Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Woyi Yehowa Ayɛ Wɔ Sukuu Mu

Woyi Yehowa Ayɛ Wɔ Sukuu Mu

Woyi Yehowa Ayɛ Wɔ Sukuu Mu

WƆ WIASE nyinaa no Yehowa Adansefo nkumaa rehwehwɛ akwan a wɔbɛfa so ayi Onyankopɔn ayɛ wɔ sukuu mu denam wɔn kasa ne wɔn abrabɔ so. Hyɛ osuahu ahorow bi a ɛkyerɛ sɛnea mmabun yi de nsi reyɛ saa no nsow.

Wɔmaa Ɔdansefo kumaa bi a ɔwɔ Greece dwumadi sɛ ɔnkyerɛw efĩ a ahyɛ wim ma no ho asɛm. Bere a ɔhwehwɛɛ Watch Tower Publications Index mu no, onyaa Nyan! nsɛmma nhoma bi a emu nsɛm bɛboa no, na owiee n’asɛm no, ɔkyerɛw hyɛɛ ase sɛ Nyan! mu na ɔfa fii. Ne kyerɛkyerɛfo ka kyerɛɛ no sɛ ne nsɛm a ɔkyerɛwee no ka nea ɛsen biara a wakenkan pɛn no ho. Akyiri yi ɔkyerɛkyerɛfo no de kodii dwuma wɔ guabɔ bi ase, na wonyaa so mfaso. Enti onuawa kumaa no sii gyinae sɛ ɔbɛma ɔkyerɛkyerɛfo no Nyan! ahorow, a emu biako ne “Akyerɛkyerɛfo—Sɛ Yɛannya Wɔn a Anka Yɛbɛyɛ Dɛn?” Akyiri yi ɔkyerɛkyerɛfo no kamfoo Nyan! nsɛmma nhoma no kyerɛɛ sukuufo no, na wɔn mu bi kae sɛ ɔmma wɔn bi. Enti onuawa kumaa no de nsɛmma nhoma afoforo baa sukuu sɛnea ɛbɛyɛ a adesuafo no benya bi akenkan.

Wɔ Benin a ɛwɔ Afrika no, Kristoni kumaa bi hyiaa nhyɛso bi a ɛda nsow koraa. Adesuafo a wɔwɔ ne sukuu mu no pii awofo taa yɛ biako tua akyerɛkyerɛfo bi ka ma wɔkyerɛ wɔn mma no nneɛma bi a asete yɛ den sɛnea ɛbɛyɛ a mmabun no besiesie wɔn ho yiye ama sɔhwɛ a wɔbɛkyerɛw no. Memeneda anɔpa na akyerɛkyerɛfo no pawee sɛ wɔde bɛkyerɛ wɔn ade. Onuawa kumaa no ampene so na ɔkae sɛ: “Memeneda anɔpa ne bere a asafo mũ no nyinaa bom kɔ asɛnka. Ɛno ne bere a m’ani gye paa wɔ dapɛn no mu, na meremfa biribiara nsesa da!” Ne papa a ɔyɛ ɔwofo a onni hokafo, na ɔno nso yɛ Ɔdansefo no ne ne ba no yɛɛ adwene, na ɔbɔɔ mmɔden ka kyerɛɛ awofo ne akyerɛkyerɛfo kuw biako sɛ anka wɔnsesa bere no, nanso wɔn nyinaa ampene so. Abeawa no sii gyinae sɛ ɔremfa ne ho nhyɛ adesua no mu. Mmom na ɔne n’asafo bom kɔ asɛnka. Ne mfɛfo sukuufo no dii ne ho fɛw hyɛɛ no sɛ onnyae asɛnka no kɔ na onnyae Onyankopɔn nso akyi di. Na wonim yiye sɛ ɔrentwa sɔhwɛ no. Nanso nea ɛkɔbae ne sɛ, saa adesuafo kuw a wɔkyerɛɛ wɔn ade no antwa sɔhwɛ no, na mmom yɛn nuabea kumaa no na otwae. Ne tiaa mu no, fɛwdi no to twae. Mprempren nea adesuafo no reka kyerɛ yɛn nuabea no ara ne sɛ, “Ɛsɛ sɛ wokɔ so som wo Nyankopɔn no.”

Wɔ Czech Republic no, na ɛsɛ sɛ abeawa bi a wadi mfe 12 ka nhoma a wakenkan bi ho asɛm. Ne maame ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no. Ɔde nsɛmmisa yi na efii n’asɛm no ase: “Wususuw ho dɛn? Hena koraa ne onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn no?” Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea Yesu te, n’asetra wɔ asase so, ne ne nkyerɛkyerɛ no mu. Afei ɔkyerɛkyerɛɛ asɛmti a ɛne “Fafiri ho Adesua Bi” no mu. Ne kyerɛkyerɛfo no teɛɛm sɛ, “Eyi ne asɛm a eye sen biara a mate afi wo hɔ pɛn!” na ɔde anisɔ gyee nhoma no biako. Na sukuufo binom nso pɛ bi. Ade kyee no, abeawa no ani gyei sɛ ɔde nhoma 18 mae.

Mmofra a wɔte saa no renya anigye kɛse wɔ Yehowa a wɔreyi no ayɛ wɔ sukuu mu no ho. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa suasua nsi a mmabun no de yɛ adwuma no bi.