Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Owusɔre Anidaso No—Mfaso Bɛn Na Wubenya Wɔ So?

Owusɔre Anidaso No—Mfaso Bɛn Na Wubenya Wɔ So?

Owusɔre Anidaso No—Mfaso Bɛn Na Wubenya Wɔ So?

“Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.”—Dwom 145:16.

1-3. Dɛn na ebinom hwɛ kwan sɛ wobenya daakye? Ma ho nhwɛso.

NÁ Christopher a wadi mfe akron no ne ne nuabarima, wɔn wɔfa, wɔn maame nuabea, ne wɔn mu biara babarima biako asɔre anɔpa akɔyɛ wɔn Kristofo afie afie asɛnka adwuma wɔ beae bi a ɛbɛn Manchester, wɔ England. Yɛn nsɛmma nhoma a ɛka eyi ho, Nyan!, kyerɛkyerɛɛ nea esii no mu sɛɛ. “Wɔn nyinaa puee awiabere no sɛ wɔrekɔnantenantew wɔ Blackpool mpoano a ɛhɔ yɛ anika no. Nnipa 6 no nyinaa wui wɔ kar akwanhyia bi a ekum nnipa 12 amonom hɔ ara a polisifo kaa ho asɛm sɛ ‘owuyaw kɛse’ no mu.”

2 Anadwo ansa na awerɛhosɛm yi rebesi no, abusua mũ no kɔɔ Asafo Nhoma Adesua na wosusuw owu ho wɔ adesua no ase. Christopher papa ka sɛ: “Ná Christopher yɛ abofra a bere nyinaa osusuw nneɛma ho kɔ akyiri paa. Saa anadwo no, ɔkaa wiase foforo no ne anidaso a ɔwɔ ho nsɛm pii. Afei bere a na yɛrebɔ nkɔmmɔ no, Christopher kaa no mpofirim sɛ: ‘Ade biako a ɛwɔ Yehowa Adansefo ho ne sɛ, ɛwom sɛ owu yɛ yaw de, nanso yenim sɛ bere bi bɛba a yɛbɛsan ahyia bio wɔ asase so.’ Yɛn mu biara anna annwene ho sɛ yɛn werɛ remfi saa asɛm yi da.” *

3 Wɔ afe 1940 mu nso, na Franz, Ɔdansefo bi a ofi Austria nim sɛ wɔde afiri bi a wɔde twa nnipa ti betwa ne ti akum no wɔ afiase esiane nokware a odi maa Yehowa nti. Franz kyerɛw krataa wɔ Berlin afiase hɔ kɔmaa ne maame sɛ: “Nimdeɛ a mewɔ nti, sɛ mekaa [asraafo] ntam no a, anka meyɛɛ bɔne bi a ɛfata owu. Ɛmpare me sɛ mɛyɛ saa. Anka merennya owusɔre. . . . Afei Maame ne me nuanom mmarima ne mmea nyinaa a medɔ mo, wɔaka nea wɔde bɛyɛ me akyerɛ me nnɛ. Mommma ehu nnka mo. Wɔkyerɛ sɛ wobekum me ɔkyena anɔpa. Nanso sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ nokware Kristofo a wɔtraa ase tete no nyinaa den no, saa ara na wahyɛ me nso den. . . . Sɛ mugyina pintinn kosi owu mu a, yebehyia bio wɔ owusɔre no mu. . . . Yɛbɛsan ahyia bio.” *

4. Osuahu a wɔaka wɔ ha no ka wo dɛn, na dɛn ne ade foforo a yɛrebesusuw ho?

4 Ná Christopher ne Franz wɔ owusɔre anidaso no mu ahotoso a emu yɛ den paa. Ná wogye di yiye sɛ ɛbɛba paa. Akyinnye biara nni ho sɛ saa osuahu yi aka yɛn koma papaapa! Sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya anisɔ ama Yehowa no, momma yensusuw nea enti a wobenyan nnipa ne sɛnea ɛsɛ sɛ owusɔre anidaso no ka yɛn na ama anidaso a yɛwɔ wɔ owusɔre no mu no mu ayɛ den kɛse no ho.

Asase So Owusɔre no Ho Anisoadehu

5, 6. Dɛn na anisoadehu a ɔsomafo Yohane ayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Adiyisɛm 20:12, 13 no ma yehu?

