Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Bi a Ohia Nni Mu Abɛn

Wiase Bi a Ohia Nni Mu Abɛn

Wiase Bi a Ohia Nni Mu Abɛn

NNIPA a wodi hia no ani gye Paradise ho mfonini ahorow te sɛ nea ɛwɔ nsɛmma nhoma yi akyi no ho. Nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa traa paradise mu ankasa. Na wɔn fie no yɛ Eden turo. (Genesis 2:7-23) Ɛwom sɛ saa Paradise no yerae de, nanso gyidi a wobenya sɛ daakye paradise—wiase foforo bi a ohia nnim—bɛba no nyɛ adaeso ara kwa. Egyina Bible mu bɔhyɛ ahorow so pintinn.

Susuw bɔ a Yesu Kristo hyɛe wɔ n’asase so asetra nna a etwa to mu no ho hwɛ. Abɔnefo a wɔne Yesu wui no mu biako nyaa Onyankopɔn tumi a ɔde bedi nnipa haw ahorow ho dwuma no mu gyidi. Ɔkae sɛ: “Yesu, sɛ woba w’ahenni mu a kae me.” Saa nsɛm yi kyerɛ sɛ na ɔbɔnefo no gye di sɛ Yesu bedi Hene na wobenyan awufo aba nkwa mu bio. Yesu buaa no sɛ: “Nokwarem mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.”—Luka 23:42, 43.

Bere a Bible no reka wɔn a wɔbɛtra Paradise mu ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.” (Yesaia 65:21) Yiw, “wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa, NW] ano na aka.”—Mika 4:4.

Nanso, dɛn nti na ohia akɔ so abesi saa bere yi? Mmoa bɛn na Onyankopɔn de ma wɔn a wodi hia no? Bere bɛn na ohia befi hɔ koraa?

Dɛn Nti Na Ohia Wɔ Hɔ?

Esiane atua a ɔbɔfo bɔne, Satan Ɔbonsam tewee nti, ɛmaa Paradise a wɔde Adam ne Hawa traa mu no yerae. Satan de ɔwɔ dii dwuma sɛ ne kasamafo daadaa Hawa ma ɔtoo Onyankopɔn mmara a ɛfa dua bi a na ɛnsɛ sɛ wodi n’aba ho. Ɔdaadaa no ma obegye dii sɛ sɛ ɔtwe ne ho fi Onyankopɔn tumidi ase a, obenya asetra pa. Bere a Hawa de aduaba a na wɔabara sɛ wonni no maa Adam no, otiee ne yere poo Onyankopɔn na ɔno nso dii.—Genesis 3:1-6; 1 Timoteo 2:14.

Wotuu nnipa baanu no fii Paradise hɔ ma ɛfatae na efi saa bere no, na ɛsɛ sɛ wɔbrɛ ansa na wɔanya wɔn asetrade. Yehowa ama kwan ama Satan adi adesamma asoɔdenfo so abesi nnɛ, na ama nea afi Onyankopɔn so asoɔden mu aba no ada adi. Abakɔsɛm ada no adi sɛ adesamma ntumi mfa Paradise mma asase so. (Yeremia 10:23) Mmom no, twe a nnipa twee ne ho fii Onyankopɔn ho no de ɔhaw kɛse a ohia ka ho na aba.—Ɔsɛnkafo 8:9.

Nanso, wɔn a wodi hia no nya mmoa wɔ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu. Onyankopɔn Asɛm, Bible, a efi honhom mu no de akwankyerɛ pa ma wɔn.

“Monnnwennwene”

Bere a Yesu rekasa akyerɛ nnipa pii a na ahiafo ka ho no, ɔkae sɛ: “Monhwɛ ewim nnomaa; wongu aba na wontwa na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro Agya ma wɔn aduan. So monsom bo pii nsen wɔn? . . . Enti monnnwennwene nka sɛ, ‘Dɛn na yebedi?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛhyɛ?’ Na eyinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyi denneennen. Na mo soro Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi nyinaa. Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne ne trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.”—Mateo 6:26-33.

Ɛnsɛ sɛ ohiani bɔ korɔn. (Mmebusɛm 6:30, 31) Sɛ ɔde Onyankopɔn di kan wɔ n’asetra mu a, ɔde nea ehia no bɛma no. Susuw Tukiso, ɔbarima bi a ofi Lesotho wɔ Afrika anafo fam asɛm no ho. Wɔ 1998 mu no, asraafo dɔm a wofi ɔman foforo bi so baa Lesotho besiw atua a na wɔretew atia Lesotho aban no ano. Esiane saa ɔko no nti, nkurɔfo fow sotɔɔ mu nneɛma, nkurɔfo nnwuma fii wɔn nsa, na ɔkɔm kɛse bae.

