Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Manya “Nkwa A Ɛwɔ Hɔ Yi” Mu Anigye Akosi Ase!

Manya “Nkwa A Ɛwɔ Hɔ Yi” Mu Anigye Akosi Ase!

Asetram Nsɛm

Manya “Nkwa A Ɛwɔ Hɔ Yi” Mu Anigye Akosi Ase!

SƐNEA TED BUCKINGHAM KA KYERƐE

Mmubui yɛɛ me mpofirim. Bere a ɛyɛɛ me no na mede mfe asia ayɛ bere nyinaa somfo ɛnna na na m’aware asram asia. Esii wɔ afe 1950 mu, na na madi mfe 24 pɛ. Asram akron a midii wɔ ayaresabea no ma minyaa bere pii de susuw m’asetra ho. Esiane dɛm a na madi nti, na minnim sɛnea na me ne me yere Joyce daakye besi yɛn.

WƆ AFE 1938 mu no, me papa a na n’ani nnye nyamesom ho no, gyee nhoma a wɔato din sɛ Government * no bi. Ebia na amanyɔsɛm mu basabasayɛ ne ɔko a na ɛrepenpɛn so no na ɛkaa no ma ogyee nhoma no. Minim sɛ wankenkan nhoma no da, nanso me maame a na ɔyɛ nyamesomni mapa no kenkanee. Ɔyɛɛ nea ɔkenkanee wɔ nhoma no mu ho biribi ntɛm. Ogyaee Anglikan Asɔre no, na ɔsɔretia a me papa de baa no so nyinaa akyi no, ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo nokwafo kɔɔ so dii nokware kosii ne wu mu wɔ afe 1990 mu.

Maame de me kɔɔ Kristofo nhyiam a midii kan kɔe wɔ Ahenni Asa so wɔ Epsom, London anafo fam. Ná asafo no hyia wɔ baabi a kan no na ɛyɛ sotɔɔ dan bi mu, na na yetie onua J. F. Rutherford a na ɔhwɛ Yehowa Adansefo adwuma no so saa bere no kasa a na wɔakyere agu apaawa so. Ɛkaa me koma yiye.

Atopae pii a wɔtotowee bere a wɔtow hyɛɛ London so no maa ɛhɔ bɛyɛɛ hu kɛse. Enti wɔ afe 1940 mu no, me papa sii gyinae sɛ ɔne abusua no betu akɔ baabi a ɛhɔ dwo. Yetuu kɔɔ Maidenhead, kurow ketewaa bi a efi London atɔe fam kɔ hɔ yɛ kilomita 45. Eyi boaa yɛn efisɛ asafo no mufo 30 a na wɔwɔ hɔ no maa yenyaa nkuranhyɛ. Fred Smith a ɔyɛ Kristoni a ɔyɛ den a ɔbɔɔ asu wɔ afe 1917 mu no kyerɛɛ me ho anigye tetee me ma mebɛyɛɛ ɔsɛmpakafo a otu mpɔn. Meda so ara da no ase wɔ ne nhwɛso ne mmoa a ofi ɔdɔ mu de maa me no ho.

Mifii Bere Nyinaa Som Adwuma Ase

Wɔ afe 1941 mu no, bere a na madi mfe 15 no, mebɔɔ asu wɔ asubɔnten Thames mu wɔ March mu da bi a na awɔw wom. Saa bere no na me nuabarima panyin Jim afi bere nyinaa som adwuma ase dedaw. Ɛnnɛ, ɔne ne yere Madge te Birmingham. Wɔde wɔn bere dodow no ara ayɛ Yehowa som adwuma wɔ ɔmansin ne ɔmantam adwuma no mu wɔ Britain afã horow pii. Me nuabea kumaa Robina ne ne kunu Frank nso da so yɛ Yehowa asomfo anokwafo.

Ná meyɛ sika ho ɔkontaabufo wɔ adwuma bi a wɔpam ntade mu. Da bi adwuma no kwankyerɛfo frɛɛ me ka kyerɛɛ me sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ me obi a ɔbɛtotɔ adwuma no ho nneɛma. Ná ɛyɛ adwuma a ebetumi ama madi yiye. Nanso, na masusuw ho sɛ mepɛ sɛ midi me nuabarima no nhwɛso akyi, enti mekyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ kwankyerɛfo no wɔ nidi mu nea enti a mintumi nyɛ. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ ɔkamfoo me wɔ Kristofo adwuma pa a na mepɛ sɛ meyɛ no ho. Enti bere a yewiee ɔmantam nhyiam bi wɔ Northampton wɔ afe 1944 mu no, mebɛyɛɛ bere nyinaa somfo.

