Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awofo, Monhwɛ Mo Abusua

Awofo, Monhwɛ Mo Abusua

Awofo, Monhwɛ Mo Abusua

“Sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa, . . . a, wapa gyidi no.”—1 Timoteo 5:8.

1, 2. (a) Dɛn nti na ɛhyɛ nkuran sɛ yehu sɛ mmusua bom ba Kristofo nhyiam ahorow? (b) Dɛn ne nsɛnnennen bi a mmusua hyia ansa na wɔatumi aba adesua wɔ bere ano?

SƐ WUTWA w’ani hwɛ Kristofo asafo no mu bere a wonnya mfii adesua bi ase a, ebia wubehu sɛ mmofra a wɔasiesie wɔn ho kama retratra wɔn awofo nkyɛn. So ɛnyɛ anika sɛ wubehu ɔdɔ a ɛda adi wɔ mmusua a ɛte saa no mu—bere a wɔkyerɛ ɔdɔ ma Yehowa ne wɔn ho wɔn ho no? Nanso ɛyɛ mmerɛw sɛ wubebu w’ani agu adwuma a egye ansa na abusua bi atumi aba adesua bere ano no so.

2 Mpɛn pii no, ɛyɛ a awofo nnya wɔn ho atwaye koraa, na sɛ edu bere a wɔbɛkɔ adesua a, na asɛm no ayere paa. Ɛsɛ sɛ abusua no noa aduan, yɛ fie nnwuma, na mmofra no yɛ sukuu dwumadi a wɔde aba fie no wie. Awofo no na wɔn ho kyere wɔn paa efisɛ ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ obiara adidi, asiesie ne ho awie wɔ bere ano. Mmofra fam no, nokwasɛm ne sɛ biribi a wɔnhwɛ kwan betumi asi saa bere a obiara nni adagyew yi mu. Mmofra no mu panyin no betumi adi agoru ma n’atade atew. Kumaa a ɔwom no aduan betumi ahwie agu. Akasakasa betumi asɔre wɔ mmofra no ntam. (Mmebusɛm 22:15) Dɛn na ebefi eyi mu aba? Awofo no nhyehyɛe pa no betumi agye agu. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ bere nyinaa abusua no tumi du Ahenni Asa so ansa na wɔafi adesua ase. Hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran sɛ yehu abusua no wɔ hɔ daa bere a mmofra no renyin abɛsom Yehowa no!

3. Yɛyɛ dɛn hu sɛ mmusua som bo ma Yehowa paa?

3 Ɛwom, sɛ ɛtɔ da a adwuma a woyɛ sɛ ɔwofo no yɛ den na mpo ɛma wobrɛ de, nanso wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ wo mmɔdenbɔ no yiye. Yehowa na Ɔhyehyɛɛ abusua. Enti N’asɛm ka sɛ Yehowa nkyɛn na abusua biara a ɛwɔ soro ne asase so “nya ne din.” (Efesofo 3:14, 15) Sɛ mo a moyɛ awofo no bɔ mmɔden sɛ mubedi mo abusua asɛyɛde ho dwuma ɔkwampa so a, ɛhyɛ Amansan Hene no anuonyam. (1 Korintofo 10:31) So ɛno nyɛ hokwan kɛse? Ɛnde na ɛfata sɛ yesusuw adwuma a Yehowa de ama awofo no ho. Wɔ adesua yi mu no, yebegyina sɛnea wɔhwɛ abusua no so asusuw akwan abiɛsa a Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ awofo bɛfa so ahwɛ wɔn mmusua no ho.

