Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Bɔ Wɔn A Wɔde Wɔn Ho To No So Ho Ban

Yehowa Bɔ Wɔn A Wɔde Wɔn Ho To No So Ho Ban

Yehowa Bɔ Wɔn A Wɔde Wɔn Ho To No So Ho Ban

“W’adɔe ne wo nokware bɛbɔ me ho ban daa.”—DWOM 40:11.

1. Dɛn na Ɔhene Dawid srɛ fii Yehowa hɔ, na dɛn na Yehowa reyɛ wɔ ho mprempren?

TETE Israel hene Dawid “fii ne komam de ne ho too Yehowa so,” na ɛkanyan no ma ɔkae sɛ Yehowa “yɛɛ aso maa [no] tiee [ne] sufrɛ.” (Dwom 40:1, NW) Ɔno ankasa huu sɛnea Yehowa bɔɔ wɔn a wɔdɔ No no ho ban no mpɛn pii. Enti, na Dawid betumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmɔ ne ho ban daa. (Dwom 40:11) Wɔbɔ Dawid din ka mmarima ne mmea anokwafo a wɔahyɛ bɔ sɛ wobenya “owusɔre a eye kyɛn so” no ho, ma enti mprempren Dawid wɔ Yehowa adwenem sɛ obenya saa akatua no bi. (Hebrifo 11:32-35) Enti ne daakye anidaso yɛ nea edi mũ ankasa. Wɔakyerɛw ne din wɔ Yehowa “nkae nhoma” no mu.—Malaki 3:16.

2. Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, yɛn ho ban a Yehowa bɔ no kyerɛ dɛn?

2 Ɛwom sɛ anokwafo a wɔabobɔ wɔn din wɔ Hebrifo ti 11 no traa ase ansa na Yesu Kristo reba asase so de, nanso wɔbɔɔ wɔn bra maa ɛne Yesu nkyerɛkyerɛ hyiae. Yesu kyerɛkyerɛe sɛ: “Nea ɔpɛ ne kra no sɛe no, na nea ɔtan ne kra wɔ wiase yi mu no bɛkora so ama daa nkwa.” (Yohane 12:25) Enti, ɛda adi pefee sɛ obi ho ban a Yehowa bɔ no nkyerɛ sɛ onii no renhyia amanehunu anaa ɔtaa da. Nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔbɔ abusuabɔ a ɛda onii no ne Onyankopɔn ntam ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔ so anya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim.

3. Adanse bɛn na yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɔɔ Kristo Yesu ho ban, na dɛn na efii mu bae?

3 Yesu ankasa hyiaa ɔtaa ne ahohorabɔ a emu yɛ den, na awiei koraa no, n’atamfo no tumi maa wokum no animguase mu yayaayaw. Nanso, eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn anni ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛbɔ Mesia no ho ban no so. (Yesaia 42:1-6) Nyan a wonyanee Yesu wɔ animguase wu no akyi nnansa no da no adi sɛ Yehowa tiee Yesu sufrɛ a ɔde hwehwɛɛ mmoa no, sɛnea na Yehowa atie Dawid sufrɛ no ara pɛ. Yehowa tiee Yesu sufrɛ maa no ahoɔden a ɔde bekura ne mudi mu. (Mateo 26:39) Esiane sɛ wɔbɔɔ Yesu ho ban wɔ saa kwan yi so nti wanya nkwa a owu nni mu wɔ soro, na nnipa ɔpepem pii a wɔanya agyede no mu gyidi no nso afata sɛ wonya daa nkwa.

4. Awerɛhyem bɛn na wɔde ama Kristofo a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” no?

4 Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa wɔ ɔpɛ a ɛte saa ara, na obetumi abɔ n’asomfo ho ban nnɛ sɛnea ɔyɛe wɔ Dawid ne Yesu bere so no. (Yakobo 1:17) Yesu nuanom a wɔasra wɔn kakraa bi a wɔda so wɔ asase so no betumi anya Yehowa bɔhyɛ yi mu ahotoso: ‘Wɔakora agyapade a ɛmporɔw na efĩ nni ho na ɛnsɛe so wɔ soro ama mo a Nyankopɔn tumi nam gyidi so hwɛ mo so kɔ nkwagye a wɔrebeyi no adi mmere a edi akyiri mu no.’ (1 Petro 1:4, 5) “Nguan foforo” a wɔwɔ asase so anidaso no nso nam odwontofo no nsɛm yi so betumi anya Onyankopɔn ne ne bɔhyɛ mu ahotoso: “Monnɔ [Yehowa, NW], mo a moyɛ n’ahotefo nyinaa. [Yehowa, NW] hwɛ wɔn a wodi nokware so.”—Yohane 10:16; Dwom 31:23.

