Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adwuma—Ɛyɛ Nhyira Anaasɛ Nnome?

Adwuma—Ɛyɛ Nhyira Anaasɛ Nnome?

Adwuma—Ɛyɛ Nhyira Anaasɛ Nnome?

“Biribi pa bi nna hɔ mma onipa sɛ . . . wama ne kra ahu adepa ne brɛ no mu.”—Ɔsɛnkafo 2:24.

“MƐPƆN adwuma na mabrɛ tam.” Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi kyerɛ sɛ, adwumayɛfo 3 biara mu 1 taa te nka saa. Eyi nyɛ nwonwa efisɛ tebea a nkurɔfo yɛ mu adwuma no de adwennwen abɛto wɔn so; wɔpɔn a wɔka mu yɛ adwuma san de bi kɔ fie kɔyɛ—a ne nyinaa mu no, wɔn adwuma mu mpanyimfo ntaa nnyi wɔn ayɛ mpo.

Mfiri akɛse a wɔde yɛ nneɛma pii nnɛ no ama adwumayɛfo bebree te nka sɛ, sɛ wɔyɛ nkyene a na wɔayera nkwan mu. Ɛno taa ka adwuma no ho anigye ne ɛho nyansa a wɔwɔ no hyɛ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ eyi taa ma adwuma no ho anigye a nkurɔfo wɔ no brɛ ase. Etumi ma ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobesua adwuma no yiye no nso ano brɛ ase. Eyi nyinaa tumi ma afei obi ani nnye n’adwuma ho koraa.

Yɛn Suban a Yɛbɛhwehwɛ Mu

Ɛyɛ nokware sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na yebetumi asesa tebea a yɛwom no. Nanso wunnye nni sɛ yebetumi asesa yɛn suban? Sɛ wuhu sɛ woabenya adwuma ho adwemmɔne a, mfaso wɔ so sɛ wususuw Onyankopɔn adwene ne ne nnyinasosɛm a ɛfa asɛm yi ho no ho. (Ɔsɛnkafo 5:18) Nnipa bebree asusuw eyi ho ma wɔanya wɔn adwuma ho anigye ne abotɔyam.

Onyankopɔn ne Odwumayɛfo a Ɔkyɛn So. Onyankopɔn yɛ odwumayɛfo. Ebia yensusuw ho saa kwan no so nanso saa na odi kan da ne ho adi wɔ Bible no mu. Ɔsoro ne asase a Yehowa bɔe ho nsɛm na edi kan wɔ Genesis nhoma no mu. (Genesis 1:1) Susuw dwuma horow a Onyankopɔn dii bere a ofii adebɔ ase no ho hwɛ—odwumfo, nneɛma hyehyɛfo, mfiriyɛfo, mfoniniyɛfo, nneɛma ho ɔbenfo, adwuma hyehyɛfo, odufrafo, mmoadoma ne abɔde nkae ho nimdefo, ɔkasa ho nimdefo, ne ade.—Mmebusɛm 8: 12, 22-31.

Na Onyankopɔn adwuma di mũ sɛn? Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ na “eye,” ‘eye paa.’ (Genesis 1:4, 31) Ampa ara sɛ abɔde “ka Onyankopɔn anuonyam,” na ɛsɛ sɛ yɛn nso yeyi no ayɛ!—Dwom 19:1; 148:1.

Nanso bere a Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase ne nnipa baanu a wodi kan wiei no, na onwiee n’adwuma. Yehowa Ba Yesu Kristo kae sɛ: “M’Agya ayɛ adwuma abesi sesɛɛ.” (Yohane 5:17) Yiw, Yehowa kɔ so yɛ adwuma wowaw n’abɔde ma wɔn nea ehia wɔn, na ogye n’asomfo anokwafo. (Nehemia 9:6; Dwom 36:6; 145:15, 16) Ɔnam nnipa, “Nyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo,” mpo so boa ma ne nnwuma bi kɔ so.—1 Korintofo 3:9.

