Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Henanom Na Wobenya Owusɔre?

Henanom Na Wobenya Owusɔre?

Henanom Na Wobenya Owusɔre?

“Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.”—YOHANE 5:28, 29.

1. Anwonwasɛm bɛn na Mose tee wɔ nkyɛkyerɛ a na ɛredɛw no mu, na hena na akyiri yi otii asɛnkoro no ara mu?

BƐBORO mfirihyia 3,500 a atwam no anwonwasɛm bi sii. Ná Mose rehwɛ tete agya Yetro nguan. Bere a Mose bɛnee Bepɔw Horeb ho no, Yehowa bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nkyɛkyerɛ bi a na ɛredɛw mu. Exodus kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɔhwɛe na hwɛ, nkyɛkyerɛ no redɛw, nanso nkyɛkyerɛ no nhyew.” Afei ɛne bi fi nkyɛkyerɛ no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene w’agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no.” (Exodus 3:1-6) Akyiri yi, Yesu, Onyankopɔn ankasa Ba no, tii asɛnkoro yi ara mu wɔ afeha a edi kan Y.B. mu.

2, 3. (a) Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma Abraham, Isak, ne Yakob? (b) Nsɛmmisa bɛn na ɛma ɛsɔre?

2 Yesu ne Sadukifo a na wonnye owusɔre nni no mu bi na na ɛrekasa saa bere no. Yesu kae sɛ: “Mose mpo daa no adi sɛ wonyan awufo, wɔ asɛm a ɛfa nkyɛkyerɛ ho no mu, bere a ɔfrɛɛ Yehowa sɛ ‘Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’ Ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de, efisɛ wɔn nyinaa te ase ma no.” (Luka 20:27, 37, 38) Yesu nam saa asɛm yi a ɔkae no so sii so dua sɛ na Abraham, Isak, ne Yakob a wɔawu bere tenteenten no da so te ase ma Onyankopɔn. Te sɛ Hiob no, wɔretwɛn sɛ wɔn ‘akõdi nna’ a wɔde ada sɛ awufo no bɛba awiei. (Hiob 14:14) Wobenyan wɔn aba Onyankopɔn wiase foforo no mu.

3 Na nnipa ɔpepepem pii a wɔawuwu wɔ nnipa abakɔsɛm nyinaa mu no nso ɛ? So wobenyan wɔn nso? Momma yɛmma Onyankopɔn Asɛm no mmoa yɛn na yenhu faako a sɛ obi wu a ɔkɔ na ama yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛtɔ asom.

Ɛhe na Awufo Wɔ?

4. (a) Sɛ nnipa wu a, wɔkɔ he? (b) Dɛn ne Sheol?

4 Bible ma yehu sɛ ‘awufo nnim biribiara.’ Sɛ obi wu a, ɔkɔ dɔte mu kɛkɛ na wɔnkɔyɛ no ayayade wɔ hellgya mu, anaa ɔnkɔtwɛn bere tenteenten wɔ Limbo anaa Mfimfimmea. Ɛno nti, Onyankopɔn Asɛm no tu ateasefo fo sɛ: “Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman [Sheol, NW] a worekɔ hɔ no.” (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Genesis 3:19) Nnipa pii ntee asɛmfua “Sheol” no da. Ɛyɛ Hebri asɛmfua nanso wonnim faako a efi ankasa. Ɔsom pii kyerɛkyerɛ sɛ awufo da so te ase, nanso sɛnea Onyankopɔn Asɛm ma yehu no, wɔn a wɔwɔ Sheol no awuwu, wonni nkate biara. Sheol kyerɛ adesamma damoa.

5, 6. Ɛhe na Yakob kɔe bere a owui no, na henanom na ɔkɔkaa wɔn ho?

