Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔde Akokoduru Gyinaa Ɔsɔretia Ano

Wɔde Akokoduru Gyinaa Ɔsɔretia Ano

Wɔde Akokoduru Gyinaa Ɔsɔretia Ano

NÁ BASABASAYƐFO anuɔdenfo bi ahyɛ nnipa baanu a wɔne ɔsomafo Paulo nam, Gaio ne Aristarko, ma wɔabɔ awura Efeso agoruhwɛbea hɔ. Ɛhɔ no, basabasayɛfo yi a na wɔn bo afuw no teɛteɛɛm nnɔnhwerew abien sɛ: “Efesofo Artemi yɛ kɛse!” (Asomafo Nnwuma 19:28, 29, 34) So wɔn a na wɔne Paulo nam no gyinaa ɔsɔretia yi ano pintinn? Na dɛn na ɛkɔfaa saa asɛm yi bae?

Ná Paulo de bɛyɛ mfirihyia abiɛsa aka asɛm no wɔ Efeso kurow no mu ma asow aba. Ne saa nti, na Efesofo no pii agyae ahonisom. (Asomafo Nnwuma 19:26; 20:31) Ná Efesofo honi no yɛ Artemi—awo nyamewa a na n’abosonnan kɛse si kurow no mu no—abosonnan sɛso a wɔde dwetɛ ayɛ no ketewaa bi. Ná wɔhyɛ abosonnan no dwetɛ ahoni nketewa yi sɛ asuman, na na wɔde bi sisi wɔn afie mu. Nokwarem no, na Kristofo rentɔ saa ahoni yi.—1 Yohane 5:21.

Ná Demetrio, dwetɛ adwumfo no mu biako gye di sɛ Paulo asɛnka adwuma no resɛe wɔn adwuma a mfaso wom no. Ɔnam nsɛm a wɔakyinkyim ne nsɛm a wɔaka agugu mu so maa ne mfɛfo adwumfo no gye dii sɛ nnipa a wɔwɔ Asia Kumaa nyinaa begyae Artemi som. Bere a dwetɛ adwumfo a wɔn bo afuw no fii ase teɛteɛɛm kamfoo Artemi pɛ na basabasayɛ bi fii ase maa kurow no mu nyinaa yɛɛ gyegyeegye.—Asomafo Nnwuma 19:24-29.

Nnipa mpempem pii kɔhyɛɛ agoruhwɛbea a etumi fa bɛhwɛadefo 25,000 hɔ ma. Paulo yɛe sɛ ɔne basabasayɛfo a wɔreyɛ gyegyeegye no bɛkasa, nanso kurow no mu mpanyimfo bi a wɔpɛ n’asɛm kae sɛ onnyae. Awiei koraa no, kurow no kyerɛwfo tumi maa nnipadɔm no yɛɛ komm, na Gaio ne Aristarko fii adi a hwee anyɛ wɔn.—Asomafo Nnwuma 19:35-41.

Ɛnnɛ, Onyankopɔn nkurɔfo nso betumi ahyia asɔretiafo ne basabasayɛ mpo bere a wɔreyɛ asɛnka adwuma no. Wɔtaa ka asɛmpa no wɔ nkurow akɛse a ahonisom, ɔbrasɛe, ne asoɔden ahyɛ mu ma mu. Nanso, wɔde akokoduru suasua ɔsomafo Paulo a ‘wamfa baguam ne afie afie nkyerɛkyerɛ ankame’ wɔ Efeso kurow no mu no. (Asomafo Nnwuma 20:20) Na sɛ wohu sɛ ‘Yehowa asɛm rekɔ so trɛw na ase retim’ a, wodi ahurusi.—Asomafo Nnwuma 19:20.

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Efeso agoruhwɛbea amamfõ so