Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Owusɔre Akwanhwɛ a Ɛyɛ Anigye

Owusɔre Akwanhwɛ a Ɛyɛ Anigye

Owusɔre Akwanhwɛ a Ɛyɛ Anigye

WOGYE owusɔre di wɔ mmaa nyinaa. Nkramofo nhoma kronkron, Koran, ti biako mua ka owusɔre nkutoo ho asɛm. Surah anaa ti 75 no fã bi ka sɛ: “Meka Owusɔre Da . . . So onipa susuw sɛ Yentumi nkeka ne nnompe nsisi anim anaa? . . . Onipa bisa sɛ: ‘Owusɔre Da no bɛba da bɛn?’ So (ɔno ankasa) nni tumi a ɔde bɛma awufo nkwa?”—Surah 75:1-6, 40.

The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Zoroastersom kyerɛkyerɛ sɛ wogye di sɛ awiei koraa no, wobeyi Bɔne afi hɔ, wobenyan nnipa dodow no ara, Atemmu a Etwa To bɛba, na wobesiesie wiase ama treneefo.”

Encyclopaedia Judaica kyerɛkyerɛ owusɔre mu sɛ “ɛyɛ gyidi a ɛkyerɛ sɛ awiei koraa no wobenyan awufo aba honam nipaduam ma wɔabɛtra asase so bio.” Nhoma koro no ara nso ka sɛ gyidi a wɔkɔfa baa Yudasom mu sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da no kyere adwene. Egye tom sɛ: “Gyidi abien a ɛne owusɔre ne ɔkra a enwu da no bɔ abira.”

Hindusom kyerɛkyerɛ sɛ onipa wu ma wɔsan wo no mpɛn pii. Sɛ eyi bɛyɛ nokware a, na ɛsɛ sɛ onipa nya ɔkra a ɛkɔ so tra ase bere a onipa no awu no. Hindufo nhoma kronkron Bhagavad Gita ka sɛ: “Wontumi nsɛe ɔkra a ɛhyɛ nipadua no mu no. Obiara nni hɔ a obetumi asɛe ɔkra a enwu da no.”

Buddhasom nnye ɔkra a enwu da nni, enti ɛne Hindusom nyɛ adwene. Nanso, ɛnnɛ Buddhafo pii a wɔwɔ Asia Apuei fam no gye di sɛ ɔkra nwu da, na wɔsan wo no bio. *

Owusɔre Nkyerɛkyerɛ a Egu Ahorow

Wɔtaa ka ɔkra a enwu da ne owusɔre nyinaa ho asɛm wɔ awufo som a wɔyɛ wɔ Kristoman mu no mu. Sɛ nhwɛso no, Anglikan asɔfo taa ka saa asɛm yi sɛ: “Esiane sɛ ɛyɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn pɛ, na wafi ne mmɔborohunu kɛse no mu afa yɛn nua a wawu da hɔ yi kra akɔ ne nkyɛn nti, yɛde ne nipadua rehyɛ fam; asase nkɔ asase mu, nsõ nkɔ nsõ mu, dɔte nkɔ dɔte mu; yɛwɔ anidaso a emu yɛ den sɛ ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so benya Owusɔre akɔ daa nkwa mu.”—The Book of Common Prayer.

Saa asɛm yi bɛma obi abisa sɛ ebia Bible kyerɛkyerɛ owusɔre anaasɛ ɛkyerɛkyerɛ ɔkra a enwu da ho ade. Nanso, hyɛ asɛm a Franseni Protestantni Ɔbenfo Oscar Cullmann kae yi nsow. Ɔkyerɛwee wɔ ne nhoma Immortality of the Soul or Resurrection of the Dead? (Ɔkra a Enwu Da Anaasɛ Awufo Sɔre) mu sɛ: “Nsonsonoe kɛse bi wɔ Kristofo anidaso a ɛne sɛ awufo bɛsɔre ne Helafo gyidi a ɛne ɔkra a enwu da no mu. . . . Ɛwom sɛ akyiri yi Kristosom maa abusuabɔ bi bɛdaa gyidi abien yi ntam de, nanso ɛnnɛ obiara a ɔfrɛ ne ho Kristoni no nte ase nwie, enti minhu nea enti a ɛsɛ sɛ me ne nhomanimfo dodow no ara kata nea yesusuw sɛ ɛyɛ nokware no so. . . . Owusɔre mu gyidi mmom na ahyɛ Apam Foforo no mu ma. . . . Wɔnam Onyankopɔn adebɔ foforo so de onipa a wawu ankasa no san ba nkwa mu bio.”