Adwuma betumi ayɛ nhyira. Bible no nka sɛ wɔadome adwumayɛ? Ebia asɛm a ɛwɔ Genesis 3:17-19 no bɛyɛ te sɛ nea Onyankopɔn de adwuma ho adesoa too Adam ne Hawa so de twee wɔn aso. Bere a Onyankopɔn rebu nnipa a wodi kan yi fɔ no, ɔka kyerɛɛ Adam sɛ: “W’anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu.” Na ɔredome adwuma nyinaa anaa?

Dabi. Mmom no, esiane sɛ Adam ne Hawa anni nokware nti, na wɔrentrɛw Paradise a ɛwɔ Eden no mu saa bere no. Onyankopɔn domee asase no. Enti na ɛsɛ sɛ obi siam n’anim fifiri ansa na wadidi so.—Romafo 8:20, 21.

Bible nka sɛ wɔadome adwuma na mmom ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nhyira a ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ho. Sɛnea yɛadi kan aka no, Onyankopɔn ankasa yɛ adwumaden. Esiane sɛ Yehowa bɔɔ nnipa wɔ ne suban so nti, wama wɔn tumi a wɔde bɛyɛ adwuma ne adwene a wɔde bɛhwɛ asase so abɔde so. (Genesis 1:26, 28; 2:15) Ná Onyankopɔn de saa adwuma no ama wɔn ansa na ɔrebɛka nsɛm a ɛwɔ Genesis 3:19 no. Sɛ na adwuma yɛ adebɔne a wɔadome a, anka Yehowa renhyɛ nnipa nkuran da sɛ wɔnyɛ. Noa ne n’abusua yɛɛ adwuma pii ansa na Nsuyiri no reba, ne ɛno akyi nyinaa. Kristofo mmere mu no, wɔhyɛɛ Yesu asuafo no nso nkuran sɛ wɔnyɛ adwumayɛfo.—1 Tesalonikafo 4:11.

Ne nyinaa akyi no, yɛn nyinaa nim sɛ nnansa yi adwumayɛ nna fam. Adwennwen, anihaw, huammɔdi, akansi, nnaadaa, ne nsisi abɛyɛ “nsɔe ne nnɛnkyɛnse” a ɛbata adwuma ho no bi. Nanso adwuma ankasa nyɛ nnome. Bible ka wɔ Ɔsɛnkafo 3:13 sɛ adwuma ne ɛso aba yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ.—Hwɛ adaka “Adwuma mu Haw a Yebegyina Ano.”

Wubetumi de w’adwuma ayi Onyankopɔn ayɛ. Nnipa kamfo adwuma biara a ɛho tew anaa edi mũ. Bible kyerɛ sɛ ehia sɛ adwuma di mu. Onyankopɔn ankasa yɛ n’adwuma ma ɛho tew. Wama yɛn adwinnidi ho nyansa ne tumi a yɛde yɛ ade, na ɔpɛ sɛ yɛde di dwuma ma mfaso ba so. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a wɔresi ahyiae ntamadan wɔ tete Israel no, Yehowa de nyansa, ntease, ne nimdeɛ hyɛɛ nnipa bi te sɛ Besaleel ne Oholiab mã ma wodii adwinhorow yɛɛ nnwuma titiriw bi. (Exodus 31:1-11) Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn maa n’ani kuu adwinni, nhyehyɛe, ne ntotoe a wɔde yɛɛ adwuma no ho.

