Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Akwan A Yebesua Ahu

Yehowa Akwan A Yebesua Ahu

Yehowa Akwan A Yebesua Ahu

“Ma minhu wo kwan ɛ, na mahu wo.”—EXODUS 33:13.

1, 2. (a) Bere a Mose hui sɛ Misrini bi reyɛ Hebrini bi ayayade no, dɛn nti na ɔbɔɔ no kum no? (b) Sɛ Mose bɛfata sɛ Yehowa de no di adwuma a, na dɛn na ɛsɛ sɛ ohu?

WƆTETEE Mose wɔ Farao fie, na wɔde nyansa a Misraim adehye gye tom kyerɛkyerɛɛ no. Nanso Mose hui sɛ ɔnyɛ Misrini. Na n’awofo yɛ Hebrifo. Bere a odii mfe 40 no, ofii adi sɛ ɔrekɔhwɛ ne nuanom, Israelfo no. Bere a Mose hui sɛ Misrini bi reyɛ Hebrini bi ayayade no, ɛhaw no. Enti ɔbɔɔ Misrini no kum no. Mose pawee sɛ obegyina Yehowa nkurɔfo akyi, na osusuwii sɛ Onyankopɔn de no redi dwuma de agye ne nuanom no. (Asomafo Nnwuma 7:21-25; Hebrifo 11:24, 25) Bere a Misraim adehye tee asɛm yi no, wobuu Mose otuatewfo, enti na ɛsɛ sɛ oguan de pere ne nkwa. (Exodus 2:11-15) Sɛ Onyankopɔn de Mose bedi dwuma a, na ɛsɛ sɛ ohu Yehowa akwan yiye. So Mose bɛma kwan ma wɔakyerɛkyerɛ no?—Dwom 25:9.

2 Mose guanee na ɔde mfe 40 a edi hɔ no som sɛ oguanhwɛfo. Sɛ anka Mose bo befuw sɛ ne nuanom Hebrifo no ankyerɛ nea ɔyɛe no ho anisɔ no, ogyee nea Onyankopɔn maa ho kwan ma ɛbae no toom. Mfe pii twaam a na ɛte sɛ nea wɔabu ani agu Mose so de, nanso ɔmaa kwan maa Yehowa tetee no. Na ɛnyɛ sɛ Mose reka sɛnea obu ne ho nti na ɔkyerɛwee akyiri yi sɛ: “Na ɔbarima Mose de, odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa” no, na mmom Onyankopɔn honhom kronkron na ɛkaa no ma ɔkyerɛwee. (Numeri 12:3) Yehowa de Mose dii dwuma wɔ akwan a ɛda nsow so. Sɛ yɛn nso yɛbrɛ yɛn ho ase a, Yehowa behyira yɛn.—Sefania 2:3.

Wɔmaa No Adwuma Bi

3, 4. (a) Adwuma bɛn na Yehowa de maa Mose? (b) Mmoa bɛn na Mose nyae?

3 Da koro bi, Yehowa maa ɔbɔfo bi sii n’ananmu ne Mose kasae wɔ Bepɔw Horeb a ɛwɔ Sinai Asase Hwene so no so. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ohu na mahu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na wɔn sũ a wɔn so ahwɛfo nti wosu frɛ no, mate, na mahu wɔn amanehunu. Na masian sɛ merebeyi wɔn Misrifo nsam, na matutu wɔn afi asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛw so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so.” (Exodus 3:2, 7, 8) Wɔ eyi mu no, na Onyankopɔn wɔ adwuma bi ma Mose, nanso na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no sɛnea Yehowa pɛ.

4 Yehowa bɔfo no toaa so sɛ: “Afei bra na mensoma wo Farao nkyɛn, na koyi me man Israelfo no fi Misraim.” Mose twentwɛn ne nan ase. Na ɔhwɛ ne ho a, ɔte nka sɛ ɔrentumi. Nanso, Yehowa maa Mose awerɛhyem sɛ: “Medi w’akyi.” (Exodus 3:10-12) Yehowa maa Mose tumi ma ɔyɛɛ sɛnkyerɛnne pii a na ebedi adanse sɛ Onyankopɔn na asoma no ampa. Na Mose nua Aaron ne no bɛkɔ na wayɛ ne kasamafo. Na Yehowa bɛkyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔka ne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. (Exodus 4:1-17) So Mose de nokwaredi bɛyɛ adwuma no?