Wodii kan de me kɔɔ Exeter, wɔ Devon mantam mu. Ná afei na kurow no resan asi ne dedaw mu bio wɔ atopae a wɔtotow sɛe kurow no wɔ ɔko no mu no. Me ne akwampaefo baanu, Frank ne Ruth Middleton a na wɔwɔ hɔ dedaw kɔtraa fie baako mu, na wɔboaa me paa. Ná madi mfe 18 pɛ, na na minnim nneɛma horo ne aduan yɛ papa. Nanso bere a misuae no, nneɛma yɛɛ yiye.

Na nea me ne no kɔ asɛnka ne Victor Gurd a ofi Ireland a na wadi mfe 50, na ofii ase kaa asɛmpa no wɔ 1920 mfe no mu. Ɔkyerɛɛ me sɛnea mɛhyehyɛ me bere yiye, sɛnea menya Bible akenkan ho anigye kɛse ne sɛnea mede Bible nkyerɛase ahorow bedi dwuma. Wɔ saa bere a mifii ɔsom adwuma no ase mu no, na Victor nhwɛso a emu yɛ den no ne ade a mihia ankasa.

Mihyiaa Sraadi a Mankɔ Ho Sɔhwɛ

Ná ɔko no reba awiei nanso na atumfoɔ no da so ara hwehwɛ mmerante denneennen akyere wɔn akɔ sraadi. Ná wɔde me akɔ asɛnnibea bi wɔ Maidenhead wɔ afe 1943 mu ma makyerɛkyerɛ mu fann akyerɛ wɔn sɛ meyɛ Asɛmpa no ho somfo nti wonnyae me. Ɛwom sɛ wɔampene m’asɛm a mesan de kɔdan asɛnnibea foforo no so de, nanso meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkɔ Exeter akofi me som adwuma no ase. Enti ɛyɛ bere a mewɔ Exeter no na wɔsan frɛɛ me wɔ asɛnnibea a ɛwɔ hɔ no. Bere a ɔtemmufo no kae sɛ wɔmfa me nto afiase asram asia na wɔmma menyɛ adwumaden no, ɔka kyerɛɛ me sɛ ɛyɛ ne yaw sɛ ontumi mfa me ntom bere tenten. Medaa mu asram asia akyi no, wɔsan de me kɔtoo afiase asram anan bio.

Esiane sɛ na me nkutoo na meyɛ Ɔdansefo wɔ afiase hɔ nti, na awɛmfo no frɛ me Yehowa. Sɛ na wɔfrɛ me saa bere a na wɔrebobɔ din no a na ɛyɛ den ma me sɛ megye so, nanso na ɛsɛ sɛ migye so ara. Nanso hwɛ hokwan a na ɛyɛ sɛ da biara da mete sɛ wɔbɔ Onyankopɔn din! Ɛmaa nneduafo a aka no hui sɛ esiane Yehowa Dansefo a meyɛ a mankɔ sraadi nti na mewɔ hɔ bi. Akyiri yi, wɔde Norman Castro baa saa afiase hɔ ara na wɔsesaa edin a na wɔde frɛ me no. Afei wɔbɛfrɛɛ yɛn Mose ne Aaron.

Woyii me fii Exeter kɔɔ Bristol na awiei koraa no wɔde me kɔɔ Winchester afiase. Ná ɛnyɛ bere nyinaa na tebea no yɛ papa, nanso na eye sɛ yɛde bi bɛyɛ serew. Me ne Norman ani gyei sɛ yeboom hyɛɛ Nkaedi no ho fã bere a na yɛwɔ Winchester no. Francis Cooke a ɔbɛsraa yɛn wɔ afiase hɔ no bɛmaa Nkaedi kasa dɛdɛ maa yɛn.

Nsakrae a Ɛbae Wɔ Ɔko no Akyi

Wɔ ɔmantam nhyiam a yɛyɛe wɔ Bristol wɔ afe 1946 mu a woyii “Mã Onyankõpɔŋ Nyɛ Ɔnokwafo” nhoma a wɔde sua Bible adi no ase no, mihyiaa ababaawa fɛfɛ bi a wɔfrɛ no Joyce Moore a na ɔno nso reyɛ akwampae adwuma wɔ Devon. Yɛn adamfofa no sɔe, na mfe anan akyi no yɛwaree wɔ Tiverton, baabi a na mewɔ fi afe 1947 no. Yenyaa dan a na yetua ho ka Amerika sika $1.10 nnawɔtwe biara. Yɛn ani gyei paa!

