Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahene Nhoma a Edi Kan no Mu Nsɛntitiriw

Ahene Nhoma a Edi Kan no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Ahene Nhoma a Edi Kan no Mu Nsɛntitiriw

“TRENEEFO redɔɔso a, ɔman ani gye, na ɔbɔnefo di so a, ɔman si apini.” (Mmebusɛm 29:2) Ahene Nhoma a Edi Kan no da no adi sɛ saa bɛ yi yɛ nokware turodoo. Ɛka Salomo a bere a na odi hene no tete Israel bɛyɛɛ ɔman a edi yiye kɛse na ɛwɔ ahobammɔ no asetra mu nsɛm. Ahene Nhoma a Edi Kan no san ka sɛnea ɔman no mu paee wɔ Salomo wu akyi, ne ahene 14 a na ebinom wɔ Israel na ebinom nso wɔ Yuda a wɔsɔree wɔ n’akyi ho asɛm. Saa ahemfo yi mu baanu pɛ na wodii Yehowa nokware kosii ase. Bio nso, nhoma no ka adiyifo baasia a na Elia ka ho dwumadi ho nsɛm.

Nhoma yi a odiyifo Yeremia kyerɛw wɔ Yuda ne Yerusalem no ka nsɛm a esisii wɔ bɛyɛ mfe 129 mu ho asɛm—efi afe 1040 A.Y.B. kosi afe 911 A.Y.B. Bere a Yeremia rekyerɛw nhoma yi, ɛda adi sɛ ɔhwɛɛ tete kyerɛwtohɔ ahorow te sɛ “Salomo ho nsɛm nhoma no mu.” Saa tete kyerɛwtohɔ ahorow no nni hɔ bio.—1 Ahene 11:41; 14:19; 15:7.

ƆHENE NYANSAFO BI MAA ƆMAN NO NYAA ASOMDWOE DII YIYE

(1 Ahene 1:1–11:43)

Asɛm a ɛyɛ nwonwa a wɔde fii Ahene Nhoma a Edi Kan ase no fa mmɔden a Ɔhene Dawid ba Adonia bɔe sɛ obegye ahenni no afi n’agya nsam no ho. Odiyifo Natan yɛɛ ade ntɛm so de sɛee Adonia nhyehyɛe no, na wɔmaa Dawid ba Salomo dii hene. Yehowa ani sɔɔ ɔhene foforo no abisade, na ɔmaa no “nyansa ne nhumu koma” ne “ahonya ne anuonyam.” (1 Ahene 3:12, 13) Ná ɔhene no nyansa ne n’ahode nni ano. Israel nyaa asomdwoe na wodii yiye.

Nea na ɛka adan a Salomo sisii ho ne Yehowa asɔrefie ne adan a osisi maa ɔman no. Yehowa maa Salomo awerɛhyem sɛ: “Mɛma wo hene a wudi Israel so no agua atim akosi daa.” Ná gye sɛ ɔhene no kɔ so yɛ osetie ansa na obenya saa nhyira yi. (1 Ahene 9:4, 5) Nokware Nyankopɔn no bɔɔ no kɔkɔ wɔ nea ebefi asoɔden a ɔbɛyɛ mu aba nso ho. Nanso, awiei koraa no, Salomo waree ananafo mmea pii. Wɔ ne nkwakoraabere mu no, ne yerenom ma ɔde ne ho kɔhyɛɛ atoro som mu. Yehowa ka too hɔ sɛ Salomo ahenni no mu bɛpae. Wɔ afe 997 A.Y.B. mu no, Salomo wui, na ɛno de ne mfe 40 tumidi no baa awiei. Na ne ba Rehabeam dii n’ade sɛ ɔhene.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:5Dɛn nti na Adonia bɔɔ mmɔden sɛ obegye ahenni no bere a na Dawid da so ara te ase no? Bible no nka. Nanso, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ esiane sɛ na Adonia nuanom mpanyimfo Amnon ne Absalom, ne ebia Dawid ba Kileab awu dedaw nti, Adonia susuwii sɛ ná ɔno ne Dawid mmabarima a wɔaka no mu panyin ma ɛno nti ɔwɔ hokwan sɛ odi hene. (2 Samuel 3:2-4; 13:28, 29; 18:14-17) Esiane sɛ onyaa ɔsahene Yoab a na ɔyɛ den ne ɔsɔfo panyin Abiatar a na ɔwɔ tumi no ma wɔtaa n’akyi nti, ɛbɛyɛ sɛ Adonia nyaa ahotoso sɛ obedi nkonim. Bible nka sɛ ebia na onim sɛ Dawid ayɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛma Salomo adi n’ade. Nanso, Adonia amfrɛ Salomo ne wɔn a na wɔwɔ Dawid afa no amma “afɔre” a ɔbɔe no ase. (1 Ahene 1:9, 10, NW) Eyi kyerɛ sɛ na obu Salomo sɛ obi a ɔne no repere ahenni.