5. Dɛn nti na Israelfo nneyɛe no yɛɛ nsɛnnennen maa Mose?

5 Mfitiase no, Israelfo mpanyimfo gyee Mose ne Aaron dii. (Exodus 4:29-31) Nanso, ankyɛ na “Israelfo adwumayɛ so ahwɛfo no” ka kyerɛɛ Mose ne ne nua Aaron sɛ wɔama wɔn “ho abɔn” wɔ Farao ne ne nkoa anim. (Exodus 5:19-21; 6:9) Israelfo no refi Misraim no, ehu kaa wɔn bere a wohui sɛ Misraimfo nteaseɛnam retiw wɔn no. Bere a Israelfo no hui sɛ Po Kɔkɔɔ no da wɔn anim na nteaseɛnam nso di wɔn akyi no, wohui sɛ asɛm ato wɔn, na wɔbɔɔ Mose sobo. Sɛ wone Mose a, anka dɛn na wobɛyɛ? Ɛmfa ho sɛ na Israelfo no nni ahyɛmma biara no, Mose nam Yehowa akwankyerɛ so maa ɔman no siim. Afei Onyankopɔn maa Po Kɔkɔɔ no mu pae kɔɔ fã ne fã, na ɛpo bun no yɛɛ asase kesee ma Israelfo no tumi faa mu.—Exodus 14:1-22.

Biribi a Ɛho Hia Koraa Sen Ogye

6. Bere a Yehowa de adwuma rehyɛ Mose nsa no, dɛn na osii so dua?

6 Bere a Yehowa de adwuma rehyɛ Mose nsa no, osii hia a Ne din ho hia no so dua. Na ɛho hia sɛ wɔkyerɛ obu ma edin no ne Onii a wɔde saa din no frɛ no no. Bere a Mose bisaa Yehowa din no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mɛyɛ nea mɛyɛ.’ Bio nso na ɛsɛ sɛ Mose ka kyerɛ Israelfo no sɛ: “[Yehowa, NW] mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn yi.” Yehowa de kaa ho sɛ: “Eyi ne me din de kosi daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu.” (Exodus 3:13-15) Edin a Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asase so nyinaa de nim no ne Yehowa.—Yesaia 12:4, 5; 43:10-12.

7. Wɔ Farao ahantan nyinaa akyi no, dɛn na Onyankopɔn hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ?

7 Bere a Mose ne Aaron kɔɔ Farao anim no, Yehowa din na wɔbɔ de kaa wɔn asɛm no. Nanso Farao fi ahantan mu kae sɛ: ‘Hena ne Yehowa a metie ne nne na mama Israel akɔ? Minnim Yehowa no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.’ (Exodus 5:1, 2) Farao daa ne ho adi sɛ ɔyɛ komapirimfo ne ɔtorofo, nanso Yehowa hyɛɛ Mose ma otii asɛm no mu kyerɛ no mpɛn pii. (Exodus 7:14-16, 20-23; 8:1, 2, 20) Mose hui sɛ Farao bo afuw. Sɛ ɔsan kɔ n’anim bio a, so biribi pa bi befi mu aba? Na Israel hia ogye denneennen. Na Farao asi ne bo sɛ ɔremma wɔnnkɔ. Sɛ wone Mose a, anka dɛn na wobɛyɛ?

