Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mpa Abaw Wɔ Papayɛ Ho

Mpa Abaw Wɔ Papayɛ Ho

Mpa Abaw Wɔ Papayɛ Ho

ƆSOMAFO Petro tuu yɛn fo sɛ: “Munkura abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu.” (1 Petro 2:12) Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase “pa” no kyerɛ biribi a “ɛyɛ fɛ, ɛho tew, nidi wom, ɛkyɛn so.” Ebia ɛbɛyɛ sɛ nea nyansa nnim sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ dodow no ara abrabɔ bɛyɛ nea ɛho tew anaa nidi wom. Nanso sɛ́ kuw no, Yehowa nkurɔfo atumi de Petro afotu no ayɛ adwuma. Nokwasɛm ni, wonim wɔn wɔ wiase nyinaa sɛ nnipa a wɔbɔ bra pa.

Sɛ yɛhwɛ adwennwen ne ɔhaw a yehyia da biara wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no a, ɛhyɛ nkuran ankasa sɛ wotumi bɔ bra pa. (2 Timoteo 3:1) Sɔhwɛ yɛ yɛn asetra fã, na ɔsɔretia nso yɛ ade a Kristofo hyia bere nyinaa. Bio nso, ɛwom sɛ sɔhwɛ no bi wɔ hɔ a ɛnkyɛ de, nanso ebi de ɛkyɛ yiye na emu kɔ so yɛ den mpo. Eyi nyinaa akyi no, ɔsomafo Paulo tuu yɛn fo sɛ: “Mommma yɛmmpa abaw wɔ papayɛ ho, na sɛ yɛammrɛ a, yebetwa so aba bere a ɛsɛ mu.” (Galatifo 6:9) Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi akɔ so ayɛ papa bere a yehyia sɔhwɛ a emu yɛ den na wɔyɛ yɛn basabasa no?

Nneɛma a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Papa

Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛn koma na ɛka yɛn ma yɛyɛ ade a “ɛho tew, ɛkyɛn so, na nidi wom.” Ɛno nti, abrabɔ pa a yɛbɛbɔ wɔ sɔhwɛ ne amanehunu mu no nyɛ ade a ɛba mpofirim ara kwa, mmom sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yedi Bible nnyinasosɛm akyi na yɛde yɛ adwuma da biara da wɔ yɛn asetra afã nyinaa mu. Dɛn ne nneɛma a ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa no bi? Susuw nea edidi so yi ho hwɛ.

Nya Kristo adwene. Egye ahobrɛase na ama yɛatumi agyina nea yebu no sɛ atɛnkyea no ano. Ebia ɛbɛyɛ den ama obi a obu ne ho dodoodo sɛ obegyina ateetee ano. Nanso, Yesu ‘brɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu.’ (Filipifo 2:5, 8) Sɛ yesuasua no a, ‘yɛremmrɛ anaa yɛrempa abaw’ wɔ ɔsom kronn a yɛde rema no mu. (Hebrifo 12:2, 3) Suasua ahobrɛase denam wopɛ mu a wubefi ayɛ osetie ama wɔn a wodi w’asafo anim no so, na wo ne wɔn nyɛ adwene. (Hebrifo 13:17) Sua sɛ wubebu afoforo sɛ “wɔkyɛn” wo, na ma wɔn ahiade ho nhia wo nsen wo de.—Filipifo 2:3, 4.

Kae sɛ Yehowa dɔ wo. Ɛsɛ sɛ yegye di sɛ Yehowa ‘wɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani bere hwehwɛ no no katuafo.’ (Hebrifo 11:6) Odwen yɛn ho ankasa, na ɔpɛ sɛ yenya daa nkwa. (1 Timoteo 2:4; 1 Petro 5:7) Kae a yɛbɛkae sɛ biribiara nni hɔ a ebetumi ama Onyankopɔn agyae ɔdɔ a ɔdɔ yɛn no bɛboa yɛn ma yɛatumi agyina sɔhwɛ biara ano.—Romafo 8:38, 39.

