Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ne Gyidi Nti na Wɔtaa No”

“Ne Gyidi Nti na Wɔtaa No”

“Ne Gyidi Nti na Wɔtaa No”

WƆ KUROW a wɔfrɛ no Cernobbio mu wɔ Italy atifi fam no, wɔasiesie prama kɛse bi fã bi de rekae nnipa a atumfo sɛee wɔn ahofadi no. Wɔahyira nkaedum a wobuee so no mu biako so de rekae Narciso Riet, a n’awofo a wɔyɛ Italiafo kɔwoo no Germany no. Afe 1930 mu hɔ na Riet bɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Wɔ Hitler nniso ase no, wɔtaa Yehowa Adansefo esiane sɛ wɔamma Hitler so ansen nokware Nyankopɔn, Yehowa no nti.

Bere a sum ase polisifo (Gestapo) no hui sɛ Riet boa ma wɔde Ɔwɛn-Aban ba nneduaban mu no, oguan kɔɔ Cernobbio. Ɛhɔ na wɔmaa no kyerɛɛ Ɔwɛn-Aban no ase kɔɔ Italia kasa mu san boa ma wɔkyekyɛ maa anuanom a wɔbemmɛn no. N’adwumaden no bɛdaa adi ma enti da koro Nasi asraafo bɔ hyɛnee Riet fie dii mfomso kyeree no sɛ “ɔsɛmmɔnedifo” esiane Bible abien ne nkrataa kakraa bi a wohui wɔ ne ho nti! Wotwaa Riet asu baa Germany ma wɔde no too afiase wɔ Dachau nneduaban mu, na wokum no bere tiaa bi ansa na Wiase Ko II reba awiei. Wɔakyerɛw wɔ Cernobio nkaedum no ho sɛ, “ne gyidi nti na wɔtaa no.”

Narciso Riet ne Adansefo bebree a Nasifo taa wɔn no gyidi hyɛ nnɛyi Kristofo nkuran sɛ wobegyina pintinn adi nokware ama Yehowa, Onii a ɔno nko ara na ɔfata ɔsom wɔ amansan yi mu no. (Adiyisɛm 4:11) Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a trenee nti wɔtaa wɔn.” Onyankopɔn bɛkae wɔn nnwuma a wɔde akokoduru yɛe no na wahwɛ ho ahyira wɔn.—Mateo 5:10; Hebrifo 6:10.