Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Anigye Ne Wɔn a Wonim Wɔn Honhom Mu Ahiade”

“Anigye Ne Wɔn a Wonim Wɔn Honhom Mu Ahiade”

“Anigye Ne Wɔn a Wonim Wɔn Honhom Mu Ahiade”

SƐ NNOMAA sɔre anɔpa a, wɔtaa su kakra, na afei wotu kɔhwehwɛ aduan. Edu anwummere a, wɔsan ba mmeae a wɔda besu kakra ansa na wɔadeda. Wɔwɔ mmere a anini no foro abere no, wɔtow nkesua, na wobutuw so huan yɛn wɔn mma. Saa ara na mmoa afoforo nso yɛ.

Nanso nnipa nte saa. Ɛwom sɛ yedidi, yɛda, na yɛwo mma de, nanso saa nneɛma no nkutoo nnɔɔso mma yɛn mu dodow no ara. Yɛpɛ sɛ yehu nea enti a yɛte ase. Yɛrehwehwɛ asetra a edi mũ. Yɛpɛ sɛ yenya daakye ho anidaso nso. Saa ahiade a emu dɔ yi twe adwene si su bi a nnipa nkutoo na wɔwɔ bi so a ɛne honhom mu nneɛma, na nnipa nkutoo na wɔhwehwɛ nneɛma a ɛte saa akyi kwan.

Wɔyɛɛ Yɛn Wɔ Onyankopɔn Suban So

Bible kyerɛkyerɛ nea enti a nnipa dwen honhom mu nneɛma ho. Ɛka sɛ: “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.” (Genesis 1:27) Ɛmfa ho sɛ wɔde bɔne ne sintɔ awo yɛn no, “Onyankopɔn suban so” a wɔbɔɔ yɛn no kyerɛ sɛ yebetumi ada Onyankopɔn su horow no bi adi. (Romafo 5:12) Sɛ nhwɛso no, yebetumi adwene biribi ho ayɛ. Yɛwɔ nyansa ne atɛntrenee nso, na yetumi fi yɛn pɛ mu da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho. Bio nso, yetumi susuw nea atwam ho na yɛyɛ daakye ho nhyehyɛe.—Mmebusɛm 4:7; Ɔsɛnkafo 3:1, 11; Mika 6:8; Yohane 13:34; 1 Yohane 4:8.

Honhom mu nneɛma akyi kwan a yetumi hwehwɛ no da adi pefee wɔ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn no mu. Sɛ yɛanni ahiade a ɛbɛma yɛne yɛn Bɔfo no anya abusuabɔ pa ho dwuma yiye a, yɛrentumi nnya anigye ankasa a ɛtra hɔ daa. Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade, efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mateo 5:3) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yɛde nokwasɛm a ɛfa Onyankopɔn, ne gyinapɛn, ne nea enti a ɔbɔɔ nnipa ho di saa ahiade no ho dwuma. Ɛhefa na yebetumi ahu saa honhom mu nokware ahorow yi? Yebehu wɔ Bible mu.

“W’asɛm Yɛ Nokware”

Ɔsomfo Paulo Kyerɛwee sɛ: “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso.” (2 Timoteo 3:16) Paulo asɛm yi ne nea Yesu kae wɔ mpaebɔ mu kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “W’asɛm yɛ nokware” no hyia. Ɛnnɛ, yenim sɛ saa Asɛm no ne Kyerɛw Kronkron Bible no. Enti ɛbɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ mu hwɛ sɛ yɛn gyidi ne yɛn gyinapɛn ne Bible gyinapɛn hyia anaa.—Yohane 17:17.

Sɛ yɛde yɛn gyidi toto Onyankopɔn Asɛm ho a, na yɛresuasua tete Beroiafo no a wɔhwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu hwɛe sɛ Paulo nkyerɛkyerɛ no ne Kyerɛwnsɛm no hyia anaa no. Luka ankasa antia Beroiafo no, na mmom ɔkamfoo wɔn wɔ su a wɔdaa no adi no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wogyee asɛm no ntɛm so, na da biara na wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye hwɛ sɛ nsɛm no te saa anaa.” (Asomafo Nnwuma 17:11) Esiane ɔsom ne abrabɔ ho nkyerɛkyerɛ a ɛbɔ abira a abu so nnɛ nti, ɛho hia sɛ yesuasua Beroiafo a na wɔwɔ adwempa no nhwɛso no.