1:49-53; 2:13-25Dɛn nti na bere a Salomo de firii Adonia akyi no, ɔsan kum no? Ɛwom sɛ Bat-Seba anhu adwene ankasa a ɛmaa Adonia srɛɛ ɔhene no sɛ ɔmfa Abisag mma no aware no de, nanso Salomo de ohui. Ɛwom sɛ Dawid ne ɔhoɔfɛfo Abisag annya nna mu kyɛfa de, nanso na wobu no sɛ ɔyɛ Dawid yefam. Sɛnea na amammerɛ a ɛwɔ hɔ kyerɛ no, na nea obedi Dawid ade nkutoo na ɔbɛware ɔbea no. Ɛbɛyɛ sɛ Adonia susuwii sɛ sɛ ɔware abisag a, obetumi asan apere ahenni no. Esiane sɛ Salomo hui sɛ na Adonia adesrɛ no kyerɛ sɛ ɔrepɛ ahenni no nti, ɔtwe sanee sɛ ɔde firii no.

6:37–8:2Bere bɛn na wohyiraa asɔrefie no so? Wowiee asɔrefie no si wɔ ɔsram a ɛto so awotwe wɔ afe 1027 A.Y.B. mu, wɔ Salomo ahenni afe a ɛto so 11 mu. Ɛte sɛ nea nneɛma a wɔde bae besiesiee asɔrefie hɔ ne ɛho ntotoe afoforo gyee asram 11. Ɛbɛyɛ sɛ wohyiraa ɔdan no so wɔ ɔsram a ɛto so ason wɔ afe 1026 A.Y.B. mu. Kyerɛwtohɔ no kaa adansi afoforo ho asɛm wɔ asɔrefie no si akyi ansa na wɔreka ɛso hyira ho asɛm, ɛda adi sɛ wɔkaa no saa na ama wɔatumi akyerɛkyerɛ adansi adwuma no mu yiye.—2 Beresosɛm 5:1-3.

9:10-13So Galilea asase so nkurow 20 a Salomo de kyɛɛ Tiro hene Hiram no buu Mose Mmara no so? Ebetumi aba sɛ na wobu Mmara a wɔakyerɛw wɔ Leviticus 25:23, 24 no sɛ ɛfa mmeae a na Israelfo tete nkutoo ho. Ɛwom sɛ na nkurow a Salomo de maa Hiram no wɔ Bɔhyɛ Asase no so de, nanso ebetumi aba sɛ na wɔn a wɔtete mu no nyɛ Israelfo. (Exodus 23:31) Ebetumi aba nso sɛ nea Salomo yɛe no kyerɛe sɛ wantumi anni Mmara no so ankosi ase, te sɛ bere a ‘ɔmaa n’apɔnkɔ dɔɔso’ na ɔwaree mmea pii no ara pɛ. (Deuteronomium 17:16, 17) Sɛnea ɛte biara no, Hiram ani ansɔ akyɛde no. Ebia abosonsomfo a wɔtete hɔ no anni hɔ ni anaa ebia wɔankyekye nkurow no wɔ baabi pa nti.

11:4So onyin a na ɛmma Salomo ntumi nnwen yiye nti na wanni nokware no? Ɛte sɛ nea ɛnte saa. Bere a Salomo fii ase dii tumi no na onnyinii, na ɛwom sɛ odii tumi mfe 40 de, nanso wammɔ akwakoraa posoposo. Bio nso, wannyae Yehowa som koraa. Ɛda adi sɛ ɔde abosonsom frafraa ne som mu.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

2:26, 27, 35. Asɛm a Yehowa ka to hɔ no ba mu bere nyinaa. Yi a woyii Eli aseni Abiatar fii ne dwumadi so no maa ‘Yehowa asɛm a ɔka faa Eli fie ho’ no nyaa mmamu. Sadok a ofi Pinehas abusua mu a ɔde no hyɛɛ Abiatar ananmu no maa Numeri 25:10-13 nyaa mmamu.—Exodus 6:25; 1 Samuel 2:31; 3:12; 1 Beresosɛm 24:3.

