Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Owusɔre—Nkyerɛkyerɛ A Ɛfa Wo Ho

Owusɔre—Nkyerɛkyerɛ A Ɛfa Wo Ho

Owusɔre—Nkyerɛkyerɛ A Ɛfa Wo Ho

“Mewɔ anidaso wɔ Onyankopɔn mu . . . sɛ bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi owu mu.”—ASOMAFO NNWUMA 24:15.

1. Ɛyɛɛ dɛn na owusɔre ho asɛm sɔree wɔ Sanhedrin baguafo no mu?

ƆSOMAFO Paulo kɔɔ Yerusalem bere a ɔde n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa no baa awiei wɔ afe 56 Y.B. mu. Bere a Romafo no kyeree no no, wɔmaa no kwan ma okoyii n’ano wɔ Yudafo asɛnnibea kɛse Sanhedrin no anim. (Asomafo Nnwuma 22:29, 30) Paulo gyina hɔ no, ɔmaa n’ani so hwɛɛ asɛnnibea no baguafo no na ohui sɛ ebinom yɛ Sadukifo ɛnna ebinom nso yɛ Farisifo. Nanso na ade biako bi wɔ hɔ a afanu yi adwene nhyia koraa wɔ ho. Ɛne sɛ Sadukifo no nnye owusɔre nni, nanso Farisifo no gye di. Sɛnea ɛbɛyɛ a Paulo bɛma wɔahu ɔfã a ɔwɔ no, ɔkae sɛ: “Mmarima, anuanom, meyɛ Farisini, Farisifo ba. Owusɔre ho anidaso ho nti na wɔrebu me atɛn yi.” Ɔnam eyi a ɔkae no so maa akasakasa sɔree wɔ baguafo no mu!—Asomafo Nnwuma 23:6-9.

2. Dɛn nti na na Paulo ayɛ krado sɛ ɔbɛka gyidi a na ɔwɔ wɔ owusɔre mu no ho asɛm?

2 Mfe bi ansa na asɛm yi rebesi no, bere a na Paulo nam kwan so rekɔ Damasko no, onyaa anisoadehu bi, na ɔne Yesu kasae. Mpo Paulo bisaa Yesu sɛ: “Menyɛ dɛn, Owura?” Yesu buae sɛ: “Sɔre kɔ Damasko, na wɔbɛka biribiara a wɔahyɛ sɛ yɛ no akyerɛ wo wɔ hɔ.” Paulo koduu Damasko no, Kristo suani bi a wɔfrɛ no Anania a ɔyɛ ɔboafo kɔɔ ne nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ Paulo sɛ: “Yɛn agyanom Nyankopɔn apaw wo sɛ hu n’apɛde na hu Ɔtreneeni no [Yesu a wɔanyan no no] na te ne nne.” (Asomafo Nnwuma 22:6-16) Eyi nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ na Paulo ayɛ krado sɛ ɔbɛka gyidi a na ɔwɔ wɔ owusɔre mu no ho asɛm.—1 Petro 3:15.

Wɔkaa Owusɔre Anidaso Ho Asɛm Baguam

3, 4. Dɛn na Paulo yɛ de kyerɛe sɛ ogyina owusɔre nkyerɛkyerɛ no akyi denneennen, na dɛn na yebetumi asua afi ne nhwɛso no mu?

3 Wɔde Paulo kɔɔ Amrado Felike anim wɔ asɛm yi akyi. Saa bere no, “ɔkyeame” bi a wɔfrɛ no Tertulo dii Yudafo no anim bɔɔ Paulo sobo sɛ Paulo yɛ fekuw bi mu panyin na otutu ɔman ase. Paulo kaa no ntɛm so sɛ: “Migye nokwasɛm yi tom wɔ w’anim sɛ nea wɔfrɛ no ‘fekusɛm’ yi ara ne ɔkwan a menam so som m’agyanom Nyankopɔn.” Afei ɔsan baa asɛm ankasa a na asɔre no so sɛ: “Mewɔ anidaso wɔ Onyankopɔn mu, a wɔn nso wɔ saa anidaso no ara bi, sɛ bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi owu mu.”—Asomafo Nnwuma 23:23, 24; 24:1-8, 14, 15.

