Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛnyɛ Nnwuma Nko Na Wɔnam So Begye Yɛn Nkwa, Na Mmom Adom So Nso

Ɛnyɛ Nnwuma Nko Na Wɔnam So Begye Yɛn Nkwa, Na Mmom Adom So Nso

Ɛnyɛ Nnwuma Nko Na Wɔnam So Begye Yɛn Nkwa, Na Mmom Adom So Nso

“Wɔnam gyidi so agye mo nkwa . . . Emfi nnwuma mu, na obiara annya biribi annyina so anhoahoa ne ho.”—EFESOFO 2:8, 9.

1. Ɔkwan bɛn so na ɛsono Kristofo ne nnipa a aka nyinaa wɔ sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ nneɛma a ankorankoro tumi yɛ ho, na dɛn ntia?

NNIPA a wɔwɔ hɔ nnɛ taa de nneɛma a wɔn ankasa atumi ayɛ hoahoa wɔn ho. Nanso, Kristofo nte saa. Wɔntwe adwene nsi nneɛma a wɔatumi ayɛ, a nea wɔayɛ wɔ nokware som mu ka ho, so. Bere a wɔkyerɛ nneɛma a Yehowa nkurɔfo nyinaa sɛ́ kuw tumi yɛ ho anigye no, wɔnka nea wɔatumi ayɛ sɛ́ ankorankoro no ho asɛm mfa nhoahoa wɔn ho. Wonim sɛ wɔ Yehowa som mu no, adwene a ɛfata ho hia koraa sen nneɛma a ankorankoro tumi yɛ. Wɔrennyina nea ankorankoro atumi ayɛ so na ɛbɛma no daa nkwa akyɛde no, na mmom wobegyina gyidi ne Onyankopɔn adom so.—Luka 17:10; Yohane 3:16.

2, 3. Dɛn ho na Paulo hoahoaa ne ho, na dɛn ntia?

2 Ná ɔsomafo Paulo nim saa asɛm yi yiye. Bere a ɔbɔɔ mpae mprɛnsa hwehwɛɛ ahotɔ wɔ “ɔhonam mu nsɔe” bi ho no, Yehowa buaa no sɛ: “Me dom no ara dɔɔso ma wo; me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” Bere a Paulo refi ahobrɛase mu agye Yehowa asɛm no atom no, ɔkae sɛ: “Enti mede anigye kɛse bɛhoahoa me ho me mmerɛwyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden atra me so sɛ ntamadan.” Ɛsɛ sɛ yesuasua ahobrɛase a Paul daa no adi no.—2 Korintofo 12:7-9.

3 Ɛwom sɛ na Paulo bɔ ne ho mmɔden wɔ Kristofo nnwuma mu de, nanso ohui sɛ ɛnyɛ nimdeɛ soronko bi a n’ankasa wɔ nti na otumi yɛ saa nnwuma no. Ofi ahobrɛase mu kae sɛ: “Me a meba fam sen nea osua koraa wɔ akronkronfo nyinaa mu na wɔde adom yi ama me sɛ menka Kristo ahonyade a enni ano ho asɛmpa no nkyerɛ amanaman no.” (Efesofo 3:8) Wanhoahoa ne ho, na saa ara nso na wanyɛ ne ho ɔtreneeni dodo. “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.” (Yakobo 4:6; 1 Petro 5:5) So yedi Paulo nhwɛso yi akyi, fi ahobrɛase mu bu yɛn ho sɛ yɛba fam koraa sen nea ɔyɛ akumaa koraa wɔ yɛn nuanom mu?

‘Mummu Afoforo sɛ Wɔkyɛn Mo’

4. Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebebu afoforo sɛ wɔkyɛn yɛn?

