Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Aware Mu Akasakasa Asɔre

Bere a Aware Mu Akasakasa Asɔre

Bere a Aware Mu Akasakasa Asɔre

OKUNU anaa ɔyere a n’adwenem da hɔ biara nni hɔ a n’ani gye aware mu akasakasa ho, nanso ɛyɛ ade a abu so. Nea ɛtaa ba ne sɛ, awarefo no baako tumi ka asɛm a ɛhyɛ ɔfoforo no abufuw. Wɔkasa gyegyeegye, na wɔn bo fuw denneennen ma wogye akyinnye a emu yɛ den kasa twitwi wɔn ho wɔn ho. Ɛno akyi no awarefo baanu no mu biara we hinam so sɛ ɔrenkasa ne yɔnko ho. Bere bi akyi no, abufuw no ano brɛ ase na wɔpa wɔn ho wɔn ho kyɛw. Anyɛ yiye koraa no asomdwoe san ba kosi sɛ akasakasa foforo bɛsɔre.

Woyi aware mu akasakasa ho sini yɛ ho aseresɛm pii wɔ television so, nanso nea esi wɔ aware mu ankasa no nyɛ aseresɛm. Nokwarem no, Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Nsɛm a wɔka a wonnwene ho tumi wowɔ sɛ nkrante.” (Mmebusɛm 12:18, Today’s English Version) Yiw, bere a akasakasa no to atwa mpo no nsɛm a ɛyɛ yaw a wɔka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho no yɛ ade a wɔn werɛ remfi da. Akyinnyegye betumi de ntɔkwaw mpo aba.—Exodus 21:18.

Nokwasɛm ni, esiane sɛ nnipa nyɛ pɛ nti, ɛnyɛ bere nyinaa na wobetumi akwati ɔhaw a ɛsɔre wɔ aware mu no. (Genesis 3:16; 1 Korintofo 7:28) Nanso, sɛ akasakasa a emu yɛ den taa sɔre a, ɛnsɛ sɛ wɔfa no sɛ ɛnyɛ hwee. Nhwehwɛmufo bi akyerɛ sɛ sɛ akasakasa taa sɔre wɔ awarefo ntam a, ɛnyɛ den koraa sɛ aware no betumi agu. Enti, ɛho hia sɛ wo ne wo hokafo sua sɛnea mubesiesie akasakasa a ɛsɔre wɔ mo ntam no asomdwoe mu.

Hwehwɛ Nea Ɛde Ba No

Sɛ akasakasa ahyɛ w’aware mu ma a, bɔ mmɔden hwehwɛ nea ɛtaa de akasakasa no ba no. Sɛ wo ne wo hokafo nyɛ adwene wɔ asɛm bi ho a, dɛn na ɛtaa si? So nea mususuw ho no gye nsam ntɛmntɛm kowie atɛnnidi ne kasatia a enni ano mu? Sɛ saa a, dɛn na wubetumi ayɛ?

Nea edi kan no, w’ankasa hwehwɛ wo ho mu yiye hwɛ sɛ ebia nea wo nso woyɛ ka ho bi na ɔhaw no ba anaa. So wo bo fuw ntɛmntɛm? Woyɛ obi a wopɛ akyinnyegye? Wo hokafo bɛka sɛ woyɛ obi a wopɛ akyinnyegye anaa? Ɛho hia sɛ wususuw asɛmmisa a etwa to no ho yiye, efisɛ ebia ɛsono sɛnea wo ne wo hokafo no mu biara hu nea ɛkyerɛ sɛ obi yɛ okyinnyegyefo.

Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ wo hokafo mpɛ kasa papa, nanso wo de woka wo nsɛm penpen ahoɔden so. Ebia a wobɛka sɛ: “Bere a merenyin no, na saa na na m’abusua muni biara kasa. Ɛnyɛ akyinnyegye!” Na ebia wo nso wunhu no sɛ ɛyɛ akyinnyegye. Nanso, ebia wo hokafo de obu sɛnea woka wo nsɛm penpen no sɛ ɛyɛ anoɔyaw ne ntɔkwapɛ. Hu a wubehu sɛ ɛsono sɛnea wokasa ɛnna ɛsono sɛnea wo hokafo nso kasa no betumi aboa na akasakasa amma.