4 Bɛyɛ mfe abien wɔ asɛm yi akyi no, Porkio Festo a obedii Felike ade no too nsa frɛɛ Ɔhene Herode Agripa sɛ ɔmmɛboa no na wɔnhwehwɛ odeduani Paulo nsɛm mu. Festo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔn a wɔrebɔ Paulo sobo no ka sɛ Paulo reka sɛ ‘Yesu bi a wawu te ase’ nanso wonnye nni. Paulo reyi n’ano no, obisae sɛ: “Dɛn nti na munnye nni sɛ Onyankopɔn nyan awufo?” Afei ɔkae sɛ: “Esiane mmoa a manya no Onyankopɔn nkyɛn nti na makɔ so atra hɔ abedu nnɛ a meredi adanse kyerɛ nketewa ne akɛse nyinaa; menkaa hwee, gye nneɛma a Adiyifo no ne Mose kae sɛ ebesisi no, sɛ Kristo no behu amane, na sɛ́ nea wɔadi kan anyan no afi owu mu no, wabɔ hann ho dawuru akyerɛ nkurɔfo yi ne amanaman no.” (Asomafo Nnwuma 24:27; 25:13-22; 26:8, 22, 23) Hwɛ sɛnea na Paulo gyina owusɔre nkyerɛkyerɛ no akyi denneennen! Te sɛ Paulo no, yɛn nso yebetumi de ahotoso aka akyerɛ afoforo sɛ wobenyan awufo. Nanso, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ? Sɛnea wɔyɛe wɔ Paulo de ho no ara.

5, 6. (a) Nkurɔfo yɛɛ wɔn ade dɛn bere a asomafo no kaa owusɔre ho asɛm no? (b) Dɛn na ehia bere a yɛreka anidaso a yɛwɔ wɔ owusɔre no mu ho asɛm no?

5 Susuw nea esii wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no mu (wɔ bɛyɛ afe 49 kosi afe 52 Y.B.) bere a ɔkɔɔ Atene no ho hwɛ. Ɔne nnipa bi a wɔsom anyame pii susuw nsɛm ho wɔ hɔ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Onyankopɔn ayi da bi asi hɔ sɛ Ɔnam ɔbarima bi so bebu wiase nyinaa atɛn trenee mu. Ɔbarima yi nyɛ obiara sɛ Yesu. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn anyan Yesu afi awufo mu de akyerɛ sɛ ɔkwan biara so ɔbɛyɛ nea waka no. Nnipa no yɛɛ wɔn ade dɛn? Yɛkenkan sɛ: “Bere a wɔtee owusɔre ho asɛm no, ebinom fii ase dii fɛw, na ebinom nso kae sɛ: ‘Yebetie wo eyi ho bio bere foforo nso.’”—Asomafo Nnwuma 17:29-32.

6 Sɛnea nkurɔfo no yɛɛ wɔn ade no te sɛ nea ɛtoo Petro ne Yohane wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. akyi bere tiaa bi no. Saa bere no nso Sadukifo no dii akasakasa a ɛsɔree no mu akoten papaapa. Asomafo Nnwuma 4:1-4 ka nea esii no kyerɛ yɛn: “Afei bere a wɔn baanu rekasa kyerɛ nkurɔfo no, asɔfo mpanyin ne asɔrefie hwɛfo no ne Sadukifo no baa wɔn so, a wɔn bo afuw sɛ wɔrekyerɛkyerɛ nkurɔfo no na wɔreka owusɔre ho asɛm fann kyerɛ wɔn de gyina Yesu so.” Nanso ebinom anyɛ basabasa. “Wɔn a wotiee kasa no mu pii gye dii, na mmarima no dodow beduu bɛyɛ mpemnum.” Sɛ yɛn nso yɛka owusɔre ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, yɛhwɛ kwan sɛ ebinom begye adi na afoforo nso rennye nni. Eyi nti, ehia sɛ yɛma gyidi a yɛwɔ wɔ saa nkyerɛkyerɛ yi mu no mu yɛ den.