Yehowa Bɔ Ɔne ne Nkurɔfo Ntam Abusuabɔ Ho Ban

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔabɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban wɔ ɛnnɛ bere yi mu? (b) Abusuabɔ bɛn na wɔn a wɔasra wɔn no ne Yehowa wɔ, na wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no nso ɛ?

5 Yehowa ayɛ nsiesiei a ɔnam so bɔ ɔne ne nkurɔfo ntam abusuabɔ ho ban nnɛ. Bere a ɔmmɔ wɔn ho ban mfi ɔtaa anaa nsɛnnennen ne asiane ahorow a etumi to nnipa nyinaa ho no, ofi nokwaredi mu ama wɔn mmoa ne nkuranhyɛ a wohia na ama wɔatumi akura wɔne ne ntam abusuabɔ a emu yɛ den no mu. Nea wɔagyina so anya saa abusuabɔ yi ne agyede a Onyankopɔn fi ɔdɔ mu de ama no mu gyidi a wɔwɔ no. Wɔde Onyankopɔn honhom asra saa Kristofo anokwafo yi mu binom ma wɔanya hokwan sɛ wɔne Kristo bedi ade wɔ soro. Wɔabu wɔn treneefo ma wɔabɛyɛ Onyankopɔn honhom mu mma, na saa asɛm yi fa wɔn ho: “Wagye yɛn afi esum tumidi ase de yɛn aba ne Ba a ɔdɔ no no ahenni mu, na ɔno na yɛnam no so anya ogye, kyerɛ sɛ yɛn bɔne fafiri.”—Kolosefo 1:13, 14.

6 Wɔama Kristofo anokwafo ɔpepem pii foforo awerɛhyem sɛ wɔn nso betumi anya Onyankopɔn agyede nsiesiei no so mfaso. Yɛkenkan sɛ: “Onipa Ba no mpo amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔbɛsom de ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree.” (Marko 10:45) Saa Kristofo no hwɛ kwan sɛ wobenya “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu” anigye wɔ bere a ɛsɛ mu. (Romafo 8:21) Enkosi saa bere no, wɔkyerɛ wɔne Onyankopɔn ntam adamfofa no ho anisɔ, na wofi komam bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ saa abusuabɔ no mu den.

7. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so bɔ ɔne ne nkurɔfo ntam abusuabɔ ho ban nnɛ?

7 Ɔkwan biako a Yehowa fa so bɔ ɔne ne nkurɔfo ntam abusuabɔ ho ban ne ntetee a ɔkɔ so de ma wɔn no. Eyi ma wɔkɔ so nya nokware no ho nimdeɛ a ɛkɔ akyiri. Yehowa nam N’asɛm, n’ahyehyɛde, ne ne honhom kronkron so nso ma wɔn akwankyerɛ bere nyinaa. Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no akwankyerɛ so ayɛ sɛ abusua biako wɔ wiase aman nyinaa mu. Akoa kuw no ma Yehowa asomfo nsa ka honhom fam nneɛma, na sɛ ɛho behia a, wɔma wɔn honam fam nneɛma mpo. Wɔyɛ eyi a wɔnhwɛ ɔman a obi fi mu anaa gyinabea a ɔwɔ wɔ asetra mu.—Mateo 24:45.

8. Ahotoso bɛn na Yehowa wɔ wɔ n’asomfo anokwafo mu, na awerɛhyem bɛn na ɔde ma wɔn?

8 Sɛnea Yehowa ammɔ Yesu ho ban amfi ntua a n’atamfo de baa ne so ho no, saa ara nso na Ɔmmɔ Kristofo ho ban wɔ saa kwan no so nnɛ. Nanso, eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani nnye Kristofo ho. Ɛnte saa koraa! Mmom no, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔwɔ wɔn mu ahotoso sɛ wobegyina n’afã wɔ amansan ho ɔsɛmpɔw kɛse no mu. (Hiob 1:8-12; Mmebusɛm 27:11) Yehowa rennyaw wɔn a wodi no nokware no da, “efisɛ [Yehowa dɔ atɛntrenee, NW], na ɔrennyaw n’ahotefo. Ɔhwɛ wɔn so daa.”—Dwom 37:28.

Adɔe Ne Nokware Bɔ Wɔn Ho Ban

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔnokwafo a Yehowa yɛ no bɔ ne nkurɔfo ho ban? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible da no adi sɛ Yehowa nam n’adɔe so bɔ wɔn a wodi no nokware no ho ban?