4 Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Mommfa mansotwe anaa anuonyamhunupɛ nnyɛ biribiara, na mmom mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.” (Filipifo 2:3) Sɛ yɛwɔ dibea bi a, eyi betumi ayɛ den ama yɛn paa. Ebia akansi honhom a abu so wɔ wiase nnɛ no anya yɛn so nkɛntɛnso kakra, na ɛno bɛma ayɛ den ama yɛn sɛ yebebu afoforo sɛ wɔkyɛn yɛn. Ebetumi aba sɛ bere a na yɛyɛ mmofra no wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛnea wosi akan, sɛ́ ebia yɛne yɛn nuanom besi akan wɔ fie anaa yɛne yɛn mfɛfo sukuufo besi akan wɔ sukuu mu. Ebia wɔhyɛɛ yɛn nkuran bere nyinaa sɛ yɛmmɔ mmɔden nnye din sɛ sukuu mmirikatufo a ɔsen biara anaa sukuuni a onim ade paa. Nokwarem no, ɛfata sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden wɔ adwuma biara a ɛfata a yɛyɛ mu. Nanso, sɛ Kristofo bɔ wɔn ho mmɔden wɔ adwuma bi yɛ mu a, wɔmmfa nntwe adwene nnsi wɔn ankasa ho so, na mmom wɔbɔ wɔn ho mmɔden sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya adwuma no so mfaso pii na ebia aboa afoforo nso. Nanso, ebetumi ayɛ nea asiane wom sɛ obi bɛhwehwɛ sɛ wɔbɛkamfo no bere nyinaa sɛ ɔno ne obi a ɔbɔ mmɔden paa wɔ biribiara yɛ mu. Ɔkwan bɛn so?

5. Sɛ obi anhwɛ yiye na osi akan a, ɛhe na ɛbɛkɔ akowie?

5 Sɛ obi anhwɛ anni akansi anaa ahopɛ so a, ebetumi ama wabɛyɛ obi a ommu ade na ɔyɛ ahantan. N’ani betumi abere nneɛma a afoforo tumi yɛ ne ɔsom hokwan a wɔwɔ. Mmebusɛm 28:22 ka sɛ: “Oniberefo pere ahonya ho, na onhu sɛ ohia bɛba no so.” Obetumi de aniammɔnho apere ahwehwɛ dibea ahorow a ɛmfata sɛ onya mpo. Obetumi afi ase anwiinwii na wakasa atia afoforo de akyerɛ sɛ ne nneyɛe no fata. Eyinom yɛ su a ɛsɛ sɛ Kristofo twe wɔn ho fi ho. (Yakobo 3:14-16) Sɛ wanhwɛ yiye a, ɔbɛba abɛyɛ ɔhopɛfo.

6. Ɔkwan bɛn so na Bible bɔ akansi ho kɔkɔ?

6 Enti, Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ: “Mommma yɛmmpɛ anuonyamhunu, nnsi akan, mmma yɛn ani mmmere yɛn ho yɛn ho.” (Galatifo 5:26) Ɔsomafo Yohane kaa yɔnko Kristoni bi a ɛda adi sɛ onyaa saa suban yi bi ho asɛm. Yohane kae sɛ: “Mekyerɛw biribi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a ɔpɛ sɛ odi kan wɔ wɔn mu no nnye biribiara mfi yɛn hɔ obu so. Ɛno nti na sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne.” Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow sɛ Kristoni bi bɛkɔ tebea a ɛte saa mu!—3 Yohane 9, 10.

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni twe ne ho fi ho wɔ akansi a ɛkɔ so wɔ adwumam nnɛ no ho?

7 Nokwarem no, ntease nnim sɛ yebenya adwene sɛ Kristoni betumi atwe ne ho afi akansi nyinaa ho. Sɛ nhwɛso no, obetumi ne nnipa bi anaa nnwuma bi a wɔyɛ aguade anaa nneɛma bi a ɔno nso yɛ bi asi akan wɔ n’adwumayɛ mu. Nanso, wɔ tebea a ɛtete saa mu mpo no, ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ n’adwuma wɔ obu, ɔdɔ, ne tema mu. Obeyi sum ase nneɛma anaa nneyɛe biara a ɛne Kristofo abrabɔ nhyia afi n’akwan mu, na wakwati sɛ obegye din sɛ obi a osi akan. Ɛnsɛ sɛ ɔte nka sɛ din kɛse a obegye wɔ adwuma biara a ɔbɛyɛ mu ne ade a ɛho hia sen biara wɔ asetra mu. Sɛ ɛnsɛ sɛ yesi akan wɔ honam fam adwuma mpo mu a, ɛnde hwɛ sɛnea ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa koraa wɔ Onyankopɔn som mu!

‘Ɛnsɛ sɛ Yɛde Yɛn Ho Toto Obi Ho’

8, 9. (a) Dɛn nti na Kristofo mpanyimfo nni biribiara a wobegyina so ne wɔn ho wɔn ho asi akan? (b) Dɛn nti na 1 Petro 4:10 fa Onyankopɔn asomfo nyinaa ho?

