Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔretrɛw Asɛmpa no Mu Wɔ Baabi a Tete Kristosom Gyee Ntini

Wɔretrɛw Asɛmpa no Mu Wɔ Baabi a Tete Kristosom Gyee Ntini

Wɔretrɛw Asɛmpa no Mu Wɔ Baabi a Tete Kristosom Gyee Ntini

ITALY, ɔman a ɛte sɛ mpaboa wɔ asase mfonini so a ɛtrɛw kosi Mediterranea Po mu no yɛ beae a wonim ɛhɔ nyamesom ne amammerɛ ho nsɛm wɔ wiase abakɔsɛm mu. Sɛnea asase no fɛ te, edin a agye wɔ adwinnidi mu ne wɔn nnuan a ɛyɛ dɛ nti, ɛtwetwe nsrahwɛfo ɔpepem pii. Ɛyɛ ɔman a Bible nkyerɛkyerɛ adwuma nso rekɔ so.

Ebetumi aba sɛ bere a edi kan a nokware Kristosom duu Roma—ɔman a saa bere no na edi wiase nyinaa so tumi no ahenkurow no—ne bere a Yudafo ne wɔn a wɔsakra bɛyɛɛ Kristofo wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no san fii Yerusalem kɔɔ wɔn kurom no. Ɛbɛyɛ sɛ bere a edi kan a Paulo kɔɔ Italy yɛ afe 59 Y.B. mu. Puteoli mpoano na ‘ohuu anuanom’ a wɔyɛ agyidifo.—Asomafo Nnwuma 2:5-11; 28:11-16.

Sɛnea na Yesu ne asomafo no ahyɛ ho nkɔm no, ansa na afeha a edi kan Y.B. mu reba awiei no, awaefo bi de nkakrankakra twee wɔn ho fii nokware Kristosom ho. Nanso ansa na wiase nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei no, Yesu nokware asomafo adi akoten wɔ wiase nyinaa asɛmpaka adwuma no mu, a Italy nso ka ho bi.—Mateo 13:36-43; Asomafo Nnwuma 20:29, 30; 2 Tesalonikafo 2:3-8; 2 Petro 2:1-3.

Mfiase a na Anidaso Nni Mu

Wɔ afe 1891 mu no, Charles Taze Russell a na odi Bible Asuafo (sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no) wiase nyinaa asɛmpaka adwuma anim no kɔɔ Italy nkuropɔn binom mu bere a edi kan. Ogye toom sɛ na onni anidaso sɛ asɛm a ɔkɔkae wɔ hɔ no bɛsow aba: “Biribiara nni hɔ a yehui ma ɛhyɛɛ yɛn nkuran a ɛbɛma yɛanya anidaso sɛ yebetwa aba bi wɔ Italy.” Wɔ afe 1910 osutɔbere mu no, Onua Russell san kɔɔ Italy kɔmaa Bible mu ɔkasa wɔ agodidan kɛse bi a ɛwɔ Roma kuropɔn no mfinimfini. Dɛn na efii mu bae? Ɔkae sɛ “Ne nyinaa mu no, nhyiam no maa m’abam bui.”

Nokwarem no, esiane sɛ Fasist katabaako nniso no de ɔtaa baa Yehowa Adansefo so nti, mfiase no asɛmpaka adwuma no tɔɔ apẽ mfe pii wɔ Italy. Saa mmere no mu no, na Yehowa Adansefo dodow a wɔwɔ ɔman no mu si bɛyɛ 150, a wɔn mu pii suaa Bible mu nokwasɛm no fii abusuafo anaa nnamfo a wɔte amannɔne nkyɛn.