Honam Fam Ahiade a Wɔde Ma

4. Nhyehyɛe bɛn na Yehowa ayɛ wɔ abusua no mu a ɛma mmofra nya wɔn ahiade ahorow?

4 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nokwasɛm ni, sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa, ne ne titiriw no, ne fiefo a, wapa gyidi no, na ɔyɛ nipa bɔne sen nea onnye nni mpo.” (1 Timoteo 5:8) Hena ne “obi” a Paulo kaa ne ho asɛm wɔ ha no? Ɛyɛ abusua ti, a mpɛn pii ɔyɛ agya no. Onyankopɔn ama ɔbea no nso dwumadi a nidi wom sɛ ne kunu no boafo. (Genesis 2:18) Mmea a wɔtraa ase bere a wɔrekyerɛw Bible no boaa wɔn kununom ma wɔhwɛɛ wɔn mmusua. (Mmebusɛm 31:13, 14, 16) Ɛnnɛ, ɔwofo baako mmusua adɔɔso. * Kristofo a wɔyɛ awofo a wonni ahokafo no reyɛ adwuma a ɛfata nkamfo de hwɛ wɔn mmusua. Ɛwom, ne papa mu ne sɛ anka awofo baanu no nyinaa bɛwɔ abusua no mu a agya no di nneɛma anim.

5, 6. (a) Nsɛnnennen bɛn na wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ wɔn mmusua no hyia? (b) Adwene bɛn na sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo nya a, ɛbɛboa ma wɔagyina nsɛnnennen yi ano?

5 1 Timoteo 5:8 no, ɔhwɛ bɛn ho asɛm na na ɛwɔ Paulo adwenem? Nsɛm a ɛfa ho no ma yehu sɛ na ɔreka abusua no honam fam ahiade ho asɛm tẽẽ. Wɔ nnɛ wiase mu no, abusua ti no hyia akwanside pii ansa na watumi ama n’abusua nsa aka wɔn ahiade. Sikasɛm mu ahokyere abu so wɔ wiase nyinaa, na saa ara na wɔayi nnipa pii adi afi nnwuma mu, nnipa pii nso nni adwuma a wɔyɛ, na asetra mu ayɛ den. Dɛn na ɛbɛboa ɔwofo ma watumi agyina nsɛnnennen a ɛtete sɛɛ ano?

6 Ɛsɛ sɛ ɔwofo kae sɛ Yehowa na ɔde adwuma a ɔreyɛ no ahyɛ ne nsa. Paulo nsɛm a efi honhom mu no ma ɛda adi sɛ wɔde ɔbarima a obetumi adi ahyɛde yi so nanso ɔboapa bu n’ani gu so no toto obi a “onnye nni” ho. Ɛsɛ sɛ Kristoni bɔ mmɔden kwati gyinabea a ɛte saa wɔ ne Nyankopɔn anim. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa a wɔwɔ wiase nnɛ no pii ‘nni tema.’ (2 Timoteo 3:1, 3) Nokwarem no, agyanom pii bu wɔn ani gu wɔn asɛyɛde so, na wɔto wɔn mmusua asaworam. Kristofo a wɔyɛ agyanom nni atirimɔden ne anibiannaso su yi bi a ɛbɛma wɔabu wɔn ani agu wɔn mmusua so. Mmom no, Kristofo a wɔyɛ awofo bu nnwuma a ɛba fam paa mpo sɛ ɛsom bo na ehia, esiane sɛ etumi boa wɔn ma wɔhwɛ wɔn adɔfo, na wɔnam so yi Yehowa Nyankopɔn ayɛ.

7. Dɛn nti na ɛfata sɛ awofo susuw Yesu nhwɛso no ho?

7 Sɛ mmusua ti susuw Yesu nhwɛso a ɛkyɛn so no ho a, ebetumi aboa wɔn. Kae sɛ Bible no ka Yesu ho asɛm nkɔmhyɛ kwan so sɛ ɔyɛ yɛn “Daa-agya.” (Yesaia 9:6, 7) Sɛ́ “Adam a odi akyiri” no, Yesu si “onipa a odi kan Adam” ananmu sɛ adesamma a wɔkyerɛ gyidi no agya. (1 Korintofo 15:45) Yesu nte sɛ Adam a na ɔyɛ agya pɛsɛmenkominyafo a onsusuw afoforo ho no, na mmom ɔyɛ agya pa. Bible ka Yesu ho asɛm sɛ: “Eyi na ama yɛahu ɔdɔ, efisɛ ɔno na ɔde ne kra too hɔ maa yɛn.” (1 Yohane 3:16) Yiw, Yesu fi ne pɛ mu de ne nkwa too hɔ maa afoforo. Bio nso, wɔ nsɛm nketenkete mu no, na osusuw afoforo ahiade ho da biara da sen n’ankasa ne de. Ɛbɛyɛ papa sɛ mo a moyɛ awofo suasua ahofama su a ɛte saa.

