Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Hyɛ Wo Ho So Wɔ Bɔne Ho’

‘Hyɛ Wo Ho So Wɔ Bɔne Ho’

‘Hyɛ Wo Ho So Wɔ Bɔne Ho’

“Ɛnsɛ sɛ Awurade akoa ko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa, . . . ɔhyɛ ne ho so wɔ bɔne ho.”—2 TIMOTEO 2:24.

1. Wɔ yɛn Kristofo dwumadi mu no, dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a yehyia nnipa a wɔkasa abufuw so?

SƐ WUHYIA nkurɔfo a wɔn ani nnye wo ho a, dɛn na woyɛ? Ɔsomafo Paulo reka nna a edi akyiri ho asɛm no, ɔka siei sɛ nnipa bɛyɛ “wɔn a wɔka abususɛm, . . . ntwirifo, wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka.” (2 Timoteo 3:1-5, 12) Wubetumi ahyia nnipa a wɔte saa no wɔ asɛnka anaa nnwuma afoforo mu.

2. Kyerɛwnsɛm bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛne nnipa a wɔkasa kyerɛ yɛn abufuw so no adi no nyansam?

2 Ɛnyɛ nnipa a wɔkasa abufuw so nyinaa na wɔn ani gye nea ɛnteɛ ho. Ahokyere a emu yɛ den anaa abasamtu betumi ama nkurɔfo de abufuw akasa atia obiara a ɔbɛn wɔn. (Ɔsɛnkafo 7:7) Nea ɛma nnipa pii yɛ saa ne sɛ, kasafi abu so wɔ mmeae a wɔtete ne faako a wɔyɛ nnwuma no. Eyi nkyerɛ sɛ yɛn sɛ Kristofo no, yɛwɔ hokwan sɛ yɛka kasafi, mmom no ɛboa ma yɛte nea enti a nkurɔfo kasa saa no ase. Sɛ wɔkasa kyerɛ yɛn abufuw so a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn? Mmebusɛm 19:11 ka sɛ: “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase, na mfomso ho twa yɛ no anuonyam.” Na Romafo 12:17, 18 tu yɛn fo sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka. . . . Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”

3. Asɛm a yɛka no fa asomdwoe ho dɛn?

3 Sɛ yɛpɛ asomdwoe ampa a, sɛnea yɛyɛ yɛn ade no bɛkyerɛ saa. Ɛbɛda adi wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe mu, na ebetumi ada adi nso wɔ yɛn anim ne yɛn nne a yɛde kasa mu. (Mmebusɛm 17:27) Bere a Yesu resoma n’asomafo no ma wɔakɔka asɛm no, otuu wɔn fo sɛ: “Sɛ morehyɛn fie bi mu a munkyia fie no mufo; [“monsrɛ asomdwoe mma ofie no,” The New English Bible]; sɛ fie no fata a, momma asomdwoe a mopɛ sɛ enya no mmra so; nanso sɛ ɛmfata a, momma mo asomdwoe nsan mmra mo so.” (Mateo 10:12, 13) Yɛn asɛm a yɛka no yɛ asɛmpa. Bible frɛ no, “asomdwoe asɛmpa,” “Onyankopɔn adom ho asɛmpa,” ne “ahenni ho asɛmpa.” (Efesofo 6:15; Asomafo Nnwuma 20:24; Mateo 24:14) Ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yɛbɛkasa atia obi gyidi anaasɛ yɛne no begye akyinnye wɔ n’adwenkyerɛ ho, na mmom sɛ yɛbɛka asɛmpa a efi Onyankopɔn Asɛm mu akyerɛ no.

4. Ansa na wubebue w’ano aka w’asɛm no, sɛ obi ka sɛ “M’ani nnye ho” a, dɛn na wubetumi aka?

4 Ebia ofiewura bi rentwɛn mma yɛnkasa koraa na waka sɛ, “M’ani nnye ho.” Mpɛn pii no, nea wubetumi aka ne sɛ, “Anka merekan Bible mu asɛm tiawa biako pɛ yi.” Ebia obetie. Ɛtɔ mmere bi a, wubetumi aka ma afata sɛ: “Na mepɛ sɛ meka bere bi a atɛnkyea befi hɔ, na nnipa nyinaa asua sɛnea wɔbɛdodɔ wɔn ho ho asɛm kyerɛ wo.” Sɛ wammisa wo hwee a, wubetumi de aka ho sɛ: “Nanso mahu sɛ wunni adagyew seesei.” Sɛ ɛba sɛ ofiewura no annye yɛn asomdwoe so mpo a, so yɛbɛka sɛ “ɔmfata”? Ɛmfa ho nea ɔbɛyɛ akyerɛ wo biara no, kae Bible afotu a ɛka sɛ ‘dwo ma nnipa nyinaa, . . . hyɛ wo ho so wɔ bɔne ho’ no.—2 Timoteo 2:24.