2:37, 41-46. Hwɛ sɛnea ɛyɛ hu sɛ obi besusuw sɛ obetumi atõ Nyankopɔn mmara na wafa ne ho adi! Wɔn a wɔboapa po sɛ wɔbɛnantew ‘ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu’ no so no betwa nea ebefi wɔn gyinaesi a nyansa nnim mu aba no so aba.—Mateo 7:14.

3:9, 12-14. Yehowa tie mpae a n’asomfo fi komam bɔ de hwehwɛ nyansa, nhumu, ne akwankyerɛ a ɛbɛma wɔatumi asom no no.—Yakobo 1:5.

8:22-53. Anisɔ a emu dɔ bɛn ara na Salomo daa no adi kyerɛɛ Yehowa—adɔe Nyankopɔn, Nea ɔma ne bɔhyɛ ahorow bam na ɔyɛ mpaebɔ Tiefo no sɛɛ yi! Mpae a Salomo bɔe de hyiraa ɔdan no so mu nsɛm ho a yebesusuw no bɛma anisɔ a yɛwɔ ma eyinom ne Onyankopɔn nipasu afã foforo ho no ayɛ kɛse.

11:9-14, 23, 26. Bere a Salomo yɛɛ asoɔden wɔ ne nna a edi akyiri mu no, Yehowa maa asɔretiafo so hyɛɛ no. Ɔsomafo Petro ka sɛ: “Nyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.”—1 Petro 5:5.

11:30-40. Ɔhene Salomo hwehwɛe sɛ okum Yerobeam esiane nkɔm a na Ahia ahyɛ afa Yerobeam ho nti. Hwɛ sɛnea ɔhene no yɛɛ n’ade wɔ ɔkwan soronko so koraa wɔ bɛyɛ mfe 40 a na atwam no, bere a wantɔ Adonia ne atirisopamfo afoforo so were no! (1 Ahene 1:50-53) Ɛyɛ Salomo ho a ɔtwe fii Yehowa ho no na ɛma ɔdaa suban foforo adi no.

AHEMMAN BI A NA ƐYƐ BIAKO MU PAEE

(1 Ahene 12:1–22:53)

Yerobeam ne ɔmanfo no kɔɔ Ɔhene Rehabeam nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔntew adesoa a n’agya Salomo de too wɔn so no so. Sɛ anka Rehabeam betie wɔn no, ohunahunaa wɔn sɛ ɔbɛma wɔn adesoa no mu ayɛ duru asen saa mpo. Mmusuakuw du tew atua na wɔde Yerobeam sii wɔn so hene. Ahemman no mu paee. Rehabeam dii hene wɔ anafo fam ahemman a Yuda ne Benyamin mmusuakuw na wɔwom no so, ɛnna Yerobeam nso dii hene wɔ atifi fam Israel mmusuakuw du ahemman no so.

Nea ɛbɛyɛ na ɔmanfo no renkɔ Yerusalem nkɔsom wɔ hɔ no, Yerobeam yɛɛ sika anantwi ahoni abien de biako sii Dan na ɔde nea ɛka ho no nso sii Betel. Wɔn a wodii hene wɔ Israel wɔ Yerobeam akyi no bi ne Nadab, Basa, Ela, Simri, Tibni, Omri, Ahab, ne Ahasia. Na Abiam, Asa, Yehosafat, ne Yehoram dii Rehabeam ade. Adiyifo a na wɔwɔ hɔ saa bere no ne Ahia, Semaia, ne Onyankopɔn nipa bi a wɔammɔ ne din, ne afei Yehu, Elia, ne Mikaia.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

18:21—Dɛn nti na ɔman no yɛɛ komm bere a Elia ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonni Yehowa anaa Baal akyi no? Ebetumi aba sɛ wohui sɛ wɔantumi amfa ɔsom a na Yehowa hwehwɛ sɛ wɔde ma ɔno nkutoo no amma no na ɛno ma wɔtee nka sɛ wodi fɔ. Anaasɛ ebia na wɔn ahonim awu ma enti na wonhu mfomso biara wɔ ho sɛ wɔbɛsom Yehowa na bere koro no ara wɔasom Baal. Ɛyɛ bere a Yehowa daa ne tumi adi akyi nkutoo na wɔkae sɛ: “Yehowa ne nokware Nyankopɔn no! Yehowa ne nokware Nyankopɔn no!”—1 Ahene 18:39, NW.