Fa wo ho nyinaa to Yehowa so. Sɛ sɔhwɛ bi yɛ te sɛ nea ɛremma awiei da anaasɛ ɛde yɛn nkwa bɛto asiane mu a, ɛbɛyɛ nea ɛho hia paa sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so. Ɛsɛ sɛ yenya ahotoso a emu yɛ den paa sɛ Yehowa remma kwan mma sɔhwɛ biara a ‘yɛrentumi nnyina ano’ mma yɛn so, na afei sɔhwɛ biara mu no, “ɔbɛma kwan abɛda” ho a yɛde befi mu. (1 Korintofo 10:13) Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, owu mpo yebetumi de akokoduru agyina ano.—2 Korintofo 1:8, 9.

Kura mpaebɔ mu denneennen. Ehia paa sɛ yefi yɛn koma mu bɔ mpae. (Romafo 12:12) Ɔkwan biako a yɛfa so bɛn Yehowa ne sɛ yebefi yɛn koma mu abɔ no mpae. (Yakobo 4:8) Yɛn nyinaa betumi afi osuahu mu aka sɛ “biribiara a yebisa no . . . , otie yɛn.” (1 Yohane 5:14) Sɛ Yehowa ma kwan ma wɔkɔ so sɔ yɛn hwɛ de sɔ yɛn mudi hwɛ a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae sɛ ɔmmoa yɛn mma yentumi nnyina ano. (Luka 22:41-43) Mpaebɔ ma yehu sɛ wonnyaw yɛn, na esiane sɛ Yehowa ka yɛn ho nti, yebedi nkonim.—Romafo 8:31, 37.

Nnwuma Pa ‘De Ayeyi ne Nidi Ba’

Mmere bi wɔ hɔ a, “sɔhwɛ ahorow” ma Kristofo ‘werɛ how.’ Nanso, ɛnsɛ sɛ ‘yɛpa abaw wɔ papayɛ ho.’ Sɛ adwennwen bɛtɔ wo so a, ma nim a wunim sɛ nokware a wubedi no “de ayeyi ne anuonyam ne nidi bɛba” no nhyɛ wo den. (1 Petro 1:6, 7) Fa nsiesiei a Yehowa ayɛ sɛ ɛmmoa yɛn wɔ ɔsom a yɛde ma no mu no yɛ adwuma yiye. Sɛ wuhia mmoa bi a, kohu wɔn a wɔsom sɛ nguanhwɛfo, akyerɛkyerɛfo, ne afotufo wɔ Kristofo asafo no mu no. (Asomafo Nnwuma 20:28) Kɔ Kristofo nhyiam a ‘ɛkanyan yɛn kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu’ no daa. (Hebrifo 10:24) Nhyehyɛe a wobɛyɛ de akenkan Bible daa na woayɛ kokoam Bible adesua no bɛboa ma w’adwene mu ada hɔ yiye na ama wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ayɛ den. Saa ara na Kristofo som adwuma no a wode wo ho behyem bere nyinaa no nso bɛyɛ ama wo.—Dwom 1:1-3; Mateo 24:14.

Dodow a wuhu sɛnea Yehowa dɔ wo na odwen wo ho no, dodow no ara na ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛbɔ “nnwuma pa ho mmɔden” no mu bɛyɛ den. (Tito 2:14) Kae sɛ, “nea ogyina mu kosi awiei no na wobegye no nkwa.” (Mateo 24:13) Yiw, si wo bo sɛ ‘worempa abaw wɔ papayɛ ho’!

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]

Ɛsɛ sɛ yenya ahotoso a emu yɛ den paa sɛ Yehowa remma kwan mma sɔhwɛ biara a ‘yɛrentumi nnyina ano’ mma yɛn so na sɔhwɛ biara mu no, “ɔbɛma kwan abɛda” ho a yɛde befi mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30]

Ɔsom adwuma no a yɛde yɛn ho behyem bere nyinaa no besiesie yɛn ama yɛatumi agyina sɔhwɛ ano