Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nyansa Dɛn Nti Koraa na Ɛho Yɛ Nã Saa?

Nyansa Dɛn Nti Koraa na Ɛho Yɛ Nã Saa?

Nyansa Dɛn Nti Koraa na Ɛho Yɛ Nã Saa?

ƆBARIMA bi bisae sɛ: “Dɛn na ɛhaw no? Ɛsɛ sɛ ohu sɛ nea ɔreyɛ no nye.” Ɔfoforo nso a asɛm no yɛ no ahi wosow ne ti twaam kae sɛ: “Sɛ onim nyansa a, anka ɔrenyɛ nea ɔreyɛ no.” Woate nsɛm a ɛtete saa pɛn? Ɛnde, dɛn koraa ne “nyansa”?

Wɔkyerɛ asɛmfua “nyansa” ase sɛ “Biribi a wonim no yiye,” “ntease,” ne “atɛmpa a wɔde di dwuma.” Ekura adwene a ɛne sɛ obi tumi fi nyansam hu biribi mu na osi ho gyinae. Ɛda adi sɛ nyansa hwehwɛ sɛ yɛde adwempa yɛ adwuma. Nanso nnipa pii pɛ sɛ afoforo mmom dwen ma wɔn. Wɔma nsɛm ho amanneɛbɔfo, wɔn atipɛnfo, anaa nsusuwii bi a nnipa pii gye tom na ɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ.

Ɛte sɛ nea nyansa ho ayɛ den wɔ nnɛ wiase yi mu ara ma enti ɔbarima bi a ɔhyɛ ade nsow kae bere bi sɛ, ‘Nokwarem ni, nyansa ho ayɛ nã paa.’ Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nyansa? Mfaso bɛn na ɛwɔ so?

Yɛbɛyɛ Dɛn Anya Nyansa?

Ɛwom sɛ egye bere, nsɛm ho a wosusuw no yiye, ne mmɔdemmɔ na yɛatumi anya adwempa ne nhumu de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi anya nyansa. Ma yensusuw nneɛma abiɛsa a ebetumi ama yɛanya nyansa no ho.

Sua Bible no, na fa emu afotu di dwuma. Esiane sɛ wɔde nsɛm a ɛfata na ntease wom yiye na ɛkyerɛw Bible no nti, ɛboa paa ma obi nya nyansa ne ntease. (Efesofo 1:8) Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo tuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ: “Biribiara a ɛyɛ nokware, biribiara a ɛsom bo, biribiara a ɛteɛ, biribiara a ɛho tew, biribiara a ɛyɛ fɛ, biribiara a wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ ne biribiara a ɛsɛ ayeyi no, monkɔ so nsusuw saa nneɛma yi ho.” (Filipifo 4:8) Sɛ yɛkɔ so de afotu yi bɔ yɛn bra a, ɛbɛma yɛanya atɛmpa ne nyansa.

Sua bibiri fi nea asi pɛn mu. Bere a Switzerland anwensɛm kyerɛwfo bi reka abusuabɔ a nyansa ne asetram osuahu wɔ ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Osuahu ne nhumu na ɛka bom yɛ . . . nyansa.” Nokwarem no, “atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Yebetumi anya nyansa denam nneɛma a yɛhwɛ, ntetee a yenya ne osuahu so. Bere rekɔ so no, yebetumi asua sɛnea wɔyɛ nneɛma wɔ ɔkwampa so. Nanso, egye ahobrɛase ne odwo na yɛatumi asua biribi afi yɛn mfomso ahorow mu. Ahohoahoa, ahantan ne asobrakye su a nnipa a wɔwɔ nna a edi akyiri yi mu da no adi no kyerɛ sɛ wonnim nyansa.—2 Timoteo 3:1-5.

Paw nnamfo nyansam. Yɛn nnamfo nso betumi adi aboa yɛn anaa wɔagye yɛn asabawmu wɔ nyansa ne ntease a yɛde bɛbɔ yɛn bra no ho. Mmebusɛm 13:20 ka sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” Ɛnsɛ sɛ yegye adwene anaa nsusuwii a nnipa a wontie Onyankopɔn ne n’Asɛm kura no tom. Mmebusɛm 17:12 ka sɛ: “Ma osisi a wɔafa ne mma nhyia wo mmom, na ɛnyɛ ɔkwasea n’agyimisɛm mu.”

Mfaso Bɛn na Ɛwɔ So?

Mfaso wɔ nyansa a yebenya no so. Ɛma yenya anigye kɛse wɔ asetram na yɛnsɛe bere nso. Nyansa mpo betumi atew abasamtu a mpɛn pii no efi biribi a yɛnnwen ho yiye na yɛyɛ so ba no mu. Wɔn a wɔmfa atɛmpa nni dwuma no ma abrabɔ mu yɛ den ma wɔn ankasa. Bible ka sɛ: ‘Nkwasea adwumaden hyɛ wɔn ankasa brɛ.’ (Ɔsɛnkafo 10:15) Nnipa a wɔte saa no betumi ayɛ adwuma abrɛ; nanso wonnya adepa biara mfi mu.

Bible no de afotu a mfaso wɔ so pii ma wɔ ahotew, nkitahodi, nsiyɛ, sɛnea wogyina ohia ano, ne asetram nsɛm afoforo ho. Nnipa ɔpepem pii betumi adi adanse sɛ wɔn abrabɔ a asi wɔn yiye anaa adi wɔn huammɔ no gyina sɛnea wɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma no so no na ɛboa wɔn ma wɔyɛ ade nyansam.

Nyansa boa yɛn ma yɛyɛ pii sen sɛ yɛde akwankyerɛ anaa mmara bi bedi dwuma ara kɛkɛ. Ɛboa yɛn ma yedi yɛn asɛyɛde ho dwuma. Nanso yentumi mfa nyansa nsi nimdeɛ a ɛsɛ sɛ yenya no ananmu. Mmebusɛm 1:5 ka sɛ: “Onyansafo ntie, na n’adenim nnɔɔso.” Ɛsɛ sɛ yesusuw nsɛm a yɛte no ho na yegyina so si gyinae pa. Eyi boa yɛn ma ‘yɛnantew nyansam.’—Mmebusɛm 28:26.

Ahobrɛase ne nyansa na ɛnam. Ɛwom sɛ ebia yɛbɛpɛ sɛ yedi asɛyɛde pii ho dwuma de, nanso ɛsɛ sɛ yɛde atɛmpa di dwuma na yɛyɛ nea yɛn ahoɔden betumi. Nokwarem no, ɔsomafo Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.’ (1 Korintofo 15:58) Nanso ɛsɛ sɛ afotu yi ne nnyinasosɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 9:4 a ɛka sɛ: “Ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu,” no hyia. Yɛn akwahosan a yɛbɛma yɛn ani aku ho bere a yɛresom Yehowa no betumi ama yɛanyin akyɛ, na yɛakɔ so ayɛ nsi. Nyansa betumi aboa yɛn ma yɛakari pɛ na yɛakɔ so ayɛ nneɛma a ɛho hia a ɛremma yɛn anigye nsa. Yiw, mfaso pii wɔ nyansa so.

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Afotu a mfaso pii wɔ so wɔ Bible no mu

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yebetumi anya nyansa denam nneɛma a yɛhwɛ, ntetee a yenya ne osuahu so