5 Asɛmfua “Sheol” no pue nea edi kan koraa wɔ kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no mu wɔ Genesis 37:35. Bere a Yakob nyaa amanneɛbɔ bi sɛ ne dɔba Yosef awu no, wamma wɔankyekye ne were na ɔkae sɛ: “Mede awerɛhow yi ara mɛkɔ me ba nkyɛn wɔ asaman [Sheol, NW].” Esiane sɛ na Yakob te nka sɛ ne ba no awu nti, na ɔpɛ sɛ owu kɔ Sheol. Akyiri yi, esiane ɔkɔm a na aba nti, Yakob mmabarima mpanyimfo baakron no pɛe sɛ wɔne wɔn nua kumaa Benyamin kɔ Misraim kɔtɔ aduan. Nanso Yakob ampene so na ɔkae sɛ: “Me ba ne mo renkɔ, efisɛ ne nua awu, na aka no nko, na sɛ abew bi kɔbew no wɔ ɔkwan a morekɔ no mu a, ɛnde mode me dwen bɛkɔ asaman [Sheol, NW] awerɛhow mu.” (Genesis 42:36, 38) Nsɛm abien yi nyinaa da no adi sɛ awufo wɔ Sheol, na ɛnka sɛ onipa wu a ɔkɔtra baabi bɔ bra.

6 Genesis kyerɛwtohɔ no ma yehu sɛ na Yakob abɛyɛ aduan sohwɛfo wɔ Misraim. Ɛno nti, Yakob tumi kɔɔ hɔ ne Yosef kɔtrae anigye mu. Ɛno akyi no, Yakob traa asase no so kosii sɛ onyin bɔɔ akora na owui bere a na wadi mfirihyia 147. Yakob da owupa so no, ɔde adesrɛde bi too ne mma no anim ma enti owui no wɔde n’amu no kɔɔ Kanaan asase so kosiee no wɔ ɔboda bi a ɛwɔ Makpela mu. (Genesis 47:28; 49:29-31; 50:12, 13) Enti, Yakob kɔkaa n’agya Isak ne ne nanabarima Abraham ho.

‘Wɔboaboaa Wɔn Kɔkaa Wɔn Agyanom Ho’

7, 8. (a) Bere a Abraham wui no, ɔkɔɔ he? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Dɛn na ɛma yehu sɛ afoforo nso kɔɔ Sheol bere a wowui no?

7 Ansa na asɛm yi rebesi no, na Yehowa asi apam a na ɔne Abraham ayɛ no so dua ahyɛ no bɔ sɛ n’asefo bɛdɔɔso. Saa bere no, Yehowa kaa nea ɛbɛto Abraham kyerɛɛ no sɛ: “Wo de, wobɛkɔ w’agyanom nkyɛn asomdwoe mu, na wɔasie wo nkwakoraabere pa mu.” (Genesis 15:15) Saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae. Genesis 25:8 ka sɛ: “Abraham gyaa mu, na owui dwen pa mu, wabɔ akwakoraa, na mfe amee no, na wɔboaboaa no kaa ne nkurɔfo ho.” Ná henanom ne saa nkurɔfo yi? Wɔabobɔ nnipa bi din wɔ Genesis 11:10-26 akosi Noa ba Sem so sɛ Abraham nananom ne wɔn. Enti, saa nkurɔfo yi a wɔwɔ Sheol no na Abraham kɔkaa wɔn ho bere a owui no.

8 Wɔtaa de asɛm “wɔboaboaa no kaa ne nkurɔfo ho” di dwuma wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Enti yebetumi aka ma afata sɛ bere a Abraham ba Ismael ne Mose nua Aaron wui no, wɔn nyinaa kɔɔ Sheol kɔtwɛnee sɛ wobenyan wɔn aba nkwa mu. (Genesis 25:17; Numeri 20:23-29) Saa ara na Mose nso kɔɔ Sheol, ɛwom sɛ obiara nnim faako a ne damoa wɔ de. (Numeri 27:13; Deuteronomium 34:5, 6) Wɔ saa kwan no ara so no, bere a Yosua a obedii Israelfo no anim wɔ Mose wu akyi ne awo ntoatoaso foforo wui no, wɔn nyinaa nso kɔɔ Sheol.—Atemmufo 2:8-10.

9. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible no ma yehu sɛ Hebri asɛmfua “Sheol” ne Hela asɛmfua “Hades” no nyinaa kyerɛ ade koro? (b) Anidaso bɛn na wɔn a wɔwɔ Sheol anaa Hades no wɔ?