Gyidi ne Owusɔre

7, 8. (a) Sɛnea ɛda adi wɔ krataa a wɔde kɔmaa afeha a edi kan no mu Korinto asafo no mu no, dɛn na ebetumi ama gyidi ayɛ kwa? (b) Ɔkwan bɛn so na owusɔre ho ntease a nokware Kristofo benya no bɛma wɔada nsow?

7 Ná ɛyɛ den ma ebinom a wɔbɛyɛɛ Kristofo wɔ afeha edi kan Y.B. mu no sɛ wobegye owusɔre anidaso no atom. Ná saafo yi mu binom wɔ Korinto asafo no mu. Paulo kyerɛw kɔmaa wɔn sɛ: “Nsɛm a edi kan a mede maa mo ne nea me nso minyae, a ɛne sɛ yɛn bɔne nti na Kristo wui sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no; na wosiee no, na afei ne nnansa so no wonyanee no sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no.” Afei Paulo sii nokwasɛm yi so dua sɛ wɔanyan Yesu ampa ara, na bere a wonyan no no mpo “oyii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro ahannum,” na sɛnea Paulo kyerɛ no na wɔn mu dodow no ara da so te ase. (1 Korintofo 15:3-8) Afei ɔsan kae sɛ: “Sɛ wɔreka Kristo ho asɛm sɛ wɔanyan no afi awufo mu a, adɛn nti na mo mu binom ka sɛ awufo sɔre biara nni hɔ? Na sɛ awufo sɔre nni hɔ de a, na ɛkyerɛ sɛ wɔannyan Kristo nso. Na sɛ wɔannyan Kristo nso a, yɛn asɛnka yɛ kwa, na yɛn gyidi nso yɛ kwa.”—1 Korintofo 15:12-14.

8 Yiw, awufo sɔre ho nkyerɛkyerɛ no som bo araa ma sɛ ɛnyɛ nokware a, na Kristofo gyidi nso yɛ kwa. Nokwasɛm ni, owusɔre nkyerɛkyerɛ a yɛbɛte ase yiye no ma nokware Kristofo da nsow wɔ atoro Kristofo ho. (Genesis 3:4; Hesekiel 18:4) Ɛno nti na Paulo ka sɛ owusɔre nkyerɛkyerɛ no ka Kristofo“mfitiasesɛm” nkyerɛkyerɛ ho no. Momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛpere akɔ “ahokokwaw mu.” Paulo ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Sɛ Onyankopɔn ma ho kwan a, yɛbɛyɛ.”—Hebrifo 6:1-3.

Owusɔre Anidaso No

9, 10. Dɛn na Bible kyerɛ bere a ɛka owusɔre ho asɛm no?

9 Sɛnea ɛbɛyɛ a gyidi a yɛwɔ wɔ owusɔre no mu bɛyɛ den kɛse no, momma yensusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho: Sɛ Bible ka owusɔre ho asɛm a, na dɛn na ɛrepɛ akyerɛ? Ɔkwan bɛn so na owusɔre ho nkyerɛkyerɛ no ma Yehowa dɔ da adi kɛse? Nsɛmmisa yi ho mmuae bɛma yɛabɛn Onyankopɔn yiye na asan aboa yɛn ma yɛakyerɛkyerɛ afoforo nso.—2 Timoteo 2:2; Yakobo 4:8.

10 Wɔkyerɛɛ asɛmfua “owusɔre” no ase fii Hela asɛmfua bi a nea ɛkyerɛ ankasa ne “sɛ́ wɔbɛsɔre agyina hɔ bio.” Dɛn na eyi kyerɛ? Sɛnea Bible kyerɛ no, owusɔre anidaso no kyerɛ sɛ awufo betumi aba nkwa mu bio. Bible ma yehu sɛ, sɛ wonyan obi na sɛ ɔwɔ ɔsoro anidaso a, wɔma no honhom nipadua na sɛ wonyan no na sɛ ɔwɔ asase so anidaso a, wɔma no honam nipadua. Yiw, ɔdɔ, nyansa ne tumi a Yehowa de di dwuma wɔ owusɔre anidaso a ɛyɛ anigye no mu no yɛ nwonwa ankasa.