8, 9. (a) Dɛn na awofo betumi asua afi nnomaa hɔ wɔ sɛnea wɔde wɔn ho bɔ afɔre hwɛ wɔn mma no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔyɛ awofo pii reda ahofama su adi?

8 Awofo betumi asua nneɛma pii afa ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim ho wɔ Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn man a na wɔn aso yɛ den no mu: “Hwɛ mpɛn dodow ara a mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase!” (Mateo 23:37) Ɛha no, Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase no mu pefee. Nokwarem no, awofo betumi asua pii afi sɛnea anomaa fi nkate mu de ne nkwa to asiane mu bɔ ne mma ho ban no mu. Afei nso, sɛ wohwɛ sɛnea nnomaa a wɔwɔ mma yɛ adwuma da biara no a, ɛyɛ anika. Wotu di akɔneaba a wɔnhome de hwehwɛ aduan. Sɛ wɔabrɛ sɛ dɛn mpo a, wɔde aduan a ɛhyɛ wɔn ano no ma wɔn mma a wɔabuebue wɔn anom no ma wodi san hwehwɛ bio. Yehowa abɔde pii fi nkate mu ‘yɛ anyansafo’ wɔ ɔkwan a wɔfa so hwɛ wɔn mma no mu.—Mmebusɛm 30:24.

9 Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, Kristofo a wɔyɛ awofo wɔ wiase nyinaa reda ahofama su a ɛyɛ fɛ saa adi. Sɛ́ anka mo mma bɛkɔ ɔhaw mu no, mugyina ɔhaw no ano bɔ wɔn ho ban. Bio nso, mode nneɛma bɔ afɔre daa na ama moatumi ahwɛ mo fiefo. Mo mu pii sɔre anɔpa kɔyɛ nnwuma a ɛyɛ den. Mobɔ mo ho mmɔden paa ansa na mo abusua anya aduanpa adi. Mobrɛ ansa na mo mma anya ntade a ani tew, baabi a wɔde wɔn ti bɛto, ne nhomasua a ɛsɛ. Na mokɔ so yɛ saa daa. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ani sɔ ahofama su a ɛte saa! (Hebrifo 13:16) Nanso eyinom nyinaa akyi no, mokae sɛ nneɛma bi ho hia sen saa a ɛsɛ sɛ mode ma mo fiefo.

Honhom Fam Ahiade a Wɔde Ma

10, 11. Dɛn na ehia nnipa sen biara, na dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo di kan yɛ na wɔatumi de saa ahiade yi ama wɔn mma?

10 Ade a ehia sen honam fam nneɛma a abusua no benya ne wɔn honhom fam ahiade. Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtra ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom.” (Mateo 4:4; 5:3) Dɛn na mo a moyɛ awofo betumi ayɛ na mode mo mma no honhom fam ahiade ama wɔn?

11 Ɛdefa saa asɛm yi ho no, Kyerɛwnsɛm a wɔtaa de di dwuma ne Deuteronomium 6:5-7. Yɛsrɛ wo, bue wo Bible no na kenkan saa nkyekyɛm no. Hyɛ no nsow sɛ wodi kan ka kyerɛ awofo sɛ wɔne Onyankopɔn nnya abusuabɔ pa na wɔadɔ Yehowa de ne nsɛm asie wɔn koma mu. Yiw, ehia sɛ wusua Onyankopɔn Asɛm anibere so, na wokenkan Bible daa susuw ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya Yehowa akwan, ne nnyinasosɛm ne ne mmara ho dɔ ne ntease pa. Eyi bɛma Bible mu nokware a ɛyɛ anigye no ahyɛ wo koma mu ma na akanyan wo ma wode obu, ɔdɔ ne anigye asom Yehowa. Ɛbɛma woanya nneɛma pa pii a wode bɛma wo mma.—Luka 6:45.

12. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi asuasua Yesu nhwɛso bere a wɔrekyerɛkyerɛ wɔn mma Bible mu nokware no?