9 Wɔ mfehaha bi akyi no, Dawid bɛyɛɛ Israel mmusuakuw 12 no so hene. Owui no, ɔne “n’agyanom kɔdae.” (1 Ahene 2:10) So ɔno nso wɔ Sheol? Ɛyɛ nwonwa sɛ wɔ afe 33 Y.B. mu, Pentekoste da no, Petro kaa Dawid wu ho asɛm, na ɔfaa asɛm a ɛwɔ Dwom 16:10 yi kae: “Worennyaw me kra [Sheol, Fante Bible].” Bere a Petro kae sɛ Dawid da so wɔ ɔda mu no, ɔkae sɛ asɛm a ɛwɔ Dwom 16:10 no fa Yesu ho na Dawid hu “siei na ɔkaa Kristo wusɔre ho asɛm sɛ wɔannyaw no Hades na ne honam nso anhu porɔwee. Yesu yi na Onyankopɔn nyanee no, na ɛyɛ nokwasɛm a yɛn nyinaa yɛ ho adansefo.” (Asomafo Nnwuma 2:29-32) Wɔ ha no, Petro de Hela asɛmfua “Hades” a ɛne Hebri asɛmfua “Sheol” kyerɛ ade koro no na edii dwuma. Enti tebea a wɔn a wɔka sɛ wɔwɔ Sheol wom no ara mu na wɔn a wɔka sɛ wɔwɔ Hades no nso wom. Wɔn nyinaa adeda wɔ owu mu retwɛn owusɔre.

So Nnipa Bi a Wɔnteɛ Wɔ Sheol?

10, 11. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nnipa binom a wɔnteɛ nso kɔ Sheol, anaa Hades bere a wɔawu no?

10 Bere a Mose dii Israelfo no anim ma wofii Misraim koduu sare so no, atuatew bi sɔree. Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ wɔntwe wɔn ho mfi Kora, Datan ne Abiram a na wodi atuatew no anim no ho. Ná nnipa baasa no bewuwu nanso na wɔrento wɔn kɔn nwu. Mose kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ nnipa nyinaa owu na eyinom bewuwu na nnipa nyinaa asotwe na wɔde bɛma wɔn a, ɛnde na ɛnyɛ [Yehowa, NW] na ɔsomaa me; na sɛ ade foforo na [Yehowa, NW] bɛbɔ na asase bebue n’ano amene wɔn ne nea ɛwɔ wɔn nyinaa na wɔnam anikan asan akɔ asaman [Sheol, NW] a, ɛnde munhu sɛ mmarima yi ayi [Yehowa, NW] ahii.” (Numeri 16:29, 30) Enti, sɛ́ asase na ebuee n’anom menee wɔn anaasɛ ogya na ɛtɔ fii soro hyew wɔn sɛnea ɛtoo Kora ne Lewifo 250 a wɔne no yɛɛ adwene no, atuatewfo no nyinaa kɔɔ Sheol, anaa Hades.—Numeri 26:10.

11 Salomo a obedii Ɔhene Dawid ade no twee Simei aso esiane dome a ɔdomee Dawid nti. Dawid hyɛe sɛ: “Mma ne ho nnyɛ tɔtorɔtɔɔ, na woyɛ ɔba nyansafo, na wubehu ade a wobɛyɛ no, na woama ne dwen nam mogya mu asian akɔ asaman [Sheol, NW].” Salomo maa Benaia de asotwe a ɛte saa maa Simei. (1 Ahene 2:8, 9, 44-46) Onipa foforo a ɔtɔe wɔ Benaia afoa ano ne kan Israel sahene Yoab. Ɔno nso amfa ne dwen ‘ansian ankɔ Sheol asomdwoe mu.’ (1 Ahene 2:5, 6, 28-34) Nsɛm abien yi nyinaa ma yehu nokwasɛm a ɛwɔ Dawid dwom yi mu: “Abɔnefo bɛsan akɔ [Sheol, Fante Bible], amanaman a wɔn werɛ afi Nyankopɔn nyinaa.”—Dwom 9:17.

12. Ná Ahitofel yɛ onipa bɛn, na ɛhe na ɔkɔe bere a owui no?

12 Ná Ahitofel yɛ Dawid fotufo. Ná otu fo a, ɛte sɛ nea efi Yehowa hɔ ankasa. (2 Samuel 16:23) Awerɛhosɛm ne sɛ saa yɔnko pa yi yii Dawid mae kɔkaa atuatew bi a na Dawid ba Absalom di anim ho. Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ saa yima yi ho asɛm na na ɛwɔ Dawid adwenem bere a ɔkyerɛw eyi no: “Ɛnyɛ ɔtamfo na ɔbɔ me ahohora, ɛno de, anka metie. Ɛnyɛ nea okyi me na ɔkyerɛ ne ho wɔ me so, anka mede me ho mehintaw no.” Dawid toaa so sɛ: “Ma owu ntow nsi wɔn so, ma wonsian nkɔ [Sheol, Fante Bible] anikan, na nsɛmmɔne wɔ wɔn trabea ne wɔn mu.” (Dwom 55:12-15) Ahitofel ne n’apamfo no wui no, wɔn nyinaa kɔɔ Sheol.