Wɔ afe a edi kan wɔ yɛn aware mu no, yɛsan tu kɔɔ Brixham a ɛwɔ anafo fam no, kurow bi a po so hyɛn gyinabea fɛfɛ bi wɔ a wodii kan nyaa ɔkwan a wɔfa so de asaw akɛse kyere mpataa no. Nanso, yɛkɔɔ hɔ no ankyɛ ahe biara na mmubui yɛɛ me bere a na yɛretu kwan akɔ ɔmantam nhyiam bi wɔ London no. Ade tɔɔ me so. Asram akron akyi no, woyii me fii ayaresabea, sɛnea midii kan kae no. Me nsa nifa ne me nan abien nyinaa ho kae paa, na ɛda so te saa ara, enti na ɛsɛ sɛ mede poma nantew. Me yere a medɔ no no na na ɔkyekye me werɛ daa san hyɛ me nkuran, titiriw bere a na ɔda so yɛ bere nyinaa som adwuma no. Nanso dɛn na na yɛbɛyɛ saa bere yi? Ná ɛrenkyɛ na mahu sɛ Yehowa nsa nyɛ tiaa da.

Afe a edi hɔ no yɛkɔɔ ɔmansin nhyiam bi wɔ Wimbledon, London. Saa bere yi de na memmfa poma nnantew bio. Yehyiaa Pryce Hughes a na ɔhwɛ ɔsom adwuma no so wɔ Britain no wɔ hɔ. Okyiaa me ntɛm ara kae sɛ: “Me nua! Yɛpɛ sɛ wokɔyɛ ɔmansin som adwuma!” Ná eyi yɛ nkuranhyɛsɛm a ɛsen biara a mate pɛn! So na m’apɔwmuden yɛ nea metumi de akɔyɛ? Ná me ne Joyce baanu nyinaa ntumi nhu sɛ yebetumi akɔ anaa, nanso ɛnam nnawɔtwe baako ntetee ne Yehowa mu ahotoso a yenyae so no yɛsan kɔɔ England anafo fam atɔe, baabi a wɔkae sɛ menkɔyɛ ɔmansin sohwɛfo no. Saa bere no na madi mfe 25 pɛ, nanso m’ani da so sɔ Adansefo a wɔboaa me yiye no ayamye ne boasetɔ no paa na meda so kae.

Wɔ Onyankopɔn som adwuma afã horow a yɛayɛ nyinaa mu no, me ne Joyce hui sɛ asafo a na yɛsrasra no maa yɛbɛn yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea no paa. Ná yenni kar, enti na yɛde keteke anaa bɔs na etu kwan. Ɛwom sɛ na me da so ara regyina ɔhaw a yare a ɛbɔɔ me no de baa me so no ano de, nanso yɛkɔɔ so yɛɛ ɔsom adwuma a na ɛho kwan abue ama yɛn no kosii afe 1957. Ná ɛyɛ asetra a akomatɔyam wom, nanso minyaa ɔsom hokwan foforo a na egye mmɔdenbɔ wɔ saa afe no mu.

Yɛkɔyɛɛ Asɛmpatrɛw Adwuma

Yɛn ani gyei paa sɛ wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Gilead sukuu adesuakuw a ɛto so 30 no bi. Ná migu so renya ahoɔden, enti me ne Joyce de anigye kɔe. Esiane osuahu a na yɛanya nti, na yenim sɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Yehowa apɛde nko ara de a, ɛnde ɔbɛma yɛn ahoɔden bere biara. Asram anum ntetee a emu dɔ a yenyae wɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a ɛwɔ Lansing Anafo fam, New York, U.S.A. no baa awiei ntɛm. Ná adesuafo no yɛ awarefo titiriw a wɔwɔ akwantu adwuma no mu. Bere a wobisae sɛ yɛn mu bi bɛpɛ sɛ wotu wɔn ho ma kɔ amannɔne asase so kɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma anaa no, yɛn nso yefii yɛn pɛ mu tuu yɛn ho mae. Ná ɛhe na wɔde yɛn bɛkɔ? Wɔde yɛn kɔɔ Uganda, Afrika Apuei fam!