12 Awofo a wɔyɛ den wɔ honhom fam no asiesie wɔn ho sɛ wɔde afotu a ɛwɔ Deuteronomium 6:7 no bedi dwuma na wɔde Yehowa asɛm ‘akyerɛkyerɛ’ wɔn mma bere biara a hokwan no bebue. Sɛ́ ‘wobɛkyerɛkyerɛ’ no hwehwɛ sɛ wubetĩ nsɛm mu asi so dua. Yehowa nim yiye sɛ ehia sɛ wotĩ nsɛm mu kyerɛ yɛn nyinaa—titiriw mmofra—na yɛatumi asua ade. Ne saa nti, na Yesu taa tĩ nsɛm mu wɔ ne som adwuma mu. Mfatoho bi ne sɛ, bere a na ɔrekyerɛkyerɛ n’asuafo sɛnea wɔbɛbrɛ wɔn ho ase sen sɛ wɔbɛyɛ ahantan na wɔne wɔn ho asi akan no, ɔfaa akwan horow so tĩĩ saa nnyinasosɛm no mu. Ɔnam nsɛm ho a ɔne afoforo susuwii, mfatoho ne ɔyɛkyerɛ mpo so kyerɛkyerɛe. (Mateo 18:1-4; 20:25-27; Yohane 13:12-15) Nanso nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, Yesu ampere ne ho anyɛ ade da. Saa ara na ɛsɛ sɛ awofo hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so akyerɛkyerɛ wɔn mma nokwasɛm atitiriw, na wɔtɔ wɔn bo ase tĩ Yehowa nnyinasosɛm ahorow mu kosi sɛ mmofra no bɛte ase na wɔde ayɛ adwuma.

13, 14. Mmere bɛn na awofo betumi akyerɛkyerɛ wɔn mma Bible mu nokware, na nneɛma bɛn na wobetumi de adi dwuma?

13 Bere a wɔde yɛ abusua adesua yɛ bere pa ma nkyerɛkyerɛ a ɛte saa. Nokwarem no, abusua Bible adesua a ɛhyɛ nkuran a wɔyɛ no daa no so titiriw na abusua no honhom fam yiyedi gyina. Kristofo mmusua a wɔwɔ wiase nyinaa no nya adesua a ɛte saa mu anigye bere a wɔde nhoma a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ di dwuma na wɔma adesua no fa mmofra no ho no. Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma no ne Questions Young People Ask—Answers That Work no aboa paa wɔ eyi mu. * Nanso ɛnyɛ abusua adesua ase nkutoo na wɔkyerɛkyerɛ mmofra.

14 Sɛnea Deuteronomium 6:7 ma ɛda adi no, mo a moyɛ awofo no betumi akyerɛkyerɛ mo mma wɔ mmere ahorow mu. Sɛ́ ebia moretu kwan, moreyɛ ofie nnwuma abom, anaasɛ moregye mo ahome no, mubetumi anya hokwan de mo mma honhom fam ahiade ama wɔn. Nokwarem no, enhia sɛ mobɛka Bible mu nsɛm bebree de “atuatua” mo mma aso kɛkɛ. Mmom no, mommɔ mmɔden sɛ mobɛma mo abusua nkɔmmɔbɔ agyina honhom mu nneɛma so na ahyɛ nkuran. Sɛ nhwɛso no, Nyan! nsɛmma nhoma no ka nneɛma ahorow ho nsɛm. Nsɛm a ɛtete saa no betumi abue kwan ama moasusuw mmeae a abɔde mu nneɛma a ɛyɛ fɛ ne asase so mmoa a Yehowa abɔ wɔn wɔ, sɛnea nnipa amammerɛ si gu ahorow ne ɔkwan a wɔfa so bɔ wɔn bra no ho. Nkɔmmɔbɔ a ɛtete saa betumi akanyan mmofra ma wɔakenkan nhoma a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw ayɛ no pii.—Mateo 24:45-47.

15. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi afa aboa wɔn mma ma wɔabu Kristofo som adwuma no sɛ ɛnyɛ den na mfaso wɔ so?