Henanom na Wɔwɔ Gehenna?

13. Dɛn nti na wɔfrɛ Yuda Iskariot “ɔsɛe ba”?

13 Fa asɛm a ɛtoo Dawid no toto nea ɛtoo Yesu, Dawid Ɔkɛse, no ho hwɛ. Yuda Iskariot, Kristo asomafo 12 no mu biako bɛyɛɛ ɔfatwafo te sɛ Ahitofel. Nanso na Yuda Iskariot nkɔnkɔnsa no yɛ hu sen Ahitofel de no koraa efisɛ Onyankopɔn Dɔba koro no na Yuda yii no mae. Wɔ Onyankopɔn Ba no asase so som adwuma no awiei no, ɔka faa n’akyidifo no ho wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Bere a mewɔ wɔn nkyɛn no, na mehwɛ wɔn so esiane w’ankasa wo din a wode ama me nti; m’akora wɔn so, na wɔn mu baako mpo nsɛee gye ɔsɛe ba no, na ama kyerɛwsɛm no abam.” (Yohane 17:12) Bere a Yesu frɛɛ Yuda sɛ “ɔsɛe ba no,” na ɔrepɛ akyerɛ sɛ, sɛ Yuda wu a, ɔrennya owusɔre. Onyankopɔn renkae no. Wankɔ Sheol, na mmom ɔkɔɔ Gehenna. Dɛn ne Gehenna?

14. Gehenna gyina hɔ ma dɛn?

14 Yesu kasa tiaa ne bere so nyamesom akannifo no efisɛ wɔmaa wɔn akyidifo ‘fata maa Gehenna.’ (Mateo 23:15) Ná nnipa a wɔwɔ hɔ saa bere no nim Hinom Bon a na wɔtow nneɛma funu ne nsɛmmɔnedifo a wɔakunkum wɔn a wogye di sɛ wɔmfata sɛ wosie wɔn afunu gu no ho nsɛm yiye. Ná Yesu adi kan aka Gehenna ho asɛm dedaw wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. (Mateo 5:29, 30) Ná n’atiefo no nim nea egyina hɔ ma ankasa. Ná Gehenna gyina hɔ ma ɔsɛe pasaa a owusɔre anidaso biara nnim. Wɔ Yuda Iskariot a ɔtraa ase wɔ Yesu Kristo bere so akyi no, so nnipa binom nso kɔɔ Gehenna bere a wowui a wɔankɔ Sheol anaa Hades?

15, 16. Henanom na bere a wowui no wɔkɔɔ Gehenna, na dɛn nti na wɔkɔɔ hɔ?

15 Wɔbɔɔ nnipa a wodi kan, Adam ne Hawa no, na wɔyɛ pɛ. Enti bɔne a wɔyɛe no yɛ boapayɛ bɔne. Ná owu ne nkwa da wɔn anim. Wɔtew atua wɔ Onyankopɔn so de wɔn ho kɔbɔɔ Satan. Bere a wowui no, na anidaso biara nni hɔ ma wɔn sɛ wobenya Kristo agyede afɔre no so mfaso. Mmom no, wɔkɔɔ Gehenna wɔ wɔn wu mu.

16 Kain, Adam abakan no kum ne nua Habel, na ɛno akyi no ɔbɔɔ asesa. Ɔsomafo Yohane kaa Kain ho asɛm sɛ “ofi ɔbɔnefo no mu.” (1 Yohane 3:12) Enti, yebetumi aka ma afata sɛ, te sɛ n’awofo no, Kain nso kɔɔ Gehenna bere a owui no. (Mateo 23:33, 35) Hwɛ sɛnea eyi ne nea ɛtoo ɔtreneeni Habel no bɔ abira koraa! Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛsom bo sen Kain [de] maa Nyankopɔn, na ɛnam gyidi so na wodii ne ho adanse sɛ ɔyɛ treneeni, na Nyankopɔn dii n’ayɛyɛde no ho adanse.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛnam ɛno so no, ɛwom sɛ wawu de, nanso ɔda so kasa.” (Hebrifo 11:4) Yiw, saa bere yi Habel wɔ Sheol retwɛn owusɔre.