Na Tukiso te ahenkurow no fã a wodi hia buruburoo no mu. Na n’afipamfo pii afow sotɔɔ mu nneɛma sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya biribi adi. Bere a Tukiso san baa dankorɛ biako a ɔte mu mu no, ohui sɛ ɔbea a ɔne no te a wɔfrɛ no Maseiso no akɔfow nnuan pii aba. Tukiso kae sɛ: “Yi nneɛma yi fi ɔdan yi mu,” na ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ ɛyɛ korɔn na ɛto Onyankopɔn mmara. Maseiso yɛɛ saa. Wɔn afipamfo no dii wɔn ho fɛw na wɔsesaw nnuan no kodii.

Esiane nea na Tukiso ne Yehowa Adansefo asua wɔ Bible no mu nti na osii saa gyinae no. So Onyankopɔn mmara a odii so no ma odii kɔm? Dabi. Bere bi akyi no, mpanyimfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo a Tukiso wom no de nnuan brɛɛ no. Nokwarem no, na Yehowa Adansefo a wɔbemmɛn South Africa no de nneɛma a emu duru boro tɔn abien akɔyɛ wɔn Kristofo nuanom a wɔwɔ Lesotho no mmoa. Osetie a Tukiso yɛ maa Onyankopɔn ne mmoa a efi ɔdɔ mu a asafo no de maa wɔn no kaa Maseiso koma. Ɔno nso fii ase suaa Bible no. Awiei koraa no, Tukiso ne Maseiso waree wɔ mmara kwan so na wɔfatae sɛ wɔbɔ wɔn asu sɛ Yehowa Adansefo. Wɔda so ara resom Onyankopɔn nokwarem.

Yehowa dwen ahiafo ho. (Hwɛ adaka, “Onyankopɔn Bu Ahiafo Dɛn?” no mu.) Ofi ɔdɔ mu ayɛ nhyehyɛe aboa afoforo te sɛ Tukiso ne Maseiso ma wɔasua ne ho ade pii. Na ɔde da biara da asetra ho afotu a mfaso wɔ so ama wɔ n’Asɛm mu.

Nhyehyɛe a Mfaso Wɔ So

Yehowa Adansefo abɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wobesuasua sɛnea Onyankopɔn dwen ahiafo ho no. (Galatifo 2:10) Mpɛn pii no sɛ asiane si wɔ asase bi so na nokware Kristofo ho ka a, wɔyɛ nhyehyɛe de mmoa a wohia ma wɔn. Nea ehia sen saa no, Adansefo no dwen nnipa nyinaa honhom fam ahiade ahorow ho a ahiafo nso ka ho. (Mateo 9:36-38) Wɔ mfe 60 a atwam mu no, asomfo mpempem pii a wɔatete wɔn no atu wɔn ho ama resom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ amannɔne nsase so. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ asɛmpatrɛwfo awarefo bi a wofi Finland a wosuaa Sesotho kasa no na wotumi boaa Tukiso ne Maseiso ma wɔbɛyɛɛ Yesu asuafo no. (Mateo 28:19, 20) Mpɛn pii no, asɛmpatrɛw adwuma a ɛte saa no hwehwɛ sɛ wɔde asetra a ahotɔ wom a wonya wɔ ɔman a wodi yiye mu no bɔ afɔre na wotu kɔ ɔman a wodi hia so.

Korɔnbɔ nyɛ ɔkwan a nokware Kristofo fa so nya nea wohia. Mmom no, wɔwɔ gyidi sɛ Yehowa Nyankopɔn betumi de nea wohia ama wɔn. (Hebrifo 13:5, 6) Ɔkwan biako a Yehowa fa so de nea ne nkurɔfo hia ma wɔn ne ahyehyɛde a ɛwɔ wiase nyinaa a n’asomfo a wɔboa wɔn ho wɔn ho na wɔwom no.

Ɔkwan foforo a Yehowa fa so boa ahiafo ne sɛ ɔma wɔn da biara da asetra ho afotu a mfaso wɔ so. Sɛ nhwɛso no, Bible hyɛ sɛ: “Mma ɔkorɔmfo nnwia ade bio, na mmom ɔnyɛ adwumaden, mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na ama wanya biribi a ɔde bɛma nea ahia no.” (Efesofo 4:28) Nnipa pii a wonni adwuma no atumi apɛ nnwuma ama wɔn ho, wɔyɛ adwumaden te sɛ kua. Bible no boa ahiafo nso ma wɔde sika sie denam kyerɛ a ɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔkwati su bɔne te sɛ asanom bebrebe no so.—Efesofo 5:18.

Wiase Bi a Ohia Nni Mu—Bere Bɛn?

Bible no kyerɛ sɛ yɛte Satan nniso no “nna a edi akyiri mu.” (2 Timoteo 3:1) Ɛrenkyɛ, Yehowa Nyankopɔn bɛsoma Yesu Kristo ma wabebu adesamma atɛn. Dɛn na ɛbɛkɔ so saa bere no? Yesu de mmuae no mae wɔ ne mfatoho no biako mu. Ɔkae sɛ: “Bere a onipa Ba no ba n’anuonyam mu a abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim, na ɔbɛpaapae nnipa no mu mmiako mmiako, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguan ne mmirekyi mu no.”—Mateo 25:31-33.