Ɔyɛ Aniammɔho Nanso Wayera Kwan

5, 6. Dɛn na Saul de yɛɛ Yesu akyidifo no, na dɛn nti na ɔyɛɛ saa?

5 Wɔ afeha a edi kan no mu no, na wonim ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saul sɛ ɔkasa aniammɔho so na ɔyɛ basabasa mpo. Bible ka sɛ na Saul “rehunahuna Awurade asuafo no na ɔpɛ sɛ okunkum wɔn.” (Asomafo Nnwuma 9:1, 2) Akyiri yi ogye toom sɛ na ɔyɛ ‘mmusubɔfo, ɔtaafo, ne aniammɔho.’ (1 Timoteo 1:13) Ɛwom sɛ, na ebetumi aba sɛ n’abusuafo binom abɛyɛ Kristofo de, nanso ɔno ara kaa nea ɔde yɛɛ Kristo akyidifo no ho asɛm sɛ: “Esiane m’ani a na abere wɔn so paa nti, mekɔɔ nkurow foforo so mpo kɔtaa wɔn wɔ hɔ.” (Asomafo Nnwuma 23:16; 26:11; Romafo 16:7, 11) Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ asuafo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔne Saul bɛham wɔ baguam bere a na ɔreteetee wɔn no.

6 Dɛn nti na Saul yɛɛ saa? Mfe bi akyi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Na minnim nea mereyɛ, na gyidi a na minni nti na meyɛɛ saa.” (1 Timoteo 1:13) Na ɔyɛ Farisini a wɔde “sɛnea agyanom Mmara kyerɛ pɛpɛɛpɛ” na akyerɛkyerɛ no. (Asomafo Nnwuma 22:3) Ɛwom, na Saul kyerɛkyerɛfo Gamaliel wɔ adwempa, nanso ɔsɔfo panyin Kaiafa a Saul de ne ho kɔbɔɔ no no de, na ɔyɛ katee. Na Kaiafa adi dɔm bi anim ma wɔabɔ pɔw akum Yesu Kristo. (Mateo 26:3, 4, 63-66; Asomafo Nnwuma 5:34-39) Ɛno akyi no, Kaiafa hwɛ ma wɔkaa Yesu asomafo no mpire, na ɔhyɛe denneennen sɛ wɔmmmɔ Yesu din nkasa. Kaiafa na ɔtra aguam wɔ Sanhedrin asɛnni a na bagyabagyayɛ wɔ ase a emu na wɔde Stefano fii kurow no mu kosiw no abo no mu. (Asomafo Nnwuma 5:27, 28, 40; 7:1-60) Bere a wɔresiw Stefano abo no Saul hui, na Kaiafa maa no tumi sɛ ɔmmɔ mmɔden nkɔkyere Yesu akyidifo a wɔwɔ Damasko no mfa ngu wɔn adwuma no. (Asomafo Nnwuma 8:1; 9:1, 2) Nea Saul yɛe wɔ Kaiafa nkɛntɛnso ase no ma osusuwii sɛ ɔrebɔ Onyankopɔn som ho mmɔden, nanso na ɛyɛ gyidi ankasa na na onni. (Asomafo Nnwuma 22:3-5) Ne saa nti Saul antumi anhu sɛ Yesu ne nokware Mesia no. Nanso bere a Yesu a wɔanyan no afi owu mu no nam anwonwa kwan so ne Saul kasae wɔ Damasko kwan so no, n’ani baa ne ho so.—Asomafo Nnwuma 9:3-6.

