Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adwumayɛ Ho Asɛm a Ɛyɛ Nwonwa

Adwumayɛ Ho Asɛm a Ɛyɛ Nwonwa

Adwumayɛ Ho Asɛm a Ɛyɛ Nwonwa

“Adwuma! Ɛyɛ anigye yiye sɛ yɛda so ara wɔ nnwuma pa yɛ.”—Katherine Mansfield, a na ɔyɛ nhoma kyerɛwfo (1888-1923).

WUGYE adwuma ho adwempa a ɛwɔ atifi hɔ no tom? W’adwene wɔ adwuma ho ne sɛn? Wugye di sɛ adwuma yɛ bere tenten mu ɔbrɛ a ɛhyɛ dapɛn dapɛn awiei mu ahomegye ntam anaa? Anaasɛ w’adwuma adi wo ti ara ma adagyew mpo abɔ wo?

Nnipa bebree de adekyee mu fã kɛse yɛ adwuma. Ebia yɛn adwuma na ɛkyerɛ faako a yɛbɛtra ne ɔbra a yɛbɛbɔ. Wɔ nnipa pii fam no, efi mmerantebere anaa mmabaabere mu kosi sɛ onyin nti wɔbɛpɔn adwuma no, ade titiriw a ɛka wɔn abrabɔ kɛse paa ne adwumayɛ. Yɛn mu binom wɔ hɔ a, adwuma ma yenya akomatɔyam kɛse. Ebinom nso hwɛ akatua anaa anuonyam a ɛwɔ adwuma no ho, na afoforo nso bu adwuma sɛ ade a ɛma wonya biribi yɛ anaa mpo sɛ ade a wɔde sɛe bere ara kwa.

Nnipa binom yɛ adwuma na wɔn nsa atumi akɔ wɔn ano na ebinom nso de adwuma ayɛ wɔn aduan; afoforo de, wɔn adwuma na ɛde wɔn kɔ owu mu. Sɛ nhwɛso no, sɛnea nnansa yi Amanaman Nkabom nhwehwɛmu bi kyerɛ no, yaw a nnipa di ne owu a wohyia esiane adwumayɛ nti no sen nea “ɔko anaa nnubɔnenom ne asabow de ba nyinaa.” The Guardian atesɛm krataa a ɛwɔ London no bɔɔ eyi ho amanneɛ sɛ: “Nnipa bɛboro ɔpepem abien na afe biara adwuma mu asiane anaa ɔyare kunkum wɔn . . . Mfuturu, nnuru, dede ne mfiri mu hann a ano yɛ den ma adwumayɛfo nya kokoram, komayare ne yare a ɛma obi fã dwudwo.” Nea ɛrekɔ so wɔ nnwuma mu nnɛ a enye koraa no mu abien nso ne mmofra a wɔde wɔn di paa ne nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwuma.

Afei, nea adwene ne nneyɛe ho nimdefo Steven Berglas frɛ no “ɔbrɛ ntraso a ɛyɛ hu sen biara” no nso wɔ hɔ. Ɔtoa so ka odwumayeni a wabɔ mmɔden abɛyɛ adwuma so panyin no ho asɛm sɛ: “Esiane sɛ wabenya adwene sɛ baabi a wadu anaa ɔkwan a ɔnam so no ɔrentumi nsakra mu da nti, ehu aka no ma wanya abasamtu a agyaw no adwennwen kɛse.”

Adwumaden ne Adwumayɛ Ntraso

Yɛwɔ wiase bi mu a nnipa bebree brɛ wɔn ho de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma, enti ehia sɛ yehu nsonsonoe a ɛda wɔn a wɔyɛ adwumaden ne wɔn a wɔyɛ adwuma tra so no ntam. Nnipa a adwuma adi wɔn ti no mu pii bu adwumayɛbea sɛ guankɔbea wɔ wiase a emu yɛ hu a biribiara tumi sesa yi mu, nanso adwumayɛfo a wɔyɛ nsi bu adwuma sɛ asɛde a ehia a etumi ma abotɔyam. Nnipa a wɔyɛ adwuma tra so no ma adwuma fa wɔn bere nyinaa. Nanso wɔn a wɔyɛ adwumaden no nim bere a ɛsɛ sɛ wɔpɔn na wɔde adwene kɔ nneɛma afoforo so, te sɛ kae a wɔbɛkae da a wɔwaree ne ɛho fã a wɔbɛhyɛ no. Sɛ nnipa a adwuma adi wɔn ti no yɛ adwuma tra so a, ɛno na ɛma wɔn ani gye paa, nanso wɔn a wɔyɛ adwumaden no nte nka saa.

Nnɛɛmafo hyɛ adwuma ntraso ho nkuran sɛ ɛno na ɛfata enti wɔma nsonsonoe a ɛda adwumaden ne adwumayɛ ntraso ntam no yera. Telefon a wokura kyin ne nkitahodi mfiri ahorow ama nnipa tumi yɛ adwuma baabiara ma enti ɛyɛ den sɛ obi behu bere a ɔwɔ adwuma mu ne bere a wapɔn. Esiane sɛ nnipa tumi yɛ adwuma baabiara wɔ bere biara mu nti, ebinom tumi yɛ adwuma araa kum wɔn ho.

Dɛn na nnipa binom yɛ wɔ saa subammɔne yi ho? Nea nnipa asetra ho animdefo ahwehwɛ mu ahu ne sɛ, nnipa pii a wɔyɛ adwuma tra so a wɔnam so anya adwennwen no afi ase de ɔsom ho adwene reba wɔn abrabɔ mu, na wɔde ɔsom ne adwumayɛ refra. San Francisco Examiner atesɛm krataa no bɔɔ amanneɛ sɛ “nnipa pii aka nyamesom ne adwumayɛ abom.”

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi wɔ Silicon Valley, beae titiriw a abɛɛfo mfiridwuma akɔ anim kɛse wɔ United States no kyerɛ sɛ “bere a adwumayɛfo so retew esiane sɛ wɔkɔ so yi ebinom adi nti no, nnipa dodow a wɔkɔ anwummere anwummere Bible adesua no redɔɔso.” Sɛnea ɛte biara no, wiase mu nnipa pii abehu sɛ Bible no aboa ma wɔanya adwuma ho adwempa, ama wɔakari pɛ wɔ abrabɔ mu.

Ɔkwan bɛn so na Bible no betumi aboa yɛn ma yɛanya adwumayɛ ho adwempa? Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bi wɔ hɔ a ebetumi aboa yɛn ma yɛadi ɛnnɛ nnwuma mu nsɛnnennen so? Ɔfã a edi hɔ no besusuw nsɛmmisa yi ho.