Nkɔso a Ɛyɛ Nwonwa

Wɔ Wiase Nyinaa Ko II akyi no, wɔsomaa asɛmpatrɛwfo pii kɔɔ Italy. Nanso sɛnea krataa bi a wohui wɔ Ɔman no nneɛma akorae kyerɛ no, Vatican asɔfo mpanyimfo binom ka kyerɛɛ aban no sɛ ɔmpam asɛmpatrɛwfo no. Wɔpamoo asɛmpatrɛwfo dodow no ara ma ɛkaa kakraa bi wɔ ɔman no mu.

Akwanside yi nyinaa akyi no, Italifo pii fii ase baa Yehowa “bepɔw” so bɛsomee. (Yesaia 2:2-4) Nkɔanim a Adansefo no anya no yɛ nwonwa. Wɔ 2004 mu no, wonyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 233,527 ma wɔkaa asɛmpa no. Sɛ wokyekyɛm a, ɔdansefo 1 kasa kyerɛ ɔman no mu nnipa 248, na nnipa 433,242 na wɔkɔɔ Kristo wu Nkaedi no ase. Wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow 3,049 a wohyiam wɔ Ahenni Asa a ɛfata mu. Nnansa yi, ɔmanfo binom renya honhom fam nkɔso.

Wɔka Asɛmpa no Wɔ Kasa Pii Mu

Atukɔfo pii a wofi Afrika, Asia, ne Europa Apuei fam ba Italy bɛpɛ adwuma anaa wɔbɛpɛ asetra pa, anaa wɔ nsɛm bi mu no, wɔba hɔ de kwati asiane bi a ɛbɛto wɔn. Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa nnipa ɔpepem pii yi wɔ honhom fam?

Adansefo pii a wɔwɔ Italy no mu bi agye ato wɔn ho so sɛ wobesua kasa a ɛyɛ den bi te sɛ Albania, Amharic, Arabic, Bengali, China, Punjabi, Sinhala, ne Tagalog. Efi 2001 no, wɔayɛ adesua nhyehyɛe sɛ wɔmfa nkyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wosua aman foforo so kasa no ade sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de adi adanse. Wɔ mfe abiɛsa a atwa mu no, Adansefo 3,711 akɔ kasasua nkyerɛkyerɛ 79 a wɔayɛ wɔ kasa horow 17 mu no bi. Eyi ama wɔahyehyɛ asafo ahorow 146 ne akuw 274 wɔ kasa horow 25 mu, na wɔaboa wɔn ma wɔagyina wɔn nan so. Ɛnam so ama nnipa komapafo ate asɛmpa no na wɔafi Bible adesua ase. Mpɛn pii nea efi mu ba no yɛ nwonwa.

Yehowa Danseni bi kaa Bible mu asɛm kyerɛɛ George a ofi India a ɔka Malayalam kasa no. Ɛmfa ho sɛ na adwuma mu nsɛm pii haw George no, ɔde anigye penee Bible adesua so. Nna kakraa bi akyi no, George adamfo a ne din de Gil a ɔka Punjabi kasa na ofi India no kɔɔ Ahenni Asa so, na wɔne no fii Bible adesua ase. Gil de David, Indiani a ɔka Telugu kasa no kyerɛɛ Adansefo no. Ankyɛ koraa na David fii ase suaa Bible no. Indiafo afoforo baanu, Sonny ne Shubash nyinaa ne David te fi koro mu. Wɔn baanu nso bɛkaa Bible adesua no ho.

Adapɛn bi akyi no, Dalip a ɔka Marathi kasa no frɛɛ Adansefo no wɔ telefon so. Ɔkae sɛ: “M’adamfo ne George. Mubetumi abɛkyerɛkyerɛ me Bible no mu?” Saa ara na Sumit a ɔka Tamil kasa no nso bɛkaa adesua no ho. Akyiri no, George adamfo foforo nso frɛe wɔ telefon so sɛ ɔpɛ sɛ wɔne no bɛyɛ Bible adesua. Afei George de aberante foforo, Max kɔɔ Ahenni Asa so. Ɔno nso pɛe sɛ wɔne no sua ade. Ɛde besi nnɛ no, wɔreyɛ Bible adesua ahorow nsia, na wɔne nnipa baanan ayɛ nhyehyɛe a wɔne wɔn nso befi ase. Ɛwom sɛ wɔde nhoma ahorow a ɛwɔ Hindi, Malayalam, Marathi, Punjabi, Tamil, Telugu, ne Urdu kasa mu no di dwuma de, nanso wɔyɛ adesua no wɔ Borɔfo kasa mu.