7. Bere a Yesu yii ne ho adi anwonwakwan so kyerɛɛ Saul wɔ Damasko kwan so no, dɛn na ɔyɛe?

7 Eyi akyi bere tiaa bi no, wɔmaa osuani Anania kodii Saul adanse. Sɛ ɛyɛ wo a, anka wubenya akokoduru akodi Saul adanse? Na Anania suro de, nanso ofi ayamye mu kaa asɛm no kyerɛɛ Saul. Na anwonwakwan so a Yesu nam yii ne ho adi kyerɛɛ Saul wɔ Damasko kwan so no ama wasesa. (Asomafo Nnwuma 9:10-22) Akyiri yi, wɔbɛfrɛɛ no ɔsomafo Paulo, Kristoni sɛmpatrɛwfo a ɔyɛ nsi.

Odwo Nanso Ɔwɔ Akokoduru

8. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa n’Agya su no bi adi kyerɛɛ nkurɔfo a na wɔayɛ nneɛma bɔne no?

8 Na Yesu yɛ Ahenni dawurubɔfo a ɔyɛ nsi na odwo, nanso sɛ ɔne nkurɔfo redi nsɛm a, na ɔda akokoduru adi. (Mateo 11:29) Ɔdaa su a ne soro Agya a ɔhyɛ abɔnefo sɛ wɔnnan mfi wɔn akwammɔne ho no wɔ no bi adi. (Yesaia 55:6, 7) Sɛ Yesu ne abɔnefo redi nsɛm na ohu sɛ wobetumi ayɛ nsakrae a, na ɔhyɛ wɔn nkuran. (Luka 7:37-50; 19:2-10) Sɛ anka Yesu bɛhwɛ nkurɔfo anim na wabu wɔn atɛn no, osuasuaa n’Agya ayamye, boasetɔ, ne abodwokyerɛ no a na ɔwɔ anidaso sɛ ɛbɛma saafo no asakra. (Romafo 2:4) Ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ nnipa ahorow nyinaa bɛsakra ma wɔanya nkwa.—1 Timoteo 2:3, 4.

9. Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Yesaia 42:1-4 nyaa mmamu wɔ Yesu so no mu?

9 Bere a Asɛmpa kyerɛwfo Mateo reka sɛnea Yehowa te nka wɔ Yesu Kristo ho ho asɛm no, ɔfaa nkɔmhyɛsɛm yi kae sɛ: “Hwɛ! M’akoa a mepaw no, nea medɔ no a me kra apene no so! Mede me honhom begu no so, na ɔbɛma amanaman no ahu atɛntrenee pefee. Ɔrenham na ɔrenteɛteɛm, na obiara rente ne nne mmɔnten so. Ɔremmu demmire a abukaw biara mu, na ɔrennum ntamaban biara a ayɛ wusiwusi kosi sɛ obebu atɛn nkonim mu. Nokwarem no, ne din so na amanaman de wɔn ani bɛto.” (Mateo 12:17-21; Yesaia 42:1-4) Nea ɛne saa nkɔmhyɛsɛm no hyia no, Yesu amfa ne ho anhyɛ akyinnyegye gyegyeegye mu. Sɛ ɔba ahokyere mu mpo a, na ɔka nokware no ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛma nnipa komapafo ani gye ho so.—Yohane 7:32, 40, 45, 46.

10, 11. (a) Ɛwom sɛ na Farisifo ka Yesu asɔretiafo a wɔn ano yɛ den no ho de, nanso dɛn nti na odii wɔn mu binom adanse? (b) Mmuae ahorow bɛn na na ɛtɔ mmere bi a Yesu de ma n’asɔretiafo no, nanso dɛn na wannyɛ?

10 Wɔ Yesu som adwuma mu no, ɔkasa kyerɛɛ Farisifo pii. Ɛwom sɛ wɔn mu pii pɛe sɛ wogyina n’asɛm so nya no de, nanso Yesu annya adwene sɛ wɔn nyinaa wɔ adwemmɔne. Na Simon a ɔyɛ Farisini a n’asɛm yɛ den no pɛ sɛ ohu sɛnea Yesu te ankasa, na ɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ommedidi. Yesu kɔe, na odii wɔn a na wɔwɔ hɔ no adanse. (Luka 7:36-50) Bere bi nso, Farisini bi a na wagye din a wɔfrɛ no Nikodemo wiaa ne ho anadwo kɔɔ Yesu nkyɛn. Yesu angu n’anim ase sɛ wama ade asa ansa na ɔreba. Mmom no, odii ɔdɔ a Onyankopɔn ayi no adi denam ne Ba a ɔsomaa no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wobegye no adi no benya nkwagye no ho adanse kyerɛɛ Nikodemo. Yesu fi ayamye mu nso kaa hia a ɛho hia sɛ ɔyɛ osetie wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe ho. (Yohane 3:1-21) Akyiri yi, bere a Farisifo binom pɛe sɛ wɔkasa tia adanse a nkurɔfo di fa Yesu ho no, Nikodemo kasa maa Yesu.—Yohane 7:46-51.