Ɛnyɛ nwonwa sɛ owu ne owusɔre ho nsɛm kyere nnipa dodow no ara adwene. Sɛ yebenya asɛm yi mu ntease a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Bible no a ɛka nokwasɛm a nnipa Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, ada no adi no mu. Owusɔre ho nsɛm pii wɔ Bible mu. Ma yɛnhwehwɛ emu anan mu na yensusuw nea ɛda no adi no ho nhwɛ.

“Mmea Nsa Kaa Wɔn Awufo Denam Owusɔre So”

Wɔ krataa a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no mu no, ɔkae sɛ mmea gyidifo “nsa kaa wɔn awufo denam owusɔre so.” (Hebrifo 11:35) Ná saa mmea no mu biako te Sarefat, Foinikefo kurow bi a ɛbɛn Sidon wɔ Mediterranea Mpoano no mu. Ná ɔyɛ okunafo a ɔyɛɛ Onyankopɔn diyifo Elia hɔho fɛw so na ɔmaa no aduan wɔ ɔkɔm bere a na emu yɛ den paa mpo mu. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔbea yi babarima yaree, na owui. Ntɛm ara na Elia faa abarimaa no kɔɔ abansoro dan a na ɔno odiyifo no da mu no mu, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma abarimaa no nkwa nsan mmra ne mu. Anwonwasɛm bi sii, na abarimaa no ‘nyaa nkwa.’ Elia san de no brɛɛ ne na, na Elia kae sɛ: “Hwɛ, wo ba no anya nkwa.” Ɛna no yɛɛ dɛn? Ɔde anigye kae sɛ: “Afei na mahu sɛ Onyankopɔn nipa ne wo, na [Yehowa, NW] asɛm a ɛwɔ w’anom no yɛ nokware.”—1 Ahene 17:22-24.

Ná awarefo ayamyefo bi te Sarefat anafo fam a wɔhwɛɛ Elia nanmusifo, odiyifo Elisa. Ná efi Sarefat kɔ hɔ bɛyɛ kilomita 100. Ná ɔyere no yɛ ɔdefo wɔ Sunem kurow no mu. Ɔne ne kunu yɛɛ adwene maa Elisa dabere wɔ abansoro dan bi mu wɔ wɔn fie. Awo a na wɔnwo ho awerɛhow a na wodi no bɛdanee anigye, bere a ɔbea no woo ɔbabarima no. Bere a abarimaa no nyinii no na ɔtaa di wɔn a wotwa n’agya awi ne n’agya akyi kɔ afum. Nanso awerɛhosɛm bi sii da bi. Abofra no sui sɛ ne ti yɛ no yaw. Ɔsomfo bi yɛɛ ntɛm de no kɔɔ fie. Ne na de no too ne srɛ so, nanso abofra no wui. Ɛna a na n’adwene atu afra no yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ Elisa nkyɛn akɔhwehwɛ mmoa. Ɔne ɔsomfo bi de wɔn ani kyerɛɛ atifi fam atɔe kɔɔ Bepɔw Karmel ho, baabi a na Elisa te no.