Eyi fa yɛn mmɔdenbɔ ne suban a yekura wɔ adwuma ho no ho paa. Ɛboa ma yesusuw adwuma ho sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ a ɛnsɛ sɛ yebu no adewa. Enti wotu Kristofo fo sɛ wɔnyɛ wɔn adwuma te sɛ nea Onyankopɔn ankasa na ɔrekari wɔn mmɔdemmɔ ahwɛ: “Biribiara a moreyɛ no, mumfi ɔkra nyinaa mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Yehowa na ɛnyɛ nnipa.” (Kolosefo 3:23) Ahyɛde a wɔde ma Onyankopɔn asomfo ne sɛ wɔnyɛ adwuma pa na ɛno bɛma wɔn mfɛfo adwumayɛfo ne afoforo ani abegye Kristofo asɛm no ho.—Hwɛ adaka “Bible Nnyinasosɛm a Yebedi So Wɔ Adwumam.”

Yɛabehu eyi nti, ɛfata sɛ yɛhwehwɛ sɛnea yɛbɔ yɛn adwuma ho mmɔden ne sɛnea yɛn adwuma di mũ fa no mu. Onyankopɔn ani begye yɛn adwuma ho? Adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no, yɛn ankasa ani sɔ sɛnea yesi yɛ no no? Sɛ ɛnte saa a, na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden.—Mmebusɛm 10:4; 22:29.

Ma adwumayɛ ne ɔsom nkari pɛ. Ɛwom sɛ obi yɛ adwumaden a ɔfata nkamfo de, nanso ade titiriw bi wɔ hɔ a ɛbɛma obi anya abotɔyam wɔ n’adwumam ne n’asetram. Ɛno ne sɛ yɛbɛma abusuabɔ a ɛda yɛne Onyankopɔn ntam no ahia yɛn. Ɔhene Salomo a ɔyɛɛ adwumaden nyaa ahonyade nyinaa ne biribiara a ɛma ahotɔ wɔ asetra mu bi no bɛtee ase sɛ: “Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”—Ɔsɛnkafo 12:13.

Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ yesusuw Onyankopɔn apɛde ho wɔ biribiara a yɛyɛ mu. Yɛreyɛ adwuma sɛnea ɛne n’apɛde hyia anaasɛ yɛreko tia n’apɛde? Yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛsɔ Nyankopɔn ani, anaasɛ yɛresɔ yɛn ankasa ani kɛkɛ? Sɛ yɛanyɛ Onyankopɔn apɛde a, awiei koraa no abasamtu ne ankonamyɛ bɛma yɛahu amane.

Steven Berglas de adwene bae sɛ adwuma mu mpanyimfo a wɔabrɛ atra so no ‘nhwehwɛ adwuma pa bi a wɔn ani gye ho paa nyɛ.’ Adwuma pa biara nni hɔ a ɛsom bo sen sɛ obi bɛsom Onii a ɔmaa yɛn nyansa ne nimdeɛ a yetumi de yɛ adwuma a mfaso wɔ so no. Sɛ yɛyɛ adwuma a ɛsɔ yɛn Bɔfo no ani a, yɛn ani begye. Wɔ Yesu fam no, na adwuma a Yehowa de ahyɛ ne nsa no te sɛ aduan a ahoɔden wom a esiesie nnipa ma onya akomatɔyam. (Yohane 4:34; 5:36) Afei kae sɛ Onyankopɔn, Odwumayɛfo a Ɔkyɛn So no, to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ne “mfɛfo adwumayɛfo.”—1 Korintofo 3:9.

Sɛ yɛkɔ so som Onyankopɔn na yenyin honhom mu a, ebesiesie yɛn ma yɛatumi asɔ asɛde mu ayɛ adwuma a mfaso wɔ so. Esiane sɛ nhyɛso ne ntawntawdi taa wɔ adwuma mu nti, yɛn gyidi a emu yɛ den ne abusuabɔ pa a ɛda yɛne Onyankopɔn ntam no betumi ahyɛ yɛn den bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ adwumayɛfo pa anaa adwumawuranom a wɔfata no. Ne fã bi nso ne sɛ, nsɛm a esisi wɔ wiase bɔne yi mu no tumi ma yehu akwan bi a ehia sɛ yɛfa so kanyan yɛn gyidi.—1 Korintofo 16:13, 14.