11 Yesu huu wɔn a na wɔpɛ sɛ wosum no afiri no nyaatwom no. Wamma kwan amma asɔretiafo antwetwe no ankɔ akyinnye hunu mu. Nanso sɛ ɛfata a, na ɔma mmuae tiawa a tumi wom denam nnyinasosɛm a ɔka, mfatoho a ɔde ma, anaa kyerɛwnsɛm a ɔfa ka asɛm so. (Mateo 12:38-42; 15:1-9; 16:1-4) Wɔ mmere afoforo mu no, bere a Yesu hui sɛ biribi pa biara remfi nea ɔbɛka no mu mma no, wankasa.—Marko 15:2-5; Luka 22:67-70.

12. Bere a na nkurɔfo teɛteɛm gu Yesu so mpo no, na ɔfa ɔkwan bɛn so na ɛboa wɔn?

12 Ɛtɔ mmere bi a, na nkurɔfo a honhommɔne wɔ wɔn so teɛteɛm gu Yesu so. Sɛ ɛba saa a, na ɔhyɛ ne ho so, na na ɔde tumi a Onyankopɔn de ama no no di dwuma mpo de boa saafo no. (Marko 1:23-28; 5:2-8, 15) Sɛ ebinom bo fuw na wɔteɛteɛm gu yɛn so wɔ asɛnka mu a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhyɛ yɛn ho so, na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden di tebea no ho dwuma wɔ ayamye ne anifere mu.—Kolosefo 4:6.

Abusua no Mu

13. Sɛ obi fi ase ne Yehowa Adansefo sua Bible a, dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a abusuafo binom sɔretia no?

13 Hia a ɛho hia sɛ Yesu akyidifo hyɛ wɔn ho so no taa da adi kɛse wɔ abusua no mu. Obi a Bible mu nokware aka ne koma no wɔ ɔpɛ sɛ n’abusuafo nso begye asɛm no. Nanso sɛnea Yesu kae no, abusuafo bɛda ɔtan adi. (Mateo 10:32-37; Yohane 15:20, 21) Nneɛma pii na ɛma ɛba saa. Sɛ nhwɛso no, bere a Bible nkyerɛkyerɛ betumi aboa yɛn ma yɛayɛ nnipa a wodi nokware, wɔn so wɔ mfaso, na wobu ade no, Kyerɛwnsɛm no san kyerɛkyerɛ sɛ asɛyɛde a yɛwɔ wɔ yɛn Bɔfo no anim no ne ade a ɛsen biara wɔ biribiara mu. (Ɔsɛnkafo 12:1, 3; Asomafo Nnwuma 5:29) Abusua no muni bi a ɔte nka sɛ nokware a yedi ma Yehowa no ama nkɛntɛnso a ɔwɔ wɔ abusua no mu no ano abrɛ ase wɔ ɔkwan bi so no bo betumi afuw. Sɛ yɛredi tebea a ɛte saa ho dwuma a, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so sɛnea Yesu yɛɛ ho nhwɛso no!—1 Petro 2:21-23; 3:1, 2.

14-16. Dɛn na ɛmaa ebinom a anka kan wɔsɔre tia wɔn abusuafo no sesae?

14 Bere a nnipa a wɔresom Yehowa seesei no fii ase suaa Bible na wɔyɛɛ nsakrae ahorow bi no, wɔn ahokafo anaa abusuafo binom sɔre tiaa wɔn. Ebetumi aba sɛ na asɔretiafo no atete Yehowa Adansefo ho nsɛm bi a enye, na ebia na wosuro sɛ ɛde ɔhaw bɛba abusua no mu. Dɛn na ɛboaa wɔn ma wɔsesae? Mpɛn pii no, egyina nhwɛso pa so. Esiane Bible mu afotu a gyidini no de dii dwuma pintinn—Kristofo nhyiam a ɔkɔ daa, ne ho a ɔde hyɛ asɛnka adwuma no mu, n’abusua asɛyɛde ho dwuma a odi, ne ne ho so a ɔhyɛ wɔ kasatia ho—nti, ɛtɔ mmere bi a abusua mu ɔsɔretia no ano brɛ ase.—1 Petro 2:12.