8. Mfaso bɛn na efii sɛnea Yehowa dii Farao asɛm no ho dwuma no mu bae, na ɛsɛ sɛ saa asɛm no ka yɛn dɛn?

8 Afei Mose san de too so sɛ: ‘Sɛ Yehowa, Hebrifo Nyankopɔn no, se ni: Ma me man nkɔ nkɔsom me.’ Onyankopɔn kae nso sɛ: “Na afei sɛ mateɛ me nsa na mede owuyare mabɔ wo ne wo man a, anka wɔatwa wo afi asase so. Nanso eyi nti na mema wugyina hɔ, sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.” (Exodus 9:13-16) Esiane nea na ɛbɛba Farao a ne koma apirim no so nti, Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔde ne tumi bedi dwuma ɔkwan bi so ma ayɛ kɔkɔbɔ ama wɔn a wogu ne din ho fĩ nyinaa, a Satan Ɔbonsam, nea akyiri yi Yesu Kristo frɛɛ no “wiase sodifo” no nso ka ho. (Yohane 14:30; Romafo 9:17-24) Sɛnea wɔka siee no, wɔbɔɔ Yehowa din wɔ asase so baabiara. N’abodwokyɛre no maa ɔkoraa Israelfo ne afrafrafo pii a wɔne wɔn boom som no no so. (Exodus 9:20, 21; 12:37, 38) Efi saa bere no, Yehowa din a wɔka ho asɛm no so aba mfaso ama nnipa ɔpepem pii a wɔde wɔn ho ahyɛ nokware som mu no.

Nnipa a Wɔn Asɛm Yɛ Den a Wɔne Wɔn Di

9. Ɔkwan bɛn so na Mose ankasa manfo buu Yehowa animtiaa?

9 Na Hebrifo no nim Onyankopɔn din. Bere a Mose ne wɔn rekasa no, ɔde saa din no dii dwuma, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na na wɔda obu adi kyerɛ Onii a wɔde saa din no frɛ no no. Bere a Yehowa nam anwonwa kwan so yii Israelfo no fii Misraim akyi bere tiaa bi no, dɛn na esii bere a wɔannya nsu pa annom no? Wonwiinwii hyɛɛ Mose. Afei wɔkekaa aduan no ho nsɛm. Mose bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ ɛnyɛ ɔne Aaron na wɔrenwiinwii ahyɛ, na mmom Yehowa. (Exodus 15:22-24; 16:2-12) Wɔ Bepɔw Sinai so no, Yehowa maa Israelfo no Mmara na ɔyeyɛɛ anwonwade akɛse kaa ho. Nanso, nkurɔfo no yɛɛ asoɔden yɛɛ sika nantwi ba bi som no kae sɛ wɔrehyɛ ‘fa ama Yehowa.’—Exodus 32:1-9.

10. Dɛn nti na Mose adesrɛ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Exodus 33:13 no ho hia Kristofo ahwɛfo kɛse nnɛ?

10 Na Mose bɛyɛ dɛn ne nnipa a Yehowa ankasa ka wɔn ho asɛm sɛ wɔn kɔn asen no adi? Mose srɛɛ Yehowa sɛ: “Sɛ manya w’anim dom a, ma minhu wo kwan ɛ, na mahu wo, na manya w’anim dom.” (Exodus 33:13) Kristofo ahwɛfo hwɛ nnɛyi Yehowa Adansefo, nguankuw a wɔbrɛ wɔn ho ase koraa sen Israelfo so. Nanso, wɔn nso wɔbɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so.’ (Dwom 25:4) Yehowa akwan a ahwɛfo no behu no bɛboa wɔn ma wɔadi tebea ahorow ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛne Onyankopɔn Asɛm hyia na ɛda ne nipasu adi so.