Esiane sɛ na wɔabara Yehowa Adansefo adwuma no wɔ Uganda saa bere no nti, wɔhyɛɛ me nkuran sɛ mempɛ baabi ntra wɔ ɔman no mu na menhwehwɛ adwuma nyɛ. Wɔ akwantu tenten bi a yɛde keteke ne hyɛmma tui akyi no, yekoduu Kampala, Uganda. Aban mpanyimfo a wɔhwɛ akwantufo tumi nkrataa so no ani annye sɛ wohuu yɛn, enti wɔmaa yɛtraa hɔ asram kakraa bi pɛ. Afei wɔhyɛe sɛ yemfi hɔ. Enti asafo ti no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Northern Rhodesia (seesei Zambia). Yɛn ani gyei kɛse sɛ yekohyiaa anuanom baanan a yɛne wɔn kɔɔ Gilead sukuu—Frank ne Carrie Lewis ne Hayes ne Harriet Hoskins—wɔ hɔ. Ɛno akyi bere tiaa bi no wɔsan de yɛn kɔɔ Southern Rhodesia (seesei Zimbabwe).

Yɛde keteke na etuu kwan no, enti yehuu Victoria Aworoeɛ a ɛwɔ kwan so no ansa na yɛredu Bulawayo. Yɛne McLuckie abusua no a wɔka Adansefo a wodii kan bɛtraa ɔman no mu no trae kakraa. Yenyaa hokwan de huu wɔn yiye wɔ mfe 16 a yɛde traa hɔ no mu.

Yɛyɛɛ Nsakrae

Bere a minyaa nnawɔtwe abien ntetee a na ɛbɛma mahu sɛnea Afrika asasesin no te wiei no, wɔpaw me sɛ menkɔyɛ ɔmantam sohwɛfo. Ná ɛhwehwɛ sɛ yɛsoa nsu, aduan, nnaso, ntade, afiri a wɔde yi sini ne nea ɛma anyinam ahoɔden, nea wɔbɛhwɛ sini no wɔ so ne nneɛma afoforo a ɛho behia na yɛatumi aka asɛmpa no wɔ Afrika nkuraa no ase. Yɛhyehyɛɛ eyi nyinaa guu lɔre kɛse a ɛwɔ ahoɔden a ebetumi de yɛn afa kwan a na enye no so mu.

Me ne Afrikafo amansin so ahwɛfo no yɛɛ adwuma, ɛnna Joyce boaa wɔn yerenom ne wɔn mma nso a wɔbae no. Afrika nkyɛkyerɛ mu nantew yɛ ɔbrɛ, titiriw bere a awia no rebɔ paa no. Nanso ankyɛ na mihui sɛ awia no ye ma me esiane yare a na abɔ me no nti, ɛno nti m’ani sɔe.

Ná nnipa no mu dodow no ara yɛ ahiafo. Ná amammerɛ ne gyidihunu agye wɔn mu pii ti, na aware dodow nso abu so; nanso wɔkyerɛɛ obu kɛse wɔ Bible no ho. Wɔ mmeae bi no, yɛyɛɛ asafo nhyiam wɔ nnyedua akɛse ase, na edu anwummere a na wɔsɔ kanea a wɔde krasin gu mu de sensɛn nnua no so nya hann. Bere biara a yebesua Onyankopɔn Asɛm wɔ abɔnten a yehu wim a nsoromma ayɛ hɔ ma a ɛyɛ Onyankopɔn abɔde fã a ɛyɛ fɛ saa no, na yenya Onyankopɔn ho anisɔ kɛse.

Ade foforo a yɛn werɛ remfi da ne Ɔwɛn Aban Asafo no sini ahorow a yeyii wɔ Afrika kwae no mu no. Ebetumi aba sɛ asafo bi wɔ hɔ a na Adansefo 30 pɛ na wɔwɔ mu, nanso wɔ mmere a ɛte saa mu no na yebetumi ahwɛ kwan sɛ nnipa bɛyɛ 1,000 anaa nea ɛboro saa na wɔbɛba abɛhwɛ!

Nokwarem no, wɔ mmeae a ɔhyew wɔ hɔ na nsu taa tɔ hɔ no, ɛtɔ bere bi a obi betumi ayare, nanso ɛho hia sɛ onya adwene a ɛfata. Me ne Joyce bɔɔ mmɔden hwɛɛ yɛn ho so yiye—ɛtɔ bere bi a na atiridiinini yɛ me, na na yare bi a nsu mu mmoawa nketenkete bi de ba nso yɛ Joyce.