11. Dɛn na Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn no hwɛ kwan wɔ wɔn wusɔre mu?

11 Wɔma Yesu ne ne nuanom a wɔasra wɔn no honhom nipadua bere a wɔanyan wɔn no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atra soro. (1 Korintofo 15:35-38, 42-53) Wɔn na wobedi Mesia Ahenni a ɛbɛma asase adan Paradise no so. Wɔn a wɔasra wɔn no bɛsom sɛ adehye asɔfokuw wɔ Ɔsɔfo Panyin Yesu ase. Wɔde Kristo agyede afɔre no bedi dwuma ama adesamma wɔ trenee wiase foforo no mu ma ɛso aba wɔn mfaso. (Hebrifo 7:25, 26; 9:24; 1 Petro 2:9; Adiyisɛm 22:1, 2) Nanso, ansa na saa bere no bɛba no, wɔn a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no pɛ sɛ wɔkɔ so yɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Sɛ wowu a, wonyan wɔn kɔ soro sɛ honhom abɔde a wontumi nwu da de ‘tua wɔn ka.’ (2 Korintofo 5:1-3, 6-8, 10; 1 Korintofo 15:51, 52; Adiyisɛm 14:13) Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛne no ayɛ biako wɔ ɔkwan a ɔfaa so wui mu a, ɛnde ɔkwan biara so yɛne no bɛyɛ biako wɔ ne nyan nso mu.” (Romafo 6:5) Na wɔn a wobenyan wɔn ma wɔabɛtra asase yi so no nso ɛ? Ɛbɛyɛ dɛn na owusɔre ho anidaso no betumi ama wɔabɛn Onyankopɔn yiye? Yebetumi asua pii afi Abraham nhwɛso no mu.

Owusɔre ne Yehowa Adamfofa

12, 13. Ade a edi mũ bɛn na Abraham gyinaa so nyaa owusɔre no mu gyidi?

12 Ná gyidi a Abraham a wɔfrɛ no “Yehowa adamfo” wɔ no da nsow. (Yakobo 2:23) Bere a na Paulo rebobɔ mmarima ne mmea agyidifo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Hebrifo ti 11 no din no, ɔkaa Abraham nkutoo gyidi ho asɛm mprɛnsa. (Hebrifo 11:8, 9, 17) Bere a Paulo reka Abraham gyidi ho asɛm nea ɛto so abiɛsa no, ɔkaa ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔde Isak bɛbɔ afɔre no. Ná Abraham gye di ankasa sɛ ɛyɛ dɛn ara a Yehowa bɛhwɛ ma aseni a wɔaka sɛ ɔnam Isak so bɛba no aba. Ná Abraham gye di sɛ, sɛ ɔde Isak bɔ afɔre mpo a, “Onyankopɔn betumi anyan no.”

13 Yehowa huu Abraham gyidi a na emu yɛ den no, ma enti ɔyɛɛ nhyehyɛe de aboa mae ma wɔde bɔɔ afɔre no. Ne nyinaa mu no, Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Isak asɛm no yɛ owusɔre ho sɛnkyerɛnne. Paulo kae sɛ: “Ɛno mu nso na [Abraham] nsa kaa [Isak] wɔ sɛnkyerɛnne kwan so.” (Hebrifo 11:19) Nea ɛsen saa no, na Abraham wɔ biribi a edi mũ a obegyina so anya owusɔre no mu gyidi. So Yehowa amma Abraham awo nkwaadɔm a akwakorabɔ nti na awu no ansan anyan bere a ɔne ne yere Sara hyiae wɔ ne mmerewabere mu ma wɔanwo wɔn ba Isak?—Genesis 18:10-14; 21:1-3; Romafo 4:19-21.

14. (a) Sɛnea Hebrifo 11:9, 10, kyerɛ no, na dɛn na Abraham retwɛn? (b) Sɛ Abraham benya Ahenni nhyira no bi wɔ wiase foforo no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no? (d) Yɛbɛyɛ dɛn anya nhyira a Ahenni no de bɛba no bi?