8 Wɔakyerɛ su a ɛsɛ sɛ Kristofo nya wɔ wɔn som adwuma ho wɔ Onyankopɔn asɛm yi mu: “Ma obiara nsɔ n’ankasa adwuma nhwɛ, ɛno na obenya biribi de ahoahoa ɔno ara ne ho, na ɛnyɛ obi ho a ɔde bɛtoto.” (Galatifo 6:4) Esiane sɛ asafo mu mpanyimfo nim sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho nni akansi biara nti, wɔyɛ biako, na wɔbom yɛ adwuma sɛ kuw. Wɔkyerɛ mmoa biara a wɔn mu biara betumi ayɛ a ɛbɛboa asafo no nyinaa yiyedi ho anigye. Enti wɔnam saayɛ so yi akansi a ɛsɛe ade biara fi wɔn akwan mu, na wɔyɛ biakoyɛ ho nhwɛso pa ma asafo no mufo a aka nyinaa.

9 Esiane sɛ ɛsono mfe, osuahu, anaa ɔdom akyɛde a mpanyimfo no wɔ nti, ebia wɔn mu bi bɛbɔ mmɔden anaasɛ wobenya nhumu kɛse asen afoforo. Ne saa nti, mpanyimfo no asɛyɛde gu ahorow wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu. Sɛ́ anka wɔbɛyɛ ntotoho no, wɔkae saa afotu yi: “Sɛnea akyɛde a obiara nsa aka te no, momfa nsonsom mo ho sɛ afiehwɛfo pa a wɔde Nyankopɔn dom akyɛde a ɛda adi akwan horow so no ahyɛ wɔn nsa.” (1 Petro 4:10) Nokwarem no, saa kyerɛwsɛm yi fa Yehowa asomfo nyinaa ho, efisɛ yɛn nyinaa anya akyɛde a ɛne nokware nimdeɛ no bi, na yɛn nyinaa yɛ Kristofo som adwuma no bi.

10. Ɛbɛyɛ dɛn na ɔsom kronn a yɛde ma Yehowa no bɛsɔ n’ani?

10 Sɛ ɔsom kronn a yɛde ma no fi ɔdɔ ne ahofama mu nkutoo a ɛnna ɛsɔ Yehowa ani, na ɛnyɛ sɛ yɛnam yɛn som so bɛma yɛn ho so asen afoforo. Enti ɛho hia sɛ yenya adwene a ɛkari pɛ wɔ adwuma a yɛyɛ de boa nokware som no ho. Ɛwom sɛ onipa biara nni hɔ a obetumi ahu nea ɛwɔ obi adwenem na ama watumi abu ho atɛn pɛpɛɛpɛ de, nanso Yehowa ‘kari koma.’ (Mmebusɛm 24:12; 1 Samuel 16:7) Enti, ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho bere ne bere mu sɛ, ‘Adwene bɛn na mede reyɛ Yehowa som adwuma no?’—Dwom 24:3, 4; Mateo 5:8.

Adwempa a Yebenya Wɔ Yɛn Som Adwuma Ho

11. Yɛn som adwuma ho nsɛmmisa bɛn na ɛfata sɛ yesusuw ho?

11 Sɛ adwene a yekura ne ade titiriw na ama yɛanya Yehowa anim dom a, ɛnde ɛsɛ sɛ Yehowa som adwuma no ho hia yɛn kodu he? Sɛ yɛde adwempa yɛ yɛn som adwuma no a, so ɛho hia ankasa sɛ yesusuw nea yɛyɛ anaa dodow a yɛyɛ ho? Saa nsɛmmisa yi yɛ nea ɛfata, efisɛ yɛmpɛ sɛ yɛma ɔsom adwuma dodow a yɛyɛ anaa asɛnka ho akontaa pa a yebu yɛ ade a ɛho hia sen biara wɔ yɛn Kristofo som adwuma no mu.

12, 13. (a) Nea enti a yɛyɛ yɛn asɛnka adwuma ho kyerɛwtohɔ no bi ne dɛn? (b) Sɛ yɛhwɛ yɛn wiase nyinaa asɛnka adwuma ho kyerɛwtohɔ anaa amanneɛbɔ no mu a, nneɛma bɛn na ɛma yɛn ani gye?