Akyiri yi wɔde yɛn kɔɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Salisbury (seesei Harare), na yenyaa hokwan ne Yehowa asomfo anokwafo afoforo yɛɛ adwuma. Wɔn mu binom ne Lester Davey ne George ne Ruby Bradley. Aban no paw me sɛ obi a mitumi gyina hwɛ ma afoforo ware, na ɛno maa mitumi hwɛ maa Afrikafo anuanom no waree. Ɛno hyɛɛ Kristofo aware mu den wɔ asafo ahorow no mu. Mfe kakraa bi akyi no, minyaa ɔsom mu hokwan foforo. Ná ɛsɛ sɛ mekɔsra asafo ahorow nyinaa a wɔnnka Bantu kasa wɔ ɔman no mu. Me ne Joyce ani gyei sɛ wɔ bɛboro mfe du mu no yetumi bɛn yɛn nuanom no wɔ akwantu adwuma no mu, na yɛn ani gyee nkɔso a wonyae wɔ Onyankopɔn som mu no ho. Yɛkɔsraa yɛn nuanom a wɔwɔ Botswana ne Mozambique nso saa bere no.

Wɔsan De Yɛn kɔɔ Baabi Foforo

Bere a yɛde mfe pii traa Afrika anafo fam anigye mu akyi no, wɔsan maa yɛn dwumadi foforo wɔ afe 1975 mu kɔɔ Sierra Leone, Afrika Atɔe fam. Ankyɛ na yɛn ani kaa baa dwumadibea hɔ a na yɛhwɛ kwan sɛ yɛn ani begye wɔ yɛn dwumadi foforo no mu, nanso ankyɛ. Atiridiinini bi a emu yɛ den bɔɔ me maa meyɛɛ mmerɛw ma ekowie sɛ na ɛsɛ sɛ wɔde me kɔ London kɔhwɛ me yare, na wɔka kyerɛɛ me wɔ hɔ sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ merensan nkɔ Afrika. Eyi yɛɛ yɛn yaw, nanso London Betel abusua no gyee me ne Joyce fɛw so. Afrikafo anuanom pii a wɔwɔ London asafo ahorow mu no nso maa yɛn ani kae. Bere a m’apɔwmuden yɛɛ yiye no, wɔmaa yɛn adwuma foforo, na wɔkae sɛ menhwɛ Dwumadibea a Ɛtotɔ Nneɛma so. Esiane ntrɛwmu adwuma a akɔ so mfe a abɛsen kɔ no mu nti, eyi ayɛ adwuma a egye bere.

Wɔ 1990 mfe no mfiase mu no, yare bi a ɛka ntini yɛɛ me dɔfo Joyce, na owui afe 1994 mu. Na ɔyɛ ɔyere nokwafo a ɔwɔ ɔdɔ, na na bere nyinaa ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ nsakrae wɔ tebea horow a yehyiae no nyinaa mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a metumi agyina awerɛhow saa ano no, mahu sɛ ɛho hia sɛ minya adwene a ɛfata wɔ me som mu na mede anidaso twɛn daakye. Ade foforo nso a ɛboa me ma mede m’adwene si Onyankopɔn som adwuma so ne mpae a mebɔ Yehowa sɛ ɔmmoa me ma menyɛ nhyehyɛe pa wɔ ne som mu, a asɛnka ka ho.—Mmebusɛm 3:5, 6.

Betel som adwuma yɛ hokwan ne asetra kwan pa. Mmerante ne mmabaa pii wɔ hɔ a yɛne wɔn yɛ adwuma, na nneɛma pii a yebom yɛ ma yɛn ani gye. Nhyira baako ne ahɔho dodow a yenya wɔ London no. Ɛtɔ da bi a mihu me nnamfo a wofi Afrika mmeae a mesomee wɔ hɔ no, na ɛma mekaakae mmere a ɛyɛ anigye a minyae wɔ hɔ no. Eyi nyinaa boa me ma mekɔ so nya “nkwa a ɛwɔ hɔ” yi mu anigye kosi ase na mede ahotoso ne anidaso susuw nkwa a “ɛreba no ho.”—1 Timoteo 4:8.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Yehowa Adansefo na wotintimii wɔ afe 1928 mu, nanso wɔagyae tintim.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Me ne me maame wɔ afe 1946 mu

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Me ne Joyce wɔ yɛn ayeforohyia da wɔ afe 1950 mu

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Wɔ Bristol ɔmantam nhyiam bi ase wɔ afe1953 mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 27]

Meresom anuanom kuw bi a wɔwɔ beae bi a atew ne ho (atifi) ne asafo bi (benkum) wɔ Southern Rhodesia, seesei Zimbabwe