14 Paulo kaa Abraham ho asɛm sɛ na ɔyɛ ɔhɔho, na na ɔte ntamadan mu efisɛ na “ɔretwɛn kurow a ɛwɔ fapem ankasa a ne kyekyefo ne ne yɛfo ne Nyankopɔn.” (Hebrifo 11:9, 10) Ná saa kurow yi nyɛ kurow ankasa sɛ Yerusalem, beae a na Onyankopɔn asɔrefie wɔ no. Ná saa kurow no gyina hɔ ma biribi. Ná egyina hɔ ma Onyankopɔn soro Ahenni a Kristo Yesu ne 144,000 a ɔne wɔn bedi ade no na wodi so no. Wɔsan frɛ 144,000 a wɔwɔ ɔsoro anuonyam mu no sɛ “kurow kronkron, Yerusalem Foforo,” Kristo “ayeforo.” (Adiyisɛm 21:2) Yehowa de Yesu sii agua so wɔ afe 1914 mu sɛ Mesia Ahenni a ɛwɔ soro no so Hene, na ɔka kyerɛɛ no sɛ onni hene wɔ n’atamfo mfinimfini. (Dwom 110:1, 2; Adiyisɛm 11:15) Sɛ “Yehowa adamfo” Abraham benya nhyira a Ahenni no de bɛba no bi a, ɛsɛ sɛ ɔsan ba nkwa mu. Saa ara na sɛ yɛn nso sɛ yebenya nhyira a Ahenni no de bɛba no bi a, ɛsɛ sɛ yetwa Harmagedon sɛ nnipakuw kɛse no mufo anaasɛ wonyan yɛn ba nkwa mu wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. (Adiyisɛm 7:9, 14) Nanso, dɛn na wobegyina so anyan nnipa?

Onyankopɔn Dɔ—Owusɔre Anidaso no Nnyinaso

15, 16. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Bible mu nkɔmhyɛ a edi kan no yɛ owusɔre anidaso no nnyinaso? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na owusɔre no mu gyidi a yebenya no bɛma yɛabɛn Yehowa kɛse?

15 Sɛ yenya yɛn soro Agya no mu gyidi, na sɛ yenya gyidi a ɛyɛ den sɛ Abraham de no, na afei yedi Onyankopɔn ahyɛde so a, ɛno ansa na Yehowa bebu yɛn sɛ atreneefo na wafa yɛn sɛ ne nnamfo. Ɛno na ɛbɛma yɛanya nhyira a Ahenni no de bɛba no bi. Nokwasɛm ni, nkɔmhyɛ a edi kan a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu wɔ Genesis 3:15 no ma yenya nea yebegyina so anya owusɔre no mu anidaso ne nea yebegyina so afa Onyankopɔn adamfo. Nkɔmhyɛ no nka sɛ wɔbɛbɔ Satan ti nko na mmom ɛka nso sɛ wɔbɛka ɔbea a Onyankopɔn kaa ne ho asɛm no Aseni no nantin. Bere a wokum Yesu wɔ asɛndua so no, na wɔaka ne nantin wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Nea nyan a wonyanee no da a ɛto so abiɛsa no kyerɛ ne sɛ na ekuru no awu na afei na ɛbere aso sɛ ɔyɛ ade titiriw bi tia “nea otumi de owu ba a ɔne Ɔbonsam no.”—Hebrifo 2:14.

16 Paulo kae yɛn sɛ “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.” (Romafo 5:8) Akyinnye biara nni ho sɛ adom a ɛte saa ho anisɔ a yɛkyerɛ no ma yɛbɛn Yesu ne yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ no kɛse.—2 Korintofo 5:14, 15.

17. (a) Anidaso bɛn na Hiob kaa ho asɛm? (b) Dɛn na Hiob 14:15 ma yehu wɔ Yehowa ho, na eyi ma wote nka dɛn?