5 Wɔ anisoadehu bi a ɔsomafo Yohane nya faa nea ɛbɛkɔ so wɔ Kristo Yesu Mfirihyia Apem Nniso no mu ho no, ohuu asase so owusɔre no. Ɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Mihuu awufo, akɛse ne nketewa, . . . Na ɛpo yii emu awufo mae, na owu ne Hades yii emu awufo mae.” (Adiyisɛm 20:12, 13) Ɛmfa ho dibea a obiara a ɔwɔ Hades (Sheol) a ɛkyerɛ nnipa damoa wɔ, sɛ́ ɔyɛ “kɛse” anaa ‘ketewa’ no, ɔbɛsan aba nkwa mu. Wɔn a ɛpo faa wɔn mpo bɛsan aba nkwa mu saa bere no. Saa anwonwasɛm a ebesi yi ka Yehowa atirimpɔw ho.

6 Sɛ Kristo fi ne mfirihyia apem nniso no ase a, ɔbɛkyere Satan ato afiase. Esiane sɛ eyi mma Satan ntumi nyɛ hwee nti, nnipa a wobetwa ahohiahia kɛse no anaa wobenya owusɔre no mu biara nni hɔ a Satan betumi adaadaa no saa bere no. (Adiyisɛm 20:1-3) Ebia wuhu mfirihyia apem no sɛ ɛware paa, nanso wɔ Yehowa ani so no, ɛyɛ “da koro.”—2 Petro 3:8.

7. Dɛn na wobegyina so abu atɛn wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu?

7 Sɛnea saa anisoadehu no da no adi no, Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu na wobebu nnipa atɛn. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Mihuu awufo, akɛse ne nketewa, sɛ wogyinagyina ahengua no anim, na wobuebuee nhoma mmobɔwee mu. Na wobuee nhoma foforo mu; ɛno ne nkwa nhoma no. Na wɔde nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu no buu awufo no atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. . . . Na wobuu wɔn atɛn mmiako mmiako sɛnea wɔn nnwuma te.” (Adiyisɛm 20:12, 13) Hyɛ no nsow sɛ wɔrennyina nea obi yɛe anaa wanyɛ ansa na ɔrewu no so na ebebu no atɛn. (Romafo 6:7) Momm no, wobegyina “nhoma mmobɔwee” a wobebue no daakye no so na ebebu atɛn. Nea obi bɛyɛ bere a wasua nea ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu no na ɛbɛkyerɛ sɛ ebia wɔbɛkyerɛw ne din wɔ “nkwa nhoma” no mu anaasɛ wɔrenkyerɛw.

“Nkwa Sɔre” Anaa “Atemmu Sɔre”

8. Nneɛma abien bɛn na owusɔre betumi akyerɛ ama wɔn a wobenyan wɔn no?

8 Ná Yohane adi kan aka wɔ anisoadehu bi a onyae mu sɛ Yesu ‘kura owu ne Hades safe.’ (Adiyisɛm 1:18) Ɔne Yehowa “nkwa Safohene no,” na wɔama no tumi sɛ ommu “ateasefo ne awufo atɛn.” (Asomafo Nnwuma 3:15; 2 Timoteo 4:1) Ɔkwan bɛn na ɔbɛfa so ayɛ eyi? Ɔde wɔn a wɔada wɔ owu mu no bɛba nkwa mu. Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfokuw bi a ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔyɛɛ akyide no akɔ atemmu sɔre mu.” (Yohane 5:28-30) Ɛnde, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma mmarima ne mmea anokwafo a wɔtraa ase tete no?

9. (a) Sɛ wonyan nkurɔfo ba nkwa mu a, dɛn na akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ pii? (b) Ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse bɛn na ɛbɛkɔ so saa bere no?

9 Sɛ anokwafo a wɔtraa ase tete no san ba nkwa mu a, wobehu sɛ bɔhyɛ ahorow a na wɔwɔ mu gyidi no abam. Hwɛ sɛnea wɔn ani begye sɛ wobehu nea ɔbea no Aseni a Onyankopɔn kaa ne ho asɛm wɔ Bible nkɔmhyɛ a edi kan a ɛwɔ Genesis 3:15 no gyina hɔ ma! Afei, hwɛ sɛnea wɔn ani bɛsan agye sɛ wɔbɛte sɛ Yesu, Mesia a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no dii nokware kosii owu mu ma enti ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre sɛ agyede! (Mateo 20:28) Wɔn a wɔbɛma saafo no akwaaba no ani begye sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔate ase sɛ ɛyɛ Yehowa adom ne ne mmɔborohunu nti na ɔde agyede no mae. Sɛ wɔn a wobenyan wɔn no behu nea Onyankopɔn Ahenni reyɛ ama nea enti a Yehowa bɔɔ asase yi anya mmamu no a, akyinnye biara nni ho sɛ anigye bɛhyɛ wɔn koma ma ma wɔayi Yehowa ayɛ. Wobenya hokwan pii de ada no adi sɛ wodi wɔn soro Agya a ɔdɔ wɔn no ne ne Ba no nokware. Obiara a ɔwɔ hɔ saa bere no ani begye sɛ obenya ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse a wɔbɛyɛ de akyerɛkyerɛ nnipa ɔpepepem pii a wobefi damoa mu aba nkwa mu a ehia sɛ wɔn nso gye agyede nsiesiei a Onyankopɔn ayɛ no tom no mu kyɛfa.