9 Dawid srɛe sɛ Yehowa mfa n’adɔe ne ne nokware mmɔ ne ho ban wɔ ne mpaebɔ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Dwom 40 no mu. Esiane sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo na n’ani gye trenee ho nti ɛhwehwɛ sɛ ɔma yehu ne gyinapɛn ahorow pefee. Wɔn a wɔbɔ wɔn bra ma ɛne saa gyinapɛn ahorow yi hyia no nya ahobammɔ kɛse fi ahohia, ehu, ne nsɛnnennen a wɔn a wobu wɔn ani gu so hyia no ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛtwe yɛn ho fi nnubɔne ne asanom bebrebe, nna mu ɔbrasɛe, ne basabasayɛ ho a, yebetumi abɔ yɛne yɛn adɔfo ho ban afi awerɛhosɛm pii ho. Na wɔn a wɔman fi Yehowa nokware kwan ho, sɛnea Dawid yɛe mmere bi no mpo betumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn da so ara yɛ “hintabea” ma abɔnefo a wonu wɔn ho no. Saafo no betumi de anigye aka sɛ: “Wobɛbɔ me ho ban, na me ho anhia me.” (Dwom 32:7) Onyankopɔn adɔe ho asɛm a mfaso wɔ so bɛn ara ni!

10 Onyankopɔn adɔe ho nhwɛso foforo ne sɛ Onyankopɔn bɔ n’asomfo kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfi wiase bɔne a ɔbɛsɛe no nnansa yi ara no ho. Yɛkenkan sɛ: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ nni ne mu; efisɛ nea ɛwɔ wiase biara—honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho—emfi Agya no, na mmom efi wiase.” Sɛ yetie saa kɔkɔbɔ yi na yɛyɛ ho ade sɛnea ɛsɛ a, yebetumi abɔ yɛn nkwa ho ban ankasa daa, efisɛ kyerɛwsɛm no toa so sɛ: “Afei nso wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:15-17.

Adwempa, Nhumu, ne Nyansa Bɔ Wɔn Ho Ban

11, 12. Kyerɛkyerɛ sɛnea adwempa, nhumu, ne nyansa bɔ yɛn ho ban no mu.

11 Wɔnam honhom kronkron so maa Dawid ba Salomo ka kyerɛɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn anim dom no sɛ: “Adwempa bɛhwɛ wo so, na [nhumu, NW] abɔ wo ho ban.” Ɔhyɛɛ wɔn nkuran nso sɛ: “Nya nyansa . . . Nnyaw no, na ɛbɛhwɛ wo so, dɔ no, na ɛbɛkora wo.”—Mmebusɛm 2:11; 4:5, 6.

12 Sɛ yedwennwen nea yesua fi Onyankopɔn Asɛm mu no ho a, ná yɛde adwempa reyɛ adwuma. Saa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛanya nhumu a ɛkɔ akyiri, na ama yɛatumi de nneɛma a ɛho hia asisi yɛn ani so. Eyi ho hia, efisɛ yɛn mu dodow no ara nam osuahu a yɛanya so nim sɛ sɛ nkurɔfo boapa de nneɛma a ɛho nhia sisi wɔn anim a etumi de nsɛnnennen ba. Saa ara nso na sɛ wɔamfi nyansam amfa nneɛma a ɛho hia ansisi wɔn anim a, etumi de nsɛnnennen ba. Satan wiase no de ahonyade, edin a yebegye, ne tumi a yebenya daadaa yɛn, nanso Yehowa hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn adwene nsi nneɛma a ɛho hia a ɛbɛma yɛasom Onyankopɔn yiye no so. Sɛ obi amfa n’adwene ansi nneɛma a ɛbɛma wasom Onyankopɔn yiye so ansen wiase nneɛma a, etumi de mpaapaemu ba n’abusua mu, ɛsɛe ɔne ne nnamfo ntam, na ɛma ɔsom a ɔde ma Onyankopɔn no yɛ basaa. Sɛ ɛba saa a, awerɛhosɛm ankasa na ɛto onipa no. Nea Yesu kae yi na ɛba ne so: “Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ onipa benya wiase nyinaa na wahwere ne kra?” (Marko 8:36) Nyansa wom sɛ yebetie Yesu afotu yi: “Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne ne trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.”—Mateo 6:33.

Asiane a Ɛwɔ Ahopɛ a Yɛbɛyɛ Mu

13, 14. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi yɛ ahopɛ, na dɛn nti na nyansa nnim sɛ obi bɛyɛ saa?

