Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Adɛn nti na Paulo kyerɛw faa ɔbaa warefo a ɔyɛ Kristoni ho sɛ: “Ɔnam abawo so benya ahobammɔ”?—1 Timoteo 2:15.

Dɛn na nea na Paulo reka ho asɛm wɔ ti yi mu no ma ɛda adi? Wɔnam honhom kronkron so maa Paulo kyerɛw Kristoni bea asɛyɛde wɔ asafo no mu ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ mmea de fɛre ne adwenemtew hyɛ ntade a ɛfata, ɛnyɛ mmɛsawɔw soronko ne sika anaa nhene anaa ntade a ne bo yɛ den kɛse mu, na mmom nea ɛfata mmea a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn, denam nnwuma pa so.” (1 Timoteo 2:9, 10) Ná Paulo rehyɛ ne nuanom Kristofo mmea nkuran sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ, na wɔmfa adwempa mpaw nneɛma a wɔde besiesie wɔn ho, na ‘wɔnhyɛ’ anaa wɔnyɛ nnwuma pa.

Nea edi hɔ no, Paulo kyerɛkyerɛɛ tiyɛ ho nhyehyɛe a ɛwɔ asafo no mu mu sɛ: “Memma ɔbea kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ onni ɔbarima so tumi, na mmom sɛ ɔnyɛ komm.” (1 Timoteo 2:12; 1 Korintofo 11:3) Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ nea enti a ɔbarima na ɔyɛ ti no ne sɛ ɛnyɛ Adam na Satan daadaa no, na mmom Hawa na “wɔdaadaa no ma ɔyɛɛ mmaratode.” Ɛnde dɛn na ɛbɛboa Kristoni bea na wankɔyɛ Hawa bɔne no bi? Paulo bua sɛ: “Nanso sɛ ɔkɔ so tra gyidi ne ɔdɔ ne ahotew ne adwenemtew mu a, ɔnam abawo so benya ahobammɔ.” (1 Timoteo 2:14, 15) Ná Paulo kyerɛ dɛn, bere a ɔkaa saa asɛm yi no?

Sɛnea Bible nkyerɛasefo bi kyerɛ asɛm no ase no ma ɛyɛ te sɛ, ɛsɛ sɛ ɔbea wo mma ansa na wanya nkwa. Sɛ nhwɛso no, Today’s English Version ka sɛ: “Sɛ ɔbea wo mma a, na ɔnam so benya nkwa.” Nanso sɛnea wɔkyerɛ asɛm a Paulo kae no ase no nyɛ nokware. Kyerɛw nsɛm pii ma yehu sɛ, sɛ obi benya nkwa a, ɛsɛ sɛ ohu Yehowa, ogye Yesu di, na ɔde nnwuma da ne gyidi adi. (Yohane 17:3; Asomafo Nnwuma 16:30, 31; Romafo 10:10; Yakobo 2:26) Bio nso, na ɛnyɛ sɛ Paulo rekyerɛ sɛ sɛ mmea a wɔyɛ gyidifo kɔ awo so a, wɔbɛwo afa wɔn ho afa wɔn ba ɔkwan biara so. Mmea a wɔyɛ gyidifo anaa wɔnyɛ bi binom akɔ awo so awo afa wɔn ho afa wɔn ba. Na awerɛhosɛm nso ne sɛ, ebinom a na wɔyɛ gyidifo anaa wɔnyɛ bi no wui bere a wɔrewo.—Genesis 35:16-18.

Afotu a Paulo san de maa mmea akyiri yi wɔ saa krataa yi ara mu no boa yɛn ma yɛte nea na ɔrekyerɛ no ase. Ɔde afotu ma wɔ mmea akunafo binom a wonnyinii a na wɔyɛ “anihaw, nenam afie afie mu kwa; na ɛnyɛ sɛ wɔnyɛ hwee nko na mmom wodi nseku de wɔn ho gyigye nkurɔfo nsɛm mu nso, na wɔkeka nsɛm a ɛnsɛ sɛ wɔka” ho. Afotu bɛn na Paulo de maa wɔn? Ɔtoa so sɛ: “Enti mepɛ sɛ akunafo a wonnyinii no ware, wo mma hwɛ fie, na wɔamma ɔtamfo annya hokwan ansopa yɛn.”—1 Timoteo 5:13, 14.

Paulo si adwuma pa a mmea yɛ wɔ abusua mu no so dua. Sɛ ɔbea bi yɛ nnwuma a ɛte saa a, ɛne sɛ ‘ɔbɛwo mma ahwɛ fie’ na “ɔkɔ so tra gyidi ne ɔdɔ ne ahotew ne adwenemtew mu a,” ɔnnan n’adwene nnkɔ abrabɔ a ɛnhyɛ nkuran so. Ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ bɛyɛ yiye, anaa obenya “ahobammɔ.” (1 Timoteo 2:15) Afotu a ɛte saa a mmea a wonnyinii de bɛyɛ adwuma no bɛboa wɔn ma wɔakwati Satan mfiri.

Paulo nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo no kae yɛn nyinaa, mmea ne mmarima, sɛ yɛmfa yɛn bere nni dwuma yiye. Onyankopɔn Asɛm tu Kristofo nyinaa fo sɛ: “Monhwɛ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo.”—Efesofo 5:15.