Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Nnipa Betumi Ayi Ohia Afi Hɔ?

So Nnipa Betumi Ayi Ohia Afi Hɔ?

So Nnipa Betumi Ayi Ohia Afi Hɔ?

NNIPA mpempem pii na wɔanyinyin a wonnii hia da. Ɛmmae da sɛ wobebua ada anaa wɔbɛda awɔw mu. Nanso, nnipa a wɔte saa no mu pii te nka ma ahiafo, na wɔbɔ mmɔden yɛ wɔn mmoa.

Nanso, nkurɔfo a ɔmanko, nsuyiri, ɔpɛ, ne ɔhaw afoforo haw wɔn no da so ara di hia buruburoo. Saa nneɛma yi bɔ Afrika akuafo a wɔyɛ mfuw nketewa no hu. Eyi ama ebinom atu afi wɔn nkurow mu kɔ nkurow akɛse mu anaa wɔakɔtra aman afoforo so sɛ aguanfo. Afoforo a wɔte nkuraase no tu kɔ nkurow akɛse mu efisɛ wonim sɛ, sɛ wɔkɔ hɔ a, wɔn asetra besi wɔn yiye.

Mpɛn pii no, nkurɔfo di hia wɔ nkurow akɛse a nnipa kyere so wom no mu. Asase a wonya de dua nnɔbae no sua koraa. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobenya adwuma ayɛ. Esiane sɛ nnipa pii nni anidaso koraa nti, wɔdan nsɛmmɔnedifo. Nnipa a wɔtete nkurow akɛse mu no sũ hwehwɛ mmoa, nanso nnipa nniso horow no ntumi nyii ohia a ɛrekɔ so no mfii hɔ. Bere a The Independent atesɛm krataa a wotintim wɔ London no retwe adwene asi amanneɛbɔ bi a Amanaman Nkabom no de too gua wɔ November 2003 mu so no, ɛkae sɛ: “Nnipa a woredi kɔm no redɔɔso.” Ɛde kaa ho sɛ: “Wobu akontaa sɛ wɔ wiase nyinaa no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 842 na nnɛ wonnya aduan pa nni—na nnipa a wɔte saa no dodow mpo rekɔ soro ma afe biara nnipa ɔpepem 5 a wodi kɔm bɛka ho.”

Ɛtɔ mmere bi a, Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ South Africa no nsa ka nkrataa a efi nkurɔfo a wodi hia hɔ. Sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi a ofi Bloemfontein kyerɛwee sɛ: “Minni adwuma yɛ, na bere biara a menya biribi wɔ kuropɔn no mu no miwia. Sɛ manyɛ saa a, ɔkɔm bɛde yɛn nna pii—na awɔw a ano yɛ den a ɛbɛde yɛn no de, menna nka. Adwuma nni hɔ koraa. Nnipa pii nenam mmɔnten so rehwehwɛ adwuma ne nea wobedi. Minim ebinom a wɔtasetase nnuan wɔ nnaka a wɔde nwura gu mu mu di. Ebinom di wɔn ho dɔm. Nnipa pii a wɔte sɛ me a wɔabotow na wonni anidaso. Ɛte sɛ nea anidaso biara nni hɔ ma daakye. So Onyankopɔn a ɔbɔɔ yɛn sɛ yennidi na yɛnhyɛ ntaade no nhu eyi?”

Mmuae a ɛma abotɔyam wɔ hɔ ma ɔbarima yi ahiasɛm no. Sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛda no adi no, saa mmuae no wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu.