Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmofra, Munyi Yehowa Ayɛ!

Mmofra, Munyi Yehowa Ayɛ!

Mmofra, Munyi Yehowa Ayɛ!

“Munyi [Yehowa, NW] ayɛ mfi asase so, . . . mmerante ne mmabaa.”—DWOM 148:7, 12.

1, 2. (a) Anohyeto ahorow bɛn na mmofra nim sɛ wɔwɔ? (b) Dɛn nti na enhia sɛ mmofra kasa tia anohyeto a wɔn awofo de ma wɔn no?

MPƐN pii no, mmofra nim nneɛma a wɔmmaa wɔn kwan sɛ wɔnyɛ no. Ɛnyɛ den sɛ wɔn mu dodow no ara bɛka mfe a ɛsɛ sɛ wodi ansa na wɔama wɔn kwan ma wɔn nkutoo atwa kar kwan mu anaa wɔapue anwummere anaasɛ wɔama wɔaka kar no ho asɛm akyerɛ wo. Ɛtɔ da a, ɔbabun bi bɛte nka sɛ bere biara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi a n’ani gye ho no, asɛm koro yi ara na wɔka kyerɛ no, “Twɛn kosi sɛ wubenyin.”

2 Mo a moyɛ mmofra no nim sɛ mo ahobammɔ nti na mo awofo a wɔdwene mo ho no de anohyeto a ɛte saa ma mo. Na munim yiye nso sɛ, sɛ mutie mo awofo asɛm a, Yehowa ani gye. (Kolosefo 3:20) So ɛtɔ da a mote nka sɛ ɛte sɛ nea moretwɛn akosi bere bi ansa na moafi abrabɔ ase? Wɔde nneɛma a ehia nyinaa kame mo kosi sɛ mubenyin? Ɛnte saa ankasa! Adwuma bi rekɔ so nnɛ a ɛho hia sen hokwan biara a ebia moretwɛn sɛ mo nsa bɛka. So wɔma mo a moyɛ mmofra no kwan sɛ mobɛyɛ adwuma yi bi? Ɛnyɛ sɛ mowɔ hokwan nko—Ɔsorosoro Nyankopɔn no ankasa reto nsa afrɛ mo sɛ mommɛyɛ bi!

3. Adwuma titiriw bɛn na Yehowa to nsa frɛ mmofra sɛ wɔmmɛyɛ, na nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

3 Adwuma bɛn na yɛreka ho asɛm yi? Hyɛ kyerɛwsɛm a yɛn adesua yi asɛmti gyina so no nsow: “Munyi [Yehowa, NW] ayɛ mfi asase so, . . . mmerante ne mmabaa nso, mpanyin ne mmofra.” (Dwom 148:7, 12) Ɛka hokwan kɛse a wowɔ no ho asɛm: Wubetumi ayi Yehowa ayɛ. Sɛ́ abofra no, w’ani gye sɛ wobɛyɛ adwuma a ɛte saa bi? Mmofra pii ani gye ho saa. Nea ɛbɛma woahu nea enti a mfaso wɔ so sɛ wote nka saa no, ma yensusuw nsɛmmisa abiɛsa ho. Nea edi kan, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wuyi Yehowa ayɛ? Nea ɛto so abien, ɔkwan bɛn so na wubetumi ayi no ayɛ yiye? Nea ɛto so abiɛsa, bere bɛn na eye paa sɛ wufi ase yi Yehowa ayɛ?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wuyi Yehowa Ayɛ?

4, 5. (a) Sɛnea Dwom 148 kyerɛ no, tebea a ɛyɛ nwonwa bɛn na yɛwom? (b) Ɔkwan bɛn so na adebɔ a entumi nkasa anaa entumi nsusuw ade ho no yi Yehowa ayɛ?

4 Ade titiriw a enti ɛsɛ sɛ wuyi Yehowa ayɛ ne sɛ, ɔne Ɔbɔadeɛ. Dwom a ɛto so 148 no boa yɛn ma yɛde yɛn adwene si nokwasɛm yi so. Susuw ho hwɛ: Sɛ wokɔ baabi na sɛ wokɔto nnipakuw bi a wɔaka abom reto dwom a ɛyɛ dɛ na ɛka koma a, wobɛte nka dɛn? Na sɛ wunim sɛ dwom no mu nsɛm yɛ nokware, na esi nsɛntitiriw bi a wunim sɛ ɛho hia, ɛyɛ dɛ na ɛhyɛ nkuran so dua nso ɛ? So ɛbɛka wo ma woasua na wo ne wɔn abom ato? Yɛn mu dodow no ara bɛyɛ saa. Ɛnde Dwom a ɛto so 148 no ma ɛda adi sɛ wowɔ tebea a ɛyɛ anigye sen saa koraa mu. Saa dwom no ka nnipakuw kɛse bi a wɔn nyinaa reyi Yehowa ayɛ ho asɛm. Nanso bere a wokenkan saa dwom no, wubehu biribi a ɛyɛ nwonwa. Ɛyɛ dɛn?

5 Abɔde a wɔreyi Yehowa ayɛ a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Dwom 148 no mu pii ntumi nkasa, na wontumi nsusuw nneɛma ho. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan sɛ owia, ɔsram, nsoromma, sukyerɛma, ahum, mmepɔw ne nkoko reyi Yehowa ayɛ. Ɛbɛyɛ dɛn na nneɛma a nkwa nnim yi ayɛ biribi a ɛte saa? (Nkyekyɛm 3, 8, 9) Nokwarem no, nnua, nsuboa ahorow, ne wuram mmoa nso reyi no ayɛ saa ara. (Nkyekyɛm 7, 9, 10) Woahu sɛnea owia rekɔtɔ anaa ɔsram a apue nsoromma pii mu no pɛn? Mmoa adi agoru ma woaserew anaa woahwɛ asasetam bi a ɛyɛ fɛ pɛn? Ɛnde na “woate” dwom a adebɔ to de yi Yehowa ayɛ no. Nea Yehowa ayɛ nyinaa kae yɛn sɛ ɔne Ɔbɔadeɛ pumpuni no, na obiara nni amansan yi mu a ɔwɔ tumi, nyansa ne ɔdɔ sen no.—Romafo 1:20; Adiyisɛm 4:11.

6, 7. (a) Abɔde a wonim nyansa bɛn na Dwom 148 ka sɛ wɔreyi Yehowa ayɛ? (b) Dɛn nti na ɛsɛ yeyi Yehowa ayɛ? Ma mfatoho.

6 Dwom a ɛto so 148 no ka nso sɛ abɔde a wɔwɔ nyansa yi Yehowa ayɛ. Wɔ nkyekyɛm 2 no, yehu sɛ Yehowa soro ‘asafo,’ abɔfo no, reyi Onyankopɔn ayɛ. Wɔ nkyekyɛm 11 no, wɔto nsa frɛ nnipa a wɔwɔ tumi na wodi mũ te sɛ ahemfo ne atemmufo sɛ wommeyi Onyankopɔn ayɛ. Sɛ abɔfo a wɔwɔ tumi kɛse yi ani gye sɛ woyi Yehowa ayɛ a, dɛn nti na onipa a ne tumi nnu abɔfo de bɛka sɛ ɔkorɔn dodo sɛ ɔbɛyɛ saa? Afei wɔ nkyekyɛm 12 ne 13 no, wɔto nsa frɛ mo a moyɛ mmofra nso sɛ mommeyi Yehowa ayɛ. So biribi ka wo koma sɛ yɛ saa?

7 Susuw mfatoho bi ho hwɛ. Sɛ wowɔ adamfo bi a ebia onim agodi, mfoniniyɛ, anaa nnwonto yiye a, wobɛka ne ho asɛm akyerɛ w’abusuafo anaa wo nnamfo afoforo? Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛyɛ saa. Saa ara na sɛ yesua nea Yehowa ayɛ nyinaa ho ade a, ɛbɛka yɛn ma yɛayɛ. Sɛ nhwɛso no, Dwom 19:1, 2 ka sɛ ɔsoro nsoromma ‘ma yebue yɛn ano kasa.’ Sɛ yesusuw nneɛma a ɛyɛ nwonwa a Yehowa ayɛ no ho a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛrenka yɛn Nyankopɔn no ho asɛm nkyerɛ afoforo.

8, 9. Dɛn nti na Yehowa pɛ sɛ yeyi no ayɛ?

8 Ade foforo a ɛda nsow a enti ɛsɛ sɛ yeyi Yehowa ayɛ ne sɛ, ɔpɛ sɛ yɛyɛ saa. Dɛn ntia? So ɛyɛ hia a ohia nnipa ayeyi nti? Dabida. Ɛtɔ mmere bi a, sɛ nnipa no, yehia sɛ woyi yɛn ayɛ, nanso Yehowa korɔn sen yɛn koraa. (Yesaia 55:8) Ɔnte nka sɛ ɔtɔ sin wɔ biribiara mu. (Yesaia 45:5) Nanso ɔpɛ sɛ yeyi no ayɛ, na sɛ yɛyɛ saa a, n’ani gye. Dɛn ntia? Susuw nneɛma abien ho hwɛ. Nea edi kan no, onim sɛ ehia sɛ yeyi no ayɛ. Ɔbɔɔ yɛn wɔ ɔkwan bi so a ebehia sɛ yɛne no nya abusuabɔ, a ɛne sɛ yɛbɛsom no. (Mateo 5:3) Sɛ Yehowa hu sɛ yɛreyɛ saa a, n’ani gye sɛnea sɛ mo awofo hu sɛ moredi aduanpa a wɔn ani gye no ara.—Yohane 4:34.

9 Nea ɛto so abien no, Yehowa nim sɛ ehia sɛ nnipa afoforo bɛte sɛ yɛreyi no ayɛ. Ɔsomafo Paulo kyerɛw nsɛm yi kɔmaa aberante Timoteo sɛ: “Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa. Bata eyinom ho, na sɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.” (1 Timoteo 4:16) Yiw, sɛ woka Yehowa Nyankopɔn ho asɛm kyerɛ afoforo na wuyi no ayɛ a, ebetumi ama wɔahu Yehowa nso. Nimdeɛ a ɛte saa betumi ama wɔanya daa nkwa!—Yohane 17:3.

10. Dɛn nti na yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yeyi yɛn Nyankopɔn ayɛ?

10 Ade foforo wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yeyi Yehowa ayɛ. Kae w’adamfo paa ho mfatoho no. Sɛ wote sɛ nkurɔfo reka ne ho nsɛmmɔne anaa wɔresopa no a, so ɛrenka wo kɛse mma worennye ne ti? Wiɛ, wɔatwiri Yehowa wɔ wiase nyinaa. (Yohane 8:44; Adiyisɛm 12:9) Enti wɔn a wɔdɔ no no te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔka ne ho nokwasɛm kyerɛ de siesie atosɛm no. Wobɛpɛ sɛ wo nso woda ɔdɔ ne anisɔ a wowɔ ma Yehowa no adi na wokyerɛ sɛ wugye no tom sɛ wo Sodifo sen sɛ wubegye ne tamfo kɛse Satan atom? Wubetumi ayɛ eyinom nyinaa denam Yehowa a wubeyi no ayɛ no so. Ɛnde asɛmmisa a edi hɔ ne sɛ, ɔkwan bɛn so na wubetumi ayi no ayɛ?

Sɛnea Mmofra Binom Yii Yehowa Ayɛ

11. Bible mu nhwɛso horow bɛn na ɛkyerɛ sɛ mmofra betumi ayi Yehowa ayɛ yiye?

11 Bible ma ɛda adi sɛ, mpɛn pii no, mmofra tumi yi Yehowa ayɛ yiye. Ɛho mfatoho ne Israelni abeawa a Siriafo faa no dommum no. Odii Yehowa diyifo Elisa ho adanse akokoduru so kyerɛɛ n’awuraa. Ne nsɛm no maa anwonwade bi sii, na ɛyɛɛ adansedi kɛse. (2 Ahene 5:1-17) Yesu nso dii adanse akokoduru so bere a na ɔyɛ abofra no. Nneɛma a Yesu yɛe ne mmofraase a anka wobetumi akyerɛw ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu no mu biako pɛ na Yehowa ma wɔkyerɛwee. Saa bere no, Yesu a na wadi mfe 12 no de akokoduru bisabisaa nyamesom akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ Yerusalem asɔrefi hɔ no nsɛm maa wɔn ho dwiriw wɔn esiane Yehowa akwankyerɛ ho nimdeɛ a na ɔwɔ no nti.—Luka 2:46-49.

12, 13. (a) Aka kakra ma Yesu awu no, dɛn na ɔyɛe wɔ asɔrefie hɔ, na nkɛntɛnso bɛn na enyae wɔ nnipa a na wɔwɔ hɔ no so? (b) Mmarimaa no ayeyi no kaa Yesu dɛn?

12 Bere a Yesu nyin bɛyɛɛ panyin no, ɔhyɛɛ mmofra nkuran ma woyii Yehowa ayɛ. Sɛ nhwɛso no, aka nna kakra ma Yesu awu no, okodii bere kakra wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ. Bible ka sɛ ɔyɛɛ “anwonwade” pii wɔ hɔ. Ɔpamoo wɔn a na wɔde saa beae kronkron no ayɛ adwowtwafo tu no fii hɔ. Afei ɔsaa anifuraefo ne mpakye yare. Ná anka ɛsɛ sɛ ɛka nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa, ne titiriw nyamesom akannifo no ma woyi Yehowa ne ne Ba, Mesia no ayɛ. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ saa bere no mu pii anyɛ saa. Na wonim sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa Yesu, nanso na wosuro nyamesom akannifo no. Nanso nnipakuw bi de akokoduru kasae. So wunim nnipa ko? Bible ka sɛ: “Bere a asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no huu anwonwade a ɔyɛe ne mmarimaa a wɔreteɛteɛm wɔ asɔrefie hɔ sɛ: ‘Gye no, yɛsrɛ wo, Dawid Ba!’ no, wɔn bo fuwii na wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘So wote nea eyinom reka yi?’”—Mateo 21:15, 16; Yohane 12:42.

13 Na saa asɔfo no rehwɛ kwan sɛ Yesu bɛma mmarimaa a na wɔreyi no ayɛ no agyae kasa. So ɔyɛɛ saa? Dabida! Yesu buaa asɔfo no sɛ: “Yiw. So moankenkan sɛ ‘Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu anom na wɔasiesie ayeyi’?” Ɛda adi pefee sɛ Yesu ne N’agya ani gyee mmarimaa no ayeyi no ho. Saa mmarimaa no yɛɛ nea na anka ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔwɔ hɔ saa bere no yɛ no. Mmarimaa no huu nneɛma a na ɛrekɔ so no pefee. Wohui sɛ ɔbarima yi yɛ anwonwade, ɔde gyidi ne akokoduru kasa, na ɔda ɔdɔ a emu yɛ den adi kyerɛ Onyankopɔn ne ne nkurɔfo. Yesu kyerɛe sɛ, sɛnea na n’ankasa aka afa ne ho no, ɔne “Dawid Ba,” Mesia a na wɔahyɛ ne ho bɔ no. Mmarimaa no nyaa gyidi a wɔdaa no adi no so akatua ma mpo nkɔmhyɛ nam wɔn so baa mu.—Dwom 8:2.

14. Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi de akyɛde a wɔwɔ no ayi Onyankopɔn ayɛ?

14 Dɛn na yebetumi asua afi nhwɛso a ɛtete sɛɛ mu? Mmofra betumi de ayeyi a etu mpɔn ama Yehowa. Mpɛn pii no, wotumi hu nokware no pefee te ase yiye ma enti wɔde nsi da wɔn gyidi adi. Afei nso wɔwɔ akyɛde a wɔaka ho asɛm wɔ Mmebusɛm 20:29 no: “Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden.” Yiw, mo a moyɛ mmofra no te apɔw na mo ho yɛ den—agyapade a ɛsom bo a mode beyi Yehowa ayɛ. Ɔkwan pɔtẽe bɛn so na mubetumi de akyɛde a ɛtete saa ayɛ adwuma?

Ɔkwan Bɛn So na Wubetumi Ayi Yehowa Ayɛ?

15. Sɛ wubetumi ayi Yehowa ayɛ ma adi mũ a, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ wunya?

15 Ayeyi a edi mũ fi koma mu. Wuntumi mfa ayeyi a edi mu mma Yehowa bere a afoforo na wɔhyɛ wo sɛ yɛ saa no. Kae sɛ mmara no mu ahyɛde a ɛsen biara ne sɛ: “Ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Mateo 22:37) So wonam Onyankopɔn Asɛm a wusua so ahu Yehowa yiye sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa? Nea efi adesua a ɛte saa mu ba ne ɔdɔ a wubenya ama Yehowa. Ɔkwampa a wubetumi afa so ada ɔdɔ a ɛte saa adi ne sɛ wubeyi no ayɛ. Bere dodow a wukura ɛho adwempa no, ɛka wo ma wode anigye yi Yehowa ayɛ.

16, 17. Afã bɛn na nneyɛe wɔ wɔ ayeyi a yɛde ma Yehowa no mu? Ma ho nhwɛso.

16 Ansa na wubesusuw nea wobɛka ho no, susuw sɛnea wobɛyɛ wo ade no ho. Sɛ na wonim Israelni abeawa a ɔtraa ase wɔ Elisa bere so no sɛ obi a ɔyɛ aniammɔnho, ommu ade, na onni nokware a, wususuw sɛ anka Siriafo a wɔkyeree no no betie nsɛm a ɔka faa Yehowa diyifo ho no? Ɛda adi sɛ anka wɔrentie no. Saa ara na sɛ nkurɔfo hu sɛ wubu ade, wudi nokware, na woda suban pa adi a, wobetie wo. (Romafo 2:21) Mfatoho bi ni.

17 Wɔhaw abeawa bi a ɔwɔ Portugal a na wadi mfe 11 sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ dapɔnna bi a sukuufo di a ɛne n’ahonim a egyina Bible so nhyia no mu. Ofi obu mu maa ne kyerɛkyerɛfo no huu nea enti a onni dapɔnna no, nanso odii ne ho fɛw. Bere kɔɔ so no, ɔkyerɛkyerɛfo no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ no aniwu denam ne som a na ɔde serew no so. Nanso abeawa no kɔɔ so kyerɛɛ obu maa no. Mfe bi akyi no, onuawa kumaa yi bɛsomee sɛ daa ɔkwampaefo anaa bere nyinaa somfo. Wɔ ɔmantam nhyiam bi ase, bere a na ɔrehwɛ nnipa a wɔrebɔ wɔn asu no, ohui sɛ onim wɔn mu biako. Ná ɛyɛ ne kyerɛkyerɛfo no! Bere a wɔde nusu yɛɛ wɔn ho atuu wiei no, ɔbea panyin no ka kyerɛɛ abeawa no sɛ ne werɛ mfii obu a ɔdaa no adi no da. Ɔdansefo bi kɔɔ ɔkyerɛkyerɛfo no nkyɛn na ɔkyerɛkyerɛfo no kaa ne kan suani no ho asɛm kyerɛɛ no. Ɛnam so ma wofii Bible adesua ase, na ɔbea panyin yi begyee Bible mu nokware no toom. Yiw, wo nneyɛe betumi ayɛ ɔkwan a tumi wom a wonam so beyi Yehowa ayɛ!

18. Sɛ ɛyɛ abofra bi den sɛ obefi nkɔmmɔbɔ a ɛfa Bible no anaa Yehowa Nyankopɔn ho ase a, dɛn na obetumi ayɛ?

18 So ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ wo den sɛ wobɛka wo gyidi ho asɛm wɔ sukuu mu? Ɛnyɛ wo nkutoo na wote nka saa. Nanso wubetumi ayɛ biribi ma afoforo abisa wo gyidi ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, sɛ mmara ma kwan na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, dɛn nti na womfa Bible ho nhoma ahorow nkɔ sukuu na sɛ edu awia adidibere anaa bere foforo a hokwan wɔ hɔ a woakenkan? Ebia wo mfɛfo sukuufo bebisa wo nea worekenkan no ho asɛm. Bere a woreka nea w’ani gye ho wɔ nhoma a ekura wo no ho akyerɛ wɔn no, w’ani bɛba wo ho so no na wo ne wɔn rebɔ nkɔmmɔ a mfaso wɔ so. Kae sɛ wubebisa wo mfɛfo sukuufo no nsɛm de ahu nea wogye di. Fa obu tie wɔn na ka nea woasua afi Bible mu no kyerɛ wɔn. Sɛnea osuahu a ɛwɔ kratafa 29 kyerɛ no, mmofra pii reyi Onyankopɔn ayɛ wɔ sukuu mu. Eyi ma wodi ahurusi kɛse na ɛboa nnipa pii ma wobehu Yehowa.

19. Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi atu mpɔn yiye wɔ afie afie asɛnka mu?

19 Afie afie asɛnka no ne ɔkwan a etu mpɔn sen biara a yebetumi afa so ayi Yehowa ayɛ. Sɛ wumfii ase a, dɛn nti na womfa nyɛ wo botae? Sɛ wode wo ho ahyem a, botae foforo bɛn na wubetumi de asisi w’ani so? Sɛ nhwɛso no, sɛ anka wobɛka nsɛm koro no ara wɔ ofie biara mu no, hwehwɛ akwan a wobɛfa so atu mpɔn na bisa w’awofo ne anuanom a wɔn ho akokwaw ma wɔmma wo ɛho nyansahyɛ ahorow. Sua sɛnea wode Bible bedi dwuma kɛse, wobɛyɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn na woafi Bible adesua ase. (1 Timoteo 4:15) Mpɛn dodow a wonam saa kwan yi so yi Yehowa ayɛ no, dodow no ara na wo ho bɛkokwaw, na wo som adwuma bɛyɛ wo dɛ.

Bere Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wufi Ase Yi Yehowa Ayɛ?

20. Dɛn nti na ɛho nhia sɛ mmofra bɛte nka sɛ wonnyinii sɛ wobeyi Yehowa ayɛ?

20 Nsɛmmisa abiɛsa a yɛresusuw ho yi mu nea etwa to no na ne mmuae nyɛ den koraa. Hyɛ mmuae tẽẽ a Bible no de ma no nsow: “Kae wo bɔfo wo mmerantebere mu.” (Ɔsɛnkafo 12:1) Yiw, saa bere yi na ɛsɛ sɛ wufi ase yi Yehowa ayɛ. Ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛka sɛ “meyɛ abofra koraa sɛ meyi Yehowa ayɛ. Minnim hwee. Ɛsɛ sɛ metwɛn kosi sɛ menyin ansa.” Ɛnyɛ wo nko na woate nka saa pɛn. Sɛ nhwɛso no, aberante Yeremia ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Ao, [Yehowa, NW] Nyankopɔn, hwɛ, minnim kasa, na meyɛ abofra.” Yehowa maa no awerɛhyem sɛ enhia sɛ osuro biribiara. (Yeremia 1:6, 7) Saa ara na sɛ yeyi Yehowa ayɛ a, ɛrenhia sɛ yesuro biribiara. Bɔne biara nni hɔ a ebetumi ato yɛn a Yehowa ntumi nyi yɛn mfi mu.—Dwom 118:6.

21, 22. Dɛn nti na wɔde mmofra a woyi Yehowa ayɛ no toto obosu ho, na dɛn nti na ntotoho a ɛte saa no hyɛ nkuran?

21 Enti yɛhyɛ mo a moyɛ mmofra nkuran sɛ: Monntwentwɛn mo nan ase sɛ mubeyi Yehowa ayɛ! Saa bere a moyɛ mmofra yi ne bere pa a ɛsɛ sɛ mode mo ho hyɛ adwuma titiriw a wɔreyɛ wɔ asase so nnɛ no mu. Sɛ moyɛ saa a, mobɛba abɛka kuw bi a anigye wom—Yehowa abɔde nyinaa a wɔreyi no ayɛ—no ho. Yehowa ani gye sɛ wobɛka saa abusua yi ho. Hyɛ nsɛm a efi honhom mu a odwontofo no ka kyerɛɛ Yehowa yi nsow: “Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.”—Dwom 110:3.

22 So obosu a anɔpa hann ma ɛhyerɛn no nyɛ anika? Ɛma abotɔyam, ɛyɛ fɛ, na ne dodow nni ano. Saa na Yehowa hu mo a moyɛ mmofra a mode nokwaredi reyi no ayɛ wɔ nna a emu yɛ den yi mu no. Ɛda adi pefee sɛ, paw a moapaw sɛ mubeyi Yehowa ayɛ no ma ne koma ani gye. (Mmebusɛm 27:11) Enti mo a moyɛ mmofra nyinaa, munyi Yehowa ayɛ!

Wubebua Dɛn?

• Nneɛma titiriw bɛn nti na ɛsɛ sɛ yeyi Yehowa ayɛ?

• Bible mu nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ mmofra betumi ayi Yehowa ayɛ yiye?

• Ɛbɛyɛ dɛn na mmofra atumi ayi Yehowa ayɛ nnɛ?

• Bere bɛn na ɛsɛ sɛ mmofra fi ase yi Yehowa ayɛ, na dɛn ntia?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Sɛ w’adamfo bi nim biribi yɛ yiye a, so worenka ho asɛm nkyerɛ afoforo?

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Ebia wo mfɛfo sukuufo bɛpɛ sɛ wohu biribi fa wo gyidi ho

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Sɛ wopɛ sɛ wutu mpɔn wɔ wo som adwuma mu a, bisa Ɔdansefo a ne ho akokwaw ma ɔmma wo nyansahyɛ ahorow