Ɔkwan foforo a yebetumi afa so ahu Bible mu nokwasɛm ne sɛ yɛbɛhwɛ nkɛntɛnso a enya wɔ afoforo asetra so no. (Mateo 7:17) Sɛ nhwɛso no, sɛ obi de Bible mu nokwasɛm bɔ ne bra a, ɛsɛ sɛ ɛma no yɛ okunu pa, agya pa, ɔyere pa, anaasɛ ɛna pa, sɛ ɔyɛ saa a ɛma abusua no nya anigye kɛse na ɛma onii no nso nya akomatɔyam. Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wotie Nyankopɔn asɛm na wodi so!”—Luka 11:28.

Yesu nsɛm no ma yɛkae asɛm a ne soro Agya no ka kyerɛɛ Israelfo no. Ɔkae sɛ: “Me [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.” (Yesaia 48:17, 18) Akyinnye biara nni ho sɛ afotu a ɛka koma saa bɛkanyan wɔn a wɔn ani gye papa ne adetrenee ho no nyinaa!

Ebinom Pɛ Sɛ ‘Wonunu Wɔn Asom’

Esiane sɛ na wɔde atoro nkyerɛkyerɛ redaadaa Israelfo no nti na Onyankopɔn de saa afotu a ɛka koma no maa wɔn. (Dwom 106:35-40) Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ atoro nkyerɛkyerɛ ho. Paulo kyerɛw faa wɔn a wɔkyerɛe sɛ wɔyɛ Kristofo no ho sɛ: “Bere bi bɛba a wɔrentra nkyerɛkyerɛ pa no mu, na mmom wɔbɛboaboa akyerɛkyerɛfo ano afa ma wɔanunu wɔn asom, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te; na wobeyi wɔn asõ afi nokware no ho, na wɔadan akɔ atosɛm so.”—2 Timoteo 4:3, 4.

Nyamesom akannifo nunu nkurɔfo asom denam pene a wɔpene nneɛma a akɔnnɔ bɔne kanyan nkurɔfo ma wɔyɛ so, a ebi ne obi aware mu hokafo a ofi n’akyi, mmarima a wɔne wɔn ho da, ne asabow. Bible ka no pefee sɛ wɔn a wɔpene nneɛma a ɛte saa so ne wɔn a wɔyɛ saa no “rennya Nyankopɔn ahenni.”—1 Korintofo 6:9, 10; Romafo 1:24-32.

Ɛda adi sɛ egye akokoduru na obi atumi de Bible gyinapɛn abɔ ne bra, titiriw bere a afoforo di ne ho fɛw no, nanso ebetumi ayɛ yiye. Wɔn a wɔyɛ Yehowa Adansefo no mu pii wɔ hɔ a kan no na anka nnubɔne nom aka wɔn hɔ, na ebinom yɛ asabofo, aguamammɔfo, akobɔfo, akorɔmfo, ne atorofo. Nanso, wɔfaa Onyankopɔn Asɛm no aniberesɛm na honhom kronkron no boaa wɔn ma wɔsesaa wɔn abrabɔ na ‘wɔanantew sɛnea ɛsɛ Yehowa.’ (Kolosefo 1:9, 10; 1 Korintofo 6:11) Wɔhwehwɛɛ asomdwoe fii Onyankopɔn hɔ, na wɔn ankasa nso nyaa asomdwoe, na wonyaa daakye ho anidaso a edi mu nso sɛnea yebehu no.

Ahenni Anidaso No

Onyankopɔn Ahenni no na ɛbɛma asomdwoe a ɛtra hɔ daa ho anidaso a ɛwɔ Bible mu a nnipa a wɔyɛ osetie na wobenya no abam. Yesu kae wɔ ne mpaebɔ nhwɛso no mu sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.” (Mateo 6:10) Yiw, Onyankopɔn Ahenni no nkutoo na ebetumi ama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so. Dɛn ntia? Efisɛ saa ɔsoro Ahenni no, a ɛyɛ nniso a Yesu Kristo di so no na Onyankopɔn bɛfa so ada Ne tumidi a ɛfata adi wɔ asase so.—Dwom 2:7-12; Daniel 7:13, 14.

Sɛ́ ɔsoro Ahenni no so Hene no, Yesu Kristo begye nnipa asoɔmmerɛwfo afi nhyɛso biara ase, a Adam bɔne a ɛde yare ne owu bae a akyekyere yɛn denneennen no nso ka ho. Adiyisɛm 21:3, 4 ka sɛ: ‘Hwɛ! Onyankopɔn ntamadan wɔ adesamma mu. Na Yehowa Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.’