Bere a Adwuma Bɛyɛ Nhyira

Wɔn a seesei wɔreyɛ adwumaden wɔ Onyankopɔn som mu no betumi ahwɛ kwan sɛ ɔbɛsan de Paradise asi hɔ ma adwuma a ɛsom bo ayɛ asase so ma. Yesaia a ɔyɛ Yehowa diyifo kaa sɛnea saa bere no mu asetra bɛyɛ ho asɛm too hɔ sɛ: “Na wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, . . . na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.”—Yesaia 65:21-23.

Hwɛ nhyira ara a adwuma bɛyɛ saa bere no! Sɛ wusua Onyankopɔn apɛde na wudi so a, wubetumi aka wɔn a Yehowa ahyira wɔn a bere nyinaa ‘wohu adepa wɔn brɛ mu’ no ho.—Ɔsɛnkafo 3:13.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

Onyankopɔn ne Odwumayɛfo a Ɔkyɛn So: Genesis 1:1, 4, 31; Yohane 5:17

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

Adwuma betumi ayɛ hyira: Genesis 1:28; 2:15; 1 Tesalonikafo 4:11

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

Wubetumi de w’adwuma ayi Onyankopɔn ayɛ: Exodus 31:1-11; Kolosefo 3:23

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

Ma adwumayɛ ne ɔsom nkari pɛ: Ɔsɛnkafo 12:13; 1 Korintofo 3:9

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]

ADWUMA MU HAW A YEBEGYINA ANO

Nnuruyɛfo akyerɛ sɛ adwennwen yɛ adwuma mu haw titiriw. Etumi ma obi nya akisikuru ne adwenemhaw ma ekowie sɛ okum ne ho mpo. Japanfo frɛ no karoshi, a ɛkyerɛ “owu a adwumayɛ ntraso de ba.”

Adwuma mu nsɛm horow betumi de adwennwen aba. Emu bi ne bere a obi de kɔ adwuma anaa ɛhɔ tebea a wɔsesa, ɔhaw a ɛba ɔne ne panyin ntam, adwuma ko a ɔyɛ a wɔsesa, onyin a ɛma ogyae adwumayɛ, anaa yi a woyi no adi fi adwuma mu. Ɔkwan a ebinom fa so gyina adwennwen a ɛte saa ano ne sɛ wɔsakra wɔn adwuma anaa wotu fi baabi a wɔte. Afoforo nso bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka ɔhaw no ahyɛ nanso wɔn ani bɛba wɔn ho so no na aka nneɛma foforo, titiriw wɔn mmusua. Etumi haw nnipa binom kɛse ma ɛde adwenemhaw ne abasamtu gyaw wɔn so.

Wɔama Kristofo nea wobetumi de agyina adwuma mu haw ano. Nnyinasosɛm pii wɔ Bible no mu a ebetumi awowaw yɛn ma yɛde anigye agyina pintinn wɔ Onyankopɔn som mu wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. Sɛ nhwɛso no, Yesu kae sɛ: “Monnnwennwene adekyee ho, na adekyee ankasa benya ne dadwen. Da biara mu bɔne ankasa dɔɔso ma da no.” Nea ɔrehyɛ ho nkuran ne sɛ yɛde adwene besi ɔhaw a ɛwɔ hɔ nnɛ so, ɛnyɛ ɔkyena de so. Sɛ yɛyɛ eyi a, ɛremma yemmu yɛn haw no kɛse dodow a ɛno bɛma yɛn adwennwen adɔɔso.—Mateo 6:25-34.

Ehia paa sɛ Kristofo mfa wɔn ho nto wɔn ho so, na mmom wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn ahoɔden so. Bere a yɛte nka sɛ afei de yɛrentumi nyɛ ɔhaw no ho hwee no, Onyankopɔn betumi ama yɛn asomdwoe ne anigye, na wadom yɛn nyansa ma yɛde adi ɔhaw biara ho dwuma. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monkɔ so nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden kɛseyɛ mu.”—Efesofo 6:10; Filipifo 4:7.