Asotifo “Te” Asɛmpa No

Asotifo bɛboro 90,000 na wɔwɔ Italy. Wɔ bɛyɛ afe 1975 mu hɔ no, Adansefo fii ase de wɔn adwene sii asotifo a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn Bible mu nokware no so. Mfiase no, asotifo no bi a wɔyɛ Adansefo no kyerɛɛ mfɛfo Adansefo a na wɔpɛ sɛ wɔboa asotifo wɔ asɛnka mu no Italia Mum Kasa (ISL). Afei asotifo pii ani begyee Bible no ho. Ɛnnɛ, nnipa bɛboro 1,400 a wɔte ISL no kɔ Kristofo nhyiam ahorow no bi. Asafo ahorow 15 ne akuw 52 na wɔyɛ wɔn nhyiam wɔ ISL mu.

Mfiase no, Adansefo mmiako mmiako bi na na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka asɛm no akyerɛ asotifo no. Nanso wɔ 1978 mu no, Yehowa Adansefo Betel adwumayɛbea a ɛwɔ Italy no fii ase yɛɛ nhyiam maa asotifo no. Wɔ May mu saa afe no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔbɛyɛ amanaman ntam nhyiam dwumadi a na ɛbɛba so wɔ Milan no fã bi ama asotifo nso. Wɔyɛɛ asotifo mansin nhyiam a edi kan wɔ Milan Nhyiam Asa no so wɔ February 1979 mu.

Efi saa bere no, Betel adwumayɛbea no de wɔn adwene asi asotifo no honhom fam yiyedi so kɛse na wɔrehyɛ asɛmpakafo pii nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho nsua Mum kasa no yiye na wɔatumi de ayɛ ɔsom adwuma no. Efi 1995 mu no, wɔasoma akwampaefo atitiriw (bere nyinaa asɛmpakafo) akɔ akuw no bi mu sɛ wɔnkɔtete asotifo a wɔyɛ Adansefo no wɔ asɛnka adwuma mu ne sɛnea wɔhyehyɛ Kristofo nhyiam. Nhyiam Asa abiɛsa wɔ hɔ a wɔde abɛɛfo video mfiri a edi mu asisi mu sɛnea ɛbɛma nhyiam dwumadi a wɔhwɛ no video so no betu mpɔn. Bio nso, Kristofo nhoma ahorow a ɛwɔ video kasɛt so wɔ hɔ a ɛma asotifo no nya honhom fam aduan.

Nnipa a wɔhwɛ ade yiye ahu sɛ Adansefo no ma wɔn ani kũ asotifo no honhom fam nneɛma ho. Nsɛmma nhoma bi (P@role & Segni) a Italy Asotifo Kuw tintimii no faa krataa bi a Katolek sɔfo panyin bi de menae no mu asɛm kae sɛ: “Sɛ woyɛ ɔsotifo a ɛyɛ yaw paa, efisɛ ɔsotifo pɛ sɛ wonya ne ho adagyew bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, ɛnyɛ den koraa sɛ ɔsotifo nko ara bɛkɔ asɔredan mu, nanso ohia nsɛm asekyerɛfo na ama wate biribiara a wɔbɛkenkan, asɛm a wɔbɛka, anaa nnwom a wɔbɛto bere a wɔresom no ase.” Nsɛmma nhoma no toa so sɛ: “Ɔsɔfo panyin no gye tom sɛ ɛyɛ awerɛhosɛm sɛ asɔre no nsiesiee ne ho sɛ ebedi dɛmdi yi so, na ɔka sɛ wɔhwɛ asotifo pii yiye wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so sen asɔredan mu.”

