Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wo Ne W’adɔfo Bɔ Nkɔmmɔ?

So Wo Ne W’adɔfo Bɔ Nkɔmmɔ?

So Wo Ne W’adɔfo Bɔ Nkɔmmɔ?

POLAND atesɛm krataa a ɛba dapɛn dapɛn, Polityka, bɔ amanneɛ sɛ: “Hokwan a yenya ne yɛn adɔfo bɔ nkɔmmɔ so retew koraa.” Wɔ United States no, wobu akontaa sɛ simma asia pɛ na awarefo ne wɔn ho wɔn ho de bɔ nkɔmmɔ a mfaso wɔ so da biara. Animdefo bi susuw sɛ aware ntetewmu ne awaregyae a ɛkɔ so nyinaa mu fã fi bere a wɔde bɔ nkɔmmɔ a ɛso atew koraa yi.

Na bere a awofo ne wɔn mma de bɔ nkɔmmɔ nso ɛ? Mpɛn pii no, “ɛnyɛ nkɔmmɔ ankasa na wɔbɔ, na mmom ɛyɛ nsɛmmisa te sɛ: Ná sukuu mu te dɛn? Na wo nnamfonom nso ɛ?” Atesɛm krataa no bisa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mma no ani bɛka yɛn ho na wɔahu sɛnea wɔbɔ nkɔmmɔ?”

Esiane sɛ womfiti prɛko pɛ nhu sɛnea wɔbɔ nkɔmmɔ nti, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛnea wɔbɔ nkɔmmɔ yiye? Kristo suani Yakobo maa yɛn afotu bi a ɛho hia sɛ: “Obiara nyɛ ntɛm asɛntie ho, ɔnyɛ nyaa ɔkasa ho, nyɛ nyaa abufuw ho.” (Yakobo 1:19) Yiw, sɛ yebetumi abɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie asɛm yiye, na ɛnsɛ sɛ yɛde ahopere twa afoforo ano anaasɛ yɛka sɛ mahu nea worekyerɛ no. Kwati kasatia efisɛ ebetumi atwa nkɔmmɔbɔ so ntɛm. Afei nso, Yesu nam anifere kwan so na obisabisaa nsɛm, na ɛnyɛ ɔhyɛ so. Na ɔnam so maa n’atiefo kaa wɔn komam asɛm na ɔne wɔn nyaa abusuabɔ a emu yɛ den.—Mmebusɛm 20:5; Mateo 16:13-17; 17:24-27.

Fa nnyinasosɛm pa a ɛwɔ Bible mu no yɛ adwuma, na fi ase ne w’adɔfo mmɔ nkɔmmɔ. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma wo ne wɔn anya abusuabɔ a ɔdɔ wom, na woanya mu anigye mfe pii—wo nkwa nna nyinaa mpo.