10, 11. (a) Hokwan bɛn na Mfirihyia Apem no bɛma obiara a ɔbɛtra asase so anya? (b) Ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn dɛn?

10 Sɛ wonyan Abraham a, obenya anigye ankasa sɛ obehu sɛnea asetra te ankasa wɔ “kurow” a na ɔrehwɛ anim no mu. (Hebrifo 11:10) Hwɛ abotɔyam ara a ɔnokwafo Hiob benya bere a ɔte sɛ ne bra a ɔbɔe no hyɛɛ Yehowa asomfo binom a wohyiaa wɔn nokwaredi ho sɔhwɛ den no! Na hwɛ sɛnea Daniel ho bɛpere no sɛ obehu sɛnea nkɔmhyɛ a Onyankopɔn maa ɔkyerɛwee no nyaa mmamu!

11 Nokwasɛm ni, atirimpɔw a Yehowa wɔ ma asase ne wɔn a wɔbɛtra so ho nneɛma pii wɔ hɔ a obiara a ɔbɛtra trenee wiase foforo no mu, sɛ ebia wonyanee no anaasɛ otwaa ahohiahia kɛse, no besua. Akyinnye biara nni ho sɛ anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra ase ayi Yehowa ayɛ daa no bɛma nkyerɛkyerɛ a ɛbɛkɔ sɔ wɔ Mfirihyia Apem no mu no ayɛ anika ankasa. Nanso, nea yɛbɛyɛ bere a yɛresua nea ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu ne nea ɛho hia sen biara. So yɛde nea yebesua no bɛyɛ adwuma? So yɛde koma pa begye nsɛntitiriw a ɛbɛhyɛ yɛn den no atom na yɛasusuw ho akɔ akyiri na ama yɛatumi ako atia sɔhwɛ a etwa to a Satan de bɛba no?

12. Dɛn na ɛbɛma obiara atumi anya ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɛbɛkɔ so ne adwuma a wɔbɛyɛ de ama asase no adan paradise no mu kyɛfa?

12 Nea ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi nso ne mfaso soronko a Kristo agyede afɔre no bɛma yɛanya no. Dɛmdi biara remma wɔn a wobenyan wɔn aba nkwa mu no ho sɛnea ɛte nnɛ no. (Yesaia 33:24) Nipadua a edi mũ ne apɔwmuden a wɔn a wɔbɛkɔ wiase foforo no mu benya no bɛma obiara anya ɔkyerɛkyerɛ kɛse a wɔbɛyɛ de akyerɛkyerɛ wɔn a wobenyan wɔn aba nkwa mu no mu kyɛfa. Afei nso, saafo no benya adwuma kɛse bi a wɔnyɛɛ bi da wɔ asase yi so a ɛne sɛ wɔbɛboa ma wɔadan asase mũ yi nyinaa paradise de ahyɛ Yehowa anuonyam no mu kyɛfa.

13, 14. Dɛn nti na wobegyae Satan bio, na dɛn na ɛno betumi akyerɛ ama yɛn mu biara?

13 Sɛ wogyae Satan fi afiase a, ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa nnipa bio. Sɛnea Adiyisɛm 20:7-9 kyerɛ no, wɔbɛsɛe “amanaman” anaa nnipa a Satan bɛdaadaa wɔn no nyinaa: ‘Ogya befi soro abɛhyew wɔn.’ Wɔn a wonyaa owusɔre wɔ Mfirihyia Apem no mu a wɔbɛka nnipa a wɔbɛdaadaa wɔn no ho no atemmu bɛyɛ ɔsɛe. Nanso wɔde daa nkwa bɛkyɛ wɔn a wobekura wɔn mudi mu no. Yiw, wɔn wusɔre no bɛyɛ “nkwa sɔre.”—Yohane 5:29.

14 Ɔkwan bɛn so na owusɔre anidaso no betumi akyekye yɛn werɛ nnɛ mpo? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya mfaso a ɛwɔ so no bi daakye?

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn Nnɛ

15. Ɛbɛyɛ dɛn na gyidi a yebenya wɔ owusɔre no mu betumi aboa yɛn nnɛ?

