Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa Bi a Wodi Nokware Hyɛ Yehowa Anuonyam

Nnipa Bi a Wodi Nokware Hyɛ Yehowa Anuonyam

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Nnipa Bi a Wodi Nokware Hyɛ Yehowa Anuonyam

WONIM Yehowa Adansefo mmofra ne mpanyin wɔ wiase nyinaa sɛ wodi nokware. Susuw nhwɛso a efi nsasepɔn abiɛsa so yi ho hwɛ.

Da bi, na Olusola, abofra bi a wadi mfe 17 a ofi Nigeria, apɔn sukuu rekɔ fie na ohuu bag ketewa bi sɛ ɛda fam baabi. Ɔde kɔmaa sukuu no panyin na bere a ɔkan sika a ɛwom no, na ɛyɛ ₦6,200 (bɛyɛ Amerika sika dɔla 45). Sukuu panyin no de sika no kɔmaa ɔkyerɛkyerɛfo a na ne sika ayera no. Ɔkyerɛkyerɛfo no ani sɔɔ nea Olusola yɛe no, enti ɔmaa no sika no mu ₦1,000 (bɛyɛ Amerika sika dɔla 7) kae sɛ ɔmfa ntua ne sukuu ho ka. Bere a sukuufo a aka tee asɛm no, wɔserew Olusola. Adapɛn kakra bi akyi no, sukuuni bi kae sɛ obi awia ne sika ma enti wɔka kyerɛɛ akyerɛkyerɛfo no sɛ wɔnhwehwɛ sukuufo no nyinaa ho. Nanso, ɔkyerɛkyerɛfo bi ka kyerɛɛ Olusola sɛ: “Wode gyina nkyɛn. Minim sɛ woyɛ Yehowa Dansefo enti worenwia ade.” Wohuu sika no wɔ mmarimaa a wɔserew Olusola no mu baanu nkyɛn ma enti wɔde asotwe a emu yɛ den paa maa wɔn. Olusola kyerɛwee sɛ: “M’ani agye pii sɛ wonim me sɛ meyɛ Yehowa Dansefo a ɔrenwia ade da, na ɛde anuonyamhyɛ abrɛ Yehowa.”

Da foforo bi, bere a na Marcelo a ofi Argentina refi fie no, ohui sɛ bag bi da n’afikyiri hɔ baabi. Ɔde bag no kɔɔ fie na ɔne ne yere buee so. Wohuu sika pii, kratasin a wɔde firi ade, ne krataa pii a wɔde yi sika wɔ sikakorabea a wɔde nsa ahyɛ ase, a na emu biako de wɔakyerɛw wɔn kurom sika pesos ɔpepem biako wɔ so maa wɔn ho dwiriw wɔn. Wohuu telefon nɔma bi wɔ krataa bi a wɔakyerɛkyerɛw nneɛma bo wɔ so a ɛhyɛ bag no mu so. Wɔde saa nɔma no frɛɛ bag no wura, na wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔde bag no ne nea ɛwom nyinaa behyia ne wura no wɔ Marcelo adwumam. Bere a bag no wura bae no, na ɛte sɛ nea wahaw. Adwumawura no ka kyerɛɛ no sɛ ɔmma ne bo ntɔ ne yam efisɛ Marcelo yɛ Yehowa Dansefo. Bere a bag no wura nsa kae no, nea ɔyɛe ara ne sɛ ɔmaa Marcelo pesos 20 pɛ (ɛbɛyɛ Amerika sika dɔla 6). Eyi maa adwumawura no bo fuwii, efisɛ n’ani sɔɔ Marcelo nokwaredi no yiye paa. Eyi maa Marcelo nyaa hokwan de kyerɛkyerɛɛ mu sɛ esiane sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo nti, ɔpɛ sɛ odi nokware bere nyinaa.

Osuahu a edi so yi nso fi Kyrgyzstan. Abarimaa bi a wadi mfe asia a wɔfrɛ no Rinat huu bag ketewa bi a ɛyɛ awuraa bi a ɔyɛ ne fipamfo dea. Ná wɔn kurom sika a wɔfrɛ no som 1,100 (ɛbɛyɛ Amerika sika dɔla 25) na ɛhyɛ mu. Bere a Rinat de bag no kɔmaa awuraa no, ɔkan sika a na ɛwom no na ɔka kyerɛɛ Rinat maame sɛ emu som 200 ayera. Rinat kae sɛ ɔmfaa sika biara. Enti, wɔn nyinaa kɔhwehwɛɛ sika no na wokohui wɔ faako a ɔfaa bag no hɔ pɛɛ. Eyi yɛɛ awuraa no nwonwa. Enti ɔdaa Rinat ne ne maame ase sɛ nea edi kan no wɔde sika no brɛɛ no ne nea ɛto so abien, sɛ́ ne maame retete no sɛ Kristoni.