Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmusua a Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Ahyɛ Wɔn Den

Mmusua a Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Ahyɛ Wɔn Den

‘Me Mmoa Fi Yehowa’

Mmusua a Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Ahyɛ Wɔn Den

“BERLIN ƆFASU.” Saa na awarefo bi a wɔte Argentina frɛɛ ɔfasu bi a na wɔde akyɛ wɔn fie mu abien no! Na nsɛmnsɛm bi wɔ wɔn ntam a wontumi nsiesie; na na wɔtentan wɔn ho ankasa.

Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ awarefo yi nkutoo na wɔwɔ tebea a ɛte saa mu. Ntɔkwaw, ɔbrasɛe, ne ɔtan ankasa ahyɛ mmusua pii mu ma. Asɛm yi yɛ awerɛhow, efisɛ Onyankopɔn ankasa na ɔhyehyɛɛ abusua no. (Genesis 1:27, 28; 2:23, 24) Akyɛde a efi Onyankopɔn nkyɛn yi ma wonya hokwan de da ɔdɔ a emu yɛ den adi kyerɛ. (Rut 1:9) Sɛ abusua mufo nyinaa de ahyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn no di dwuma a, wobetumi ahyɛ Yehowa anuonyam na ayɛ nhyira ama wɔn. *

Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔyɛɛ abusua nhyehyɛe no nti, ehia sɛ yɛma ne nsusuwii nya sɛnea ɛsɛ sɛ mmusua di dwuma no so nkɛntɛnso. N’asɛm no de afotu pa pii a ɛbɛboa mmusua ma adi yiye, titiriw bere a nsɛnnennen asɔre no ma. Ɛdefa okunu asɛyɛde ho no, Bible no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.” Sɛ okunu no di saa ahwehwɛde yi so a, ɛma ɔyere no ani gye sɛ obenya ‘obu kɛse ama ne kunu.’—Efesofo 5:25-29, 33.

Ɛdefa abusuabɔ a ɛda awofo ne wɔn mma ntam ho no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Papanom, monnhyɛ mo mma ahometew, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Saa a wɔbɛyɛ no bɛma abusua no mu ayɛ anigye, na ayɛ mmerɛw ama mmofra no sɛ wɔbɛyɛ osetie ama wɔn awofo.—Efesofo 6:1.

Nsɛmpɔw a yɛasusuw ho yi kyerɛ Bible afotu a emu da hɔ ma abusua asetra no. Onyankopɔn nnyinasosɛm a pii de di dwuma no ma wonya anigye wɔ wɔn afie mu. Fa awarefo a wɔwɔ Argentina a yedii kan kaa wɔn ho asɛm mfiase no sɛ nhwɛso. Bere a wɔne Yehowa Adansefo suaa Bible no asram abiɛsa akyi no, wɔn baanu nyinaa fii ase de afotu a nyansa wom a ɛfa aware ho no dii dwuma. Wɔyeree wɔn ho nyaa nkitahodi pa, daa tema adi kyerɛɛ wɔn ho, na wɔbɛyɛɛ nnipa a wɔde mfomso firi. (Mmebusɛm 15:22; 1 Petro 3:7; 4:8) Wosuae sɛ wɔbɛhyɛ wɔn abufuw so na sɛ nsɛnnennen sɔre a, wɔdan kɔ Onyankopɔn nkyɛn kogye mmoa. (Kolosefo 3:19) Ankyɛ koraa na wodwiriw “Berlin Ɔfasu” no gui!

Onyankopɔn Betumi Ahyɛ Abusua mu Den

Onyankopɔn ho nimdeɛ a abusua no benya ne ne gyinapɛn a wɔde bedi dwuma no betumi ahyɛ abusua no den ma wɔatumi agyina nsɛnnennen ano. Eyi ho hia efisɛ, wɔahyɛ ato hɔ sɛ abusua nhyehyɛe no behyia ntua a emu yɛ den wɔ yɛn bere yi mu. Paulo kaa abrabɔ pa ne adesamma abusua a ɛho aba asɛm nnansa yi ho asɛm siei. Ɔkae sɛ nnipa a wonni nokware, “wonni dɔ,” na wɔyɛ awofo asɛm ho asoɔden, bɛba wɔ ‘nna a edi akyiri no mu a wɔn a wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa’ mpo ka ho.—2 Timoteo 3:1-5.