Kae nso sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na akasakasa kyerɛ nteɛteɛm. Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo sɛ: “Momma wonyi . . . nkekawmu ne kasatia mfi mo mu.” (Efesofo 4:31) “Nkekawmu” kyerɛ kasa a wɔkasa gyegyeegye, ɛnna “kasatia” kyerɛ asɛm kõ a wɔka. Sɛ saa de a, ɛnde asɛm a wɔka gu asom mpo, sɛ ɛhyɛ abufuw anaasɛ ebu afoforo animtiaa a, ebetumi ayɛ akyinnyegye.

Bere a nea yɛadi kan asusuw ho yi wɔ w’adwenem no, san hwɛ sɛnea wo ne wo hokafo siesie mo ntam akasakasa no bio. So woyɛ okyinnyegyefo? Sɛnea yɛahu no, saa asɛmmisa no ho mmuae ankasa gyina sɛnea wo hokafo hu no no so kɛse. Sɛ́ anka wobɛka sɛ wo hokafo ma asɛm haw no dodo no, bɔ mmɔden hu wo ho sɛnea wo hokafo hu wo no, na yɛ nsakrae a ɛho hia. Paulo kyerɛwee sɛ: “Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ne nko, na mmom ne yɔnko nso de.”—1 Korintofo 10:24.

“Monhwɛ Sɛnea Mutie Asɛm Yiye”

Yehu ɔkwan foforo a wɔfa so siesie akasakasa wɔ Yesu asɛm yi mu: “Monhwɛ sɛnea mutie asɛm yiye.” (Luka 8:18) Ɛwom sɛ na ɛnyɛ aware mu nkɔmmɔbɔ ho asɛm na na Yesu reka de, nanso yebetumi de nnyinasosɛm no ayɛ adwuma. So wutie wo hokafo yiye? Wutie nea ɔka no mpo? Anaasɛ woka nsɛm bi a wotaa ka de twa ɔhaw bi a moreka ho asɛm a wontee ase nwiei yiye so? Bible ka sɛ: “Nea obua asɛm ansa na ɔte no, ɛyɛ agyimisɛm ne aniwu ma no.” (Mmebusɛm 18:13) Ɛnde, sɛ akasakasa sɔre wɔ wo ne wo hokafo ntam a, ehia sɛ wo ne no susuw asɛm no ho na obiara tie ne yɔnko yiye.

Sɛ́ anka a wubebu wo hokafo adwene a okura sɛ ɛho nhia ahe biara no, bɔ mmɔden sɛ wubenya “tema” ama no. (1 Petro 3:8) Wɔ mfitiase Hela kasa mu no, nea saa asɛmfua tema kyerɛ ne sɛ wo ne obi behu amane. Sɛ biribi haw wo hokafo a, ɛsɛ sɛ wo te nka ma no. Bɔ mmɔden hu asɛm no sɛnea ɔno hu no no.

Ɛda adi sɛ Isak a na osuro Onyankopɔn no yɛɛ saa. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ na abusua no mu asɛm bi a ɛfa ne ba Yakob ho haw ne yere Rebeka yiye. Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ, “Het mmabea nti m’asetra afono me. Sɛ Yakob kɔware yere Het mmabea mu, sɛ eyinom, wɔ asase yi so mmabea mu a, nkwa yɛ dɛn na ɛma me?”—Genesis 27:46.

Nokwarem no, esiane sɛ na asɛm no haw Rebeka nti, ɛbɛyɛ sɛ ɔhaahaa n’ani na ɔkaa asɛm no. Ampa-ne-ampa ara sɛ na n’asetra afono no? So na ne babarima no ware Het mmabea no baako a, na ɔbɛpɛ sɛ owu ankasa? Ebia na ɛnte saa ankasa. Nanso, Isak ammu n’ani angu sɛnea na Rebeka te nka wɔ asɛm no ho no so. Mmom no, Isak hui sɛ nea na ɛhaw Rebeka no ho hia, enti ɔyɛɛ ho biribi. (Genesis 28:1) Efi nnɛ rekɔ bere biara a asɛm bi bɛhaw wo hokafo no, wo nso yɛ saa ara. Sɛ́ anka wubebu no sɛ biribi a ɛho nhia no, tie wo hokafo no, kyerɛ obu wɔ adwene a okura ho, na fa tema bua no mmom.