Nea etwa to ne sɛ, tebea a emu yɛ den tumi sow aba pa. Sɔhwɛ tumi ma yɛdan kɔhwehwɛ Yehowa de yɛn ho to no so. Etumi nso kanyan yɛn ma yeyi Kristofo suban pa adi, na yemia yɛn ani gyina nhyɛso ano. Paulo tu yɛn fo sɛ: “Momma yenni ahurusi bere a yɛwɔ ahohia mu, efisɛ yenim sɛ ahohia de boasetɔ ba; boasetɔ nso de anisɔ ba; anisɔ nso de anidaso ba.”—Romafo 5:3, 4.

Enti, adwennwen mpo betumi akanyan yɛn ma yɛanyin honhom mu sen sɛ ɛbɛma yɛanya abasamtu adi awerɛhow.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]

BIBLE NNYINASOSƐM A YEBEDI SO WƆ ADWUMAM

Kristoni abrabɔ wɔ adwumam tumi ma ne mfɛfo adwumayɛfo ne afoforo ani begye Bible nkyerɛkyerɛ ho. Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Tito no mu no, otu fo sɛ adwumayɛfo “mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn wuranom [adwuma mu mpanyimfo] ade nyinaa mu, na wɔnsɔ wɔn ani, wɔnnyɛ nyiyiano, wonnwia ade, na mmom wonyi nokwaredi adi nkosi ase, na ama wɔahyehyɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ no kama wɔ ade nyinaa mu.”—Tito 2:9, 10.

Susuw asɛm a adwumawura bi kyerɛw kɔɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no ho sɛ nhwɛso: “Merekyerɛw asrɛ kwan de afa Yehowa Adansefo wɔ m’adwumam. Nea enti a mepɛ sɛ mefa wɔn ne sɛ, minim yiye sɛ wodi nokware, wofi komam yɛ adwuma a wonsisi adwumawura ma enti otumi de ne ho to wɔn so. Yehowa Adansefo nko ara ne nnipa migye wɔn di. Mesrɛ mo mommoa me.”

Kyle yɛ ɔbea Kristoni a n’adwuma ne sɛ ogye ahɔho wɔ sukuu bi mu. Akasakasa bi sii ma ne yɔnko dwumayɛni bi didii no atɛm wɔ adesuafo no bi anim. Kyle se “na ɛsɛ sɛ mehwɛ yiye sɛ merengu Yehowa din ho fĩ.” Kyle de nnanum a edi so no dwenee sɛnea ɔde Bible mu nnyinasosɛm bedi ho dwuma no ho. Nnyinasosɛm no biako wɔ Romafo 12:18: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.” Kyle faa kɔmputa so kyerɛw ne yɔnko dwumayɛni no paa ne kyɛw sɛ ntawntawdi abɛda wɔn ntam, na ɔfrɛɛ no sɛ wɔpɔn adwuma a, ɔntwɛn ma ɔne no nsiesie asɛm no. Wohyiae no, ne yɔnko no de abodwo gye toom sɛ nyansa wɔ ɔkwan a Kyle faa so no mu. Ɔka kyerɛɛ Kyle sɛ, “Ɛbɛyɛ sɛ efi wo som no.” Ɔyɛɛ Kyle atuu bere a wɔrepaapae mu no. Kyle de asɛm no ba awiei sɛn? “Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a, yɛrenfom da.”

[Mfonini wɔ kratafa 4, 5]

Adwumayɛfo bebree te nka sɛ, sɛ wɔyɛ nkyene a na wɔayera nkwan mu

[Asɛm Fibea]

Japan Information Center, Consulate General of Japan in NY

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]

Asase mfonini: NASA photo