Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛhe Na Wiase No De N’ani Akyerɛ Yi?

Ɛhe Na Wiase No De N’ani Akyerɛ Yi?

Ɛhe Na Wiase No De N’ani Akyerɛ Yi?

WIASE A BIAKOYƐ WOM. Obiara ani gye ho. Hena na ɔmpɛ? Yiw, wɔaka wiase biakoyɛ ho nsɛm pii. Mpɛn pii na wiase akannifo ahyia asusuw wiase a ɛbɛyɛ biako no ho. Wɔ August 2000 mu no, nyamesom akannifo bɛboro 1,000 hyiae wɔ Wiase Nyinaa Mfirihyia Apem Asomdwoe Nhyiam a Amanaman Nkabom no yɛe wɔ New York no ase. Wohyia susuw sɛnea wobedi ntawntawdi a ɛkɔ so wɔ wiase no ho dwuma. Nanso, nea ɛkɔɔ so wɔ nhyiam no ase ankasa daa no adi sɛ wiase no mu apaapae ampa. Mmaranimfo bi a ɔkyerɛ Nkramofo mmara ase a ofi Jerusalem amma nhyiam no ase esiane sɛ na Yudasom mu kyerɛkyerɛfo bi wɔ hɔ nti. Ebinom nso bo fuwii sɛ wɔamma Buddhafo kannifo a wɔfrɛ no Dalai Lama no amma nhyiam no nnanu a edi kan no ase, efisɛ na wɔn a wɔyɛɛ nhyiam no ho nhyehyɛe suro sɛ ɔba a ɛbɛhyɛ China abufuw.

Wɔ October 2003 mu nso, aman a wogu Pacific Po ho no hyiae wɔ Asia ne Aman a Wogu Pacific Po Ho Sikasɛm Nkabom Kuw (a wotwa no tiaa wɔ borɔfo kasa mu sɛ APEC) nhyiam bi ase wɔ Thailand, na wosusuw sɛnea wiase no benya ahobammɔ ho. Aman 21 a wɔkɔɔ nhyiam no ase no hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛsɛe amumɔyɛfo akuw nyinaa, na wogye toom sɛ wɔbɛboa ama wiase anya ahobammɔ kɛse. Nanso wɔ saa nhyiam no ara ase no, nhyiamfo no mu dodow bi kasakasae pii wɔ asɛm bi a ɔman soafo panyin bi kae wɔ nhyiam no ase a wɔkyerɛ sɛ etia Yudafo no ho.

Dɛn Nti na Biakoyɛ Nni Hɔ?

Ɛwom sɛ wɔtaa ka sɛnea wiase no bɛyɛ biako ho asɛm de, nanso yɛnhyɛɛ da nhuu biribi pa bi a afi mu aba. Ɛnde, wɔ mmɔden a nnipa pii abɔ nyinaa akyi no, dɛn nti na biakoyɛ abɔ adesamma abesi afeha 21 yi mu?

Yehu nea enti a ɛte saa no fã bi wɔ asɛm a ɔman soafo bi kae wɔ APEC nhyiam no ase no mu. Ɔkae sɛ: “Saa ade yi a wɔfrɛ no ɔmampɛ yi.” Yiw, ɔmampɛ adi nnipa ti. Ade a epiapia aman ne mmusuakuw ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobedi wɔn ho so. Tumi a ɔman biara rehwehwɛ ne akansi a ɛrekɔ so wɔ wiase no ama wiase ayɛ hu. Mpɛn pii no, sɛ ɔman bi reyɛ biribi a onim sɛ wobenya so mfaso a, wɔntaa nsusuw sɛnea ɛbɛka wiase aman foforo a aka no.

Asɛm a odwontofo no kae yi kyerɛkyerɛ ɔmampɛ honhom mu ma ɛfata sɛ “owuyare” a ɛde amanehunu ba. (Dwom 91:3) Ɔmampɛ abɛyɛ sɛ owuyare bi a abɔ adesamma a ɛma wohu amane pii. Ɔmampɛ honhom a nea efi mu ba ne aman foforo so nnipa a wɔtan wɔn ne nnipa atra akyɛ. Ɛnnɛ, ɔmampɛ da so ara de mpaapaemu ba nnipa mu nanso nnipa sodifo ntumi nyɛɛ ho hwee.