12 Hyɛ asɛm a Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no ka yi nsow: “Yesu Kristo akyidifo a wodi kan no ani kũũ asɛnka adwuma no nkɔso ho amanneɛbɔ ho. (Marko 6:30) Asomafo no Nnwuma a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ yɛn sɛ na nnipa bɛyɛ 120 na wɔahyiam bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so wɔ Pentekoste da no. Ankyɛ na asuafo no dodow kɔɔ soro koduu 3,000 na afei ɛkɔɔ 5,000. . . . (Aso. 1:15; 2:5-11, 41, 47; 4:4; 6:7) Ɛbɛyɛ sɛ nkɔso ho amanneɛbɔ yi hyɛɛ asuafo no nkuran kɛse!” Eyi nti, Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɔ mmɔden yɛ adwuma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa de ama Yesu nsɛm a edi hɔ yi abam no ho kyerɛwtohɔ pɛpɛɛpɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Kyerɛwtohɔ anaa amanneɛbɔ a ɛte saa no ma yehu nea yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa asɛnka adwuma no mu ankasa. Ɛkyerɛ baabi a mmoa ho hia ne nhoma kõ a wohia ne dodow a wohia de atrɛw asɛnka adwuma no mu.

13 Enti yɛn asɛnka adwuma ho kyerɛwtohɔ a yɛyɛ no ma yetumi di yɛn ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka Ahenni no ho asɛmpa no ho dwuma yiye. Afei nso, sɛ yɛte adwuma a yɛn nuanom reyɛ wɔ wiase no afã bi ho amanneɛbɔ a, so ɛnhyɛ yɛn nkuran? Sɛnea asɛnka adwuma no renya nkɔso wɔ wiase nyinaa no ho amanneɛbɔ no ma yɛn ani gye, ɛkanyan yɛn ma yɛyere yɛn ho wɔ yɛn som adwuma no mu, na ɛma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa rehyira yɛn adwuma no so. Na hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ yɛn ankasa kyerɛwtohɔ ka wiase nyinaa akontaabu no ho! Ɛwom sɛ sɛ yɛde yɛn ankasa kyerɛwtohɔ no toto wiase nyinaa de no ho a, yɛn de no sua de, nanso Yehowa hu. (Marko 12:42, 43) Kae sɛ, sɛ wo kyerɛwtohɔ no nka ho a, wiase nyinaa akontaabu no renni mũ.

14. Asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ akyi no, dɛn bio na ɛka ɔsom a yɛde ma Yehowa no ho?

14 Nokwarem no, nneɛma a Ɔdansefo biara yɛ de di n’asɛyɛde ho dwuma sɛ Yehowa somfo a wahyira ne ho so mu dodow no ara na empue kyerɛwtohɔ a ɔyɛ no so. Sɛ nhwɛso no, yɛnkyerɛw kokoam Bible adesua a yɛn ankasa yɛyɛ no daa, Kristofo nhyiam a yɛkɔ ne dwumadi no mu kyɛfa a yenya, asafo mu dwumadi ahorow, mmoa a yɛyɛ mfɛfo gyidifo sɛnea ɛho hia, sika a yɛde boa wiase nyinaa Ahenni adwuma no, ne nea ɛkeka ho wɔ kyerɛwtohɔ no so. Enti, bere a yɛn asɛnka kyerɛwtohɔ di dwuma bi boa yɛn ma yɛyɛ nsi wɔ asɛnka adwuma no mu na ɛma yɛkɔ so som Yehowa no, ɛsɛ sɛ yenya asɛnka adwuma kyerɛwtohɔ ho adwene a ɛkari pɛ. Ɛnsɛ sɛ yebu no sɛ Onyankopɔn som mu tumi krataa bi a ɛma yɛfata ma daa nkwa.

‘Bɔ Nnwuma Pa Ho Mmɔden’

15. Ɛwom sɛ nnwuma nkutoo ntumi nnye yɛn nkwa de, nanso dɛn nti na ɛho hia?

15 Ɛwom sɛ nnwuma nkutoo ntumi nnye yɛn nkwa de, nanso ɛda adi pefee sɛ ɛho hia. Ɛno nti na wɔfrɛ Kristofo sɛ ‘ɔman bi a ɔde ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden’ no. Na ɛno nso nti na wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔnkanyan wɔn ho wɔn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu’ no. (Tito 2:14; Hebrifo 10:24) Yakobo a ɔno nso yɛ Bible kyerɛwfo no kaa no pefee sɛ: “Sɛnea nipadua a honhom nnim awu no, saa ara nso na gyidi a nnwuma nnim awu.”—Yakobo 2:26.