15 Ebia owu afa wo dɔfo bi kɔ nnansa yi ara ma ɛno nti worebɔ mmɔden biara agyina nsrakrae a ɛde aba no ano. Owusɔre anidaso no ma wunya akomatɔyam ne ahoɔden bi a wɔn a wonnim nokware no ntumi nnya da. Paulo kyekyee Tesalonikafo no werɛ sɛ: “Yɛmpɛ sɛ wɔn a wɔrewuwu no ho asɛm behintaw mo, na moanni awerɛhow sɛnea wɔn a aka a wonni anidaso biara no yɛ no.” (1 Tesalonikafo 4:13) So wowɔ ahotoso sɛ wobɛkɔ wiase foforo no mu akohu awufo a wobenyan wɔn no? Ɛnde, ma saa anidaso a wowɔ sɛ wubehyia w’adɔfo a owu afa wɔn kɔ no nkyekye wo werɛ.

16. Sɛ wonyan wo ba nkwa mu a, wobɛte nka dɛn?

16 Ebetumi aba sɛ Adam atuatew no nti worehu amane, ebia yare bi abɔ wo. Mma ahometew a eyi yɛ no mma wo werɛ mmfi akwanhwɛ a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ wobenyan w’ankasa aba nkwa mu bio ma woabenya apɔwmuden de atra ase bio wɔ wiase foforo no mu no. Sɛ w’ani te saa bere no na wuhu nnipa a wɔn ani agye rema wo akwaaba na wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbɛma woahu sɛ wɔn ani agye kɛse sɛ woasan aba nkwa mu bio no a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛka wo koma ma wode aseda ama Onyankopɔn wɔ n’adom no ho.

17, 18. Nneɛma abien bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da?

17 Nanso, ansa na saa bere no bɛba no, susuw nneɛma abien bi a ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da yi ho hwɛ. Nea edi kan ne ɔkra nyinaa mu a yebefi asom Yehowa nnɛ. Yɛn kra nyinaa mu a yebefi asom Onyankopɔn de asuasua yɛn Wura Yesu Kristo no da no adi sɛ yɛdɔ Yehowa ne yɛn afipamfo. Sɛ ɔsɔretia anaa ɔtaa nti yɛhwere yɛn ahode anaa yɛn ahofadi mpo a, yɛasi yɛn bo sɛ yebekura yɛn gyidi mu pintinn wɔ sɔhwɛ biara mu. Sɛ ɛkɔba sɛ asɔretiafo hunahuna yɛn sɛ wobekum yɛn mpo a, owusɔre anidaso no kyekye yɛn werɛ na ɛma yenya ahoɔden de di Yehowa ne N’ahenni no nokware. Yiw, nnam a yɛde yɛ Ahenni asɛmpaka ne asuafoyɛ adwuma no ma yenya anidaso sɛ yebenya nhyira a Yehowa de asie ama treneefo no bi.

18 Asuade a ɛto so abien no fa sɛnea yebegyina sɔhwɛ ahorow a honam mmerɛwyɛ de ba yɛn so no ano. Owusɔre no ho nimdeɛ a yɛwɔ ne anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa wɔ adom a wada no adi akyerɛ yɛn ho no hyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yebekura yɛn gyidi mu pintinn no mu den. Ɔsomafo Yohane bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ nni ne mu; efisɛ nea ɛwɔ wiase biara—honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho—emfi Agya no, na mmom efi wiase. Afei nso wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:15-17) Sɛ yɛde wiase yi mu nneɛma a ɛdaadaa nnipa te sɛ ahonyade toto “nkwa ankasa” a yebenya no ho a, ahonyade rentumi ntwetwe yɛn adwene. (1 Timoteo 6:17-19) Sɛ yehyia ɔbrasɛe ho sɔhwɛ a, yɛbɛko atia denneennen. Yenim sɛ, sɛ yɛbɔ bra bi a ɛnsɔ Yehowa ani na yewu ansa na Harmagedon aba a, yɛn tebea no bɛba abɛyɛ sɛ wɔn a wonni anidaso biara sɛ wobenya owusɔre no.

19. Hokwan a ɛso bi nni bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi?

19 Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi hokwan a ɛso bi nni a yɛanya sɛ yebetumi ama Yehowa koma atɔ ne yam nnɛ ne daa no da. (Mmebusɛm 27:11) Nokware a yebedi akosi yɛn wuda anaa mudi a yebekura mu akosi sɛ wiase bɔne yi bɛba n’awiei no bɛma Yehowa ahu ɔfã a yegyina wɔ amansan tumidi ho asɛm a asɔre no mu. Hwɛ anigye kɛse a ɛbɛyɛ sɛ yebetwa ahohiahia kɛse no anaasɛ wobenyan yɛn anwonwakwan so ma yɛabɛtra asase a wɔbɛdan no Paradise no so bi!