17 Ná ɔnokwafo Hiob a ɔtraa ase ansa na Kristosom reba no nso hwɛ owusɔre kwan. Satan maa no huu amane pii. Nanso, Hiob anyɛ n’ade sɛ ne nnamfo bɔne no a wɔanka owusɔre ho hwee no, na mmom ɔmaa owusɔre anidaso no kyekyee ne werɛ, na mpo obisae sɛ: “Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio?” Hiob ankasa maa n’asɛmmisa no ho mmuae sɛ: “M’akõdi nna nyinaa mɛtwɛn akosi sɛ me sakra bɛba.” Afei ɔne Yehowa, ne Nyankopɔn no kasae sɛ: “Wobɛfrɛ na me nso magye wo so.” Hiob kaa sɛnea yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no te nka no ho asɛm sɛ: “W’ani begyina wo nsa ano adwuma no.” (Hiob 14:14, 15) Yiw, Yehowa hwɛ kwan denneennen sɛ anokwafo bɛba nkwa mu bio da bi. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛmfa ho sɛ yɛnyɛ pɛ no, sɛ yesusuw ɔdɔ ne adom a wada no adi akyerɛ yɛn no ho kɔ akyiri a, ɛtwe yɛn bɛn no pii!—Romafo 5:21; Yakobo 4:8.

18, 19. (a) Anidaso bɛn na Daniel wɔ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

18 Odiyifo Daniel a Onyankopɔn bɔfo kaa ne ho asɛm sɛ ɔyɛ “ɔdɔfo” no de mfe pii somee wɔ nokwaredi mu. (Daniel 10:11, 19) Ɔkɔɔ so dii Yehowa nokware fi bere a wɔde no kɔɔ nnommum mu wɔ afe 617 A.Y.B. kosii bere a owui wɔ afe 536 A.Y.B. mu akyi, bere a onyaa anisoadehu bi wɔ Persia hene Kores ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no. (Daniel 1:1; 10:1) Ansa na Daniel renya saa anisoadehu no, na wadi kan anya anisoadehu bi a ɛfa wiase tumidi ahorow a ebedidi so aba akosi ahohiahia kɛse no mu ho wɔ Kores ahenni afe a ɛto so abiɛsa no mu. (Daniel 11:1–12:13) Esiane sɛ Daniel ante anisoadehu no ase papa nti, obisaa ɔbɔfo a ɔde nkrasɛm no brɛɛ no no sɛ: “Me wura, nneɛma yi akyiri awiei bɛyɛ dɛn?” Ɔbɔfo no buae sɛ, “awiei bere no” mu no ‘mmadwemma behu ase.’ Nanso, na dɛn na ɛbɛba Daniel so? Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ kodu awiei, na woakɔhome na woasɔre akonya wo kyɛfa, nna a edi akyiri no mu.” (Daniel 12:8-10, 13) Daniel bɛba wɔ “atreneefo wusɔre no mu” wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu.—Luka 14:14.

19 Yɛabɛn awiei bere no paa sen bere a yɛbɛyɛɛ agyidifo no na ɛrenkyɛ na Kristo Mfirihyia Apem Nniso no afi ase. Enti ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘So mɛkɔ wiase foforo no mu bi na me ne Abraham, Hiob, Daniel, ne mmarima ne mmea anokwafo afoforo no akɔtra?’ Sɛ yɛkɔ so de yɛn ho bɔ Yehowa na yedi n’ahyɛde so nkutoo a, yɛbɛkɔ hɔ bi. Yebesusuw owusɔre anidaso no ho bio akɔ akyiri wɔ asɛm a edi hɔ no mu na ama yɛahu wɔn a wobenyan wɔn.

So Wokae?

• Nkurɔfo yɛɛ wɔn ade dɛn bere a Paulo kaa gyidi a ɔwɔ wɔ owusɔre mu ho asɛm no?

• Dɛn nti na owusɔre nkyerɛkyerɛ no ma nokware Kristofo da nsow wɔ atoro Kristofo ho?

• Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Abraham, Hiob, ne Daniel wɔ owusɔre no mu gyidi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Paulo de ahotoso kaa owusɔre anidaso no ho asɛm bere a na ɔwɔ Amrado Felike anim no

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Dɛn na ɛmaa Abraham nyaa gyidi wɔ owusɔre no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Owusɔre anidaso no kyekyee Hiob werɛ

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Daniel bɛsɔre wɔ atreneefo wusɔre no mu