15 Nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ nkuran a mo ne mo mma bɛbɔ no bɛboa mo ma moadi honhom fam ahiade foforo ho dwuma. Ehia sɛ mmofra a wɔyɛ Kristofo sua sɛ wɔbɛka wɔn gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Bere a moreka Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! mu asɛm bi a ɛyɛ anigye akyerɛ wɔn no, mubetumi apɛ ɔkwan bi a mobɛfa so ama asɛm no afa asɛnka ho. Sɛ mfatoho no, mubetumi abisa sɛ: “Sɛ nnipa pii rehu eyi fa Yehowa ho a, wunsusuw sɛ anka ɛbɛyɛ anigye? Ɔkwan bɛn na wususuw sɛ yebetumi afa so ama obi akyerɛ asɛm yi ho anigye?” Nkɔmmɔbɔ a ɛte saa no betumi akanyan mmofra no kɛse ma wɔatumi aka nea wɔresua no ho asɛm akyerɛ afoforo. Sɛ ɛba sɛ wɔne wo kɔ asɛnka a, wotumi hu sɛ wode nsɛm a wo ne wɔn ka no di dwuma. Afei nso ɛbɛma wɔahu sɛ asɛnka adwuma no nyɛ den na mmom ɛyɛ anigye na ebetumi ama wɔanya abotɔyam.—Asomafo Nnwuma 20:35.

16. Dɛn na mmofra betumi asua afi wɔn awofo mpaebɔ mu?

16 Afei, awofo nam mpaebɔ so de nea ehia wɔn mma wɔ honhom fam ma wɔn. Yesu kyerɛɛ n’asuafo no sɛnea wɔbɔ mpae, na ɔne wɔn bɔɔ mpae mpɛn pii. (Luka 11:1-13) Susuw sɛnea wosuaa mpaebɔ bere a wɔne Yehowa ankasa Ba no boom bɔɔ mpae no ho hwɛ! Saa ara na mo mma betumi asua nneɛma pii afi mo mpaebɔ mu. Sɛ nhwɛso no, wobetumi ahu sɛ Yehowa pɛ sɛ yefi yɛn komam de biribiara a ehia yɛn to n’anim. Yiw, mo mpaebɔ betumi aboa mo mma ma wɔahu nokwasɛm a ehia yi: Wobetumi ne wɔn soro Agya no anya abusuabɔ.—1 Petro 5:7.

Nkate Fam Ahiade a Wɔde Ma

17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible no ma yehu hia a ehia sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ mmofra? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ agyanom suasua Yehowa na woyi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn mma?

17 Nokwarem no, mmofra nso wɔ nneɛma a ehia wɔn wɔ nkate fam. Onyankopɔn Asɛm ka sɛnea ehia sɛ awofo de eyi ma wɔn mma no ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, wotu mmabaa fo sɛ ‘wɔnnɔ wɔn mma.’ Saa a mmabaa bɛyɛ no ne ka a wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔmma wɔn ‘adwenem nna hɔ’ no wɔ abusuabɔ. Nokwarem no, nyansa wom sɛ wobɛda ɔdɔ adi akyerɛ abofra. (Tito 2:4) Eyi kyerɛkyerɛ abofra ma ɔdɔ afoforo na onya so mfaso ne nkwa nna nyinaa. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nyansa nnim sɛ worenna ɔdɔ adi nkyerɛ abofra. Epira abofra no paa. Saa a ɔwofo bɛyɛ no kyerɛ sɛ wantumi ansuasua Yehowa a ɔda ɔdɔ kɛse adi kyerɛ yɛn ɛmfa ho yɛn sintɔ ahorow no.—Dwom 103:8-14.