Asɛntie So Mfaso ne Nhumu a Wubenya

Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase.” (Mmebusɛm 19:11) Bere a akasakasa no mu ayɛ den no, ɛnyɛ den koraa sɛ asɛm biara a ɛyɛ yaw a wo hokafo no bɛka no, wo nso wobɛkeka bi akyerɛ no ntɛm ara. Nanso, mpɛn pii no eyi ma akasakasa no mu yɛ den kɛse. Enti, bere a woretie wo hokafo no, fa yɛ w’adwene sɛ wubehu nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ ankasa na ɛnyɛ nsɛm no a wubetie kɛkɛ. Sɛ wunya nhumu a ɛte saa a ɛrenhyɛ wo abufuw na mmom ɛbɛma woahwehwɛ nea ɛde ɔhaw no bae.

Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ wo yere ka kyerɛ wo sɛ, “Wunnya bere mma me koraa!” Anhwɛ a wo bo befuw na woakeka nsɛm bi a ɛnna tema adi. Ebia wubebua sɛ, “Bosome a etwaam no sɛ́ me ne wo traa fie da koro mua!” Nanso, sɛ wutie asɛm no yiye a, ebia wubehu sɛ ɛnyɛ simma anaa nnɔnhwerew pii ankasa na wo yere rehwehwɛ. Mmom no, ebia ɔpɛ sɛ ɔka kyerɛ wo sɛ ɔte nka sɛ woabu w’ani agu ne so na wonnɔ no, enti ɔpɛ sɛ woma no nya wo mu awerɛhyem.

Fa no sɛ woyɛ ɔyere, na woatɔ biribi nnansa yi ɛnna wo kunu reka sɛnea ɔte nka wɔ ho. Ɔde ahodwiriw bisa sɛ, “Adɛn na woasɛe sika pii saa?” Anhwɛ a wubeyi wo ho ano ntɛm ara sɛ abusua no hia saa nneɛma no anaasɛ wode bɛtoto ɔno ne de bi a watɔ ho. Nanso, nhumu bɛboa wo ma woahu sɛ ebia ɛnyɛ sika a woasɛe no no na ɛhaw no. Mmom no, nea enti a ɛhaw no ne sɛ ebia wo ne no ansusuw ho ansi gyinae sɛ wobɛtɔ ade kɛse bi a ɛte saa.

Nokwarem no, ebetumi asono sɛnea awarefo biara ka bere dodow a wobenya ama wɔn ho ne sɛnea wobesisi gyinae wɔ nneɛma a wobɛtotɔ ho ho asɛm. Nanso, nea ɛwom ne sɛ, sɛ asɛm bi a moresusuw ho de akasakasa ba a, nhumu bɛbrɛ w’abufuw ase na ama woahu nea mubesusuw ho ankasa. Sɛ́ anka wobɛpere wo ho ayɛ ade no, fa afotu a Bible kyerɛwfo Yakobo de mae no yɛ adwuma, ‘yɛ ntɛm asɛntie ho, yɛ nyaa ɔkasa ho, yɛ nyaa abufuw ho.’—Yakobo 1:19.

Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛkasa a, kae sɛ wo nne a wo ne wo hokafo de bɛkasa no ho hia. Bible ka sɛ, “onyansafo tɛkrɛma sa yare.” (Mmebusɛm 12:18) Sɛ akasakasa sɔre wɔ wo ne wo hokafo ntam a, so wo nsɛm a woka no wowɔ anaa edwudwo? Esi kwan anaa ebue kwan ma musiesie mo ntam? Sɛnea yɛadi kan ahu no, abufuw anaa ahopere a wode bebua asɛm no de akasakasa na ɛbɛba.—Mmebusɛm 29:22.

Sɛ akasakasa bi kowie ntɔkwaw mu a, bɔ mmɔden paa sɛ wubedi asɛm a asɔre ankasa no ho dwuma. Fa w’adwene si nea ɛkɔfa bae no so na mmom ɛnyɛ onipa no. Ma nea ɛteɛ ho asɛm nhia wo nsen onii a n’asɛm yɛ dɛ. Hwɛ yiye na wo nsɛm a wobɛka no amma akasakasa no mu anyɛ den. Bible ka sɛ: “Asɛnnennen hwanyan abufuw mu.” (Mmebusɛm 15:1) Yiw, ebia nea woka ne sɛnea woka no no na ɛbɛkyerɛ sɛ wopɛ sɛ wo hokafo ne wo yɛ adwene anaasɛ wompɛ.