13 Ɛyɛ nnipa su sɛ wɔbɛma wɔn ankasa ahiade ho ahia wɔn. Nanso, sɛ wɔma nneɛma a wɔn ankasa ani gye ho na ɛho hia wɔn bɛyɛ ade a ehia wɔn sen biribiara wɔ wɔn asetram a, ɛde ɔhaw ba. Enti, nea ɛbɛyɛ na yɛabɔ yɛne Yehowa ntam adamfofa ho ban no, Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahopɛfo. Asɛmfua ahopɛ kyerɛ sɛ “obi bedwen nneɛma a n’ankasa pɛ, ɛho hia no, anaa n’ani gye ho nkutoo ho.” So ɛnyɛ saa pɛpɛɛpɛ na nnipa pii te nnɛ? Nea ɛyɛ nwonwa no, Bible ka siei sɛ “nnipa bɛyɛ ahopɛ” wɔ Satan wiase bɔne yi “nna a edi akyiri” yi mu.—2 Timoteo 3:1, 2.

14 Kristofo nim sɛ nyansa wom sɛ wobedi Bible ahyɛde a ɛka sɛ wɔnhwɛ anaa wonsusuw nneɛma a ɛfa afoforo ho na wɔnnɔ afoforo sɛ wɔn ankasa ho no so. (Luka 10:27; Filipifo 2:4) Ebia nnipa dodow no ara adwene bɛyɛ wɔn sɛ eyi renyɛ yiye, nanso sɛ yebenya aware pa, abusua asetra a anigye wom, ne adamfofa a abotɔyam wom a, ehia sɛ yedwen afoforo ho na yɛdɔ yɛn yɔnkonom sɛ yɛn ho. Enti, ɛnsɛ sɛ Yehowa somfo nokwafo biara ma nneɛma a ɛho hia n’ankasa no gye n’adwene araa ma obu n’ani gu nneɛma a ɛho hia kɛse koraa no so da. Nea ɛho hia sen biara ne Yehowa, Onyankopɔn a ɔsom no no som adwuma no.

15, 16. (a) Sɛ obi yɛ ahopɛ a, dɛn mu na ebetumi akowie, na ɛho nhwɛso bɛn na ɛwɔ hɔ? (b) Nokwarem no, sɛ obi pere ne ho bu afoforo atɛn a, na ɔreyɛ dɛn?

15 Ahopɛ betumi ama obi abu ne ho ɔtreneeni, na ɛno bɛma wabɛyɛ obi a onni ntoboase na wayɛ ahantan. Ɛfata sɛ Bible ka sɛ: “Onipa a wubu atɛn, sɛ woyɛ hena mpo a, wunni anoyi biara; efisɛ nea wubu ɔfoforo atɛn wɔ ho no, sɛ wo a wubu obi atɛn no kɔ so yɛ ade koro no ara a, wubu wo ho fɔ.” (Romafo 2:1; 14:4, 10) Yesu bere so nyamesom akannifo no gyee wɔn ho dii sɛ wɔyɛ treneefo araa ma wɔtee nka sɛ wɔfata sɛ wobu Yesu ne n’akyidifo no atɛn. Wɔnam saa a wɔyɛe so yɛɛ wɔn ho atemmufo. Esiane sɛ wɔanhu wɔn ankasa sintɔ ahorow nti, wobuu wɔn ankasa ho fɔ.

16 Yuda, Yesu kyidini a oyii Yesu mae no bɛyɛɛ ne ho obi a obu afoforo atɛn. Bere bi a na wɔwɔ Betania a Lasaro nuabea Maria de ngo huamhuam bi sraa Yesu no, Yuda kasa tiae denneennen. Ɔkaa saa asɛm yi de kyerɛe sɛ n’ani nnye adeyɛ no ho koraa: “Adɛn nti na wɔantɔn ngo huamhuam yi annye denare ahasa amfa amma ahiafo?” Na kyerɛwtohɔ no kɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nanso ɛnyɛ sɛ odwen ahiafo ho nti na ɔkaa saa, na mmom na ɔyɛ ɔkorɔmfo, na na sika adaka no wɔ ne nkyɛn, na na ɔtaa yi sika a wɔde gu mu no bi.” (Yohane 12:1-6) Mommma yɛnnyɛ sɛ Yuda anaa nyamesom akannifo a wɔde ahopere buu afoforo atɛn no da, na yɛammu yɛn ankasa ho fɔ.