Odiyifo no somaa n’abofra Gehasi dii n’anim, na okohui sɛ abofra no awu ampa. Elisa ne ɔbea no dii akyiri bae, nanso bere a wobeduu Sunem no asɛm bɛn na esii? Asɛm a ɛwɔ 2 Ahene 4:32-37 no ka sɛ: “Na Elisa duu ofie hɔ no, na hwɛ, abofra no awu da ne mpa so. Ɛnna ɔkɔɔ mu, na ɔtoo wɔn baanu pon mu, na ɔbɔɔ [Yehowa, NW] mpae. Na ɔforo kobutuw abofra no so, na ɔde n’ano butuw n’ano, na ɔde n’aniwa butuw n’aniwa so, na ɔde ne nsam totoo ne nsam, na ɔponoo ne mu, abofra no so, na abofra no honam yɛɛ hyew. Ɛnna ɔsan bae bɛnantew ɔdan no mu kɔɔ ha pɛnkoro ne ha pɛnkoro, na ɔforo kɔe bio kɔponoo ne mu wɔ no so. Ɛnna abofra no nwansii mpɛn ason, na abofra no buee n’aniwa. Na ɔfrɛɛ Gehasi sɛ: Frɛ Sunemni no! Na ɔfrɛɛ no, na ɔbaa ne nkyɛn. Na ɔkae sɛ: Fa wo ba no! Ɛnna ɔbae bɛhwee ne nan ase kotow no butuw fam, na ɔfaa ne ba no fii adi.”

Te sɛ okunafo a ofi Sarefat no, na Sunemni bea no nim sɛ Onyankopɔn tumi na ɛmaa Elisa tumi nyanee abofra no. Mmea baanu yi nyinaa nyaa anigye kɛse bere a Onyankopɔn nyanee wɔn mma a wɔdɔ wɔn baa nkwa mu bio no.

Owusɔre a Esisii Wɔ Yesu Som Adwuma Mu

Bɛyɛ mfirihyia 900 akyi no, wonyanee obi wɔ akuraa bi a ɛbɛn Sunem atifi fam kurotia a wɔfrɛ hɔ Nain no ase. Bere a Yesu Kristo ne n’asuafo no fii Kapernaum na wɔbɛn Nain kurow no pon ano no, wohyiaa ayifo bi a wɔrekosie obi, na Yesu huu okunafo bi a na wahwere ne ba a odi no ba koro. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ onnyae sũ. Luka, oduruyɛfo no, kaa nea esii no ho asɛm sɛ: “Enti [Yesu bɛn] funnaka no de ne nsa kosoo mu, na wɔn a wokurakura mu no gyinae, na ɔkae sɛ: ‘Aberante, mise wo sɛ, sɔre!’ Na aberante a wawu no sɔre traa ase, na ofii ase kasae, na ɔde no maa ne maame.” (Luka 7:14, 15) Wɔn a wohuu anwonwade yi hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Owusɔre no ho asɛm trɛw kɔɔ anafo fam koduu Yudea ne ne mpɔtam nyinaa. Anigyesɛm ne sɛ, Yohane Osuboni no asuafo tee owusɔre yi ho asɛm na wɔkɔkaa anwonwade yi ho asɛm kyerɛɛ Yohane. Ɔno nso somaa wɔn sɛ wɔnkɔhwehwɛ Yesu na wommisa no sɛ ebia Ɔno ne Mesia a wɔrehwɛ ne kwan no anaa. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔka nea moahu na moate yi nkyerɛ Yohane sɛ: anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi na asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo.”—Luka 7:22.