Owusɔre a “Edi Kan” ne Nea “Eye Kyɛn So”

17. (a) Henanom na wɔkɔ Sheol wɔ “awiei bere” yi mu? (b) Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma nnipa a wɔwɔ Sheol no, na dɛn na ɛbɛto wɔn a wɔwɔ Gehenna no?

17 Nnipa pii a wɔbɛkan asɛm yi bɛpɛ sɛ wohu nea ɛbɛto wɔn a wowuwu wɔ “awiei bere” yi mu no. (Daniel 8:19) Adiyisɛm ti 6 ka apɔnkɔsotefo baanan a wɔnenam saa bere yi ho asɛm. Wɔfrɛ pɔnkɔsotefo a odi akyiri no sɛ Owu, na anwonwasɛm ne sɛ Hades na edi n’akyi. Enti nnipa a apɔnkɔsotefo no nneyɛe bɛma wɔawuwu ɔpatuwu no mu dodow no ara kɔ Hades kɔtwɛn sɛ wobenyan wɔn akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. (Adiyisɛm 6:8) Ɛnde, dɛn na ɛbɛto wɔn a wɔwɔ Sheol (Hades) ne Gehenna no? Sɛ yebetwa ne tiaa a, wɔn a wɔwɔ Sheol no wɔ anidaso sɛ wobenya owusɔre, nanso wɔn a wɔwɔ Gehenna no rennya owusɔre, wɔbɛyera korakora.

18. Anidaso bɛn na wɔn a wonya ɔfã wɔ “owusɔre a edi kan no mu” no wɔ?

18 Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Anigye ne kronkron ne obiara a onya owusɔre a edi kan no mu kyɛfa; eyinom so na owuprenu nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Nyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi hene mfe apem.” Wɔn a wɔne Kristo bedi ade no na wonyan wɔn wɔ “owusɔre a edi kan no mu.” Nanso anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma nnipa a aka no?—Adiyisɛm 20:6.

19. Sɛ wɔka sɛ ebinom benya “owusɔre a eye kyɛn so” a, ɛkyerɛ dɛn?

19 Efi Onyankopɔn asomfo Elia ne Elisa bere so tɔnn na owusɔre ama nnipa binom asan aba nkwa mu. Paulo kae sɛ: “Mmea nsa kaa wɔn awufo denam owusɔre so; nanso ebinom de, wɔyɛɛ wɔn ayayade na wɔanhwehwɛ ogye, na ama wɔanya owusɔre a eye kyɛn so.” Yiw, saa anokwafo a wokuraa wɔn mudi mu no hwɛɛ owusɔre bi a ɛnyɛ sɛ ɛbɛma wɔabɛtra ase mfe kakraa bi na wɔasan awuwu bio kwan, na mmom wɔhwɛɛ owusɔre a ɛbɛma wɔanya daa nkwa mmom kwan! Ɛno bɛyɛ “owusɔre a eye kyɛn so” ampa.—Hebrifo 11:35.

20. Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

20 Sɛ yewu wɔ nokwaredi mu ansa na Yehowa de wiase bɔne yi aba awiei a, yɛwɔ anidaso a edi mũ sɛ yebenya “owusɔre a eye kyɛn so.” Ɛyɛ owusɔre a eye kyɛn so efisɛ ɛbɛma yɛanya anidaso sɛ yebetumi atra ase daa. Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Yebesusuw nea enti a wobenyan nkurɔfo no ho bio wɔ asɛm a edi hɔ no mu. Ɛbɛma yɛahu ɔkwan a owusɔre anidaso no boa yɛn ma yekura yɛn mudi mu na afei ɛma yenya ɔpɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛma.

So Wokae?

• Dɛn nti na wɔfrɛ Yehowa sɛ “ateasefo” Nyankopɔn?

• Tebea bɛn na wɔn a wɔwɔ Sheol no wom?

• Dɛn na ɛbɛto wɔn a wɔwɔ Gehenna no?

• Sɛ wɔka sɛ ebinom benya “owusɔre a eye kyɛn so” a, ɛkyerɛ dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Te sɛ Abraham no, wɔn a wɔkɔ Sheol no benya owusɔre

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

Dɛn nti na Adam ne Hawa, Kain, ne Yuda Iskariot kɔɔ Gehenna?