Animdefo pii gye tom sɛ ɔmampɛ ne pɛsɛmenkominya na ɛde ɔhaw a ɛwɔ wiase no ba. Sɛ nhwɛso no, kan Amanaman Nkabom Kyerɛwfo Panyin U Thant kae sɛ: “Ɔhaw horow a yehyia nnɛ no mu fã kɛse no ara fi subammɔne bi a nnipa wɔ . . . Saa su yi bi ne ɔmampɛ. Nea wɔka ne sɛ, ‘me man na aka, sɛ ɛyɛ o, sɛ ɛnyɛ o, mefoa so.’” Wɔ eyi nyinaa akyi no, ɛnnɛ aman a wɔn yiyedi nkutoo na wɔrehwehwɛ no ayere wɔn ho denneennen sɛ wobenya tumi kɛse. Wɔn a nneɛma rekɔ yiye ma wɔn no nni ɔpɛ ketewaa bi mpo sɛ wɔde tumi a wɔwɔ no kakra koraa bɛbɔ afɔre. Sɛ nhwɛso no, International Herald Tribune atesɛm krataa no kaa eyi faa Europa Aman Nkabom Kuw no ho: “Akansi ne afoforo mu ahotoso a wonni ahyɛ Europafo amanyɔsɛm mu ma. Ɛnyɛ ade a EU (Europa Aman Nkabom Kuw a wɔatwa no tiaa) aman no mu biara pene so sɛ ne yɔnko nnya tumi nsen no na onni no kan.”

Onyankopɔn Asɛm Bible kyerɛkyerɛ nea efi nnipa nniso mu ba mu ma ɛfata sɛ: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Wiase a nnipa akyekyɛ mu ayɛ no aman sɛnea wɔpɛ no ama nnipakuw ne ankorankoro nyinaa ahu nokwasɛm a Bible nnyinasosɛm yi yɛ: “Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa, na ade biara ho yɛ no ahi.”—Mmebusɛm 18:1.

Ná ɛnyɛ yɛn Bɔfo a onim nea eye ma yɛn no atirimpɔw da sɛ nnipa nhyehyɛ wɔn ankasa nniso na wonni wɔn ho so. Saa a nnipa ayɛ no kyerɛ sɛ wɔapo nea enti a Onyankopɔn bɔɔ yɛn no na wonnye nntom sɛ nneɛma nyinaa yɛ Onyankopɔn dea. Dwom 95:3-5 ka sɛ: “[Yehowa, NW] yɛ Onyankopɔn kɛse ne ɔhenkɛse, anyame nyinaa so. Ne nsam na asase mu ahintade wɔ, na mmepɔw so srɔnsrɔn nso wɔ no. Ɔno na ɛpo wɔ no, na ɔno na ɔyɛe, na asase kesee nso, ne nsa na ɛnwenee.” Onyankopɔn ne Tumi Nyinaa Wura a ɔfata a ɛsɛ sɛ obiara gye no tom sɛ ne sodifo. Tumi a amanaman no ankasa rehwehwɛ no kyerɛ sɛ wɔsɔre tia Onyankopɔn apɛde.—Dwom 2:2.

Dɛn na Ehia?

Ɔkwan biako pɛ a wiase no bɛfa so anya biakoyɛ ne sɛ wobenya nniso biako a nnipa nyinaa ahiade ho hia no. Nnipa pii a wosusuw nneɛma ho kɔ akyiri gye saa asɛm yi tom. Nanso, wɔn a wɔahu sɛ wiase no hia saa biakoyɛ no mmfa wɔn ani nnto ahyehyɛde a ɛfata so. Sɛ nhwɛso no, nnipa a wɔkyerɛkyerɛ nsɛm mu a nyamesom akannifo ka ho aka akyerɛ nkurɔfo sɛ wɔmfa wɔn ho nto Amanaman Nkabom no so sɛ ɛno na ɛbɛka wiase no mu nnipa abom. Nanso, ɛmfa ho adwempa a nnipa ahyehyɛde biara wɔ no, ɛmmaa da sɛ emu bi atumi adi nnipa haw ho dwuma. Mmom no, nnipa ahyehyɛde dodow no ara mu apaapae sɛnea wiase no mu apaapae no ara.

Bible no bɔ yɛn kɔkɔ wɔ nnipa ahyehyɛde a yɛde yɛn ho bɛto so ho sɛ ɛno na ɛde yɛn haw ano aduru bɛma yɛn bere a ɛka eyi no: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” (Dwom 146:3) So eyi kyerɛ sɛ anidaso biara nni hɔ sɛ wiase bɛyɛ biako daakye? Anidaso wɔ hɔ. Ɔkwan foforo wɔ hɔ a yebetumi afa so anya biakoyɛ wɔ wiase.