15 Ɔsɔretiafo bi nso betumi ayɛ n’adwene sɛ ɔrentie Bible mu nkyerɛkyerɛmu biara esiane adwemmɔne anaa ahantan nti. Ná ɛte saa wɔ ɔbarima bi a ofi United States a ɔkae sɛ na ɔwɔ ɔman ho dɔ no fam. Da bi, bere a ne yere wɔ ɔmantam nhyiam ase no, ɔbarima no sesaw n’ankasa ntade nyinaa tu fii fie hɔ. Bere foforo nso, ɔtwee tuo fii adi sɛ ɔrekokum ne ho. Ɔkae sɛ, ɔsom a ne yere de ne ho akɔhyɛ mu no na ama eyinom nyinaa aba no so. Nanso ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde Bible mu afotu bedi dwuma. Bere a ɔbea no bɛyɛɛ Yehowa Dansefo no, mfe aduonu akyi na ɔbarima no nso bɛyɛɛ Ɔdansefo. Wɔ Albania no, ɔbea bi bo fuwii sɛ ne babea ne Yehowa Adansefo asua Bible na wabɔ su. Maame yi sɛe ne ba no Bible mpɛn 12. Da bi de, ɔfaa ne ba no Bible foforo a wagyaw ato ɔpon so buee mu. Asɛm a ɛne asɛm hyia no, okobuee Mateo 10:36, na maame no hui sɛ asɛm a ɛwɔ hɔ no fa ne ho. Nanso, esiane sɛ na ne ba no ho da so ara hia no nti, bere bi a na abofra no rekɔ akɔka Adansefo afoforo ho ne wɔn akɔ nhyiam wɔ Italy no, maame no dii n’akyi kɔɔ hyɛmma no ho. Bere a maame no huu ɔdɔ, atuuyɛ, wɔn anim a ɛyɛ serewserew ne anigye a wɔde serew no, ɛmaa sɛnea ɔte nka no sesae. Eyi akyi bere tiaa bi no, ofii ase suaa Bible no. Ɛnnɛ, ɔbɔ mmɔden boa afoforo nso a mfiase no na wɔyɛ asɔretiafo no.

16 Wɔ nhwɛso biako mu no, ɔbarima bi twee sekan kɔɔ ne yere so, na ɔde abufuw yeyaw ɔbea no bere a na ɔrekɔ Ahenni Asa so no. Ɔbea no kaa no brɛoo sɛ: “Bra Ahenni Asa so, na w’ankasa bɛhwɛ.” Ɔyɛɛ saa, na ankyɛ ɔbɛyɛɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu.

17. Sɛ tebea no mu yɛ den wɔ Kristofo abusua mu a, Kyerɛwnsɛm mu afotu bɛn na ebetumi aboa?

17 Sɛ w’abusuafo nyinaa yɛ Kristofo mpo a, ɛtɔ mmere bi a nneɛma mu betumi ayɛ den wɔ abusua no mu, na nnipa sintɔ betumi ama kasatia asɔre. Ɛfata sɛ wɔde afotu yi maa Kristofo a na wɔwɔ tete Efeso no: “Momma wonyi nsɛm a ɛyɛ yaw nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne nkekawmu ne kasatia mfi mo mu, ɛne ade bɔne biara.” (Efesofo 4:31) Ɛda adi sɛ, nneɛma a na atwa Kristofo a wɔwɔ Efeso no ho ahyia, wɔn ankasa sintɔ, ne ebia wɔn kan abrabɔ nyaa wɔn so nkɛntɛnso. Dɛn na na ɛbɛma wɔasesa? Na ɛho hia sɛ ‘wɔma wɔkɔ so yɛ wɔn foforo wɔ tumi a ɛkanyan wɔn adwene no mu.’ (Efesofo 4:23) Bere dodow a wosuaa Onyankopɔn Asɛm, dwennwen sɛnea ɛka wɔn asetra, ne mfɛfo Kristofo bɔe, na wofi komam bɔɔ mpae no, na Onyankopɔn honhom aba no bɛda adi yiye wɔ wɔn asetram. Na wobehu sɛnea ‘wɔne wɔn ho bedi no ayamye ne ayamhyehye so, na wɔafi wɔn pɛ mu de bɔne afirifiri wɔn ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii wɔn koraa no.’ (Efesofo 4:32) Ɛmfa ho nea nkurɔfo bɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so, da ayamye adi, hu nnipa mmɔbɔ, na yɛde bɔne firi. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛde bɔne ‘tua obiara bɔne so ka.’ (Romafo 12:17, 18) Nea eye paa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ, yebesuasua Onyankopɔn denam ɔdɔ ankasa a yebeyi no adi so.—1 Yohane 4:8.

