Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na wɔankum Dawid ne Bat-Seba a wɔsɛe aware no, na wɔn babarima a wɔwoo no foforo no mmom na owui?

Mose Mmara no kae sɛ: “Sɛ wohu ɔbarima bi sɛ ɔne ɔbea a ɔyɛ obi yere da a, ɛnde wɔn baanu no nwu, ɔbarima a ɔne ɔbea no dae no ne ɔbea no; na yi bɔne no fi Israel.” (Deuteronomium 22:22) Sɛ Yehowa Nyankopɔn maa kwan ma nnipa a na wɔyɛ atemmufo wɔ Mmara no ase dii Dawid ne Bat-Seba asɛm a, anka wobekum awaresɛefo baanu no. Esiane sɛ na nnipa a wɔyɛ atemmufo no ntumi nhu nea ɛwɔ komam nti, na wobegyina abɔnefo no nneyɛe a wonim so abu wɔn atɛn. Na atɛn a wobu ɔwaresɛefo ne sɛ wobekum no. Wɔamma Israelfo atemmufo no tumi sɛ wɔmfa saa bɔne no mfiri.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, nokware Nyankopɔn no tumi hu komam na ɔde bɔne firi bere a ohu sɛ ɛfata sɛ ɔyɛ saa no. Esiane sɛ na asɛm no fa Dawid a na Yehowa ne no ayɛ Ahenni apam no ho nti, Ɔpawee sɛ n’ankasa bedi asɛm no. (2 Samuel 7:12-16) “Nea obu asase nyinaa atɛn no” wɔ hokwan sɛ osi gyinae a ɛte saa.—Genesis 18:25.

Dɛn na Yehowa hui bere a ɔhwehwɛɛ Dawid koma mu no? Dwom 51 atifi asɛm no ka dwom yi ho asɛm sɛ ɛda Dawid nkate adi “bere a ɔne Bat-Seba da wiei a odiyifo Natan kɔɔ ne nkyɛn no.” Dwom 51:1-4 ka sɛ: “Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔe te no, wo mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti popa me mmarato. Hohoro me ho fi m’amumɔyɛ mu koraa, na prapra me ho fi me bɔne mu. Na me mmarato no, mahu, na me bɔne wɔ m’anim daa yi. Wo nko ara na mafom wo, na mayɛ nea ɛyɛ w’ani so bɔne, na woadi bem wo kasam, na wo ho atew, w’atemmu mu.” Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa buu ahonu kɛse yi a Dawid daa no di wɔ ne komam no sɛ nokware ahonu na osii gyinae sɛ ɛfata sɛ ɔda mmɔborohunu adi kyerɛ abɔnefo no. Bio nso, na Dawid ankasa yɛ mmɔborohunufo, nanso Yehowa hu mmɔborohunufo mmɔbɔ. (1 Samuel 24:4-7; Mateo 5:7; Yakobo 2:13) Enti, bere a Dawid gyee ne bɔne a wayɛ toom no, Natan ka kyerɛɛ no sɛ, “[Yehowa, NW] nso ama wo bɔne atwam, worenwu.”—2 Samuel 12:13.

Na Dawid ne Bat-Seba remfa wɔn ho nni koraa wɔ nea efii wɔn bɔne no mu bae no ho. Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: ‘Sɛ wode asɛm yi ama Yehowa atamfo anya akaye nti, ɔba a wɔwoo no maa wo no nso, owu na obewu.’ Ɛmfa ho sɛ Dawid dii abuada na odii awerɛhow nnanson no, wɔn ba no yaree na owui.—2 Samuel 12:14-18.

Esiane sɛ Deuteronomium 24:16 ka sɛ: “Wonnkum mma mmpae agyanom” nti, ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛte nea enti a na ɛsɛ sɛ abofra no wu no ase. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ sɛ atemmufo a wɔyɛ nnipa na wodii asɛm no a, anka awofo no ne abofra a ɔhyɛ yafunu mu no nyinaa bɛhwere wɔn nkwa. Ɛbɛyɛ sɛ abofra no wu no nso boaa Dawid ma ohuu sɛnea Yehowa ani anye ɔne Bat-Seba bɔne no ho no yiye. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa dii asɛm no ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛteɛ so, efisɛ “ne kwan yɛ pɛ.”—2 Samuel 22:31.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Dawid daa nokware ahonu adi