17. Kyerɛkyerɛ asiane a ɛwom sɛ yɛbɛhoahoa yɛn ho anaasɛ yebegye yɛn ho adi dodoodo no mu.

17 Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a na tete Kristofo no bi nyɛ akorɔmfo te sɛ Yuda no, wɔbɛyɛɛ ahantan ne ahohoahoa. Yakobo kyerɛw faa wɔn ho sɛ: “Nanso mohoahoa mo ho wɔ mo ahokyerɛ mu.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Ahohoahoa a ɛte saa nyinaa yɛ bɔne.” (Yakobo 4:16) Sɛ yɛde nea yɛayɛ wɔ Yehowa som adwuma mu anaa ɔsom hokwan a yɛwɔ hoahoa yɛn ho a, na yɛrehaw yɛn ho. (Mmebusɛm 14:16) Yɛkae nea ɛtoo ɔsomafo Petro a bere bi ogyee ne ho dii dodoodo na ɔhoahoaa ne ho kaa eyi no: “Sɛ nea ɛbɛba wo so no bɛto wɔn nyinaa hintidua mpo a, me de ɛrento me hintidua da! . . . Sɛ etwa sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da.” Nokwarem no, yenni biribiara a yɛde bɛhoahoa yɛn ho. Biribiara a yɛwɔ no fi Yehowa adɔe mu. Eyi a yɛbɛkae no remma yɛnhoahoa yɛn ho.—Mateo 26:33-35, 69-75.

18. Yehowa bu ahantan dɛn?

18 Dɛn nti na wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan”? Yehowa bua sɛ: “Ahokyerɛ ne ahantan . . . na mikyi.” (Mmebusɛm 8:13; 16:18) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa bo fuw “Asiria hene komapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no”! (Yesaia 10:12) Yehowa tuaa no so ka. Ɛrenkyɛ wobetua Satan wiase no nyinaa, n’akannifo a wɔyɛ ahantan a aniwa hu wɔn ne wɔn a aniwa nhu wɔn a wobu wɔn ho sɛ wɔyɛ atitiriw no nyinaa so ka. Ɛmmra sɛ yɛrensuasua Yehowa atamfo a wɔyɛ ahantan no da!

19. Dɛn na ɛma Onyankopɔn asomfo ani gye wɔn ho nanso bere koro no ara ɛfata sɛ wɔda ahobrɛase adi?

19 Ɛfata koraa sɛ nokware Kristofo bɛma wɔn ani agye sɛ wɔyɛ Yehowa asomfo. (Yeremia 9:24) Bere koro no ara no, ɛfata koraa nso sɛ wɔda ahobrɛase adi. Dɛn ntia? Efisɛ “wɔn nyinaa ayɛ bɔne na wonnu Onyankopɔn anuonyam ho.” (Romafo 3:23) Enti sɛ yɛbɛbɔ yɛn gyinabea sɛ Yehowa asomfo no ho ban a, ɛsɛ sɛ yenya ɔsomafo Paulo a ɔkaa asɛm a edi hɔ yi su no bi. Paulo kae sɛ: “Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo nkwa.” Na afei ɔde kaa ho sɛ: “Me na midi wɔn a wɔte saa no mu kan.”—1 Timoteo 1:15.

20. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban nnɛ, na ɔkwan bɛn so na ɔbɛbɔ wɔn ho ban daakye?

20 Esiane sɛ Yehowa nkurɔfo mma nneɛma a wɔn ani gye ho mmɛyɛ wɔn asetram ade titiriw sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde Onyankopɔn som ho nneɛma bedi kan wɔ wɔn asetram nti, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛkɔ so abɔ wɔne ne ntam abusuabɔ ho ban. Yebetumi anya ahotoso nso sɛ sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, Yehowa bɛboa ne nkurɔfo na wɔakɔ so adi no nokware asom no, na wabɔ wɔn nkwa ankasa nso ho ban. Sɛ wɔkɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu a, wobetumi ateɛm sɛ: “Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani daa no so sɛ obegye yɛn no ni; [Yehowa, NW] a yɛn ani daa no so no ni. Momma yenni ahurusi, na yɛn ani nnye ne nkwagye no mu.”—Yesaia 25:9.

So Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na wɔbɔɔ Ɔhene Dawid ne Yesu Kristo ho ban?

• Ɔkwan bɛn so na wɔbɔ Yehowa nkurɔfo ho ban nnɛ?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahopɛ?

• Dɛn nti na yebetumi ama yɛn ani agye yɛn ho nanso bere koro no ara ɛfata sɛ yɛda ahobrɛase adi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 9]

Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔɔ Dawid ne Yesu ho ban?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10, 11]

Akwan bɛn so na Onyankopɔn bɔ ɔne ne nkurɔfo ntam abusuabɔ ho ban nnɛ?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12]

Ɛwom sɛ ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛresom Yehowa de, nanso ɛsɛ sɛ yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase