Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na bere a asuafo no tee sɛ Petro abegyina wɔn pon ano no, wɔkae sɛ: “Ɛyɛ ne bɔfo”?—Asomafo Nnwuma 12:15.

Ebia asuafo no dii mfomso susuw sɛ ɔbɔfo bi a ɔhwɛ Petro so na na wabegyina ɔpon no ano. Susuw nea na wɔreka ho asɛm wɔ saa ti yi mu ho hwɛ.

Ná Herode a okum Yakobo no akyere Petro. Ɛno nti na asuafo no wɔ nea enti a wobetumi agye adi sɛ wobekum Petro nso. Wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Petro maa asraafo akuw anan a asraafo baanan na wɔwɔ akuw no biara mu wɛnee no. Afei anadwo bi, ɔbɔfo bi nam anwonwakwan so yii Petro fii afiase hɔ. Bere a Petro hui sɛ nea na ɛresi no yɛ paa ara no, ɔkae sɛ: “Afei na mahu ankasa sɛ Yehowa na ɔsomaa ne bɔfo beyii me fii Herode nsam.”—Asomafo Nnwuma 12:1-11.

Petro antwentwɛn ne nan ase koraa na ɔkɔɔ Yohane a wɔfrɛ no Marko no maame Maria fie, faako a na asuafo no dodow bi ahyia no. Bere a ɔbɔɔ abɔnten pon no mu no, abaawa bi a wɔfrɛ no Roda na ɔkɔhwɛɛ nipa kõ. Bere a ɔtee Petro nne no, sɛ anka obebue ɔpon no ama Petro aba mu no, ɔde mmirika kɔka kyerɛɛ wɔn a aka no! Mfiase no asuafo no annye anni sɛ ɛyɛ nokware sɛ Petro abegyina ɔpon no ano. Mmom no, wodii mfomso kae sɛ: “Ɛyɛ ne bɔfo.”—Asomafo Nnwuma 12:12-15.

So na asuafo no gye di sɛ wɔakum Petro, na na ne honhom na abegyina ɔpon no ano no? Ɛrentumi mma saa, efisɛ na Yesu akyidifo no nim Kyerɛwnsɛm mu nokwasɛm a ɛfa awufo ho no; ɛne sɛ “wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Ɛnde, ɛbɛyɛ sɛ dɛn na na asuafo no kyerɛ bere a wɔkae sɛ: “Ɛyɛ ne bɔfo” no?

Ná Yesu asuafo no nim sɛ wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, abɔfo akɔ so aboa Onyankopɔn nkurɔfo. Sɛ nhwɛso no, Yakob kaa “ɔbɔfo a oyii me bɔne nyinaa mu” ho asɛm. (Genesis 48:16) Bio nso, Yesu ka faa abofra bi a na ogyina ɔne n’akyidifo no mfinimfini ho sɛ: “Monhwɛ na moammu nkumaa yi mu baako animtiaa; meka kyerɛ mo sɛ wɔn abɔfo a wɔwɔ soro no hu m’Agya a ɔwɔ soro no anim daa.”—Mateo 18:10.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ Young’s Literal Translation of the Holy Bible kyerɛ asɛmfua agʹge·los (“ɔbɔfo”) ase sɛ “ɔsomafo.” Ɛte sɛ nea na Yudafo binom gye di sɛ na Onyankopɔn somfo biara wɔ n’ankasa bɔfo, sɛ yɛbɛka no yiye a, “ɔbɔfo a ɔhwɛ ne so.” Nokwarem no, wɔnka biribi a ɛte saa ankasa ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Nanso, ebetumi aba sɛ bere a asuafo no kae sɛ “ɛyɛ ne bɔfo” no, na ebia wosusuw sɛ ɛyɛ ɔbɔfo bi a ɔhwɛ Petro so na na wabegyina ɔpon no ano.