20:34—Bere a Yehowa maa Ahab dii Siriafo so nkonim no, dɛn nti na Ahab ankum wɔn hene Ben-Hadad? Sɛ́ anka Ahab bekum Ben-Hadad no, ɔne no yɛɛ apam ma ɔde Siria ahenkurow, Damasko mmorɔn maa Ahab, a ɛda adi sɛ na ɔde bɛyɛ aguadibea ahorow. Na Ben-Hadad papa adi kan afa Samaria mmorɔn bi de ayɛ aguadibea. Enti na Ahab ankum Ben-Hadad sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adi gua wɔ Damasko.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

12:13, 14. Sɛ yɛresisi gyinae a ɛho hia wɔ yɛn asetra mu a, ɛsɛ sɛ yegye afotu fi wɔn a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ na wɔwɔ obu a emu dɔ ma Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow hɔ.

13:11-24. Sɛ yɔnko gyidini bi a ɔpɛ yɛn asɛm mpo ma yɛn afotu anaa nyansahyɛ a ɛte sɛ nea asɛm wɔ ho a, ɛsɛ sɛ yɛde toto akwankyerɛ pa a Onyankopɔn Asɛm de ma ho hwɛ sɛ ɛne no hyia anaa.—1 Yohane 4:1.

14:13. Yehowa hwehwɛ adepa a ɛwɔ yɛn mu no. Ɛmfa ho sɛnea adepa a ɛwɔ yɛn mu no sua no, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de som Yehowa a, ɔbɛma no ayɛ kɛse.

15:10-13. Ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru po ɔwae na yɛma nokware som nya nkɔso.

17:10-16. Sarefat okunafo no hui sɛ Elia yɛ odiyifo na ɔyɛɛ no hɔho sɛ odiyifo, na Yehowa hyiraa gyidi a ɔdaa no adi no so. Ɛnnɛ nso, Yehowa hu gyidi a yɛda no adi no, na ohyira wɔn a wɔfa akwan horow so boa Ahenni adwuma no.—Mateo 6:33; 10:41, 42; Hebrifo 6:10.

19:1-8. Sɛ yehyia ɔsɔretia a emu yɛ den a, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa yɛn.—2 Korintofo 4:7-9.

19:10, 14, 18. Nokware asomfo nyɛ ankonam. Yehowa ne wɔn wiase nyinaa onuayɛkuw no ka wɔn ho.

19:11-13. Yehowa nyɛ onyame bi a ɔhyɛ abɔde biara mu.

20:11. Bere a Ben-Hadad hoahoaa ne ho sɛ ɔbɛsɛe Samaria no, Israel hene bua see no sɛ: “Mma nea ɔhyɛ akode [de siesie ne ho ma ɔsa] nnhoahoa ne ho sɛ nea oyi” n’akode bere a wadi nkonim wɔ ɔsa mu awie no. Sɛ yenya dwumadi foforo bi a, ɛnsɛ sɛ ahotoso ntraso ma yɛhoahoa yɛn ho.—Mmebusɛm 27:1; Yakobo 4:13-16.

Ɛso Wɔ Mfaso Kɛse Ma Yɛn

Bere a Mose resan aka Mmara a wɔde mae wɔ Bepɔw Sinai so ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ Israelfo sɛ: “Hwɛ, mede nhyira ne nnome meregu mo anim nnɛ: Sɛ mutie [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi a, nhyira—na sɛ moantie [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn mmara nsɛm na moman fi ɔkwan a merehyɛ mo nnɛ yi so kodi anyame foforo a munnim wɔn akyi a, nnome.”—Deuteronomium 11:26-28.

Hwɛ sɛnea wɔama yɛahu nokwasɛm a ehia yi pefee wɔ Ahene Nhoma a Edi Kan no mu! Sɛnea yɛahu no, saa nhoma yi nso kyerɛ yɛn asuade ahorow a mfaso kɛse wɔ so. Nkwa ne tumi wɔ nsɛm a ɛwɔ mu no mu ampa.—Hebrifo 4:12.

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Asɔrefie no ne adan afoforo a Salomo sisii

[Mfonini wɔ kratafa 30, 31]

Bere a Yehowa daa ne tumi adi akyi no, ɔmanfo no teɛɛm sɛ: “Yehowa ne nokware Nyankopɔn no!”