Wɔka Asɛmpa no Kyerɛ Nneduafo

So obi betumi anya ahofadi bere a ɔda afiase? Yiw, efisɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi na ɛma wɔn a wogye tom na wɔde bɔ wɔn bra no ‘de wɔn ho.’ Asɛmpa a Yesu ka kyerɛɛ “nnommum” no fa de a na wɔbɛde wɔn ho afi bɔne ne atoro som ho. (Yohane 8:32; Luka 4:16-19) Wɔ Italy no, asɛm no a wɔreka wɔ nneduafie no resow aba pa. Yehowa Adansefo bɛyɛ 400 na Ɔman no ama wɔn tumi sɛ wotumi kɔsra nneduafo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboa wɔn wɔ honhom fam. Yehowa Adansefo ne ahyehyɛde a edi kan a ɛnyɛ Katolekfo de a abisa hokwan a ɛte saa ma wɔde ama wɔn.

Wotumi pete Bible mu asɛm wɔ akwan a ɛyɛ soronko koraa so. Nneduafo no ka Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ no ho asɛm kyerɛ wɔn mfɛfo. Ɛno nti, nneduafo binom asrɛ sɛ Adansefo mmɛsra wɔn. Ebinom nso abusuafo a wɔafi ase resua Bible no hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmma Adansefo mmɛsra wɔn. Nneduafo bi a esiane awudi anaa amummɔyɛ kɛse bi nti wɔde wɔn ato afiase wɔn nkwa nna nyinaa no asakra na wɔasesa wɔn abrabɔ koraa. Eyi asiesie wɔn ma wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa Nyankopɔn ma wɔabɔ wɔn asu.

Wɔ afiase pii mu no, wɔayɛ nhyehyɛe a wɔnam so ma Bible mu nsɛm ho kasa, wodi Yesu wu ho Nkae, na woyi Bible mu nsɛm a Yehowa Adansefo ayɛ ho video no kyerɛ. Mpɛn pii no, nneduafo a wɔdɔɔso ba nhyiam ahorow yi bi.

Nea ɛbɛyɛ na Adansefo no aboa nneduafo bebree wɔ wɔn abrabɔ mu no, wɔakyekyɛ nsɛmma nhoma pii a emu nsɛm fa nneduafo ho ama wɔn. Nsɛmma nhoma a ɛtete saa no mu bi ne May 8, 2001, Nyan!, a ɛkaa asɛm yi no, “So Nneduafo Betumi Asesa?” April 8, 2003, de no nso kaa asɛm “Nnubɔne a Obi Nom Wɔ Abusua Mu—Dɛn na Wubetumi Ayɛ?” Wɔde nsɛmma nhoma yi mpempem pii ama nneduafo no, ma enti wɔne wɔn mu pii yɛ Bible adesua. Afiase hɔ awɛmfo binom nso akyerɛ Bible mu nsɛm no ho anigye.

Bere a atumfo no de hokwan soronko bi maa ɔdeduani bi a wɔfrɛ no Costantino no, wɔbɔɔ no asu wɔ Ahenni Asa bi so wɔ San Remo, bere a na ɛhɔnom Adansefo 138 atwa hɔ ahyia no. Wɔ asubɔ no akyi no, Costantino de anigye kae sɛ: “Metee nka sɛ wɔdɔ me kɛse.” Atesɛm krataa bi faa afiase hɔ awɛmfo panyin bi asɛm kae sɛ: “Yɛn ani gyee paa sɛ . . . yɛde hokwan yi maa no. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ biribiara a ebetumi ama ɔdeduani bi ne afoforo ntam abusuabɔ atu mpɔn na wadi yiye wɔ asetra ne ɔsom mu no ho nkuran.” Costantino yere ne ne babea ani gyee sɛnea Bible mu nokware nimdeɛ asesa Costantino suban no ho, na wɔkae sɛ: “Sɛnea wasesa no ama yɛn ani agye ne ho. Seesei wayɛ obi a ɔpɛ asomdwoe, na ɔkɔ so dwen yɛn ho paa. Yɛanya ne mu ahotoso foforo koraa ma enti yebu no.” Wɔn nso afi ase resua Bible no na wɔkɔ Kristofo nhyiam.