Nnipa pii nnim sɛ Onyankopɔn de nniso bi asi hɔ dedaw a ebetumi ama biakoyɛ aba wiase. Bible ka eyi fa Yehowa Nyankopɔn ho: “Me na masi me hene, me bepɔw kronkron Sion so. Bisa me, na mede amanaman mɛyɛ w’apɛgyade, na mama woafa asase ano nohɔ adi so.” (Dwom 2:6, 8) Hyɛ no nsow sɛ kyerɛwsɛm no ka sɛ Yehowa Nyankopɔn ‘asi ne hene’ na ɔfrɛ onii no sɛ “me ba” wɔ Dwom 2:7. Eyi nyɛ obiara sɛ Onyankopɔn honhom mu Ba a ɔsen biara, Yesu Kristo a wɔama no aman nyinaa so tumi no.

Sɛnea Wiase no Bɛyɛ Biako

Nnipa pii nnye saa nniso yi a Onyankopɔn de asi hɔ wɔ soro no nntom. Amanaman no da so ara di tumi a wɔrehwehwɛ no akyi. Nanso, Onyankopɔn remma wɔn a wɔmpɛ sɛ wogye ne tumidi tom na wobu wɔn ani gu nniso a ɔde asi hɔ so no kwan mma wɔnyɛ nea wɔpɛ. Dwom 2:9 ka fa wɔn a wobu wɔn ani gu saa nniso yi so no ho sɛ: “Wode [Ɔba no, Yesu Kristo] dade poma bebubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina.” Sɛ ebia amanaman no nim anaasɛ wonnim no, seesei wɔasi kwan so a wɔne Onyankopɔn rekɔko. Bible mu nhoma a etwa to no ka sɛ wɔreboaboa “asase nyinaa so ahemfo” ano ama “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko no.” (Adiyisɛm 16:14) Wɔbɛsɛe amanaman no ne mpaapaemu a wɔde ba no afi hɔ. Eyi bɛma Onyankopɔn nniso no ayɛ n’adwuma a biribiara ntwitware n’anan mu.

Amansan Hene Yehowa Nyankopɔn nam ne Ba no so de ne tumi bɛyɛ adwuma nyansam na ama nsakrae a ehia a ɛbɛma wiase ayɛ biako no aba. Onyankopɔn nniso no bɛma biakoyɛ ankasa aba, na ɛde nhyira abrɛ wɔn a wɔdɔ trenee nyinaa. Dɛn nti na wunnye bere kakra mfa nkenkan Dwom 72 wɔ wo Bible mu? Wɔka nkɔmhyɛ bi a ɛma yehu nea Onyankopɔn nniso a ɔde ahyɛ ne Ba no nsa no bɛyɛ ama nnipa ho asɛm wɔ hɔ. Nnipa bɛyɛ biako ankasa, na wɔn haw a ebi ne nhyɛso, basabasayɛ, ohia, ne nea ɛkeka ho nyinaa befi hɔ koraa.

Wɔ ɛnnɛ wiase a emu apaapae yi mu no, nnipa pii susuw sɛ ɛyɛ anidaso hunu sɛ wɔbɛka sɛ wiase bɛyɛ biako daakye. Nanso ɛbɛyɛ mfomso sɛ obi benya saa adwene no. Onyankopɔn bɔhyɛ biara nni hɔ a adi huammɔ da, na emu biara nni hɔ a ebedi huammɔ nso da. (Yesaia 55:10, 11) So wopɛ sɛ wotra ase hu nsakrae a ɛte saa no? Wubetumi atra ase ahu. Nokwasɛm ne sɛ nnipa binom wɔ hɔ nnɛ mpo a wɔreboaboa wɔn ho atwɛn saa bere no. Wofi aman horow nyinaa so, nanso sɛ́ anka wɔbɛko no, wɔayɛ biako abrɛ wɔn ho ase ahyɛ Onyankopɔn tumidi ase. (Yesaia 2:2-4) Henanom ne saafo yi? Wɔfrɛ wɔn Yehowa Adansefo. Dɛn nti na wunnye nsa a wɔreto afrɛ wo no so na wonkɔhwɛ faako a wohyiam no? Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye ho sɛ wo ne nnipa a wobetumi aboa wo ma woabrɛ wo ho ase ahyɛ Onyankopɔn tumidi ase no bɛbɔ na ama woanya biakoyɛ a ɛmma awiei da.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Nnipa a wofi aman horow so reboaboa wɔn ho ama wiase bi a biakoyɛ wom mu asetra

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]

Saeed Khan/AFP/Getty Images

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 5]

Ɔbea a ɔresu: Igor Dutina/AFP/Getty Images; Nnipa a wɔreyɛ ɔyɛkyerɛ: Said Khatib/AFP/Getty Images; ntwitwiridii: Joseph Barrak/AFP/Getty Images