Afotu Ma Kristofo Nyinaa

18. Dɛn nti na afotu a ɛwɔ 2 Timoteo 2:24 no yɛ ne bere mu de ma asafo mu mpanyimfo a na wɔwɔ Efeso no, na ɔkwan bɛn so na ɛso ba Kristofo nyinaa mfaso?

18 Afotu a ɛbɛma ‘yɛahyɛ yɛn ho so wɔ bɔne ho’ no fa Kristofo nyinaa ho. (2 Timoteo 2:24) Nanso wodii kan de maa Timoteo a na ohia no, bere a na ɔsom sɛ asafo mu panyin wɔ Efeso no. Na ebinom wɔ asafo no mu a wɔka nsɛm penpen de da wɔn adwene adi, na na wɔrekyerɛkyerɛ atosɛm. Esiane sɛ na wɔante Mose Mmara no ase anwie nti wɔanhu hia a na gyidi, ɔdɔ, ne ahonim pa ho hia no. Bere a wogye nsɛm ho akyinnye no, na ahantan ma wɔko ntɔkwaw, na na wɔnte Kristo nkyerɛkyerɛ ne hia a onyamesompa ahofama ho hia no ase. Nea ɛbɛyɛ na Timoteo adi tebea no ho dwuma no, na ɛsɛ sɛ ɔde ne nan si fam wɔ Kyerɛwnsɛm mu nokwasɛm ho, nanso na ɛsɛ sɛ ɔne ne nuanom no di nsɛm wɔ odwo mu. Te sɛ nnɛyi asafo mu mpanyimfo no, na Timoteo nim sɛ nguakuw no nyɛ ne de, na na ɛsɛ sɛ ɔne afoforo di nsɛm wɔ ɔkwan a ɛde Kristofo dɔ ne biakoyɛ bɛba so.—Efesofo 4:1-3; 1 Timoteo 1:3-11; 5:1, 2; 6:3-5.

19. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛn nyinaa ‘hwehwɛ ahobrɛase’?

19 Onyankopɔn hyɛ n’asomfo sɛ ‘wɔnhwehwɛ ahobrɛase.’ (Sefania 2:3) Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “ahobrɛase” no kyerɛ suban bi a ɛma obi tumi de abotare gyina yaw ano a ne bo mfuw na ɔmfa bɔne ntua bɔne so ka. Momma yemfi koma nyinaa mu nsrɛ Yehowa na ɔmmoa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahyɛ yɛn ho so na yɛasi n’ananmu yiye wɔ tebea a emu yɛ den mpo mu.

Dɛn na Wusuae?

• Sɛ wuhyia kasatia a, kyerɛwsɛm bɛn na ɛbɛboa wo?

• Dɛn na ɛmaa Saul de animtiabu yɛɛ ade?

• Ɔkwan bɛn so na Yesu nhwɛso no boa yɛn ma yɛne nnipa nyinaa di nsɛm yiye?

• Sɛ yɛhyɛ yɛn ho so wɔ kasa mu wɔ fie a, mfaso bɛn na yebenya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ɛmfa ho sɛ na Saul agye dimmɔne no, Anania ne no dii wɔ ayamye so

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Nokwaredi mu a Kristoni fi di nneɛma ho dwuma no

betumi ama abusua mu ɔsɔretia ano abrɛ ase

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Kristofo hwehwɛ ɔdɔ ne biakoyɛ