Asomdwoe a ɛtra hɔ daa bɛba asase so nyinaa. Dɛn nti na yebetumi agye adi saa? Nea enti a yebetumi agye adi no wɔ Yesaia 11:9 [Asante Twi Bible], ɛka sɛ: ‘Ahenni no nkoa no renyɛ bɔne na wɔrensɛe adeɛ bio, me bepɔ kronkron no nyinaa so, na Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asase ma, sɛ nsuo kata po soɔ no.’ Yiw, onipa biara a ɔwɔ asase so benya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ na wayɛ osetie ama no. So saa akwanhwɛ no ma w’ani gye? Sɛ saa a, ɛnde saa bere yi ara na ɛsɛ sɛ wufi ase nya ‘Yehowa ho nimdeɛ’ a ɛsom bo no.

So Wubetie Ahenni Nkrasɛm No?

Onyankopɔn nam Ahenni no so beyi Satan nnwuma nyinaa afi hɔ na wakyerɛkyerɛ ne nkurɔfo N’akwantrenee. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Ahenni no ne asɛntitiriw a Yesu twee adwene sii so wɔ ne nkyerɛkyerɛ no mu. Ɔkae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.’ (Luka 4:43) Kristo hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnka saa ahenni ho asɛmpa no ara nkyerɛ afoforo. (Mateo 28:19, 20) Ɔka siei sɛ, “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Saa awiei no rebɛn ntɛmntɛm. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ nnipa komapafo nyinaa tie asɛmpa a egye nkwa no!

Albert a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no tee Ahenni nkrasɛm no bere a ne yere ne ne babarima fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Mfiase no, na Albert adwenem yɛ no naa. Ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo bi a ɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ mpo sɛ ɔmmɛsra ne yere ne ne babarima no na ɔmmɛkyerɛ sɛ Adansefo no yɛ atorofo. Nanso na ɔsɔfo no mpɛ sɛ ɔde ne ho gye mu. Enti Albert yɛɛ n’adwene sɛ da koro obetie Bible mu nkɔmmɔbɔ no bi ara kwa de ada atoro nkyerɛkyerɛ biara adi. Bere a otiee bi da koro pɛ no, ɔkɔkaa adesua no ho, na ɔpɛe sɛ ohu nneɛma pii. Akyiri yi ɔkyerɛɛ nea enti a ɔsesaa n’adwene wɔ adesua no ho. Ɔkae sɛ: “Eyi ne ade a mahwehwɛ no bere nyinaa.”

Awiei koraa no, Albert fii ase nyaa ne honhom mu ahiade, na wansan n’akyi da. Bible mu nokware ma no nyaa nea na wahwehwɛ wɔ ne nkwa nna nyinaa mu fi bere tenten, a ɛne nneɛma bɔne ne porɔwee a ahyɛ wiase mu ma ne daakye ho anidaso ano aduru. Bible mu nokware maa no nyaa asomdwoe. So worenya wo honhom mu ahiade? Dɛn nti na wunnye bere kakra mfa nhwɛ nsɛmmisa a ɛwɔ adaka no mu wɔ kratafa 6? Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a ɛkɔ akyiri a, Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]

SO WORENYA WO HONHOM MU AHIADE?

So Bible mu nimdeɛ a worenya no ye ma wo? Yɛhyɛ wo nkuran sɛ kenkan nsɛmmisa a edidi so no na fa biribi san nea wubetumi abua no yiye ho.

□ Hena ne Onyankopɔn, na ne din de dɛn?

□ Hena ne Yesu Kristo? Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ owu? Mfaso bɛn na ne wu no betumi ama woanya?

□ So Ɔbonsam bi wɔ hɔ? Sɛ ɔwɔ hɔ a, hena na ɔbɔɔ no?

□ Sɛ yewu a, yɛkɔ he?

□ Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase ne nnipa?

□ Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

□ Dɛn ne Onyankopɔn gyinapɛn wɔ abrabɔ ho?

□ Asɛyɛde bɛn na Onyankopɔn de ama okunu ne ɔyere wɔ abusua mu? Bible nnyinasosɛm a ɛma abusua nya anigye kɛse no bi ne nea ɛwɔ he?

Sɛ w’adwenem yɛ wo naa wɔ nsɛmmisa yi bi mmuae ho a, wubetumi abisa ma wɔama wo Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no bi. Yehowa Adansefo na atintim no wɔ kasa horow bɛyɛ 300 mu, saa nhomawa yi ka Bible mu nsɛmti atitiriw 16 ho asɛm, na ɛde nsɛmmisa a ɛwɔ ha yi nyinaa ho mmuae a efi Kyerɛwnsɛm no mu ma.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4]

Esiane sɛ nnipa nte sɛ mmoa nti, wɔwɔ honhom mu ahiade

[Mfonini wɔ kratafa 5]

“Wɔbɛboaboa akyerɛkyerɛfo ano afa ma wɔanunu wɔn asom.”—2 Timoteo 4:3

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Onyankopɔn Mesia Ahenni no na ɛde asomdwoe a ɛtra hɔ daa bɛba