Nneɛma a wobuu Sergio fɔ wɔ ho no bi ne adewia, tuo a ɔde bɔ korɔn, nnubɔne a ɔde fa sum ase kɔtɔn, ne awudi ma enti wɔde no too afiase sɛ ɔnna mu ara nkosi 2024. Bere a ɔde mfe abiɛsa hwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu na ɔsesaa n’abrabɔ koraa no, Sergio sii gyinae sɛ ɔbɛbɔ asu. Ɔne ɔdeduani a ɔto so 15 wɔ Porto Azzurro nneduadan a ɛwɔ Elba supɔw so a wabɔ asu abɛyɛ Yehowa Dansefo. Wosiesiee baabi ketewa bi wɔ nneduafo no agodibea hɔ bɔɔ no asu bere a ne mfɛfo nneduafo pii atwa hɔ ahyia no.

Wɔmaa Leonardo a ɔreda afiase mfirihyia 20 no hokwan soronko bi ma wɔbɔɔ no asu wɔ Ahenni Asa bi so wɔ Parma. Bere a atesɛm krataa bi bisabisaa no nsɛm no, Leonardo kae sɛ na ɔpɛ sɛ “obiara hu sɛ wasi gyinae sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Dansefo, a ɛnyɛ adwene ne sɛ ɔpɛ sɛ ofi afiase hɔ, na mmom ɔpɛ sɛ osiesie ɔne Onyankopɔn ntam.” Leonardo kae sɛ: “Mfomso nko ara na madi wɔ m’asetra mu, nanso magyae ne nyinaa. Ɛwom sɛ egyee bere de, nanso afei masesa. Ehia sɛ mekɔ so yɛ adetrenee.”

Wɔbɔɔ Salvatore sobo sɛ onipakumfo ma wɔde no kɔtoo Spoleto afiase a awɛmfo bɔ ho ban kɛse bere nyinaa no mu. Asu a ɔbɔe wɔ afiase hɔ no maa nnipa pii ani gyei. Afiase hɔ awɛmfo panyin no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ nea obi paw wɔ asetram a ɛma otumi da suban pa adi kyerɛ obiara no ho nkuran, sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wɔwɔ afiase hɔ no ne ɔmanfo nyinaa benya so mfaso.” Esiane nsakrae a Salvatore ayɛ nti, ɛnnɛ ne yere ne ne babea kɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow no bi. Ɔdeduani bi a Salvatore dii no adanse no nso ahyira ne ho so abɔ asu sɛ Yehowa somfo.

Tete Kristosom mu nkɔso ne ntrɛwmu kɔɔ so wɔ Italy. (Asomafo Nnwuma 2:10; Romafo 1:7) Wɔ otwa bere yi mu no, honhom fam nkɔanim ne ntrɛwmu akɔ so wɔ mmeae koro yi ara a Paulo ne ne mfɛfo Kristofo birii wɔn mogya ani de kaa asɛmpa no.—Asomafo Nnwuma 23:11; 28:14-16.

[Asase mfonini wɔ kratafa 13]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

ITALY

Rome

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Bitonto Nhyiam Asa ne Italy Mum Kasa asafo a ɛwɔ Roma

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Bible mu nokware no ama nneduafo ‘ade wɔn ho’

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

Honhom fam nkɔso da so ara wɔ baabi a tete Kristosom gyee ntini