Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Odii Nkonim Wɔ Ɔkwan Soronko So

Odii Nkonim Wɔ Ɔkwan Soronko So

Odii Nkonim Wɔ Ɔkwan Soronko So

SO WUHYIA wo gyidi ho sɔhwɛ—ebia wɔ adwumam, sukuu mu, anaa anohyeto ahorow a Aban no de aba nti? Sɛ ɛte saa a, mma w’abam mmu. Yehowa Adansefo pii ahyia sɔhwɛ a ɛtete saa, nanso wodii nkonim. Susuw Erna Ludolph nhwɛso yi ho hwɛ.

Wɔwoo Erna wɔ Lübeck, Germany, wɔ afe 1908 mu. Ɔno nkutoo ne n’abusua muni a na ɔsom Yehowa. Bere a Hitler bedii tumi wɔ afe 1933 mu no, asetra mu bɛyɛɛ den maa Yehowa Adansefo. Erna mfɛfo adwumayɛfo kasa tiaa no esiane sɛ onkyia Hitler nkyia sɛnea nnipa pii yɛ no nti, na eyi maa Nasifo kyeree no. Ɔdaa afiase ne nneduaban ahorow mu wɔ Hamburg-Fuhlsbüttel, Moringen, Lichtenburg, ne Ravensbrück mfirihyia awotwe. Bere a na Erna wɔ Ravensbrück no, asɛm bi sii, na ɛno na ɛmaa odii nkonim.

Ofiehwɛfo a Ɔda Nsow

Ná Ɔbenfo Friedrich Holtz ne ne yere Alice te Berlin. Ná wɔnyɛ Nasi amanyɔkuw no mufo, na na wonnye adwene a amanyɔkuw no kura no nso ntom. Nanso, na wɔne asraafo kuw bi a wɔfrɛ wɔn SS panyin bi a ɔhwɛ nneduafo a wɔwɔ nneduaban bi mu so bɔ abusua. Enti bere a na ɔbenfo no ne ne yere rehwehwɛ ofiehwɛfo bi no, saa SS panyin yi maa kwan sɛ wɔn ankasa nkɔpaw ɔbea deduani bi. Enti, wɔ March 1943 mu no, Alice kɔɔ Ravensbrück kɔpaw ofiehwɛfo bi. Hena na ɔpaw no? Ɛyɛ Erna Ludolph. Erna ne Holtz abusua no kɔtrae, na wɔne no trae kama. Bere a ɔko no baa awiei no, ɔne saa abusua koro yi ara kɔtrae wɔ Halle, wɔ Saale asubɔnten no ho. Ɛhɔ nso, Erna hyiaa ɔsɔretia bio. Saa bere yi de ɛyɛ Sohyialisfo atumfoɔ a na wɔwɔ East Germany no na wɔsɔre tiaa no. Wɔ afe 1957 mu no, wotwaa abusua no asu kɔɔ West Germany, na Erna ne wɔn kɔe. Afei de na Erna betumi asom wɔ ahofadi mu.

Ɛyɛɛ dɛn na Erna dii nkonim wɔ ɔkwan soronko so? Esiane Erna abrabɔ pa ne ahokokwaw a ɔde kaa Bible mu asɛm nti, Alice Holtz ne ne mma baanum no nyinaa bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Adansefo. Afei nso, Alice mmanananom 11 nso yɛ Adansefo. Mprempren wɔn mu baanu resom wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Selters, Germany no. Susanne, Alice mmabea no mu biako, ka sɛ: “Erna nhwɛso pa titiriw nti na yɛn abusua no wɔ nokware no mu yi.” Erna nyaa ne boasetɔ no so nhyira pii. Wo nso wo tebea te dɛn? Sɛ wufi nokwaredi mu de boasetɔ gyina nsɛm tebea a emu yɛ den ano a, wubetumi anya nhyira a ɛte saa ara. Yiw, abrabɔ pa ne ahokokwaw a wode bɛka asɛm no betumi aboa wo ma woadi nkonim wɔ ɔkwan soronko so. *

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Erna Ludolph wui bere a na wɔrekyerɛw asɛm yi ma wɔatintim no. Odii mfirihyia 96. Na odii nokware koduu awiei.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Erna Ludolph (nea ɔte hɔ no) ne Holtz abusua no mufo