16. Dɛn na ɛho hia kɛse koraa sen nnwuma a yɛbɛyɛ, nanso dɛn ho na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye?

16 Ɛwom sɛ nnwuma pa a wɔyɛ betumi ayɛ nea ɛho hia de, nanso adwene a wokura de yɛ saa nnwuma no yɛ nea ɛho hia sen saa koraa. Enti nyansa wom sɛ yɛbɛhwehwɛ adwene a yɛde yɛ asɛnka adwuma no mu bere ne bere mu. Nanso, esiane sɛ onipa biara ntumi nhu adwene a afoforo kura yiye nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛammu afoforo atɛn. Wobisa yɛn sɛ: “Hena ne wo a wubu obi fie somfo atɛn?” Ɛho mmuae ni: “N’ankasa ne wura anim na ogyina anaasɛ ɔhwe ase.” (Romafo 14:4) Ɛnyɛ yɛn nnwuma so nko na Yehowa, yɛn nyinaa Wura no ne ne Temmufo a wapaw no, Kristo Yesu, begyina abu yɛn atɛn, na mmom wobegyina adwene a yekura, hokwan ahorow a yɛwɔ, yɛn dɔ, ne yɛn ahofama so nso. Yehowa ne Kristo Yesu nkutoo na wobetumi abu atɛn pɛpɛɛpɛ sɛ ebia yɛayɛ nea wɔnam ɔsomafo Paulo so kae sɛ Kristofo nyɛ no anaa. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Yɛ nea wubetumi biara fa wo ho ma Onyankopɔn sɛ nea ɔfata, odwumayɛni a ɛnsɛ sɛ ɔfɛre hwee ho, a okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.”—2 Timoteo 2:15; 2 Petro 1:10; 3:14.

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Yakobo 3:17 tra yɛn adwenem bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara no?

17 Yehowa nnhwehwɛ nea yentumi nyɛ mmfi yɛn hɔ. Sɛnea Yakobo 3:17 kyerɛ no, “nyansa a efi soro no” de, nea ɛka ho bi ne sɛ “ɛwɔ ntease.” So ɛrenyɛ nea nyansa wom na mfaso wɔ so ankasa sɛ yebesuasua Yehowa wɔ eyi mu? Enti, ɛnsɛ sɛ yɛde botae ahorow bi a ntease nnim na yentumi nnu ho sisi yɛn anim anaasɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ yɛn nuanom bɛyɛ saa.

18. Sɛ yenya adwene a ɛkari pɛ wɔ yɛn nnwuma ne Yehowa adom ho a, dɛn na yebetumi ahwɛ kwan?

18 Sɛ yɛkɔ so kari pɛ wɔ adwene a yekura wɔ Yehowa som adwuma ne n’adom ho a, yɛbɛkɔ so anya anigye a ɛyɛ Yehowa asomfo anokwafo agyiraehyɛde a ɛda nsow no. (Yesaia 65:13, 14) Ɛmfa ho adwuma no dodow a yɛn ankasa tumi yɛ no, yebetumi adi nhyira a Yehowa de ma ne nkurɔfo nyinaa no ho ahurusi. Yɛbɛkɔ so afa “mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda” so asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnyɛ nea yebetumi biara. Sɛ yɛkɔ so yɛ saa a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ “Nyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ [yɛn] koma ne [yɛn] adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.” (Filipifo 4:4-7) Yiw, esiane sɛ yenim sɛ ɛnyɛ nnwuma nko na wɔnam so begye yɛn nkwa, na mmom Yehowa adom so nso nti, yebetumi anya awerɛkyekye ne nkuranhyɛ!

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na Kristofo mmfa nea wɔn ankasa tumi yɛ nhoahoa wɔn ho?

• Dɛn nti na Kristofo nna akansi honhom adi?

• Dɛn nti na Kristofo yɛ wɔn som adwuma a ɛne asɛnka no ho kyerɛwtohɔ?

• Dɛn nti na Kristofo mmu wɔn mfɛfo Kristofo atɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

“Me dom no ara dɔɔso ma wo”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Mpanyimfo kyerɛ mmoa biara a wɔn mu biara betumi de ama asafo no adi yiye ho anigye

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18, 19]

Sɛ wo kyerɛwtohɔ nka ho a, wiase nyinaa akontaabu no renni mũ