Nea Yehowa Hwɛ Kwan Fi Ne Nkurɔfo Hɔ

11. Akwankyerɛ bɛn na Yehowa de maa Mose, na dɛn nti na ɛho hia yɛn?

11 Yehowa kaa nea ɔhwɛ kwan fi ne nkurɔfo hɔ no kyerɛɛ wɔn wɔ Bepɔw Sinai so. Akyiri yi Mose nsa kaa apon abien a na wɔakyerɛw Mmara Nsɛm Du wɔ so. Bere a ɔresian afi bepɔw no so no, ohui sɛ Israelfo no resom nantwi ba honi, na ne bo fuwii ma ɔtow apon no gui ma ebubui. Yehowa san kyerɛw Mmara Nsɛm Du no guu abopon a Mose ankasa yɛe no so. (Exodus 32:19; 34:1) Na nsonsonoe biara nni ɛno ne kan de no ntam. Na ɛsɛ sɛ Mose di so. Onyankopɔn maa Mose huu sɛnea Ɔte ankasa nso, na ɛmaa Mose huu sɛnea ɔbɛyɛ n’ade sɛ Yehowa nanmusini. Kristofo nni Mose Mmara no ase, nanso nnyinasosɛm atitiriw pii wɔ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no mu a ɛnsesae, na ɛda so ara fa wɔn a wɔsom Yehowa no nyinaa ho. (Romafo 6:14; 13:8-10) Momma yensusuw emu kakraa bi ho.

12. Ɔkwan bɛn so na na ɛsɛ sɛ ɔsom a edi mũ a Yehowa hwehwɛ no ka Israel?

12 Fa ɔsom a edi mu ma Yehowa. Bere a Yehowa kae sɛ ɔhwehwɛ ɔsom a edi mu no, na Israel man no wɔ hɔ. (Exodus 20:2-5) Na Israelfo ahu nneɛma pii a edi adanse sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no. (Deuteronomium 4:33-35) Yehowa maa emu daa hɔ fann sɛ, ɛmfa ho nea na aman afoforo reyɛ no, ɔremma abosonsom anaa ahonhonsɛmdi biara ho kwan wɔ ne nkurɔfo mu. Na ɛnsɛ sɛ wɔsom no bi ne bi. Na ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa de wɔn koma mũ, wɔn kra mũ, ne wɔn ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa. (Deuteronomium 6:5, 6) Na eyi fa wɔn kasa, wɔn nneyɛe—sɛ yɛbɛka a, wɔn asetra mu biribiara ho. (Leviticus 20:27; 24:15, 16; 26:1) Yesu Kristo nso maa emu daa hɔ sɛ Yehowa hwehwɛ ɔsom a edi mũ.—Marko 12:28-30; Luka 4:8.

13. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Israel yɛ osetie yiye ma Onyankopɔn, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ osetie ma no? (Ɔsɛnkafo 12:13)

13 Tie Yehowa mmara yiye. Na ehia sɛ wɔkae Israelfo no sɛ, wɔnam apam a wɔne Yehowa ayɛ no so aka ntam sɛ wobetie no yiye. Na wɔwɔ ahofadi ankasa, nanso ɛdefa nsɛm a Yehowa de ho mmara ama wɔn ho no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ osetie yiye. Saa a wɔbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ wɔdɔ Onyankopɔn, na wɔne wɔn asefo benya so mfaso, efisɛ na biribiara a Yehowa hwehwɛ fi wɔn hɔ no so wɔ mfaso ma wɔn ankasa.—Exodus 19:5-8; Deuteronomium 5:27-33; 11:22, 23.

14. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn sii hia a ehia sɛ wɔde honhom fam nneɛma di kan no so dua kyerɛɛ Israel?

14 Fa honhom fam nneɛma di kan. Na ɛnsɛ sɛ Israel man no ma honam fam ahiade ho dwuma a wobedi no gye wɔn bere a wonnya adagyew nyɛ honhom fam nnwuma. Na ɛnsɛ sɛ Israelfo de wɔn asetra di honam fam nneɛma nkutoo akyi. Yehowa yii bere bi sii hɔ wɔ dapɛn biara mu yɛɛ no kronkron, bere a wɔde di nokware Nyankopɔn som mu nneɛma nkutoo ho dwuma. (Exodus 35:1-3; Numeri 15:32-36) Afe biara nso, na ɛsɛ sɛ woyi bere bi si hɔ ma nhyiam kronkron a na wɔayɛ ho nhyehyɛe no. (Leviticus 23:4-44) Na eyinom bɛma wɔanya hokwan asusuw Yehowa ahoɔdenne ho, akaakae n’akwan, na wɔakyerɛ ne papayɛ nyinaa ho anisɔ. Sɛ nkurɔfo no da no adi sɛ wɔwɔ ahofama ma Yehowa a, osuro ne ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no bɛyɛ kɛse na aboa ma wɔanantew n’akwan so. (Deuteronomium 10:12, 13) Saa akwankyerɛ yi mu nnyinasosɛm a edi mũ no so wɔ mfaso ma Yehowa asomfo nnɛ.—Hebrifo 10:24, 25.