Onyankopɔn a yɛbɛbɔ mmɔden ayɛ nea ɛsɔ n’ani no bɛboa ma yɛadi nneyɛe bɔne a ɛwɔ abusua no mu no so. Mmusua pii ahu sɛ wobehia Onyankopɔn hɔ mmoa ma wɔadi nsɛnnennen ahorow a wohyia no so. Sɛ abusua mufo nya ɔpɛ sɛ wobekura abusuabɔ pa a ɛda wɔne Onyankopɔn ntam no mu a, nea ɛsen biara a wobehia ne sɛ wɔde Bible mu nnyinasosɛm bedi dwuma na wɔahu sɛ ‘sɛ Yehowa ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa.’ (Dwom 127:1) Yiyedi a ɛsen biara a ebefi abusua anigye a wobenya mu aba no fi Onyankopɔn a wɔde no bedi kan wɔ abusua asetra mu mu.—Efesofo 3:14, 15.

Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Dennis a ɔwɔ Hawaii huu nokwasɛm a asɛm yi yɛ. Ɛwom sɛ na ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni de, nanso na ɔde kasafĩ ne ntɔkwaw ayɛ ne su. Bere a ɔkɔɔ sraadi akyi no, ɔbɛdaa anuɔden ne ɔtan mmoroso adi. Ɔka sɛ: “Bere nyinaa na meko, na nea ɛbɛto me biara mfa me ho, na na minsuro sɛ mewu. Mekɔɔ so kaa kasafĩ koo ntɔkwaw. Me yere a na ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no hyɛɛ me nkuran sɛ minsua Bible no.”

Dennis ko tiaa mmɔden a ne yere bɔe sɛ ɔbɛboa no no. Nanso, Kristofo su a ɔbea no daa no adi no brɛɛ okunu no subammɔne no ase. Awiei koraa no, Dennis ne ne yere ne ne mma no kɔɔ Kristofo nhyiam. Ɛno akyi no, wɔne Dennis fii ase suaa Bible no, na onyaa nkɔso pii. Ogyaee sigaret a wanom bɛyɛ mfe 28 no na ɔne nnamfo a wɔde wɔn ho hyɛ nneyɛe bɔne a ɔbɔ mmɔden sɛ obedi so mu no gyaee bɔ. Dennis kae sɛ: “Meda Yehowa ase, m’abusua asetra ayɛ yiye. Yɛbom sɛ abusua kɔ nhyiam ne asɛnka. Me mma baanu no nsuro me bio, efisɛ masua sɛ mɛhyɛ m’abufuw so na magyae kasafĩ no ka. Yetumi bɔ nkɔmmɔ nya Bible nkɔmmɔbɔ mu anigye. Sɛ ɛnyɛ Bible mu nokware no a, anka minni ha nnɛ; na minni abotare koraa.”

Sɛ mmusua bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ Yehowa apɛde a, wobetumi anya anigye. Osuahu akyerɛ sɛ sɛ abusua no muni biako mpo de Bible mu nnyinasosɛm di dwuma a, nneɛma betumi ayɛ yiye sen sɛ wɔn mu biara mfa nni dwuma. Kristofo mmusua a wɔbɛhyɛ mu den no nna fam, ebehia nimdeɛ ne bere. Nanso mmusua a ɛte saa mufo betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛhyɛ abusua no mu den no so. Wobetumi aka nsɛm a odwontofo no kae no bi sɛ: ‘Me mmoa fi Yehowa.’—Dwom 121:2.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Hwɛ 2005 Calendar of Jehovah’s Witnesses, May/June.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

“[Onyankopɔn] nkyɛn na abusua biara a ɛwɔ soro ne asase so nya ne din.”—EFESOFO 3:15

[Adaka wɔ kratafa 8]

YEHOWA BU ABUSUA NHYEHYƐE NO SƐ ƐSOM BO

“Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma.”—Genesis 1:28.

‘Anigye ne obiara a osuro Yehowa . . . Wo yere yɛ sɛ obobe a ɛsow, wo fi mpia mu.’—Dwom 128:1, 3.