Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yebetumi Agyina Sɔhwɛ Biara Ano!

Yebetumi Agyina Sɔhwɛ Biara Ano!

Yebetumi Agyina Sɔhwɛ Biara Ano!

SO WOREHYIA sɔhwɛ bi wɔ w’asetram mprempren? Wote nka sɛ w’abam abu, ma enti wuntumi nnyina ano? Ɛtɔ mmere bi mpo a wutumi bɔ hu susuw sɛ wo haw no so bi mmae da ma enti worennya ano aduru? Sɛ saa na ɛte a, ma wo koma ntɔ wo yam! Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ sɔhwɛ biara a yebehyia no, Onyankopɔn betumi aboa yɛn ma yɛadi so.

Bible ka sɛ Onyankopɔn asomfo ‘behyia sɔhwɛ ahorow.’ (Yakobo 1:2) Hyɛ asɛmfua “ahorow” (Hela poi·kiʹlos) no nsow. Sɛnea na tetefo de di dwuma no, nea Hela asɛmfua no kyerɛ ara ne “biribi a ɛdɔɔso na egu ahorow” anaasɛ ɛwɔ “kɔla ahorow,” na esi “sɔhwɛ ahorow” so dua. Nokwarem no, wɔ da biara da kasa mu no, nea ɛkyerɛ ankasa ne “kɔla ahorow.” Sɛnea yɛbɛka no no, “sɔhwɛ ahorow” no yɛ sɔhwɛ a ɛsono ebiara ne ne kɔla. Nanso, Yehowa boa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi agyina emu biara ano. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agye eyi adi?

‘Onyankopɔn Dom a Ɛda Adi Wɔ Akwan Horow So’

Ɔsomafo Petro ka sɛ ‘wɔhow Kristofo werɛ wɔ sɔhwɛ ahorow mu.’ (1 Petro 1:6) Akyiri yi ɔkae wɔ ne krataa a efi honhom mu no mu sɛ ‘Onyankopɔn dom da adi wɔ akwan horow so.’ (1 Petro 4:10) Kasasin “akwan horow so” no te sɛ tete Hela asɛmfua koro no ara. Bere a Bible ho ɔbenfo bi reka kasasin yi ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Eyi yɛ nsusuwii a emu dɔ. . . . Sɛ yɛbɛka Onyankopɔn dom ho asɛm sɛ poikilos a, nea ɛkyerɛ ne sɛ tebea a nnipa hyia biara nni hɔ a Onyankopɔn dom ntumi nni so.” Ɔtoaa so sɛ: “Tebea, nsɛnnennen, ahokyere anaa biribiara nni hɔ a ehia obi a Onyankopɔn dom rentumi nni ho dwuma, na enni so nkonim koraa. Tebea biara nni asetram a Onyankopɔn dom ntumi nni so. Asɛmfua poikilos a wɔakyerɛkyerɛ mu fann yi twe yɛn adwene si Onyankopɔn dom ahorow a ɛdɔɔso sɛ ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina tebea biara ano no so.”

N’adom Boa Ma Yegyina Sɔhwɛ Ano

Sɛnea Petro kyerɛ no, Onyankopɔn dom nam nnipa ahorow a wɔbom yɛ Kristofo asafo no so da adi. (1 Petro 4:11) Onyankopɔn somfo biara wɔ honhom akyɛde, anaasɛ nneɛma bi a otumi yɛ a ebetumi ahyɛ wɔn a wɔrehyia sɔhwɛ no nkuran. (Romafo 12:6-8) Sɛ nhwɛso no, asafo no mufo binom yɛ Bible akyerɛkyerɛfo a wɔda nsow. Nhumu a wɔde kasa no hyɛ afoforo nkuran ma wogyina sɔhwɛ ano. (Nehemia 8:1-4, 8, 12) Afoforo nso srasra wɔn a wohia mmoa no wɔ wɔn afie mu. Wɔnam nsrahwɛ a ɛte saa so hyɛ afoforo nkuran na ‘ɛkyekye wɔn werɛ.’ (Kolosefo 2:2) Sɛ ahwɛfo srasra afoforo hyɛ wɔn gyidi den saa a, wɔde honhom fam akyɛde bi ma wɔn. (Yohane 21:16) Ebinom nso wɔ asafo no mu a wɔda ɔdɔ, mmɔborohunu, ne ayamye adi bere a wɔne mfɛfo gyidifo a sɔhwɛ ahorow nti wɔn werɛ ahow redi nsɛm no. (Asomafo Nnwuma 4:36; Romafo 12:10; Kolosefo 3:10) Tema a anuanom mmarima ne mmea a wɔte saa fi wɔn pɛ mu da no adi ne mmoa a wɔde ma no yɛ ade titiriw a ɛma yehu Onyankopɔn dom ‘soronko’ no bi—Mmebusɛm 12:25; 17:17.

“Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn”

Nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa ma awerɛkyekye. Ɔyɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn, nea ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohiahia nyinaa mu.” (2 Korintofo 1:3, 4) Nyansa a yenya fi Nyankopɔn Asɛm a efi honhom mu ne ahoɔden a ne honhom kronkron de ma no yɛ akwan titiriw a Yehowa nam so bua mpae a yɛbɔ sɛ ɔmmoa yɛn no. (Yesaia 30:18, 21; Luka 11:13; Yohane 14:16) Bɔhyɛ a efi honhom mu a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm no betumi ahyɛ yɛn nkuran. Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi, na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode befi mu, na moatumi agyina ano.”—1 Korintofo 10:13.

Yiw, ɛmfa ho sɛnea yɛn sɔhwɛ no “kɔla” te biara no, Onyankopɔn dom no “kɔla” anaa ne nneyɛe bi wɔ hɔ bere nyinaa a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ano. (Yakobo 1:17) Yehowa mmoa a ɛfata a ɔde ma ne nkoa wɔ bere a ɛsɛ mu—ɛmfa ho sɛnea ɔtaa a wohyia anaa wɔn nsɛnnennen te—no yɛ “Onyankopɔn nyansa a egu ahorow pii no” ho adanse. (Efesofo 3:10) So wunnye ntom saa?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Yehowa boa yɛn ma yegyina yɛn sɔhwɛ ahorow ano