Nnipa a Yesu nyanee wɔn mu biako a ɛho asɛm trɛwee kɛse ne ɔno ankasa adamfo paa Lasaro. Wɔ saa owusɔre yi ho de, bere kakra twaam fi bere a Lasaro wui ne bere a Yesu beduu wɔn abusuafie hɔ no. Bere a Yesu beduu Betania no, na Lasaro awu ma adi nnannan. Bere a Yesu kae sɛ wonyi ɔbo a ɛda ɔboda no ano no, Marta ampene so, na ɔkae sɛ: “Awurade, sesɛɛ de, ɔbɔn, efisɛ adi nnannan.” (Yohane 11:39) Nanso, porɔw a na Lasaro aporɔw no anyɛ akwanside amma Yesu sɛ obenyan no. Bere a Yesu teɛɛm no, “ɔbarima a wawu no pue bae a wɔde ntama akyekyere ne nan ne ne nsa, na na wɔde tam bi akyekyere n’anim.” Nea Yesu atamfo yɛe akyiri yi no daa no adi sɛ ɛyɛ Lasaro ankasa na ɔsɔre baa nkwa mu bio no.—Yohane 11:43, 44; 12:1, 9-11.

Ntease bɛn na saa owusɔre anan yi ho nsɛm no ama yɛanya? Nnipa a wonyanee wɔn no mu biara san baa nkwa mu sɛ onipa kõ no ara. Nkurɔfo a na wɔn abusuafo a wɔbɛn wɔn pɛɛ ka ho no huu wɔn nyinaa sɛ wɔyɛ wɔn ankasa. Wɔn a wonyanee wɔn no mu biara nni hɔ a ɔkaa nsɛm bi a esisii a ohui wɔ bere tiaa a owui no mu. Wɔn mu biara anka sɛ ɔkɔɔ wiase foforo bi mu. Ɛda adi sɛ, wɔn nyinaa sɔree a na wɔwɔ apɔwmuden. Wɔn fam no, sɛnea Yesu kae no, na ɛte sɛ nea wɔdae kakra, ɛnna wɔsɔree. (Yohane 11:11) Nanso, bere bi akyi no, wɔn mu biara san wui bio.

Yɛn Adɔfo a Yɛbɛsan Ahu Wɔn Bio—Akwanhwɛ a Ɛyɛ Anigye

Bere a Owen a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no wuu awerɛhow wu akyi bere tiaa bi no, ne papa kɔɔ ne fipamfo bi fie. Ohuu nsaano krataa bi a na ɛda ɔpon bi so wɔ hɔ a na ɛreka ɔkasa bi a Yehowa Adansefo bɛma ho asɛm. N’ani gyee ɔkasa no asɛmti a na ɛne “Ɛhe na Awufo Wɔ?” no ho. Ná ɛno ne asɛmmisa a na ɛwɔ n’adwenem ankasa. Okotiee ɔkasa no, na onyaa awerɛkyekye ankasa fii Bible mu. Ɔtee ase sɛ awufo nhu amane. Obehui sɛ, sɛ́ anka awufo, a Owen ka ho no, behu amane wɔ hellgya bi mu anaasɛ Onyankopɔn bɛfa wɔn akɔ soro ma wɔakɔyɛ abɔfo no, wɔwɔ ɔda mu a wɔretwɛn sɛ wobenyan wɔn wɔ owusɔre no mu mmom.—Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4.

So awerɛhosɛm bi asi w’abusua mu? So awerɛhosɛm bi ato wo te sɛ Owen papa, na woresusuw baabi a w’adɔfo a wɔawuwu no wɔ mprempren ne anidaso a ɛwɔ hɔ sɛ wubetumi asan ahu wɔn bio ho? Sɛ ɛte saa a, yɛreka akyerɛ wo sɛ susuw nea Bible ka fa owusɔre ho no ho hwɛ. Ebia woresusuw ho sɛ: ‘Bere bɛn na owusɔre no bɛba? Henanom ankasa na wobenyan wɔn?’ Yɛsrɛ sɛ kenkan nsɛm a edidi so no na nya saa nsɛmmisa yi ne afoforo ho mmuae.

[Ase hɔ asɛm]

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Elia srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma abarimaa no nkwa nsan mmra no mu

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Yehowa maa Elisa nyanee Sunemni no ba no

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Yesu nyanee okunafo bi a ofi Nain ba

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Owusɔre bɛma abusuafo ahu wɔn adɔfo bio