18 Yehowa na odi kan mpo da ɔdɔ adi kyerɛ n’asase so mma. Sɛnea 1 Yohane 4:19 ka no, “ɔno na odii kan dɔɔ yɛn.” Mo a moyɛ agyanom titiriw na ɛsɛ sɛ musuasua Yehowa nhwɛso no na mudi kan hyɛ mo ne mo mma ntam abusuabɔ mu den. Bible no tu agyanom fo sɛ wonnyi wɔn mma abufuw, na “wɔn abam ammu.” (Kolosefo 3:21) Biribiara nyɛ yaw sɛ mmofra behu sɛ wɔn awofo nnɔ wɔn anaa wɔn ho nhia wɔn. Ɛfata sɛ agyanom a wontumi nka sɛnea wɔte nka wɔ wɔn mma ho nkyerɛ wɔn no suasua Yehowa nhwɛso no. Yehowa fi soro kaa sɛnea ogye ne Ba no tom na ɔdɔ no no kyerɛe. (Mateo 3:17; 17:5) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ Yesu nkuran! Saa ara na sɛ awofo fi wɔn komam ka kyerɛ wɔn mma sɛ wogye wɔn tom na wɔdɔ wɔn a, ɛhyɛ wɔn den ma wonya akokoduru.

19. Dɛn nti na nteɛso ho hia, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma akari pɛ?

19 Ɛwom, ɛnyɛ nsɛm a awofo bɛka akyerɛ wɔn mma nkutoo na wɔde bɛkyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn. Nneyɛe titiriw na yɛde kyerɛ sɛ yɛdɔ obi. Honam fam ne honhom fam nneɛma a awofo de bɛma wɔn mma no betumi akyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn, titiriw bere a awofo yɛ saa wɔ ɔkwan bi so ma mmofra no hu sɛ ɔdɔ titiriw na ɛkanyan wɔn no. Nea ɛka ho nso ne sɛ, nteɛso yɛ ɔkwan titiriw a awofo nam so kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn mma. Nokwarem no, “nea Yehowa dɔ no na ɔtwe n’aso.” (Hebrifo 12:6) Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ awofo de nteɛso kame wɔn mma a, ɛkyerɛ sɛ wɔtan wɔn! (Mmebusɛm 13:24) Yehowa kari pɛ bere nyinaa, na ɔde ‘nteɛso a ɛfata’ ma. (Yeremia 46:28) Ɛnyɛ bere nyinaa na awofo a wɔtɔ sin tumi kari pɛ saa. Nanso, ɛfata sɛ mobɔ mmɔden sɛ mobɛkari pɛ wɔ eyi mu. Nteɛso a ɛfata a efi ɔdɔ mu no boa abofra ma onyin bɔ bra pa. (Mmebusɛm 22:6) So ɛnyɛ saa na Kristoni biara a ɔyɛ ɔwofo pɛ sɛ ne ba yɛ?

20. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ama wɔn mma anya hokwan a ɛsen biara de ‘apaw nkwa’?

20 Sɛ́ awofo no, sɛ moyɛ adwuma a Yehowa de ama mo no—hwɛ mo mma honam fam, honhom fam, ne nkate fam—a, mubenya so akatua pii. Monam saayɛ so ma mo mma nya hokwan a ɛsen biara de ‘paw nkwa’ na wɔakɔ so atra “nkwa” mu. (Deuteronomium 30:19) Mmofra a wɔpaw sɛ wɔbɛsom Yehowa na wɔkɔ so fa nkwa kwan no so bere a wɔrenyin no ma wɔn awofo di ahurusi kɛse. (Dwom 127:3-5) Anigye a ɛte saa no tra hɔ daa! Ɛnde ɔkwan bɛn so na mmofra betumi ayi Yehowa ayɛ nnɛ? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Wɔ asɛm yi mu no, yɛbɛka ɔwofo no ho asɛm sɛ agya. Nanso nnyinasosɛm a ɛwom no bɛfa Kristofo mmea a wɔn nkutoo na wɔhwɛ wɔn mmusua no nso ho.

^ nky. 13 Yehowa Adansefo na wotintimii.

Wubebua Dɛn?

Dɛn na awofo betumi ayɛ na wɔahwɛ wɔn mma wɔ—

• honam fam?

• honhom fam?

• nkate fam?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Nnomaa pii brɛ wɔn ho de wɔn mma ahiade ma wɔn

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Ɛsɛ sɛ awofo di kan ne Nyankopɔn nya abusuabɔ pa

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20, 21]

Awofo betumi akyerɛkyerɛ wɔn mma Ɔbɔadeɛ no ho nsɛm wɔ mmere pii mu

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Sɛ awofo gye wɔn mma tom a, ɛhyɛ mmofra no den ma wonya akokoduru