Yehowa Su Ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ

15. (a) Dɛn nti na na mfaso wɔ so sɛ Mose kyerɛ Yehowa su horow ho anisɔ? (b) Nsɛmmisa bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasusuw Yehowa su horow ho yiye?

15 Na Yehowa su horow ho anisɔ a Mose bɛkyerɛ no nso bɛboa no wɔ ɔne nkurɔfo no nsɛnnii mu. Exodus 34:5-7 ka sɛ Onyankopɔn betwaam wɔ Mose anim kae sɛ: ‘Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi, na bem na ɔmma ɔbɔnefo nni, na otua agyanom amumɔyɛ so ka fa mma ne mma mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan so.’ Gye bere susuw saa nsɛm no ho. Bisa wo ho sɛ: ‘Su yi mu biara kyerɛ dɛn? Ɔkwan bɛn so na Yehowa da saa su no adi? Kristofo ahwɛfo bɛyɛ dɛn atumi ada su yi adi? Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ saa su no nya nea yɛn mu biara yɛ so nkɛntɛnso?’ Susuw emu kakraa bi ho hwɛ.

16. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama Onyankopɔn mmɔborohunu ho ntease a yɛwɔ no ayɛ akɛse, na dɛn nti na eyi a yɛbɛyɛ no ho hia?

16 Yehowa yɛ “Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfo.” Sɛ wowɔ Insight on the Scriptures nhoma a wɔde yɛ nhwehwɛmu no bi a, dɛn nti na wonkenkan nea ɛwɔ asɛmti “Mercy” (Mmɔborohunu) ase no? Anaa nso sɛ, yɛ saa asɛm no ho nhwehwɛmu wɔ Watch Tower Publication Index anaa kɔmputa so dwumadi a wɔfrɛ no Watchtower Library (CD-ROM) * no mu. Fa nhoma a wɔde hwehwɛ Bible mu nsɛmfua no hwehwɛ kyerɛw nsɛm ahorow a ɛka mmɔborohunu ho asɛm. Wubehu sɛ, sɛ asotwe a ɛtɔ mmere bi a Yehowa mmɔborohunu ma ogow mu no da nkyɛn a, ɔda ayamhyehye adi. Ɛka Onyankopɔn ma ɔyɛ ade de boa ne nkurɔfo ma wonya ahotɔ. Nea edi eyi ho adanse no, bere a Israelfo rekɔ Bɔhyɛ Asase no so no, Onyankopɔn maa wɔn honam ne honhom fam mmoa. (Deuteronomium 1:30-33; 8:4) Sɛ wɔyɛ bɔne a, na Yehowa mmɔborohunu ka no ma ɔde firi wɔn. Ɔdaa mmɔborohunu adi kyerɛɛ ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete no. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso yi mmɔborohunu adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho!—Mateo 9:13; 18:21-35.

17. Ɔkwan bɛn so na ɔdomfo a Yehowa yɛ ho ntease a yɛwɔ no betumi ama nokware som anya nkɔso?

17 Wɔde ɔdom bata Yehowa mmɔborohunu ho. Wobɛkyerɛkyerɛ “ɔdom” mu dɛn? Fa eyi toto kyerɛw nsɛm a ɛka sɛ Yehowa yɛ ɔdomfo no ho hwɛ. Bible da no adi sɛ ɔdomfo a Yehowa yɛ no nso kyerɛ sɛ ofi ɔdɔ mu dwen ne nkurɔfo a ahia wɔn no ho. (Exodus 22:26, 27) Wɔ ɔman biara mu no, yɛwɔ ahɔho ne afoforo a wodi hia. Bere a Yehowa rekyerɛ ne nkurɔfo sɛ wonnya saafo no ho adwempa na wɔnna ayamye adi nkyerɛ wɔn no, ɔkaee wɔn sɛ wɔn nso na wɔyɛ ahɔho wɔ Misraim. (Deuteronomium 24:17-22) Na yɛn sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a yɛwɔ hɔ nnɛ no nso ɛ? Sɛ yeyi ɔdom adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho a, ɛboa ma yɛyɛ biako na ɛtwetwe nkurɔfo ma wɔbɛsom Yehowa.—Asomafo Nnwuma 10:34, 35; Adiyisɛm 7:9, 10.