Fa Yɛ Wo Botae sɛ Mubesiesie Akasakasa, Ɛnyɛ Sɛ Wobɛkyerɛ sɛ W’asɛm Yɛ Dɛ

Sɛ yɛresiesie akasakasa a, botae no ne sɛnea yebedi ho dwuma na ɛnyɛ nea n’asɛm yɛ dɛ. Wobɛyɛ dɛn adi ho dwuma? Ɔkwan pa a wubetumi afa so ne sɛ wobɛhwehwɛ afotu afi Bible mu na wode adi dwuma, na okununom titiriw na ɛsɛ sɛ wodi kan yɛ saa. Sɛ anka wobɛpere wo ho aka w’adwene wɔ nsɛm anaa ɔhaw a asɔre no ho no, dɛn nti na wunnya Yehowa adwene wɔ asɛm no ho? Bɔ no mpae, na hwehwɛ Onyankopɔn asomdwoe a ɛbɛbɔ mo koma ne mo adwene ho ban no. (Efesofo 6:18; Filipifo 4:6, 7) Bɔ mmɔden hwɛ nneɛma a ɛfa wo hokafo ho nso na ɛnyɛ wo nko wo de.—Filipifo 2:4.

Nea ɛtaa ma tebea bi sɛe koraa ne sɛ wobɛma ɛyaw ne wo nkate a wuntumi nhyɛ so agye wo nsusuwii ne wo nneyɛe afa. Nanso, sɛ woma afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no siesie wo a, wubenya asomdwoe, wo ne wo hokafo benya adwenkoro na woanya Yehowa nhyira. (2 Korintofo 13:11) Enti, ma “nyansa a efi soro no” nkyerɛ wo kwan, da su pa adi na nya so mfaso sɛ “wɔn a wɔpɛ asomdwoe.”—Yakobo 3:17, 18.

Nokwasɛm ni, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma bi a yɛpɛ bɔ afɔre mpo a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa sua sɛ yebesiesie akasakasa wɔ asomdwoe mu. (1 Korintofo 6:7) Nokwarem no, momma yɛmfa Paulo afotu a ɔkae yi nyɛ adwuma: “Munyi bobɔne, abufuw, nnebɔne, kasatia, na mommma kasafĩ mmfi mo anom mmpue. . . . Munyi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na monhyɛ nipasu foforo.”—Kolosefo 3:8-10.

Ɛwom, ɛtɔ bere bi a, wobɛka nsɛm bi a wubenu wo ho akyiri yi. (Yakobo 3:8) Sɛ ɛba no saa a, pa wo hokafo kyɛw. Kɔ so bɔ wo ho mmɔden. Bere kɔ so no, ebia wo ne wo hokafo behu sɛnea nsakrae kɛse aba wɔ sɛnea musiesie mo ntam akasakasa mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22]

Nneɛma Abiɛsa a Ɛbrɛ Akasakasa Ase

Tie wo hokafo. Mmebusɛm 10:19

• Kyerɛ obu wɔ adwene a okura ho. Filipifo 2:4

• Fi ɔdɔ mu bua ne nsɛm. 1 Korintofo 13:4-7

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]

Nea Wubetumi Ayɛ Seesei

Bisa wo hokafo nsɛmmisa a edidi so no, na tie mmuae a ɔde bɛma bere a wuntwa n’ano. Afei wuwie a, ɔno nso betumi abisa wo saa nsɛm yi ara.

• So meyɛ obi a mepɛ akyinnyegye?

• Sɛ wokasa a, mitie wo ankasa, anaa mepere me ho yi ano ansa na w’ano asi?

• So wuhu me nsɛm a meka no sɛ minni kan nnwen ho anaa ɛhyɛ abufuw?

• Dɛn na yɛn baanu nyinaa betumi ayɛ ma ɔkwan a yɛfa so kasa no atu mpɔn—titiriw bere a yɛn adwene nhyia wɔ asɛm bi ho no?

[Mfonini wɔ kratafa 21]

So wutie?

[Mfonini wɔ kratafa 22]

“Mete nka sɛ woabu w’ani agu me so na wonnɔ me”

[Mfonini wɔ kratafa 22]

“Wunnya bere mma me koraa!”

[Mfonini wɔ kratafa 22]

“Bosome a etwaam no sɛ́ me ne wo traa fie da koro mua!”