Nguan a wɔwɔ mfatoho yi mu no ne wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Yesu ahenni ase no. Yesu de wɔn toto nguan ho efisɛ wotie no sɛ wɔn Guanhwɛfo. (Yohane 10:16) Nnipa a wɔte sɛ nguan yi benya nkwa wɔ Yesu nniso a ɛyɛ pɛ no ase. Ɛbɛyɛ asetra a ɛyɛ anigye wɔ wiase foforo a ohia nnim mu. Wɔbɛsɛe nnipa a wɔte sɛ mmirekyi a wɔpo Yesu nniso no koraa.—Mateo 25:46.

Onyankopɔn Ahenni de abɔnefosɛm bɛba awiei. Afei ohia befi hɔ. Mmom no, nkurɔfo a wɔdodɔ wɔn ho na wɔboa wɔn ho wɔn ho na wɔbɛtra asase no so. Nea ɛma yehu sɛ wiase bi a ɛte saa betumi aba no ne Yehowa Adansefo amanaman ntam onuayɛ kuw a ɔdɔ wom no, efisɛ Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:35.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6, 7]

ONYANKOPƆN BU AHIAFO DƐN?

Bible no ka adesamma Bɔfo no ho asɛm sɛ nea “ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan.” (Dwom 146:7) Emu nkyekyɛm bɛboro ɔha na esi so dua sɛ Onyankopɔn dwen ahiafo ho.

Sɛ nhwɛso no, bere a Yehowa de ne Mmara maa tete Israel man no, ɔhyɛɛ Israel akuafo sɛ mma wonntwa wɔn ahye so nnɔbae nyinaa. Na ɛnsɛ sɛ wɔsan kɔtase ngodua anaa bobe aba a ɛyɛ mpɛpɛw no. Na mmara yi yɛ nhyehyɛe pa ma ahɔho, nyisaa, akunafo, ne afoforo a wodi hia.—Leviticus 19:9, 10; Deuteronomium 24:19-21.

Bio nso, Onyankopɔn hyɛɛ Israelfo no sɛ: “Monnhyɛ ɔbaakunafo anaa ayisaa so. Sɛ wohyɛ wɔn so, na wosu frɛ me pɛ a, otie na metie wɔn sufrɛ no, na m’abufuw ano ayɛ den, na mede nkrante makum mo, na mo yerenom adannan akunafo, na mo mma ayeyɛ nyisaa.” (Exodus 22:22-24) Awerɛhosɛm ne sɛ, Israelfo adefo pii antie saa nsɛm no. Esiane eyi ne bɔne afoforo a wɔyɛe nti, Yehowa Nyankopɔn nam n’adiyifo so de kɔkɔbɔ pii maa Israelfo no. (Yesaia 10:1, 2; Yeremia 5:28; Amos 4:1-3) Awiei koraa no, Onyankopɔn maa Asiriafo ne akyiri yi Babilonfo dii Israelfo so. Wokunkum Israelfo pii, na wɔn a wɔkae no, wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ ananafo nsase so.

Onyankopɔn Dɔba, Yesu Kristo, suasuaa sɛnea n’Agya fi ɔdɔ mu dwen ahiafo ho no. Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ ne som adwuma no atirimpɔw mu no, ɔkae sɛ: “Yehowa honhom wɔ me so, efisɛ ɔsraa me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo.” (Luka 4:18) Eyi nkyerɛ sɛ ahiafo nkutoo na Yesu kasa kyerɛɛ wɔn. Ofi ɔdɔ mu boaa adefo nso. Enti, bere a Yesu reboa adefo no, mpɛn pii no na ɔda no adi sɛ ɔdwen ahiafo ho. Sɛ nhwɛso no, ɔde afotu yi maa ɔdefo sodifo bi sɛ: “Tɔn nea wowɔ nyinaa na kyekyɛ ma ahiafo, na wubenya ademude wɔ soro; na bra bedi m’akyi.”—Luka 14:1, 12-14; 18:18, 22; 19:1-10.

Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no dwen ahiafo ho yiye. (Marko 12:41-44; Yakobo 2:1-6) Ahiafo ɔpepepem pii a wɔawuwu no wɔ Yehowa nkae mu a ɛkyerɛ sɛ odwen wɔn ho. Wobenyan saafo yi nyinaa akɔ wiase foforo bi a ohia nni mu.—Asomafo Nnwuma 24:15.

[Mfonini ahorow]

Yehowa Adansefo amanaman ntam onuayɛ kuw no kyerɛ sɛ wiase foforo no betumi aba

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Tukiso ne Maseiso ne ɔsɛmpatrɛwfo a ɔne Tukiso suaa Bible no

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Maseiso gyina ne fie pon ano, ɔne ɔsɛmpatrɛwfo a ɔne no suaa Bible no