18. Dɛn na yesua fi anohyeto ahorow a Yehowa de maa Israelfo faa aman afoforo akwan ho no mu?

18 Nanso, na ɛnsɛ sɛ Israel ma ayamye mu a wofi dwen aman foforo mufo ho no bunkam ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa ne n’abrabɔ gyinapɛn ahorow no so. Enti, wɔkyerɛkyerɛɛ Israelfo no sɛ ɛnsɛ sɛ wosua aman a atwa wɔn ho ahyia no akwan, na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn som mu amane ne wɔn brasɛe no bi. (Exodus 34:11-16; Deuteronomium 7:1-4) Ɛnnɛ nso, saa asɛm no fa yɛn ho. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ kronkron sɛnea yɛn Nyankopɔn Yehowa yɛ kronkron no.—1 Petro 1:15, 16.

19. Ɔkwan bɛn so na adwene a Yehowa kura wɔ bɔneyɛ ho a ne nkurɔfo bɛte ase no betumi abɔ wɔn ho ban?

19 Nea ɛbɛyɛ na Mose ahu Yehowa akwan yiye no, Yehowa maa emu daa hɔ fann sɛ ɛwom sɛ ɔmpene bɔne so de nanso ne bo mfuw ntɛmtɛm. Ɔma nnipa nya bere a wɔde besua n’ahwehwɛde na wɔadi so. Sɛ obi nu ne ho a, Yehowa de ne bɔne kyɛ no, nanso ommu n’ani ngu so sɛ ɔde bɔne a anibere wom ho asotwe bɛma. Yehowa bɔɔ Mose kɔkɔ sɛ, nea Israelfo yɛe no betumi ayɛ mmoa anaa ɔhaw ama nkyirimma. Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo hu Yehowa akwan yiye a, ɛremma wɔmmɔ Onyankopɔn sobo wɔ nea efi wɔn ankasa nneyɛe mu ba no ho, na wɔrenka sɛ ɔyɛ nyaa.

20. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛne mfɛfo gyidifo ne wɔn a yehyia wɔn wɔ yɛn asɛnka mu no adi nsɛm ɔkwan pa so? (Dwom 86:11)

20 Sɛ wopɛ sɛ wuhu Yehowa ne n’akwan yiye a, kɔ so yɛ nhwehwɛmu na dwennwen Bible mu nsɛm a wokenkan no ho. Tɔ wo bo susuw Yehowa su horow a ɛyɛ nwonwa no ho. Fa mpaebɔ susuw sɛnea wubetumi asuasua Onyankopɔn na woama w’asetra ne n’atirimpɔw ahyia no ho. Ɛbɛboa wo na woakwati ɔhaw, wo ne mfɛfo gyidifo bedi nsɛm wɔ ɔkwan pa so, na woaboa afoforo ma wɔahu yɛn Nyankopɔn nwonwafo no na wɔadɔ no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 16 Yehowa Adansefo na wotintim ne nyinaa.

Dɛn na Wusuae?

• Dɛn nti na na Mose hia ahobrɛase, na dɛn nti na ɛho hia ma yɛn nso?

• Adepa bɛn na efii Yehowa asɛm a wotii mu ka kyerɛɛ Farao no mu bae?

• Nnyinasosɛm atitiriw bɛn na wɔkyerɛɛ Mose a yɛn nso ɛfa yɛn ho?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama Yehowa su horow ho ntease a yɛwɔ no ayɛ kɛse?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Mose fi nokwaredi mu kaa Yehowa asɛm kyerɛɛ Farao

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yehowa daa n’ahwehwɛde adi kyerɛɛ Mose

[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

Dwennwen Yehowa su horow ho