awu no so no, ɔtee nka sɛ eyi yɛ asisisɛm ankasa. So Onyankopɔn na ɔmaa asiane a ɛte saa sii ampa? Abasamtu maa Percy yɛɛ n’adwene sɛ ɔrenkɔ n’asɔre no bio.

Bere a na Percy resusuw awerɛhosɛm yi ho no, obisaa ne ho sɛ, ‘So me ba abarimaa kumaa yi da so rehu amane anaa? So mehu no bio da bi?’

Ebia wo nso woasusuw tebea a awufo kɔ mu ho, na woresusuw ho sɛ ebia yebetumi ahyia yɛn adɔfo a wɔawuwu no bio daakye anaa. Onyankopɔn Asɛm, Bible, kyerɛkyerɛ saa nsɛmmisa yi mu. Mmuae a emu da hɔ na awerɛkyekye wom a ebetumi aboa wɔn a wɔahyia asiane a ɛtete saa nyinaa pɛn wɔ Bible mu. Nea ɛsen saa no, ɛka Onyankopɔn bɔhyɛ bi a ɛyɛ anigye a ɛne owusɔre ho asɛm.

Yɛsrɛ sɛ, kenkan asɛm a edi hɔ no na wubehu anidaso a ɛyɛ anigye yi ho nsɛm pii.