Yebenya Nea Yɛpɛ

20, 21. Sɛ yɛwɔ owusɔre ho nsɛmmisa bi a yennyaa ho mmuae mpo a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adi nokware? Kyerɛkyerɛ mu.

20 Owusɔre a yɛasusuw ho no ma nsɛmmisa bi sɔre a yennyaa ho mmuae. Sɛ nhwɛso no, nhyehyɛe bɛn na Yehowa bɛyɛ ama wɔn a na wɔaware ansa na wɔrewu no? (Luka 20:34, 35) So wobenyan nkurɔfo wɔ faako a wowuwui no? So wobenyan nkurɔfo aba faako a wɔn abusuafo te? Nsɛmmisa foforo pii sɔre wɔ owusɔre ho a yennyaa ho mmuae. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae asɛm a Yeremia kae yi: “[Yehowa, NW] ye ma wɔn a wɔhwɛ no kwan, ma ɔkra a ɔhwehwɛ n’akyi kwan no. Eye sɛ wɔyɛ komm twɛn [Yehowa, NW] nkwagye.” (Kwadwom 3:25, 26) Yehowa bɛma yɛanya ho mmuae a ɛtɔ asom wɔ ɔno ankasa ne bere mu. Dɛn nti na yebetumi anya saa ahotoso no?

21 Susuw odwontofo no dwom a efi honhom mu a ɔto maa Yehowa yi ho hwɛ: “Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.” (Dwom 145:16) Bere a yɛrenyin no, nneɛma a yɛn ani gye ho sesa. Ɛnnɛ, yɛn ani nnye nneɛma a na yɛn ani gye ho bere a na yɛyɛ mmofra no ho bio. Osuahu a yenya wɔ asetram ne nneɛma a yɛhwɛ kwan daakye no ka sɛnea yehu abrabɔ. Sɛnea ɛte biara no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, nneɛma pa biara a yɛpɛ no, Yehowa bɛma yɛn nsa aka wɔ wiase foforo no mu.

22. Dɛn nti na yɛwɔ biribi pa bi a yebegyina so de ayeyi ama Yehowa?

22 Ade a ɛho hia yɛn mu biara mprempren ne sɛ yebedi nokware. “Afei nso eyi mu no, nea wɔhwehwɛ fi ofiehwɛfo hɔ ne sɛ wobehu sɛ odi nokware.” (1 Korintofo 4:2) Yɛyɛ Onyankopɔn Ahenni anuonyam asɛmpa no ho asomfo. Nsi a yɛde bɔ asɛmpa no ho dawuru no boa yɛn ma yɛkɔ so nantew nkwa kwan no so. Mma wo werɛ mmfi da sɛ “ɛbere ne asiane” tumi to yɛn nyinaa. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Kɔ so kura owusɔre anidaso a anuonyam wom no mu denneennen na ama woatumi agyina adwennwen a adekyee mu nsɛm de ba biara ano. Sɛ mpo ɛbɛda adi sɛ wubefi nkwa mu ansa na Kristo Mfirihyia Apem Nniso no afi ase a, wubetumi anya awerɛhyem koraa sɛ wo sakra bɛba ma wo ho atɔ wo. Wɔ Yehowa bere a wahyɛ mu no, wubetumi aka asɛm a Hiob ka kyerɛɛ Ɔbɔadeɛ no yi bi: “Wobɛfrɛ, na me nso magye wo so.” Ayeyi nka Yehowa sɛ n’ani gyina sɛ ɔde wɔn a wɔwɔ ne nkae mu nyinaa bɛsan aba nkwa mu bio!—Hiob 14:15.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Hwɛ July 8, 1988 Engiresi Nyan! no, kratafa 10, Yehowa Adansefo na atintim.

^ nky. 3 Hwɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom, kratafa 662, Yehowa Adansefo na atintim.

So Wokae?

• Dɛn so na wobegyina abu nnipa atɛn wɔ Mfirihyia Apem no mu?

• Dɛn nti na ebinom benya “nkwa sɔre” na afoforo nso benya “atemmu sɔre”?

• Ɔkwan bɛn so na owusɔre anidaso no betumi akyekye yɛn werɛ nnɛ?

• Mmoa bɛn na asɛm a ɛwɔ Dwom 145:16 ma yenya wɔ owusɔre ho nsɛmmisa a yennyaa ho mmuae no ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

Ɔkwan bɛn so na owusɔre mu gyidi a yɛwɔ no betumi aboa yɛn nnɛ?